Twerɛnsɛm
Eter 1


Eter Nwoma No

Yaredfoɔ twerɛtohɔsɛm a wɔyi firii mprɛte aduonu nan no a Limhae nkurɔfoɔ no hunuu wɔ ɔhene Mosaya mmerɛ so no.

Ti 1

Moronae twitwa Eter nsɛm no so ntiatia—Wɔda Eter abusuasantene no adi—Wanyɛ Yaredfoɔ kasa no basabasa wɔ Babel abantentene no ho—Awurade hyɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛdi wɔn anim de wɔn akɔ asaase a wɔasa mu ayi no so, na wɔayɛ wɔn ɔman kɛseɛ.

1 Na afei, me Moronae merebɛtoa so aka deɛ ɛfa saa tetefoɔ no a na wɔwɔ ɔman a ɛwɔ atifii no a Awurade de ne nsa sɛee wɔn firii asaase yi ani so no ho asɛm.

2 Na mɛfa me nsɛm no afiri mprɛte aduonu nan no a Limhae nkurɔfoɔ no hunuuɛ no a wɔfrɛ no Eter Nwoma no so.

3 Na ɛnam sɛ mesusu sɛ saa twerɛtohɔsɛm yi fa a ɛdi kan a ɛka biribi fa sɛdeɛ wɔsi bɔɔ wiase, ne Adam nso, ne nsɛm a ɛfiri saa mmerɛ no so de bɛsi abantentene kɛseɛ no so mpo, ne nneɛma a ɛsii wɔ nnipa mma mu de bɛsi saa mmerɛ no so no, wɔ Yudafoɔ no hɔ—

4 Ɛno nti merentwerɛ saa nneɛma a ɛsiiɛ fiti Adam mmerɛ so de bɛsi saa mmerɛ no; na mmom wɔatwerɛ saa nneɛma no wɔ mprɛte no so; na obiara a ɔbɛhunu no, ɔno ara na ɔbɛnya tumi, ama ne nsa aka deɛ asie nyina ara.

5 Mmom monhwɛ, nnyɛ deɛ asie nyina ara na mada no adi, na mmom ne mu kakra ara bi na mɛda no adi, fiti abantentene no so derekɔsi mmerɛ a wɔsɛee wɔn no.

6 Na saa kwan yi so na merefa de aka deɛ ɛsiiɛ no. Deɛ ɔtwerɛɛ saa nsɛm yi no yɛ Eter, na ɔyɛ Korianto aseni.

7 Korianto yɛ Moron babarima.

8 Na Moron yɛ Etem babarima.

9 Na Etem yɛ Aha babarima.

10 Na Aha yɛ Set babarima.

11 Na Set yɛ Siblon babarima.

12 Na Siblon yɛ Kom babarima.

13 Na Kom yɛ Koriantum babarima.

14 Na Koriantum yɛ Amnigada babarima.

15 Na Amnigada yɛ Aaron babarima.

16 Na Aaron yɛ Het aseni, deɛ na ɔyɛ Hartom babarima no.

17 Na Hartom yɛ Lib babarima.

18 Na Lib yɛ Kis babarima.

19 Na Kis yɛ Korom babarima.

20 Na Korom yɛ Lewi babarima.

21 Na Lewi yɛ Kim babarima.

22 Na Kim yɛ Morianton babarima.

23 Na Morianton yɛ Riplakis aseni.

24 Na Riplakis yɛ Ses babarima.

25 Na Ses yɛ Het babarima.

26 Na Het yɛ Kom babarima.

27 Na Kom yɛ Koriantum babarima.

28 Na Koriantum yɛ Ema babarima.

29 Na Ema yɛ Oma babarima.

30 Na Oma yɛ Sule babarima.

31 Na Sule yɛ Kib babarima.

32 Na Kib yɛ Oriha a na ɔyɛ Yared babarima no babarima;

33 Yared a ɔne ne nuabarima ne wɔn abusuafoɔ, ne nkurɔfoɔ foforɔ ne wɔn abusuafoɔ, firii saa abantentene kɛseɛ no hɔ baaɛ, mmerɛ a Awurade yɛɛ nkurɔfoɔ no kasa basabasa, na ɔde abufuo kaa ntam sɛ wɔnhwete asaase ani so nyina ara no; na sɛdeɛ Awurade asɛm teɛ no, nkurɔfoɔ no bɔɔ ahweteɛ.

34 Na ɛnam sɛ Yared nuabarima no yɛ obi a ɔso na ɔyɛ ɔbarima a ne ho yɛ den, na ɔyɛ barima a ɔsɔ Awurade ani nti, Yared, nuabarima no, see no sɛ: Su frɛ Awurade, ama wɔannyɛ yɛn kasa basabasa na ama yɛante yɛn nsɛm ase.

35 Na ɛbaa sɛ Yared nuabarima no sufrɛɛ Awurade, na Awurade hunuu Yared mmɔbɔ; ɛno nti wɔannyɛ Yared kasa no basabasa; na wɔannyɛ Yared ne ne nuabarima no kasa basabasa.

36 Ɛna Yared ka kyerɛɛ ne nuabarima no sɛ: Su frɛ Awurade bio, na ebia na wɔadane n’abufuo no afiri wɔn a wɔyɛ yɛn ayɔnkofoɔ no so, ama wɔannyɛ wɔn kasa basabasa.

37 Na ɛbaa sɛ Yared nuabarima no su frɛɛ Awurade, na Awurade hunuu wɔn ayɔnkofoɔ no ne wɔn abusuafoɔ no nso mmɔbɔ, maa wɔannyɛ wɔn kasa basabasa.

38 Na ɛbaa sɛ Yared kasa kyerɛɛ ne nuabarima no bio sɛ: Kɔbisa Awurade sɛ ɔbɛpamo yɛn afiri asaase yi so a, su frɛ no na bisa no sɛ ɛhene na yɛnkɔ. Na hwan na ɔnim mpo sɛ Awurade de yɛn bɛkɔ asaase a ɛyɛ kyɛn asaase biara so? Na sɛ ɛba no saa a, moma yɛnni nokware ma Awurade, ama yɛn nsa aka de ayɛ yɛn agyapadeɛ.

39 Na ɛbaa sɛ Yared nuabarima no su frɛɛ Awurade sɛdeɛ Yared de n’ano kaae no pɛpɛɛpɛ.

40 Na ɛbaa sɛ Awurade tiee Yared nuabarima no, na ɔhunuu no mmɔbɔ, na ɔsee no sɛ:

41 Kɔ na kɔboaboa wo nnwan, ano, anini ne abedeɛ ahodoɔ nyina ara; ne asaase so aba ahodoɔ nyina ara nso; ne w’abusuafoɔ nyina ara; ne wo nuabarima Yared ne n’abusuafoɔ; ne wayɔnkofoɔ nso ne wɔn abusuafoɔ ne Yared ayɔnkofoɔ ne wɔn abusuafoɔ.

42 Na sɛ woyɛ yei wie a, kɔdi wɔn anim na wone wɔn nkɔ bɔnhwa no a ɛwɔ atifi afa mu hɔ no. Na ɛhɔ na mɛhyia wo, na mɛdi w’anim de wo akɔ asaase a ɛkyɛn asaase biara a ɛwɔ wiase yi mu no so.

43 Na ɛhɔ na mɛhyira wone w’asefoɔ, na mɛyɛ w’asefoɔ ne wo nuabarima asefoɔ ne wɔn a wɔne wo bɛkɔ no ɔman kɛseɛ de ama me ho. Na ɔman biara nni hɔ a ɛbɛyɛ kɛseɛ akyɛn ɔman a mede w’asefoɔ rebɛyɛ ama me ho wɔ asaase nyina ara ani so no. Na sei na mɛyɛ ama wo, ɛfiri sɛ wasu afrɛ me mmerɛ tentene yi nyina ara.