Twerɛnsɛm
Eter 7


Ti 7

Oriha dii hene wɔ teneneeɛ mu—Wɔnam basabasayɛ ne akasakasa so te Sule aheman ne Koho aheman a wɔyɛ akorafoɔ no—Nkɔmhyɛfoɔ kasa tia nkurɔfoɔ no atirimuɔdensɛm ne wɔn abosomsom, ɛno akyire yi wɔsakyeraae.

1 Na ɛbaa sɛ Oriha buu atɛn wɔ asaase no so wɔ ne nkwa nna nyina ara mu teneneeɛ mu, a na ne nkwa nna yɛ bebree mmorosoɔ.

2 Na ɔwoo mmammarima ne mmammaa; aane, ɔwoo aduasa baako a na mmammarima aduonu mmiɛnsa na ɛwɔ mu.

3 Na ɛbaa sɛ ɔwoo Kib nso wɔ ne nkɔkoraberɛ mu. Na ɛbaa sɛ Kib hyɛɛ n’anan mu dii adeɛ; na Kib woo Koriho.

4 Na mmerɛ a Koriho dii mfie aduasa mmienu no ɔtee n’agya so atua, na ɔkɔtenaa Nehɔ; na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa, na wɔn ho bɛyɛɛ fɛ yie; ɛno nti Koriho twee nkurɔfoɔ bebree dii n’akyiri.

5 Na mmerɛ a ɔboaboaa asraafoɔ ano no, ɔbaa Moron asaase so, baabi a ɔhene no teɛ, na ɔbɛfaa no nnɔmum, na yei maa Yared nuabarima no nsɛm a ɔkaa sɛ wɔde yɛn bɛba nnɔmum mu no baa mu.

6 Afei Moron asaase so a na ɔhene no teɛ no, ɛbɛn asaase a na Nifaefoɔ no frɛ no Amanfo no.

7 Na ɛbaa sɛ Kib tenaa nnɔmum mu, na ne nkurɔfoɔ no kɔhyɛɛ ne babarima Koriho ase, kɔsii sɛ ɔbɛyɛɛ akɔkora posoposo; nanso Kib woo Sule wɔ ne nkɔkoraberɛ mu mmerɛ a na ɔda so wɔ nnɔmum mu no.

8 Na ɛbaa sɛ Sule bo fuu ne nuabarima no; na Sule bɛnyaa ahoɔden, na ɔbɛyɛɛ ahoɔdenfoɔ sɛdeɛ ɔbarima katakyie teɛ no; na ɔbɛnyaa nyansa wɔ atɛmmuo mu.

9 Ɛno nti, ɔbaa Efraim pampa no so, na ɔnanee pampa no fa baabi de yɛɛ dadeɛ akofena maa wɔn a ɔnyaa wɔn kaa ne ho no; na mmerɛ a ɔkyekyɛɛ akofena no maa wɔn wieeɛ no, ɔsann n’akyiri baa kuropɔn Nehɔ mu, na ɔne ne nuabarima Koriho bɛkoe, na ɔnam yei so de gyee ahennie no, na ɔde san maa n’agya Kib.

10 Na afei ɛnam adeɛ a Sule yɛɛe no nti, n’agya de ahennie no maa no; ɛno nti ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔredi adeɛ wɔ n’agya anan mu.

11 Na ɛbaa sɛ ɔbuu atɛn teneneeɛ mu; na ɔmaa n’ahennie no trɛɛ wɔ asaase nyina ara ani so, ɛfiri sɛ na nkurɔfoɔ no adɔɔso yie.

12 Na ɛbaa sɛ Sule nso bɛwoo mmammarima ne mmammaa bebree.

13 Na Koriho sakyera firii bɔne bebree a wɔayɛ no ho; ɛno nti Sule maa no tumi wɔ n’ahennie no mu.

14 Na ɛbaa sɛ Koriho nyaa mmammarima ne mmammaa bebree. Na na Koriho mmamarima no mu baako din de Noa.

15 Na ɛbaa sɛ Noa tee atua wɔ Sule a ɔyɛ ɔhene no so, ne n’agya Koriho so, na ɔtwee ne nuabarima Koho, ne ne nuanom nso nyina ara ne nkurɔfoɔ no mu bebree dii n’akyiri.

16 Na ɔne Sule a ɔyɛ ɔhene no kɔkooe, ɛnam ɛno so maa ɔgyee wɔn agyapadeɛ asaase a ɛdi kan no; na ɔbɛdii hene wɔ asaase no fa baabi.

17 Na ɛbaa sɛ ɔne Sule a ɔyɛ ɔhene no kɔkoo bio; na ɔfaa Sule a ɔyɛ ɔhene no, na ɔsoaa no de no kɔɔ nnɔmum mu wɔ Moron.

18 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔrebɛkum no no, Sule mmammarima no weaweaa bɔkɔɔ kɔɔ Noa fie anadwo na wɔkɔkumm no, na wɔbuu ɛpono a ɛwɔ afiase hɔ no ani na wɔyii wɔn agya firii hɔ, na wɔde no sii n’akonwa so wɔ ɔno ara n’aheman mu.

19 Ɛno nti, Noa babarima no hyɛɛ n’anan mu kyekyeree n’aheman no; nanso wɔantumi anya tumi wɔ ɔhene Sule so bio, na nkurɔfoɔ no a na wɔhyɛ ɔhene Sule ase no yɛɛ frɔmfrɔm yie na wɔyɛɛ akɛsefoɔ.

20 Na ɔman no mu kyɛɛ mmienu; na aheman no bɛyɛɛ mmienu, Sule aheman, ne Koho a ɔyɛ Noa babarima aheman.

21 Na Koho, a ɔyɛ Noa babarima no, yɛɛ no sɛ ɛsɛ sɛ ne nkurɔfoɔ no ne Sule kɔko, na ɛno mu na Sule boroo wɔn na ɔkumm Koho.

22 Na afei Koho wɔ babarima a wɔfrɛ no Nimrod; na Nimrod gyaee Koho aheman no mu maa Sule, na ɔnyaa Sule anim animuonyam; ɛno nti Sule hyɛɛ no animuonyam kɛseɛ, na ɔyɛɛ deɛ ɔpɛ biara wɔ Sule aheman mu hɔ.

23 Na Sule ahennie mu no, nkɔmhyɛfoɔ a Awurade asoma wɔn baa nkurɔfoɔ no mu bɛhyehyɛɛ nkɔm sɛ nkurɔfoɔ no atirimuɔdensɛm ne abosomsom de nomee reba asaase no so, na sɛ wɔansakyera a wɔbɛsɛe wɔn.

24 Na ɛbaa sɛ nkurɔfoɔ no kasa tiaa nkɔmhyɛfoɔ no, na wɔdii wɔn ho fɛw. Na ɛbaa sɛ ɔhene Sule buaa wɔn a wɔkasa tiaa nkɔmhyɛfoɔ no nyina ara atɛn.

25 Na ɔhyɛɛ mmara wɔ asaase no nyina ara so a ɛmaa nkɔmhyɛfoɔ no tumi a wɔtumi kɔ baabiara a wɔpɛ; na ɛnam yei nti nkurɔfoɔ no sakyeraae.

26 Na ɛnam sɛ nkurɔfoɔ no sakyera firii wɔn amumuyɛ ne wɔn abosomsom ho nti no, Awurade de wɔn ho kyɛɛ wɔn, na wɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ frɔmfrɔm bio wɔ asaase no so. Na ɛbaa sɛ Sule wowoo mmammarima ne mmammaa wɔ ne nkɔkoraberɛ mu.

27 Na akokoakoko ansi bio wɔ Sule nna mu; na ɔkaee nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ ama n’agyanom sɛ ɔde wɔn twaa ɛbunu kɛseɛ no de wɔn baa bɔhyɛ asaase no so; ɛno nti ɔbuaa atɛn wɔ tenenee mu wɔ ne nna nyina ara mu.