Twerɛnsɛm
Eter 14


Ti 14

Nkurɔfoɔ no amumuyɛ de nomee ba asaase no so—Koriantuma ne Gilead, na afei Lib, na afei Sis nya ntɔkwa—Mogya ne nnipakum hyɛ asaase no so ma.

1 Na afei nomee kɛseɛ hyɛɛ aseɛ baa asaase no so nyina ara, ɛnam nkurɔfoɔ no amumuyɛ nti, yei nti sɛ obi de n’adwindideɛ anaa sɛ n’akofena to n’adaka mu, anaa sɛ baabi a ɔde bɛto no, hwɛ, adeɛ nkye no na ɔnhunu, na nomee a ɛbaa asaase no so no so yie.

2 Ɛno nti obiara sɔɔ deɛ ɛyɛ ɔno ara ne deɛ mu yie, na ɔnkɔ srɛ ɛna ɔmfa mfɛm; na obiara koraa n’akofena wɔ ne nsa nifa mu, de bɔɔ n’agyapadeɛ ne ɔno ara ne nkwa ne ne yere ne ne mma ho ban.

3 Na afei, mfie mmienu akyiri no, ne Sared wuo akyiri no, monhwɛ, Sared nuabarima sɔree na ɔne Koriantuma kɔkooe, na Koriantuma boroo no na ɔpamoo no ara de kɔduruu Akis serɛ no so.

4 Na ɛbaa sɛ Sared nuabarima no ne no kɔkooe wɔ Akis serɛ no so; na ɛko no mu yɛɛ den yie, na mpempem totɔɔe wɔ akofena ano.

5 Na ɛbaa sɛ Koriantuma kɔsiee wɔ ɛserɛ no so; na Sared nuabarima no firii ɛserɛ no so anadwo, na ɔkumkumm Koriantuma asraafoɔ no mu bi a na wɔaboboroɔ.

6 Na ɔbaa Moron asaase no so, na ɔde ɔno ara ankasa ne ho sii Koriantuma ahennwa no so.

7 Na ɛbaa sɛ Koriantuma ne n’asraafoɔ no tenaa ɛserɛ no so bɛyɛ mfie mmienu, emu na n’asraafoɔ no nyaa ahoɔden kɛseɛ.

8 Afei Sared nuabarima no a na ne din de Gilead no nso asraafoɔ no nyaa ahoɔden kɛseɛ, ɛnam kokoa mu kuo no nti.

9 Na ɛbaa sɛ ne sɔfo panin no kumm no mmerɛ a na ɔte n’ahennwa so no.

10 Na ɛbaa sɛ kokoa mu kuo no mu baako nam kokoa mu kwan bi so kɔkumm no, na ɔfaa aheman no maa ne ho; na ne din de Lib; na na Lib yɛ ɔbranee kyɛn ɔbarima biara a ɔwɔ nkurɔfoɔ no mu nyina ara.

11 Na ɛbaa sɛ Lib afe a ɛdi kan no, Koriantuma baa Moron asaase no so ne Lib bɛkooe.

12 Na ɛbaa sɛ ɔne Lib kooe, ɛmu na Lib twaa n’abasa maa ɔpiraae; nanso Koriantuma asraafoɔ no kɔɔ Lib so, maa ɔdwane kɔɔ ɛhyeɛ no a na ɛda mpoano hɔ no so.

13 Na ɛbaa sɛ Koriantuma pamoo no; na Lib ne no kooe wɔ mpoano hɔ.

14 Na ɛbaa sɛ Lib boroo Koriantuma asraafoɔ no, maa wɔdwane kɔɔ Akis serɛ no so bio.

15 Na ɛbaa sɛ Lib pamoo no ara kɔsii sɛ ɔbaa Agos asaase tam no so. Na Koriantuma afa nkurɔfoɔ no nyina ara aka ne ho mmerɛ a ɔredwane afiri Lib anim wɔ asaase no fa baabi a ɔdwane kɔɔɛ no.

16 Na mmerɛ a ɔbabɛduruu Agos asaase tam no so no, ɔne Lib kooe, na ɔde akofena twitwaa no ara kɔsii sɛ ɔwuui; nanso Lib nuabarima no bɛsii n’anan mu ne Koriantuma kooe, na ɛko no mu yɛɛ den yie, emu na Koriantuma dwane firii Lib nuabarima no anim bio.

17 Afei Lib nuabarima no din de Sis. Na ɛbaa sɛ Sis dii Koriantuma akyiri pamoo no, na ɔdii nkuropɔn bebree so nkunim, na ɔkumkumm mmaa ne nkwadaa nyina ara, na ɔhyee nkuropɔn no.

18 Na Sis ho suro trɛɛ asaase no so nyina ara; aane, wɔkaa ho asɛm wɔ asaase no so nyina ara—Hwan na ɔbɛtumi agyina Sis asraafoɔ anim? Monhwɛ, ɔpraa asaase a na ɛwɔ n’anim no nyina ara!

19 Na ɛbaa sɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ asaase no ani so nyina ara hyɛɛ aseɛ nante bɔɔ mu sɛ asraafoɔ.

20 Na wɔn mu kyɛɛ mmienu; na ɛfa dwane kɔɔ Sis asraafoɔ no hɔ, ɛna ɛfa a aka no nso dwane kɔkaa Koriantuma asraafoɔ no hɔ.

21 Na ɛko no yɛɛ kɛse yie na ɛkyɛree, na mogyahwieguo ne nnipa kum no nso kɔɔ so kyɛree ara maa nnipa a wɔawuwu no funu kataa asaase no ani so nyina ara.

22 Na ɛko no mu yɛɛ hye na ɛyɛɛ ntɛm ara maa obiara anka akyire a ɔbɛsie awufoɔ no, mmom wɔbɔɔ nsra firii mogyahwieguo baako ho kɔɔ mogyahwieguo baako ho, gyaa mmarima ne mmaa ne nkwadaa a wɔawuwuo no funu a apete asaase no ani so ma ɛbɛyɛɛ nsaaman aduane a wɔdie.

23 Na ne hwa gyee asaase no so nyina ara, ɛgyee asaase no aniso nyina ara mpo; ɛno nti ɛhaa nkurɔfoɔ no adekyeɛ ne anadwo nyina ara, ɛnam ehwa no nti.

24 Nanso, Sis kɔɔ so pamoo Koriantuma; ɛnam sɛ na wadi nse sɛ ɔbɛkum Koriantuma bi ahyɛ ne nuabarima a wakum no no mogya anan mu nti, na Awurade asɛm a ɛbaa Eter hɔ sɛ Koriantuma rennwu wɔ akofena ano nti.

25 Na sei na yɛhunu sɛ Awurade sraa wɔn wɔ n’abufuhyeɛ no mahyɛ mu, na wɔn atirimuɔdensɛm ne wɔn akyiwasɛm asiesie ɛkwan ama wɔn sɛeɛ a ɛtehɔ daa.

26 Na ɛbaa sɛ Sis pamoo Koriantuma kɔɔ apueɛ afa mu, rekɔ ɛhyeɛ a ɛda mpoano no so mpo, na ɛhɔ na ɔne Sis koo nansa ntam.

27 Na ɔsɛeɛ a ɛsii Sis asraafoɔ no mu no yɛɛ hu yie ara maa nkurɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ bɔɔ hu na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔredwane afiri Koriantuma asraafoɔ no anim; na wɔdwane kɔɔ Koriho asaase no so, na ɔpraa nkurɔfoɔ a wɔtete hɔ no a wɔampene so sɛ wɔbɛka wɔn ho no nyina ara ase firii wɔn anim.

28 Na wɔsisi wɔn ntomadan wɔ Koriho bɔnhwa no mu; na Koriantuma nso sisii ne ntomadan wɔ Sur bɔnhwa no mu. Na na Sur bɔnhwa no bɛn pampa Komno ho; ɛno nti, Koriantuma boaboaa n’asraafoɔ ano wɔ Komno pampa no so, na ɔhyɛnn totorobɛnto de frɛɛ Sis asraafoɔ no sɛ wɔn mmra ma wɔnko.

29 Na ɛbaa sɛ wɔbaae, na mmom wɔpamoo wɔn bio; na wɔbaa ne mprɛnu so, na wɔpamoo wɔn bio ne mprɛnu so. Na ɛbaa sɛ wɔbaa bio ne mprɛnsa so, na ɛko no mu yɛɛ den ara yie.

30 Na ɛbaa sɛ Sis twitwaa Koriantuma maa ɔpirapiraa bebree; na Koriantuma hweree mogya pii maa ɔtwa hweeɛ, na wɔsoaa no kɔɔ sɛdeɛ wawuo no.

31 Afei mmarima, mmaa, ne nkwadaa a afanu no nyina ara hwereeɛ no dɔɔso ara yie maa Sis hyɛɛ ne nkurɔfoɔ no sɛ mma wɔmpamo Koriantuma asraafoɔ no bio; ɛno nti, wɔsan baa wɔn nsraban no mu.