Twerɛnsɛm
Eter 10


Ti 10

Ɔhene koro di koro adeɛ—Ahemfo no mu bi yɛ atenenee; ebinom nso yɛ atirimuɔden—Mmerɛ a treneneeyɛ tintimm no, Awurade hyira nkurɔfoɔ no na wɔyɛ frɔmfrɔm.

1 Na ɛbaa sɛ Ses a na ɔyɛ Het aseni no—ne ne fiefoɔ nyina ara wuwuui wɔ kɔm no mu gye sɛ Ses nko ara—ɛno nti, Ses hyɛɛ aseɛ sɛ ɔrekyekyere nkurɔfoɔ no a wɔn ase reyɛ abɔ no bio.

2 Na ɛbaa sɛ Ses kaee n’agyanom sɛeɛ no, na ɔkyekyeree tenenee aheman; ɛfiri sɛ ɔkaee deɛ Awurade ayɛ sɛ ɔde Yared ne ne nuabarima twaa ebunu no; na ɔnantee Awurade akwan so; na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa.

3 Na ne babarima panin a na ne din de Ses, tee ne so atua; nanso ɛnam n’ahonyadeɛ dodoɔ nti ɔdwotwafoɔ bi de ne nsa kumm Ses, na yei de asomdwoeɛ brɛɛ n’agya bio.

4 Na ɛbaa sɛ n’agya kyekyeree nkuropɔn bebree wɔ asaase no ani so, na nkurɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ bio sɛ wɔretrɛtrɛ wɔ asaase no ani so nyina ara. Na Ses nyini bɛyɛɛ akɔkora posoposo; na ɔwoo Riplakis. Na ɔwuui, na Riplakis hyɛɛ n’anan mu dii n’adeɛ.

5 Na ɛbaa sɛ Riplakis anyɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, na ɔwarewaree bebree na ɔfaa mpenanom nso bebree, na ɔde adesoa a ɛyɛ duru too nkurɔfoɔ no abatiri so; aane, ɔtetee ɛtoɔ a ɛmu yɛ duru maa nkurɔfoɔ no tuaae, na ɔde ɛtoɔ no sisii adan akɛseɛ akɛseɛ a ɛmu bae.

6 Na ɔde ahennwa fɛɛfɛ mmorosoɔ bi sii hɔ maa ne ho; na ɔsisii afiase bebree, na obiara a wantua ne toɔ no na ɔde no ato afiase; na obiara a wantumi antua ne toɔ no na ɔde no ato efiase; na ɔhyɛɛ sɛ wɔnyɛ adwumaden dabiara mfa nhwɛ wɔn ho; na obiara a wɔampene so sɛ ɔbɛyɛ adwuma no na wama wɔakum no.

7 Ɛno nti ɔnyaa n’adwindeɛ fɛɛfɛɛ nyina ara, aane, ne sika kɔkɔɔ fɛɛfɛɛ mpo a ɔmaa wɔberee ho wɔ afiase; na n’adwindeɛ ahodoɔ nyina ara mpo ɔmaa wɔyɛɛ wɔ afiase. Na ɛbaa sɛ ɔmaa nkurɔfoɔ no hunuu amane wɔ adwamanmmɔ ne akyiwasɛm ho.

8 Na mmerɛ a ɔdii adeɛ bɛyɛ mfie aduanan mmienu ntam no, nkurɔfoɔ no sɔre tee atua tiaa no; na ɛko hyɛɛ aseɛ baa asaase no so bio ara maa wɔkumm Riplakis, na wɔpamoo n’asefoɔ firii asaase no so.

9 Na ɛbaa sɛ mfie bebree akyiri ntam no, Morianton (a na ɔyɛ Riplakis aseni) boaboaa asraafoɔ ano firii nkurɔfoɔ a wɔapamo wɔn no mu, na wɔkɔ ne nkurɔfoɔ no kɔkooe; na ɔnyaa nkuropɔn no bebree; na ɔnyaa tumi wɔ asaase no so nyina ara, na ɔsii ne ho hene wɔ asaase no so nyina ara.

10 Na ɔsii ne ho hene akyire yi no, ɔmaa nkurɔfoɔ no adesoa mu yɛɛ mmerɛ, yei maa nkurɔfoɔ no anigyee ne ho, na wɔsraa no ngo sɛ ɔnyɛ wɔn hene.

11 Na ɔde atɛntene maa nkurɔfoɔ no, na mmom wɔamfa amma ɔno ara ne ho ɛnam n’adwamanmɔ dodoɔ no nti; ɛno nti wɔtwaa no firii Awurade anim.

12 Na ɛbaa sɛ Morianton kyekyeree nkuropɔn bebree, na nkurɔfoɔ no bɛnyaa sika yie wɔ mmerɛ a ɔdii adeɛ no, wɔ adan afa mu ne sika kɔkɔɔ ne dwetɛ mu, na wɔtwaa aburo pii, na wɔyɛnee nnwan ne anantwie ne nneɛma a wasan de ama wɔn no.

13 Na Morianton nyinii ara yie, na afei ɔwoo Kim; na Kim sii n’agya anan dii n’adeɛ; na ɔdii adeɛ mfinhyia nwɔtwe, na n’agya wuui. Na ɛbaa sɛ Kim anni adeɛ wɔ tenenee mu, ɛno nti Awurade ani anye ne ho.

14 Na ne nuabarima sɔre tee atua tiaa no, na ɔnam so de no baa nnɔmum mu, na ɔtenaa nnɔmum mu ne nkwa nna nyina ara mu; na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa wɔ nnɔmum mu, na ne nkɔkorabɔ mu no, ɔwoo Lewi; na ɔwuui.

15 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Lewi agya wuui akyire yi no, ɔsomm wɔ nnɔmum mu mfie aduanan mmienu ntam. Na ɔne ɔhene a ɔwɔ asaase no so no kooe, na ɛmu na ɔgyee ahennie no maa ne ho.

16 Na ɔgyee aheman no de maa ne ho wieeɛ no, ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani; na nkurɔfoɔ no yɛɛ frɔmfrɔm wɔ asaase no so; na ɔnyini bɛyɛɛ akɔkora posoposo, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa; na ɔwoo Korom nso, ɔno na ɔsraa no ngo sii no ɔhene wɔ n’anan mu.

17 Na ɛbaa sɛ Korom yɛɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade anim ne nkwa nna nyina ara; na ɔwowo mmammarima ne mmammaa bebree; na ɔhunuu nna bebree akyire yi no ɔwuui; te sɛ wɔn a wɔaka asaase so nyina ara; na Kis sii n’anan mu dii adeɛ.

18 Na ɛbaa sɛ Kis nso wuui, na Lib sii n’anan mu dii adeɛ.

19 Na ɛbaa sɛ Lib nso yɛɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade anim. Na Lib mmerɛ so na wɔsɛee awɔwɔ a ɛborɔ wɔ wɔn ano no. Ɛno nti, wɔkɔɔ asaase a ɛda anaafoɔ afa mu no so sɛ wɔrekɔ hwehwɛ aduane ama nkurɔfoɔ a wɔwɔ asaase no so no, ɛfiri sɛ na kwaeɛ mu mmoa ahyɛ asaase no so ma. Na Lib no ara ankasa nso bɛyɛɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ.

20 Na wɔkyekyeree kuropɔn kɛseɛ bi wɔ asaase teaa bi a ɛpo no kyɛ ɛne asaase no mu no.

21 Na wɔde asaase a ɛda anaafoɔ afa mu no too hɔ maa no yɛɛ ɛserɛ a wɔbɛkɔ so ahayɔ. Na asaase a ɛda atifi afa mu no deɛ nnipa yɛɛ so ma.

22 Na wɔn anibere adwumayɛ yie, na wɔtɔ na wɔatɔn, na wɔne wɔn ho wɔn ho di dwa, ama wɔanya mfasoɔ.

23 Na wɔde dadefuturo ahodoɔ nyina ara dii adwini, na wɔde sika kɔkɔɔ dii adwini, ne dwetɛ, ne dadeɛ, ne yaawa, ne nadeɛ ahodoɔ nyina ara bi dii adwini, na wɔtu firii asaase ase; ɛno nti wɔboaboaa asaase no ano akuokuo akɛseakɛseɛ sɛ wɔrehwehwɛ sika kɔkɔɔ, ne dwetɛ, ne dadeɛ ne kɔɔbere afiri aboɔ no mu. Na wɔde dii adwini a ɛyɛ fɛ.

24 Na wɔyɛɛ serekye ne asaawa ataadeɛ a ɛyɛ fɛ; na wɔpamm ntoma ahodoɔ nyina ara bi, ama wɔde akata wɔn adagya so.

25 Na wɔyɛɛ adwendidadeɛ ahodoɔ nyina ara a wɔde bɛyɛ asaase so adwuma, deɛ wɔde bɛfuntum asaase no ne deɛ wɔde bɛdua adeɛ, deɛ wɔde bɛtwa nnɔbaɛ ne deɛ wɔde bɛdɔ, ne deɛ wɔde sɔ aburo abusuakuo ho.

26 Na wɔyɛɛ adwendidadeɛ ahodoɔ nyina ara a wɔde maa wɔn mmoa yɛɛ adwuma.

27 Na wɔyɛɛ akodeɛ a wɔde kɔ ako ahodoɔ nyina ara bi. Na wɔdii adwini ahodoɔ nyina ara a ɛyɛ nnwanwa yie.

28 Na nkurɔfoɔ biara nni hɔ a wɔahyira wɔn saa pɛn kyɛn wɔn, na Awurade nsa yɛɛ wɔn frɔmfrɔm. Na wɔwɔ asaase a ɛyɛ kyɛn asaase biara no so, ɛfiri sɛ Awurade na aka.

29 Na ɛbaa sɛ Lib tenaa ase mfie bebree, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa; na ɔwoo Hartom nso.

30 Na ɛbaa sɛ Hartom sii n’anan mu dii n’agya adeɛ. Na mmerɛ a Hartom dii adeɛ mfie aduonu nnan no, monhwɛ, wɔgyee aheman no firii ne nsa mu. Na ɔsomm mfie bebree wɔ nnɔmum mu, aane, ne nna a ɛkaaɛ no nyina ara mu.

31 Na ɔwoo Het, na Het tenaa nnɔmum mu ne nkwa nna nyina ara. Na Het woo Aaron, na Aaron tenaa nnɔmum mu ne nkwa nna nyina ara; na ɔwoo Amnigada, na Amnigada nso tenaa nnɔmum mu ne nkwa nna nyina ara; na ɔwoo Koriantum, na Koriantum tenaa nnɔmum mu ne nkwa nna nyina ara; na ɔwoo Kom.

32 Na ɛbaa sɛ Kom twee aheman no mu nnipa fa. Na ɔdii aheman no mu fa so mfie aduanan mmienu; na ɔne ɔhene Amgid kɔ kooe, na wɔkoo mfie bebree ntam, na saa mmerɛ no na Kom nyaa tumi wɔ Amgid so na ɔnyaa tumi wɔ aheman no nkaeɛ so.

33 Na Kom mmerɛ so no na adwotwafoɔ hyɛɛ aseɛ sɛ wɔreba asaase no so; na wɔfaa nhyehyɛeɛ dada no, na wɔmaa wɔdidii nse sɛdeɛ tetefoɔ no yɛeɛ no ara pɛpɛɛpɛ, na wɔpɛɛ sɛ wɔsɛe aheman no bio.

34 Afei Kom ne wɔn koo yie; nanso wɔantumi anni wɔn so nkunim.