Asɛmpatrɛ Frɛ
Ti 3: Adesua 1—Yesu Kristo Asɛmpa no Mmaeɛ Bio ho Nkransɛm


“Ti 3: Adesua 1: Yesu Kristo Asɛmpa no Mmaeɛ Bio ho Nkransɛm,” Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ a wɔde Kyɛ Yesu Kristo Nsɛmpa no (2023)

“Ti 3: Adesua 1,” Ka Me Nsɛmpa

Ti 3: Adesua 1

Nkransɛm a ɛfa Yesu Kristo Asɛmpa no Mmaeɛ-Bio ho

Mfoni
Yikyerɛ a Ɛdi Kan

Nkorɔfoɔ Bɛtumi Adwene ho

  • Onyankopɔn wɔ hɔ ampa?

  • Mɛyɛ dɛn na matumi abεn Onyankopɔn yie?

  • Mɛyɛ dɛn asua nokorɛ wɔ ɛnnɛ wiase a ayɛ basaa yi mu?

  • Sɛn na nyamesom bɛtumi aboa me?

  • Adɛn nti na nsɔrensɔre pii wɔ hɔ?

  • Adɛn nti na mewɔ ɔhaw pii?

  • Mɛyɛ dɛn na manya asomdwoeɛ wɔ basabasayɛ berɛ mu?

  • Mɛyɛ dɛn na manya anigyeɛ?

  • Sɛn na nkɔmhyɛni bi bɛboa wiase ɛnnɛ mmerɛ yi?

Firi wiase mfitiaseɛ, Onyankopɔn nam nkɔmhyɛfoɔ so ada asɛmpa no adi akyerɛ Ne mma. Ɔnam Ne Ba Yesu Kristo so na ayɛ yei. Tete no, Yesu daa asɛmpa no adi kyerɛɛ nkɔmhyɛfoɔ te sɛ Adam, Noa, Abraham ne Mose. Nanso nnipa bebree pooe.

Mfeɛ mpem mmienu a atwam no, Yesu Kristo Ankasa kyerɛkyerɛɛ N’asɛmpa, de N’Asɔre sii hɔ. Nnipa mpo poo Yesu. Ankyɛre koraa wɔ Ne wuo no akyi, Awurade nokorɛ Asɔre no so teeɛ wɔ wiase baabiara. N asɛmpa no mahyɛ ne asɔfodie tumi nni asase so bio.

Mfehaha bi akyi, Onyankopɔn frɛɛ nkɔmhyɛni foforɔ, Joseph Smith. Onyankopɔn nam ne so san de asɛmpa no mahyɛ baae na ɔmaa no tumi sɛ ɔnhyehyɛ Yesu Kristo Asɔre no bio.

Yɛrenya Yesu Kristo asɛmpa no mahyɛ wɔ asase so yɛ nhyira akɛseɛ a yɛwɔ no yɛn berɛ yi mu baako. Asɛmpa no boa ma yɛbua abrabɔ mu nsɛmmisa a wɔhwehwɛ no kɛse. Nkɔmhyɛnfoɔ ateasefoɔ kyerɛ yɛn kwan wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den mu. Onyankopɔn asɔfodie tumo aba asase so bio sɛ ɛbɛhyira Ne mma.

Mfoni
asɛmpatrɛfoɔ rekyerɛkyerɛ abusua

Adekyerɛ ho Nsusuiɛ

Saa ɔfa yi ma nkyerɛkyerɛmu nhwɛsoɔ a ɛbɛboa ma woasiesie wo ho akyerɛ adeɛ. Nsɛmmisa ne ɔfrɛ a wobɛtumi de adi dwuma ho nhwɛsoɔ nso ka ho.

Berɛ a woresiesie wo ho akyerɛ adeɛ no, fa mpaebɔ dwene onipa baako biara tebea ne honhom mu ahiadeɛ ho. Si gyinaeɛ wɔ deɛ ɛbɛboa kɛse pa ara sɛ wobɛkyerɛ ho. Yɛ ahoboa sɛ wobɛkyerɛkyerɛ nsɛm a ebia nkorɔfoɔ nte aseɛ ase. Gyina berɛ dodoɔ a wobɛnya so yɛ nhyehyɛeɛ, na kae sɛ wobɛma adesua ayɛ tiawa.

Yiyi twerɛnsɛm a wode bɛdi dwuma berɛ a worekyerɛ adeɛ. Twerɛnsɛm a ɛboa bebree ka ho wɔ “Nkyerɛkyerɛ Fapem” fa a ɛwɔ adesua no mu.

Dwene nsɛmmisa a worekyerɛ adeɛ a wobɛbisa ho. Hyehyɛ ɔfrɛ a wode bɛma a ɛbɛhyɛ onipa baako biara nkuran ma no ayɛ.

Si Onyankopɔn bɔhyɛ nhyira so dua, na kyɛ adansedie a wowɔ fa deɛ wokyerɛ ho.

Deɛ Wobɛtumi Akyerɛ Nkorɔfoɔ wɔ Simma 15-25 mu

Yi nnyinasosɛm a ɛdidi soɔ yi mu baako anaa dodoɔ na kyerɛ. Wɔama nnyinasosɛm biara ho nkyerɛkyerɛ fapem wɔ saa nkyerɛkyerɛmu yi kwan so.

Nyankopɔn Yɛ Yɛn Soro Agya Dɔfoɔ

  • Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, na yɛyɛ Ne mma. Ɔbɔɔ yɛn wɔ Ne suban so.

  • Onyankopɔn nim yɛn mu biara na Ɔdɔ yɛn.

  • Onyankopɔn wɔ animuonyam honamdua a ɛwɔ wedeɛ ne nnompe na awie pɛyɛ.

  • Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde asomdwoeɛ ne anigyeɛ mahyɛ a ɛbɛwɔ hɔ daapem hyira yɛn.

  • Esiane sɛ ɔdɔ yɛn nti, Ɔsomaa Ne Ba, Yesu Kristo, sɛ ɔmmɛgye yɛn mfiri bɔne ne owuo mu.

Onyankopɔn nam NKɔmhyɛfoɔ so Da Asɛmpa no adi wɔ Asɛmpa berɛ Biara mu.

  • Onyankopɔn frɛ nkɔmhyɛfoɔ ma wɔyɛ N’ananmusifoɔ wɔ asase so.

  • Tete no, Onyankopɔn frɛɛ nkɔmhyɛfoɔ te sɛ Adam, Noa, Abraham ne Mose.

  • Nkɔmhyɛni teasefoɔ gye adiyisɛm firi Onyankopɔn hɔ de kyerɛkyerɛ na ɔde di yɛn kan.

Yesu Kristo Asase so Nyamedwuma ne Mpata

  • Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.

  • Wɔ N’asase so nyamedwuma mu no, Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ N’asɛmpa no na ɔhyehyɛɛ N’Asɔre.

  • Yesu frɛɛ Asomafoɔ dummienu na ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnni N’Asɔre anim.

  • N’abrabɔ awieeɛ no, Yesu nam N’amanehunu wɔ Gethsemane Turo mu wɔ Asɛnnuamubɔ berɛ no so pata maa yɛn bɔne. Yesu wuo akyiri no, wɔnyanee No firii owuo mu.

  • Yesu mpata afɔdebɔ no nti, sɛ yɛsakyera a yɛbɛtumi anya bɔnefakyɛ na wɔate yɛn ho afiri yɛn bɔne ho. Yei de asomdwoeɛ brɛ yɛn na ɛma ɛyɛ yie sɛ yɛbɛtumi asan akɔ Onyankopɔn anim na yɛn anigyeɛ ahyɛ ma.

  • Ɛnam Yesu Wusɔreɛ nti, wɔbɛnyane yɛn nyinaa wɔ yɛn wuo akyi. Yei kyerɛ sɛ onipa biara honhom ne honamdua bɛsan aka abom bio na watena ase afebɔɔ.

Ahweaseɛ no

  • Yesu asomafoɔ no wuo akyiri no, ahweaseɛ firi asɛmpa no ne Yesu Kristo Asɔre ho sii wɔ wiase nyinaa.

  • Saa berɛ no mu, nkorɔfoɔ sesaa asɛmpa no nkyerɛkyerɛ bebree. Nkorɔfoɔ san sesaa asɔfodie ayɛyɛdeɛ ahodoɔ, te sɛ asubɔ. Na asɔfodie tumi ne Asɔre a Yesu ahyehyɛ no nni asase so bio.

Yesu Kristo Asɛmpa no Mmaeɛ-bio a ɛnam Joseph Smith so

  • Joseph Smith hwehwɛɛ sɛ ɔbɛhunu asɔre a ɛyɛ Yesu nokorɛ Asɔre sɛdeɛ ɔbɛtumi aka ho. Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo yii wɔn ho adi kyerɛɛ No wɔ 1820 mu. Wɔfrɛ saa abakɔsɛm yi Anisoadehunu a Ɛdi Kan.

  • Onyankopɔn frɛɛ Joseph Smith sɛ ɔnyɛ nkɔmhyɛni, sɛdeɛ na wafrɛ nkɔmhyɛfoɔ wɔ tete no.

  • Wɔnam Joseph Smith so san de Yesu Kristo asɛmpa no baeɛ.

  • Ɔsoro asomafoɔ afoforɔ san de asɔfodie no baae, na wɔmaa Joseph tumi sɛ ɔnhyehyɛ Yesu Kristo Asɔre no.

  • Yesu Kristo nam nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ so kɔso ara di N’Asɔre anim ɛnnɛ.

Mormon Nwoma No: Yesu Kristo ho Adanseɛ Foforɔ

  • Mormon Nwoma no yɛ twerɛsɛm kɛseɛ a nkɔmhyɛfoɔ twerɛɛ no tete mmerɛ mu wɔ Amerika. Joseph Smith nam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne tumi so kyerɛɛ aseɛ.

  • Mormon Nwoma no ka Twerɛ Kronkron ho ma Yesu somadwuma ho adansedie, nkyerɛkyerɛ, ne botaeɛ sɛ yɛn Agyenkwa.

  • Yɛbɛtumi abɛn Onyankopɔn yie berɛ a yɛkenkan Mormon Nwoma no na yɛdi n’ahyɛdeɛ so.

  • Yɛbɛtumi ahunu sɛ Mormon Nwoma no yɛ Onyankopɔn asɛm berɛ a yɛbɛkenkan, adwene ho, na yɛabɔ ho mpaeɛ. Saa kwan yi nso bɛboa ama yɛahunu sɛ na Joseph Smith yɛ nkɔmhyɛni.

Bɔ mpaeɛ na Honhom Kronkron mma wo Nhunu Nokorɛ no

  • Ɛyɛ nnipa baanu nkutahodie a ɛda Onynakopɔn ne ne mma ntam.

  • Ɛnam nokorɛ mpaebɔ so, yɛbɛtumi ahunu sɛ Yesu Kristo asɛmpa no Mmaeɛ-Bio ho nkransɛm no yɛ nokorɛ.

  • Sɛ yɛbɔ mpaeɛ a, Sunsum Kronkron no kyerɛkyerɛ na ɛsi nokorɛ no so dua kyerɛ yɛn.

Mfoni
asɛmpatrɛfoɔ rekyerɛkyerɛ mmarimaa

Nsɛmmisa a Wobɛtumi Abisa Nkorɔfoɔ

Nsɛmmisa a ɛdidi soɔ yi yɛ deɛ wobɛtumi abisa nkorɔfoɔ ho nhwɛsoɔ. Saa nsɛmisa yi bɛtumi aboa ma woanya nkutahodie a ɛhia ne nteaseɛ wɔ onipa biara ahiadeɛ ne nhumu ho.

  • Deɛn na wogye die fa Onyankopɔn ho?

  • Wote nka sɛ wobɛn Onyankopɔn yie a sɛn na ɛbɛboa wo?

  • Deɛn na wonim fa Yesu Kristo ho? Sɛn na N’abrabɔ ne nkyerɛkyerɛ anya nkɛnsoɔ wɔ wo so?

  • Wobɛyɛ dɛn ahunu mmuaeɛ a ɛyɛ nokorɛ wɔ ɛnnɛ wiase a ayɛ basaa yi mu?

  • Sɛn na ɛbɛboa wo ma woahunu sɛ nkɔmhyɛni teasefoɔ bi wɔ asase so ɛnnɛ?

  • Woate Mormon Nwoma no ho asɛm da? Yɛbɛtumi akyɛ deɛ nti a ɛho hia?

  • Wobɛkyɛ wo gyedie wɔ mpaebɔ ho? Yɛnkyɛ yɛn gyedie wɔ mpaebɔ ho?

Ɔfrɛ ahodoɔ a Wobɛtumi de Ama

  • Wobɛbisa Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu ahunu sɛ deɛ yɛakyerɛ no yɛ nokorɛ? (Hwɛ “Nkyerɛkyerɛ Nhumu: Mpaee” wɔ saa adesua yi fa a ɛtwa toɔ.)

  • Wobɛkɔ asɔre saa Kwasiada yi akɔsua bebree afa deɛ yɛakyerɛ no ho?

  • Wobɛkenkan Mormon Nwoma no na woabɔ mpaeɛ ahunu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm? (Wobɛtumi asusu atire anaa nkyekyɛmu pɔtee bi.)

  • Wobɛdi Yesu nhwɛsoɔ so na wɔabɔ wo asu? (Hwɛ “Asubɔ ne Denhyɛ Frɛ,” a ɛdi saa adesua yi anim pɛɛ.)

  • Yɛbɛtumi ahyɛ berɛ a yɛbɛsan abɛsra wo bio?

Nkyerɛkyerɛ Fapem

Saa ɔfa yi ma nkyerɛkyerɛ ne twerɛnsɛm a wobɛsua na ahyɛ wo nimdeɛ ne asɛmpa no ho adanseɛ den na aboa ma woatumi akyerɛkyerɛ.

Mfoni
abusua

Nyankopɔn Yɛ Yɛn Soro Agya Dɔfoɔ

Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, na yɛyɛ Ne mma. Ɔbɔɔ yɛn sɛ Ne nsɛso. Ɔwɔ animuonyam honamdua a ɛwie pɛyɛ “wedeɛ ne nnompe honamdua a wɔhunu te sɛ onipa deɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 130:22).

Onyankopɔn nim yɛn mu biara, Ɔdɔ yɛn sene sɛdeɛ yɛbɛtumi ate aseɛ. Ɔte yɛn nsɔhwɛ, awerɛhoɔ, ne mmrɛyɛ ase, na Ɔboa yɛn ma yɛfa mu. N’ani gye wɔ yɛn kankɔ ho na ɔbɛboa yɛn ma yɛafa deɛ ɛtene. Ɔpɛ sɛ ɔne yɛn di nkitaho, na yɛbɛtumi ne No adi nkitaho wɔ mpaebɔ mu.

Onyankopɔn ama yɛn saa suahunu yi wɔ asase so sɛdeɛ yɛbɛsua, anyini, na yɛabɛyɛ te sɛ Ɔno yie. Ɔdɔ a ɛwie pɛyɛ mu, Ɔpɛ sɛ yɛsan ba Ne nkyɛn wɔ yɛn wuo akyi. Nanso, yɛn ankasa yɛntumi nyɛ yei. Esiane sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn nti, Ɔsomaa Ne Ba, Yesu Kristo, bɛgyee yɛn. “Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro maae, na wiase nam ne so atumi anya nkwa.” (Yohane 3:16).

Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde asomdwoeɛ ne anigyeɛ mahyɛ a ɛbɛwɔ hɔ daapem hyira yɛn. Wayɛ nhyehyɛeɛ a ɛma yɛn hokwan ma yɛgye saa nhyira yi. Wɔfrɛ saa nhyehyɛeɛ yi anigyeɛ nhyehyɛeɛ (hwɛ adesua 2).

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

Mfoni
Mose ne Mprɛte no, ɛfiri Jerry Harston hɔ

Onyankopɔn nam NKɔmhyɛfoɔ so Da Asɛmpa no adi wɔ Asɛmpa berɛ Biara mu.

Nkɔmhyɛfoɔ yɛ Onyankopɔn ananmusifoɔ wɔ Asase so

Ɛkwan baako a Onyankopɔn fa so kyerɛ Ne dɔ a ɔwɔ ma yɛn ne sɛ ɔfrɛ nkɔmhyɛfoɔ, ma wɔn asɔfodie tumi, na ɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔkasa ma No. Nkɔmhyɛfoɔ yɛ Onyankopɔn Ananmusifoɔ wɔ Asase so. Apam Dada nkɔmhyɛni Amos twerɛɛ sɛ ”Awurade Nyankopɔn renyɛ biribi, mmom ɔda n’ahintasɛm adi akyerɛ ne nkoa adiyifoɔ” (Amos 3:7). Nhyira a yɛnya firi nkɔmhyɛfoɔ ateasefoɔ hɔ bi na ɛwɔ aseɛ ha no.

Yesu Kristo Adansefoɔ Nkɔmhyɛfoɔ yɛ Yesu Kristo adansefoɔ sononko, a wɔdi Ne ho adanseɛ sɛ yɛn Aagyenkwa ne Dimafoɔ.

Nkyerɛkyerɛ Nkɔmhyɛfoɔ gye akwankyerɛ firi Onyankopɔn hɔ de boa yɛn ma yɛhunu nokorɛ afiri mfomsoɔ ho. Wɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so na yɛasakyera berɛ a yɛatɔ sini. Wɔkasa tia bɔne na wɔbɔ kɔkɔ fa ne nsunsuansoɔ ho.

Nkɔmhyɛfoɔ nkyerɛkyerɛ pagya yɛn bɛn Onyankopɔn na ɛboa ma yɛnya nhyira a Ɔpɛ sɛ yɛnya. Yɛn banbɔ kɛseɛ pa ara ne sɛ yɛbɛdi Awurade Asɛm a ɔnam Ne nkɔmhyɛfoɔ so de ma so.

Asɔfodie Tumi. Nkɔmhyɛni a ɔwɔ hɔ seesei na ɔyɛ asɔfodie kurafoɔ titenani wɔ asase so. Asɔfodie yɛ Onyankopɔn ahoɔden ne tumi. Nkɔmhyɛni wɔ tumi sɛ ɔkasa na ɔdi dwuma wɔ Onyankopɔn din mu ma Ne mma nkwagyeɛ.

Asɔre Akwankyerɛ Wɔsi Yesu Kristo Asɔre wɔ nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ fapem so (hwɛ Efesofoɔ 2:19–20; 4:11–14).

Nkɔmhyɛfoɔ wɔ Tete Mmerɛ mu

Adam ne nkɔmhyɛni a ɔdi kan wɔ asase so. Nyankopɔn daa Yesu Kristo asɛmpa no adi kyerɛɛ no na ɔmaa no asɔfodie tumi. Adam ne Hawa kyerɛkyerɛɛ wɔn mma saa nokorɛ yi na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnnya gyedie na wɔntena asɛmpa no mu.

Awieeɛ no, Adam ne Hawa asefoɔ tee atua na wɔtwee wɔn ho firii asɛmpa no ho. Yei na ɛde tebea a wɔfrɛ no ɔwaeɛ anaa ahweaseɛ baeɛ. Sɛ ɔwaeɛ yɛ kɛseɛ a, Onyankopɔn yi N’asɔfodie tumi a ɛhia sɛ wɔde kyerɛkyerɛ na wɔde yɛ asɛmpa no ayɛyɛdeɛ no.

Apam Dada no kyerɛ mpɛn bebree a ɔwaeɛ kɛseɛ siiɛ. Sɛdeɛ saa mmerɛ yi bɛba awieeɛ no, Onyankopɔn boaa Ne mma berɛ a ɔfrɛɛ nkɔmhyɛni foforɔ. Ɔdaa asɛmpa no nokorɛ adi bio kyerɛɛ nkɔmhyɛfoɔ na ɔmaa wɔn asɔfodie tumi. Saa nkɔmhyɛfoɔ yi bi ne Noa, Abraham ne Mose. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ kwan korɔ no ara so mfeɛ bebree, nnipa poo nkɔmhyɛfoɔ no na wɔhwee ase.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Nkɔmhyɛni

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Nkɔmhyɛfoɔ,” “Asɔre no Mmaeɛ Bio

Mfoni
O M’Agya, ɛfiri Simon Dewey hɔ

Yesu Kristo Asase so Som adwuma ne Mpata

Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba. Yesu ne Ne Mpata no yɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ma yɛn no fapem. N’amanehunu wɔ Gethsemane Turom, N’amanehunu ne wuo wɔ asɛnnua no so, ne Ne Wusɔreɛ ka Mpata no ho.

Firi Adam ne Hawa berɛ so, nnipa hwɛɛ Yesu Kristo mmaeɛ no anim sɛ wɔn Agyenkwa ne Gyefoɔ. Ɔsoro Agya somaa Yesu baa asase so boro mfeɛ 2,000 a atwam.

Yesu bɔɔ bra a bɔne nni mu na ɛwie pɛyɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ N’asɛmpa na ɔde N’asɔre sii hɔ. Ɔfrɛɛ Asomafoɔ dummienu na ɔmaa wɔn asɔfodie tumi sɛ wɔmfa nkyerɛkyerɛ na wɔnyɛ ayɛyɛdeɛ kronkron, te sɛ asubɔ. Ɔsan maa wɔn tumi sɛ wɔnni N’Asɔre anim.

N’abrabɔ awieeɛ no, Yesu nam N’amanehunu wɔ Gethsemane Turo mu ne N’Asɛnnuamubɔ berɛ no so pata maa yɛn bɔne. Yesu Kristo mpata afɔdebɔ no nti, sɛ yɛsakyera a wɔbɛtumi ate yɛn ho afiri yɛn bɔne ho. Yei ma ɛyɛ yie sɛ yɛbɛtumi asan akɔ Onyankopɔn anim na yɛn anigyeɛ ahyɛ ma.

Wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu akyiri no, wɔnyanee No, ma ɔnam Ɔsoro Agya tumi so nyaa owuo so tumi. Ɛnam Yesu Wusɔreɛ no nti, wɔbɛnyane yɛn nyinaa wɔ yɛn wuo akyi. Yei kyerɛ sɛ onipa biara honhom ne honamdua bɛsan aka abom bio, na yɛn mu biara bɛtena ase afebɔɔ wɔ nipadua wusɔreɛ a ɛwie pɛyɛ mu. (Hwɛ “Yesu Kristo Mpata no” wɔ adesua 2.)

Mfoni
Nkɔmhyɛni Joseph Smith no.

Nkɔmhyɛni Joseph Smith kyerɛkyerɛɛ sɛ, “Yɛn som nnyinasosɛm fapem yɛ Asomafoɔ ne Nkɔmhyɛfoɔ adansedie a ɛfa Yesu Kristo ho, sɛ Ɔwuui, wɔsiee no, na ɔsɔree bio ne nnansa soɔ, na ɔforo kɔɔ soro; na nneɛma a aka a ɛfa yɛn som yi ho nyinaa yɛ ne mmataho” (Asɔre no Titenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith [2007], 49).

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Yesu Kristo,” “Pata, Mpata

  • Twerɛ Kronkron Nsɛm Nkyerɛaseɛ nwoma: “Mpata

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Yesu Kristo,” “Yesu Kristo Mpata

Ahweaseɛ no

Yesu Kristo wuo akyiri no, N’Asomafoɔ hwehwɛɛ sɛ wɔbɛkora Kristo nkyerɛkyerɛ no kronkron na wɔhwɛ sɛ biribiara kɔ yie wɔ Asɔre no mu. Nanso Asɔremma bebree twee wɔn ho firii Asomafoɔ no ne nkyherɛkyerɛ a na Yesu akyerɛ no ho.

Wɔkunkumm Asomafoɔ no akyiri no, ahweaseɛ firi asɛmpa no ne Yesu Kristo Asɔre ho sii wɔ wiase nyinaa. Wɔtaa frɛ saa ahweaseɛ yi Ɔwaeɛ Kɛseɛ no. Ɛno nti, Onyankopɔn yii asɔfodie tumi firii asase so. Saa adehwereɛ yi na tumi a wɔhia de di Asɔre no anim ka ho. Ɛno nti, na Asɔre a Yesu de asi hɔ no nni asase so bio.

Saa berɛ no mu, nkorɔfoɔ sesaa asɛmpa no nkyerɛkyerɛ bebree. Nimdeɛ a ɛfa Onyankopɔn Agya, Yesu Kristo, ne Sunsum Kronkron no nokorɛ su ne wɔn tebea ho dodoɔ no ara yeraaeɛ. Nkorɔfoɔ san sesaa asɔfodie ayɛyɛdeɛ ahodoɔ, te sɛ asubɔ.

Mfeha bi akyi, mmarima ne mmaa nokorɛ-ahwehwɛfoɔ bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nsiesie wɔ nkyerɛkyerɛ ne dwumadie a na wɔasesa no no mu. Wɔhwehwɛɛ honhom mu hann kɛseɛ, na wɔn mu binom kaa hia a ɛhia sɛ nokorɛ san ba bio. Wɔn mmɔdemmɔ na ɛde nsɔre bebree baeɛ.

Saa mmerɛ yi maa adwene a ɛkɔ nyamesom mu fahodie so yɛɛ kɛse, ɛno na ɛbuee kwan maa Onyankopɔn de nokorɛ ne tumidie san baa bio.

Na nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ adi kan aka ahweaseɛ no ho asɛm (hwɛ 2 Tesalonikafoɔ 2:1–3). Na wɔasan aka sɛ wɔde asɛmpa no ne Yesu Kristo Asɔre no bɛba bio (hwɛ Asomafoɔ Nnwuma 3:20–21). Sɛ ahweaseɛ amma a, anka mmaeɛ bio ho ammɛhia.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

Yesu Kristo Asɛmpa no Mmaeɛ Bio a ɛnam Joseph Smith so

Anisoadehunu a Ɛdi Kan ne Joseph Smith Frɛ sɛ Nkɔmhyɛni.

Mfeha mmerɛ mu a na Yesu Kristo asɛmpa no mahyɛ nni asase so no, Ɔsoro Agya kɔɔ so boaa Ne mma. Nkakrankakra, Ɔsiesiee kwan sɛdeɛ wɔde N’sɛmpa no mahyɛ bɛhyira wɔn bio. Berɛ a ɛfata no duruuiɛ no, Ɔfrɛɛ Joseph Smith sɛ nkɔmhyɛni a ɛnam ne so na asɛmpa no ne Yesu Kristo Asɔre no bɛsan aba.

Na Joseph Smith te United Staes apueɛ fam berɛ a na nyamesom ho anigyeɛ kɛseɛ wɔ hɔ. Na n’abusua wɔ ahofama ma Onyankopɔn na wɔhwehwɛɛ nokorɛ no. Na nsɔre bebree ka sɛ wɔn na wɔwɔ nokorɛ no, na Joseph pɛɛ sɛ ɔhunu deɛ na ɛyɛ nokorɛ (hwɛ Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:18). Twerɛ Kronkron kyerɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “Awurade baako, gyedie baako, asubɔ baako” (Efesofoɔ 4:5). Joseph kɔɔ nsɔre ahodoɔ no, na n’adwene nsi pi wɔ asɔre a ɛwɔ sɛ ɔde ne ho bɔ. Ɔkaa no akyire yi sɛ:

“Na basabasayɛ ne aperedie a ɛwɔ ɔsom ahodoɔ mu no mu yɛ den yie, maa no yɛɛ den sɛ onipa a ɔsua te sɛ me… bɛtumi asi gyinaeɛ a ɛkyerɛ nea ne deɛ yɛ ne nea ne deɛ nyɛ.”

“Saa akyinnyegyeɛ ne adwenkyerɛ gyegyeegye yi mu no, na metaa bisa me ho sɛ: Deɛn na menyɛ? Weinom mu hwan deɛ na ɛyɛ; anaa, wɔn nyinaa abɔ mu ayera? Sɛ wɔn mu bi deɛ yɛ a, ɛyɛ wɔn mu hwan, na mɛyɛ dɛn ahunu? (Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:8, 10).

Te sɛ nnipa bebree no, na Joseph Smith nso wɔ nsɛmmisa fa ne kra nkwagyeɛ ho. Na ɔpɛ sɛ wɔde ne bɔne kyɛ no na ne ho te wɔ Onyankopɔn anim. Berɛ a na ɔrehwehwɛ nokorɛ no wɔ nsɔre ahodoɔ no mu no, ɔkenkanee wɔ Twerɛ Kronkron mu sɛ, “Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa, na ahohoraa nnim no, na wɔde bɛma no” (Yakobo 1:5).

Esiane saa kwan yi nti, Joseph yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛbisa Nyankopɔn deɛ ɔnyɛ. Wɔ afe 1820 fifiberɛ mu no, ɔkɔɔ kwaeɛ bi a ɛbɛn ne fie mu na ɔbuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ. Amanebɔ nnan na ɛwɔ anisoadehunu a ɛdii akyire no ho, a Joseph Smith anaa atwerɛfoɔ wɔ n’akwankyerɛ ase twerɛeɛ (hwɛ Asɛmpa Nsɛntire Susutwerɛ, “Anisoadehunu a Ɛdi Kan ho Amanebɔ”). Wɔ amanebɔ a wɔagye atom sɛ twerɛsɛm mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ ne suahunu mu sɛdeɛ ɛdidi soɔ yi:

Mfoni
Anisoadehunu a Ɛdi Kan, ɛfiri Linda Christensen ne Michael Malm hɔ

“Mehunuu hann fadum sɛ ɛwɔ me tiri so pɛpɛɛpɛ, a ɛboro owia hyerɛn so, na ɛsianee fam nkakrankakra kɔsii sɛ ɛtɔɔ me so. Berɛ a hann no tɔɔ me so no mehunuu Nnipasu mmienu a wɔn hyerɛn ne animuonyam boro nkyerɛmu biara so, sɛ wɔsensɛn wiem wɔ m’atifi. Wɔn mu baako ne me kasaae, na ɔde me din frɛɛ me, de ne nsa kyerɛɛ ɔfoforɔ no so—Wei Ne Me Dɔba Tie No!” (Joseph Smith—Abakɔsɛm 1:16–17).

Wɔ saa anisoadehunu yi mu, Onyankopɔn Agya ne Ne Ba Yesu Kristo yii wɔn ho adi kyerɛɛ Joseph Smith. Agyenkwa no ka kyerɛɛ no sɛ mma no nka nsɔre no mu biara ho.

Wɔ amanebɔ foforɔ mu fa saa anisoadehunu yi ho no, Joseph kaa sɛ Agyenkwa no san ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔde wo bɔne akyɛ wo. “Hwɛ, mene animuonyam Awurade no. Wɔbɔɔ me asɛnnua mu maa wiase sɛdeɛ wɔn a wɔgye me din die no nyinaa bɛnya Daa nkwa.”

Anisoadehunu no akyi, Joseph kaakaee sɛ, “Ɔdɔ hyɛɛ me kra ma, na mede anigyeɛ dii ahurisie na nna bebree, na na Awurade ka me ho ” (Joseph Smith Abakɔsɛm, circa Summer 1832, 3, josephsmithpapers.org; wɔayɛ atwerɛ ne agyinahyɛdeɛ wɔ abɛɛfo kwan so).

Ɛnam saa anisoadehunu yi so, Joseph Smith bɛyɛɛ Yesu Kristo danseni na ɔsuaa nokorɛ a ɛho hia fa Anyamebaasakoro no ho. Sɛ nhwɛsoɔ no, ɔsuaa sɛ Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo yɛ nnipa soronko. Berɛ a wɔbɔɔ ne din frɛɛ no no, ɔsuaa sɛ wɔnim no ankasa. Berɛ a wɔka kyerɛɛ Joseph sɛ wɔde ne bɔne akyɛ no no, ɔsuaa sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufoɔ. Saa suahunu yi de anigyeɛ hyɛɛ no ma.

Sɛdeɛ na Onyankopɔn de nkɔmhyɛfoɔ bebree a ɔdii kan ayɛ no, Ɔfrɛɛ Joseph Smith sɛ ɔmmɛyɛ nkɔmhyɛni a ne so na wɔde asɛmpa no mahyɛ bɛfa asane aba asase so bio. Saa mmaeɛ bio yi bɛboa Onyankopɔn mma ma wɔanya anigyeɛ wɔ saa asetena yi mu ne daa nkwa wɔ wiase a ɛbɛba no mu—a ne nyinaa nam Yesu Kristo so.

Asɔfodie ne Asɔfodie Nsafoa Mmaeɛ Bio

Mfoni
Wɔ Mo Me Nuanom Asomfoɔ So, ɛfiri Linda Curley Christensen ne Michael Malm hɔ

Agya ne Ɔba no yii wɔn ho adi akyiri no, wɔsomaa ɔsoro asomafoɔ afoforɔ kɔɔ Joseph Smith ne n’abadiakyire Oliver Cowdery nkyɛn. Yohane Subɔni no yii ne ho adi sɛ onipa a wawu asɔre na ɔde Aaron Asɔfodie ne ne nsafoa no maa wɔn. Tumi a wɔde bɔ asu ka Aaron Asɔfodie no ho.

Mfoni
Petro, Yakobo, ne Yohane Nne, ɛfiri Welden C. Andersen hɔ

Ɛno akyiri pɛɛ, Petro, Yakobo, ne Yohane—Kristo Asomafoɔ a wɔdi kan no mu baasa—yii wɔn ho adi sɛ nnipa a wɔawuwu asɔre na wɔde Melkisedek Asɔfodie ne ne nsafoa no maa Joseph Smith ne Oliver Cowdery. Saa asɔfodie yi yɛ tumi a Kristo de maa N’Asomafoɔ tete mmerɛ mu no ara.

Mfoni
Image of Moses Elias and Elijah descending into the Kirtland temple and appearing to Joseph Smith.

Wɔ Kirtland Tɛmpol mu, Mose, Elia, ne Elisa yii wɔn ho adi kyerɛɛ Joseph Smith ne Oliver Cowdery na wɔde tumi ne asɔfodie nsafoa a ɛkɔ anim a ɛho bɛhia sɛ wɔde yɛ Onyankopɔn adwuma wɔ nna a ɛdi akyire mu maa wɔn. Mose de nsafoa Israel anoboaboa nsafoa no maae. Elia de Abraham asɛmpa no asɛmpa berɛ maae. Elisa de nsɔano tumi nsafoa no maae. (Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110:11–16; san hwɛ Amansan Akwankyerɛ nwoma, 3.1.)

Asɔre no Nhyehyɛeɛ

Wɔmaa Joseph Smith akwankyerɛ sɛ ɔnhyehyɛɛ Yesu Kristo Asɔre no wɔ asase so bio. Yesu Kristo nam ne so frɛɛ Asomafoɔ dummienu.

Twerɛ Kronkron mmerɛ mu nkɔmhyɛfoɔ kyerɛɛ sɛ berɛ a yɛwɔ mu yi na ɛyɛ nna a ɛtwa toɔ anaa nna a ɛdi akyire no. Ɛyɛ berɛ a ɛdi Yesu Kristo Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no anim pɛɛ. Ɛno nti na wɔfrɛ Asɔre no Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 115:3–4; san hwɛ 3 Nephi 27:3–8).

Ɛnnɛ Nkɔmhyɛfoɔ Ateasefoɔ ne Asomafoɔ

Sɛdeɛ Yesu frɛɛ Asomafoɔ wɔ N’asase so somadwuma berɛ sɛ wɔnni N’Asɔre anim no, Wafrɛ Asomafoɔ sɛ wɔnni anim ɛnnɛ. Atitenafoɔ a Wɔdi Kan ne Asomafoɔ Dumienu Kuo no yɛ nkɔmhyɛfoɔ, adehunufoɔ, ne adiyifoɔ.

Ɔsomafoɔ panin no nko ara na wɔfrɛ nkɔmhyɛni no ɛfiri sɛ ɔno na ɔte Asɔre no nyinaa ti na wɔma no tumi sononko sɛ ɔkasa ma Awurade. Ɔno na wɔama no tumi sɛ ɔhyɛ Joseph Smith ananmu. Ɔne Asomafoɔ a wɔwɔ hɔ seesei hunu wɔn tumi firi Yesu Kristo so wɔ asɔfohyɛ nhyehyɛeɛ kwan a ɛnkyea mu, berɛ a ɔsoro asomafoɔ de wɔn nsa guu Joseph Smith so hyɛɛ no sɔfoɔ.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

Mormon Nwoma No: Yesu Kristo ho Adanseɛ Foforɔ

Mormon Nwoma no yɛ tete twerɛsɛm kronkron kɛseɛ te sɛ Twerɛ Kronkron. Twerɛ Kronkron yɛ Yesu Kristo ho adanseɛ baako, na Mormon Nwoma no yɛ adanseɛ a ɛtɔ so mmienu ma Ne somadwuma, Ne nkyerɛkyerɛ, ne Ne botaeɛ sɛ yɛn Agyenkwa.

Ɔsoro bɔfoɔ bi a ne din de Moroni kyerɛɛ Joseph Smith sɛ ɔnkɔ bepɔ bi so bea bi a wɔde sikakɔkɔɔ mprɛte asie mfeɛ bebree. Saa twerɛtohɔ a ɛwɔ sikakɔkɔɔ mprɛte (dadeɛ a wɔayɛ no tratra tahataha) so yi, wɔ nkɔmhyɛfoɔ ntwerɛeɛ a ɛfa sɛdeɛ Onyankopɔn ne nnipa a wɔtenaa Amerika tete berɛ no mu binom dii nkutaho. Joseph Smith nam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne tumi so kyerɛɛ saa twerɛtohɔ yi ase.

Na nkɔmhyɛfoɔ a wɔwɔ Mormon Nwoma No mu nim Yesu Kristo adwuma, na wɔkyerɛkyerɛɛ N’asɛmpa no. Yesu wusɔreɛ akyiri no, Ɔdaa Ne ho adi kyerɛɛ nkorɔfoɔ no na ɔno ankasa kasa kyerɛɛ wɔn. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn na ɔde N’asɔre sii hɔ.

Mormon Nwoma no boa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn yie berɛ a yɛsua, te aseɛ, na yɛde ne nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma. Nkɔmhyɛni Joseph Smith kaa sɛ, “ɔbariman (anaa ɔbaa) bɛbɛn Onyankopɔn berɛ a ɔbɛdi [nwoma no] nkyerɛkyerɛ so, kyɛn nwoma foforɔ biara mu deɛ” (Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith64).

Mfoni
ɔbarima a ɔrekan

Sɛdeɛ yɛbɛhunu sɛ Mormon Nwoma no yɛ Onyankopɔn asɛm no, ɛwɔ sɛ yɛkenkan, dwene ho, na yɛbɔ ho mpaeɛ. Mormon Nwoma mu nkɔmhyɛni bi hyɛɛ bɔ sɛ Onyankopɔn bɛda nwoma no nokorɛ adi akyerɛ yɛn berɛ a yɛfiri akoma pa, adwene kann, ne gyedie wɔ Kristo mu bɔ mpaeɛ (hwɛ Moroni 10:3–5). Mormon Nwoma no sua ho hia ma nsakraeɛ a ɛgyina.

Sɛ yɛkenkan Mormon Nwoma no na yɛbɔ ho mpaeɛ a, yɛbɛsua nokorɛ a ɛfa Yesu Kristo ho a ɛbɛhyira yɛn abrabɔ. Yɛbɛsan ahunu sɛ na Joseph Smith yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni na ɛnam ne so na wɔde Yesu Kristo asɛmpa ne Asɔre no aba bio.

Mfoni
Titenani Russell M. Nelson

“Mebɔ mpaeɛ sɛ sɛ wode mpaebɔ sua Mormon Nwoma no da biara a, wobɛsi gynaeɛ a ɛyɛ papa—da biara. Mehyɛbɔ sɛ berɛ a wobɛdwene deɛ wosua ho no, soro mfɛnsene bɛbie, na wobɛnya wo nsɛmmisa ho mmuaeɛ ne wabrabɔ mu akwankyerɛ. Mehyɛ bɛ sɛ sɛ wode wo ho hyɛ Mormon Nwoma no mu da biara a, wobɛtumi anya banbɔ atia da no mu nnebɔne” (Russell M. Nelson, “Mormon Nwoma no: Sɛ ɛnka ho a Sɛn na W’abrabɔ Bɛyɛ?Ensign anaa Liahona, Obubuo 2017, 62–63).

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛsɛm mu: “Mormon Nwoma

  • Twerɛsɛm Tinsɛm: “Mormon Nwoma

Mfoni
ɔbaa a ɔrebɔ mpaeɛ

Bɔ mpaeɛ na Honhom Kronkron mma wo Nhunu Nokorɛ no

Ɛnam sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Agya nti, Ɔbɛboa yɛn ma yɛahunu nokorɛ. Yɛbɛtumi ahunu sɛ Yesu Kristo asɛmpa no Mmaeɛ Bio ho nkransɛm no yɛ nokorɛ berɛ a yɛkenkan Mormon Nwoma no na yɛbɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn. Sε yεbɔ mpaeε wɔ gyedie ne adwene pa mu a, Ɔbɛma yɛn mpaebɔ ho mmuaeɛ na wakyerɛ yɛn abrabɔ kwan.

Onyankopɔn taa fa Honhom Kronkron so bua yɛn mpaebɔ. Sɛ yɛbɔ mpaeɛ a, Sunsum Kronkron no kyerɛkyerɛ na ɛsi nokorɛ so dua. Nkitahodie a ɛfiri Honhom Kronkron no hɔ wɔ tumi. Ɛtaa ba sɛ ahotosoɔ komm wɔ yɛn atenka, adwene, ne nsusuiɛ mu (hwɛ 1 Ahemfo 19:11–12; Helaman 5:30; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 8:2).

Twerɛnsɛm a yɛtaa sua (ne titire Mormon Nwoma), nnawɔtwe nnawɔtwe adidi kronkron nhyiamu a yɛkɔ, ne akoma pa mpaebɔ boa yɛn ma yɛte Sunsum Kronkron no tumi nka na yɛhunu nokorɛ.

Twerɛsɛm Sua

Sua Pii fa Saa Nnyinasosɛm Yi ho

  • Akwankyerɛ kɔ Twerɛnsɛm mu: “Mpaeɛ

  • Twerɛ Kronkron Nsɛmfua asekyerɛ nwoma: “Mpaeɛ

  • Asɛmpa Tinsɛm: “Mpaeɛ

Tiatwa kɔ Adantamu Asuadeɛ Nhyehyɛeɛ

Nhyehyɛeɛ a ɛdidi soɔ yi yɛ nhwɛsoɔ ma deɛ wobɛtumi akyerɛ obi berɛ a wowɔ mmerɛ tiawa bi pɛ. Sɛ wode saa nhyehyɛeɛ yi reyɛ adwuma a, yi nnyinasosɛm baako anaa dodoɔ fa kyerɛ. Wɔde nyinasosɛm biara ho nkyerɛkyerɛ fapem ama dada wɔ adesua no mu.

Sɛ wokyerɛkyerɛ a, bisa nsɛm na tie. Ma ɔfrɛ a ɛbɛboa nkorɔfoɔ ma wɔasua sɛdeɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn yie. Ɔfrɛ baako a ɛho hia pa ara ne sɛ onipa no bɛsan ne wo ahyia bio. Berɛ tenten a adesua no bɛdi bɛgyina nsɛm a wobisa ne sɛdeɛ wotie so.

Mfoni
asɛmpatrɛfoɔ ne ɔbarima rekasa

Deɛ Wobɛtumi Akyerɛ Nkorɔfoɔ wɔ Simma 3-10 ntam.

  • Onyankopɔn yɛ yɛn Soro Agya, na ɔno na ɔbɔɔ yɛn wɔ Ne suban so. Ɔnim yɛn mu biara na Ɔdɔ yɛn. Ɔpɛ sɛ ɔde asomdwoeɛ ne anigyeɛ mahyɛ a ɛbɛwɔ hɔ daapem hyira yɛn.

  • Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba. Na Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma wɔatumi ate yɛn ho afiri yɛn bɔne ho, adi owuo so, na yɛanya daa nkwa.

  • Onyankopɔn frɛ nkɔmhyɛfoɔ ma wɔyɛ N’ananmusifoɔ wɔ asase so. Tete no, Ɔfrɛɛ nkɔmhyɛfoɔ te sɛ Adam, Noa, Abraham ne Mose. Nkɔmhyɛni teasefoɔ gye adiyisɛm firi Onyankopɔn hɔ de kyerɛkyerɛ na ɔdi yɛn kan ɛnnɛ.

  • Wɔ Yesu asase so somadwuma mu no, Ɔde N’Asɔre sii hɔ. Yesu Asomafoɔ no wuo akyiri no, ahweaseɛ firi asɛmpa no ne Yesu Kristo Asɔre ho sii wiase nyinaa. Nkorɔfoɔ sesaa asɛmpa nkyerɛkyerɛ bebree ne asɔfodie ayɛyɛdeɛ ahodoɔ, te sɛ asubɔ.

  • Onyankopɔn frɛɛ Joseph Smith sɛ ɔnyɛ nkɔmhyɛni, sɛdeɛ na wafrɛ nkɔmhyɛfoɔ wɔ tete no. Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo yii wɔn ho adi kyerɛɛ no. Wɔnam ne so de Yesu Kristo asɛmpa no baa bio.

  • Mormon Nwoma no yɛ twerɛsɛm kɛseɛ. Te sɛ Twerɛ Kronkron no, ɛyɛ Yesu Kristo ho adanseɛ na ɛboa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn yie berɛ a yɛsua na yɛde ne nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma. Joseph Smith nam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne tumi so kyerɛɛ aseɛ.

  • Ɛnam akoma pa mpaebɔ so, yɛbɛtumi ne Onyankopɔn adi nkitaho. Yɛbɛtumi ahunu sɛ Yesu Kristo asɛmpa no Mmaeɛ Bio ho nkrasɛm no yɛ nokorɛ.