Asɛmpatrɛ Frɛ
Atitenafoɔ a Wɔdi Kan Nkransɛm


“Atitenafoɔ a Wɔdi Kan Nkransɛm,” Ka Me Nsɛmpa: Akwankyerɛ a wɔde Kyɛ Yesu Kristo Nsɛmpa no (2023)

“Atitenafoɔ a Wɔdi Kan Nkransɛm,” Ka Me Nsɛmpa

Atitenafoɔ a Wɔdi Kan Nkransɛm

Me Nua Asɛmpatrɛni Dɔfoɔ:

Yɛbɔ w’aba so wɔ akwanya kɛseɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ asɛmpatrɛni ama Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ. Adwuma biara nni hɔ a ɛsom boɔ anaa ɛho hia kyɛn Israel anoboaboa.

Ka Me Nsɛmpa botaeɛ ne sɛ ɛbɛboa ma woayɛ asɛmpatrɛni a woasiesie wo ho yie, anyini wɔ honhom mu. Ɛbɛsan nso aboa ma woayɛ ɔkyerɛkyerɛni mapa. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa di dwuma wɔ wo daa daa ankorankorɛ ne hokafoɔ adesua mu. Yɛsan hyɛ wo nkuran sɛ fa di dwuma wɔ wo mansini ne zone nhyiamu mu. Sua twerɛnsɛm ntotoho no na sua nkyerɛkyerɛ ne nnyinasosɛm no.

Yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa atuhoakyɛ su foforɔ boa yɛn Agya a ɔwɔ Ɔsoro wɔ N’adwuma kronkron no mu. Asɛmpatrɛni biara wɔ adwuma a ɛho hia de boa Awurade wɔ N’adwuma no mu “sɛ mɛma onipa ɛnniwieɛ asetena ne nkwagyeɛ aba mu” (Moses 1:39).

Awurade bɛhyira wo berɛ a wode wo ho ma Ne som wɔ ahobrɛaseɛ mu. Wobɛnya ɛdɛ ne anigyeɛ kɛseɛ berɛ a woka Ɔsoro Agya mma ho yɛ adwuma.

Atitenafoɔ a Wɔdi Kan