Twerɛnsɛm
Mosaya 18


Ti 18

Alma ka nsɛm wɔ kokoa mu—Ɔkyerɛkyerɛ asubɔ apam mu na ɔbɔ asu wɔ nsuwa Mormon mu—Ɔkyekyere Kristo Asɔre na ɔhyɛ asɔfoɔ—Wɔkɔ wɔn ho mmoa na ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no—Alma ne ne nkurɔfoɔ dwane firi ɔhene Noa hɔ kɔ ɛserɛ no so. Bɛyɛ mfinhyia 147–145 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei, ɛbaa sɛ Alma, a ɔdwane firii ɔhene Noa nkoa nsam no, sakyeraaee wɔ ne bɔne ne n’amumuyɛ ho, na ɔkyinkyinii ne nkurɔfoɔ so kokoa mu, na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔrekyerɛkyerɛ wɔn Abinadae nsɛm no—

2 Aane, ɛfa deɛ ɛbɛba no ho, ne deɛ ɛfa wusɔreɛ ho, ne nkurɔfoɔ no dima a ɛnam Kristo tumi so, ne n’amanehunu, ne ne wuo ɛne ne wusɔreɛ ɛne ne sorokɔ so bɛba no.

3 Na dodoɔ no ara a wɔbɛtie ne nsɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ kokoa mu, amma ɔhene no ante. Na dodoɔ no ara na ɛgyee ne nsɛm no diiɛ.

4 Na ɛbaa sɛ dodoɔ no ara a wɔgyee no dii no kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Mormon, baabi korɔ no nyaa ne din firii ɔhene no nsaase no hyeɛ so a ɛduru mmerɛ bi anaa sɛ mmerɛ nkyekyɛmu bi na mmoa a wɔn ho yɛ hu ahyɛ hɔ ma no.

5 Afei, na abura bi wɔ hɔ a ɛmu nsuo yɛ korɔgyee wɔ Mormon, na Alma kɔhyɛɛ hɔ ɛnam sɛ na nnua nketewa kusuu bi bɛn nsuo no, na ɛhɔ na ɔde ne ho kɔsiee adekyeɛ, firi ɔhene no ahwehwɛfoɔ nsam.

6 Na ɛbaa sɛ dodoɔ ara no a wɔgyee no diiɛ no kɔɔ hɔ kɔtiee ne nsɛm.

7 Na ɛbaa sɛ nna bebree akyiri no nnipa bebree boaa wɔn ano wɔ Mormon sɛ wɔrekɔtie Alma nsɛm no. Aane, wɔn a wɔgyee ne nsɛm diiɛ no nyina ara kɔboaa wɔn ho ano sɛ wɔrekɔtie no. Na wɔkyerɛkyerɛɛe wɔn, na ɔkaa nsakyeraɛ, ne dima ne Awurade mu gyedie ho nsɛm kyerɛɛ wɔn.

8 Na ɛbaa sɛ ɔsee wɔn sɛ: hwɛ, Mormon nsuwa na ɛwɔ ha no (na saa na wɔfrɛɛ nsuo no) na afei sɛdeɛ mowɔ ɔpɛ sɛ mobɛka Onyankopɔn nnwankuo no ho, na wɔafrɛ mo ne nkurɔfoɔ, na mo anya ɔpɛ sɛ obiara bɛsoa ne yɔnko nnesoa na ayɛ hare ama no.

9 Aane, na wɔpɛ sɛ wɔne wɔn a wɔsu no su; aane, na wɔkyekyere wɔn a wɔhia awerɛkyekyerɛ werɛ, na wɔgyina sɛ Onyankopɔn adansefoɔ wɔ mmerɛ nyina ara ne adeɛ nyina ara mu, ne baabiara a mowɔ mu, de kɔsi owuo mu mpo, ama Onyankopɔn adi ama mo, na wɔakan mo afra wɔn a wɔbɛsɔre owusɔreɛ a ɛdikan no mu, na ama mo anya nkwa a ɛnniawieɛ—

10 Afei mese mo sɛ sɛ yei yɛ ɔpɛ a ɛfiri mo akoma mu deɛ a, ɛneɛ na ɛdeɛbɛn na ɛsi mo kwan sɛ wɔbɛbɔ mo asu wɔ Awurade din mu, na ayɛ adanseɛ wɔ n’anim, sɛ mo ne no akɔ apam, sɛ mobɛsom no na moadi ne mmaransɛm no so, ama wahwie ne Honhom no agu mo so mmorosoɔ mu?

11 Na afei mmerɛ a nkurɔfoɔ no tee saa nsɛm yi no wɔde ɛdɛ bɔɔ wɔn nsam na wɔtea mu sɛ: Yei ne yɛn akoma mu adeɛ a yɛ pɛ.

12 Na afei ɛbaa sɛ Alma faa Helam, ɔno a ɔyɛ adikanfoɔ no mu baako, na ɔne no kɔgyinaa nsuo no mu, na ɔteaa mu denden sɛ: O Awurade, hwie wo Honhom gu w’akoa so, ama ɔde akoma a ɛmu yɛ kronkron ayɛ adwuma yi.

13 Na mmerɛ a ɔkaa saa nsɛm yi no, Awurade Honhom baa ne so, na ɔkaa sɛ: Helam, ɛnam sɛ Otumfoɔ Nyankopɔn ama me kwan no, mebɔ wo asu de ayɛ adansedie sɛ wakɔ apam sɛ wobɛsom no akɔsi mmerɛ a wo bɛwu sɛdeɛ nipadua a ɛwuo yi teɛ; na Awurade nhwie ne Honhom no ngu wo so; na ɔmma wo nkwa a ɛnniawieɛ mfa Kristo dima no mu, ɔno a wasiesie no fiti ewiase fapem.

14 Na Alma kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, Alma ne Helam nyina ara kɔsiee wɔn ho wɔ nsuo no mu; na wɔde ahurisie sɔre firii nsuo no mu baeɛ, a Honhom no ahyɛ wɔn ma.

15 Na Alma faa obi bio, na ɔkɔɔ nsuo no mu mprɛnu, na ɔbɔɔ no asu sɛdeɛ ɔbɔɔ deɛ odii kan no asu no, na yei deɛ Alma amfa ne ho ankɔhyɛ nsuo no mu bio.

16 Na saa kwan yi so na ɔfa bɔɔ obiara a ɔkɔɔ Mormon beaɛ hɔ no asu; na na wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ akra ahanu ne nnan; aane, na ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Mormon nsuwa no mu, na Onyankopɔn adom hyɛɛ wɔn ma.

17 Na wɔfrɛɛ wɔn Onyankopɔn asɔre, anaa sɛ Kristo asɔre, ɛfiri saa mmerɛ no rekɔ. Na ɛbaa sɛ obiara a wɔnam Nyankopɔn tumi ne akwanya so bɔɔ no asu no bɛkaa n’asɔre no ho.

18 Na ɛbaa sɛ Alma, ɛnam sɛ Onyankopɔn ama no ho kwan no hyɛɛ asɔfoɔ, mpo wɔn mu aduonum biara nyaa ɔsɔfo baako a ɔbɛhwɛ wɔn so na wakyerɛkyerɛ wɔn nneɛma a ɛfa Onyankopɔn aheman ho.

19 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn nkyerɛkyerɛ wɔn biribiara nnka deɛ wakyerɛ wɔn no ho na nkɔmhyɛfoɔ kronkron no de wɔn ano aka no ho.

20 Aane, ɔhyɛɛ wɔn mpo sɛ ɛmma wɔn nkyerɛkyerɛ biribiara nnka nsakyeraɛ ne gyedie wɔ Awurade mu ho, ɔno a ɔdi maa ne nkurɔfoɔ no.

21 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ ɛmma obiara ne ne nua nni apereapereɛ, na mmom wɔmfa ani korɔ nhwɛ kan, wɔ gyedie baako ne asubɔ baako mu, akoma a waka abɔ mu wɔ koroyɛ mu na wɔn nodɔ wɔn ho maako maako.

22 Na saa na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ. Na saa nti wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma.

23 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔn hwɛ homeda no, na wɔnni no kronkron, na afei nso wɔmfa aseda mma wɔn Awurade Nyankopɔn dabiara.

24 Na ɔhyɛɛ wɔn bio sɛ wɔn a wahyɛ wɔn asɔfoɔ no mfa wɔn ara ankasa nsa nyɛ adwuma mfa nhwɛ wɔn ho.

25 Na wɔde da koro sii hɔ dapɛn biara mu a wɔboaa wɔn ano de kyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ no, na wɔde somm Awurade wɔn Nyankopɔn, na mmerɛ biara nso a wɔbɛtumi no, wɔhyia mu.

26 Na ɛnsɛ sɛ asɔfoɔ no de wɔn ani to asɔfoɔ no so sɛ wɔbɛhwɛ wɔn; na mmom wɔn nwuma so akatua ne sɛ wɔn nsa bɛka Nyankopɔn n’adom, ama wayɛ den wɔ Honhom mu, na wɔanya Onyankopɔn nimdeɛ, ama wɔde tumi ne akwanya a ɛfiri Onyankopɔn hɔ akyerɛkyerɛ wɔn adeɛ.

27 Na ebio, Alma hyɛɛe sɛ asɔre mma no mfa wɔn ahodeɛ mma, dodoɔ biara a obiara bɛtumi de ama; sɛ ɔwɔ no mmorosoɔ a, ɛwɔ sɛ ɔma no mmorosoɔ; na deɛ ɔwɔ kakraabi no, kakraabi na wɔbɛhwehwɛ afiri wɔn nkyɛn; na deɛ onni bi nso no, wama no bi.

28 Na saa na wɔnyiyi wɔn ahodeɛ mfa ma mfiri wɔn ara ankasa wɔn akoma mu ne wɔn pɛ pa a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu, mfa mma asɔfoɔ a wɔwɔ ahokyerɛ mu, aane, ne ɔkra biara a ɔhia na ɔda adagya.

29 Na Onyankopɔn na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnka saa nsɛm yi nkyerɛ wɔn; na ɔnantee tenenee mu wɔ Onyankopɔn anim, na wɔkyekyɛ maa wɔn ho maako maako sɛdeɛ wɔhia, ne sɛdeɛ wɔnpɛ teɛ wɔ honam mu ne honhom mu.

30 Na afei ɛbaa sɛ wɔyɛɛ yei nyina ara wɔ Mormon, aane, ɛwɔ Mormon nsuwa no ho, ɛwɔ kwaeɛ a ɛbɛn Mormon nsuwa no ho no; aane, ɛwɔ Mormon baabi, Mormon nsuwa ho, Mormon kwaeɛ mu, sɛdeɛ saa nneɛma yi yɛɛfɛ maa wɔn a wɔbaa hɔ de wɔn ani hunu wɔn Dimafoɔ no; aane, na sɛdeɛ wɔahyira wɔn, sɛ wɔbɛto ayɛyi dwom ama no afebɔɔ.

31 Na ɔyɛe saa nneɛma yi wɔ asaase no hyeɛ so, ama ɔhene no ante wɔn nka.

32 Mmom hwɛ, ɛbaa sɛ ɔhene no hunu sɛ biribi rekɔ so wɔ nkurɔfoɔ no mu nti, ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔ tetɛ wɔn. Ɛno nti dakoro bi a na wɔrehyia mu sɛ wɔrebɛtie Awurade asɛm no, wɔbɛhunu wɔn ka bɔɔ ɔhene no amaneɛ.

33 Na afei ɔhene no kaa sɛ: Alma rekanyan nkurɔfoɔ no ama wɔate ne so atua; ɛno nti ɔsomaa n’asraafoɔ sɛ wɔn nkɔ sɛe wɔn.

34 Na ɛbaa sɛ wɔbɔɔ Alma ne Awurade nkurɔfoɔ no amaneɛ sɛ ɔhene no asraafoɔ no reba; ɛno nti wɔfaa wɔn ntomadan, ne wɔn abusua, na wɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ no so.

35 Na wɔn dodoɔ no ara bɛyɛ sɛ akra ahanan aduonum.