Twerɛnsɛm
Mosaya 26


Ti 26

Annyeanniefoɔ de asɔre mma bebree kɔ bɔne mu—Wɔde nkwa a ɛnniawieɛ bɔ Alma anohoba—Wɔn a wɔsakyeraae na wɔbɔ wɔn asu nya bɔnefakyɛ—Asɔre mma adebɔneyɛfoɔ a wɔsakyeraae na wɔka wɔn bɔne kyerɛ Alma ne Awurade bɛnya bɔnefakyɛ, anyɛ saa a wɔrenkan wɔn mfra asɔre mma ho. Bɛyɛ mfinhyia 120–100 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei ɛbaa sɛ awoɔntoatoasoɔ a wɔasi enyini kwan so no mu bebree ntumi nte ɔhene Benyamin nsɛm ase, ɛfiri sɛ mmerɛ a ɔkasa kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no na wɔyɛ nkwadaa nti wɔanye wɔn agyanom amammerɛ no anni.

2 Wɔanye deɛ wɔaka a ɛfa wusɔreɛ ho no anni ɛna wɔanye deɛ ɛfa Kristo mmaeɛ ho no nso anni.

3 Na afei ɛnam gyedie a wɔnni nti no, wɔantumi ante Onyankopɔn asɛm ase; na wɔn akoma yɛɛ den.

4 Na wɔammɔ wɔn asu; ɛna wɔn nso a wɔammɛka asɔre no ho. Na ɛnam wɔn gyedie nti na wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔate wɔn ho, na wɔkɔɔ so ara kɔsii sɛ akyire yi wɔkɔɔ honam ne bɔneyɛ tebea mu mpo; na wɔampɛ sɛ wɔbɛsu afrɛ wɔn Awurade Nyankopɔn.

5 Na afei Mosaya ahennie mu no na wɔn dodoɔ no nnuru Onyankopɔn nkurɔfoɔ no mu fa mpo; na ɛnam ntawantawa a ɛwɔ asɔre mma no mu nti wɔdɔɔso.

6 Na ɛbaa sɛ wɔde nɛfɛnɛfɛ nsɛm daadaa wɔn a wɔwɔ asɔre no mu pii, na wɔmaa wɔyɛɛ bɔne bebree; ɛno nti ɛho hiaa sɛ wɔn a wɔdii bɔne no a wɔwɔ asɔre no mu no, asɔre no kaa wɔn anim.

7 Na ɛbaa sɛ wɔde wɔn baa asɔfoɔ no anim, na akyerɛkyerɛfoɔ no de wɔn brɛɛ asɔfoɔ no; na asɔfoɔ no de wɔn baa Alma a ɔyɛ ɔsɔfo panin no anim.

8 Afei ɔhene Mosaya maa Alma kwan sɛ ɔnhwɛ asɔre no so.

9 Na ɛbaa sɛ na Alma nnim biribiara a ɛfa wɔn ho; na mmom adansefoɔ bebree dii adanseɛ tiaa wɔn; aane nkurɔfoɔ sɔre dii adanseɛ pii faa wɔn amumuyɛ ho.

10 Afei na biribiara a ɛte sei nsii wɔn asɔre no mu da; ɛno nti Alma ho yeraa no Honhom mu, na ɔmaa wɔde wɔn baa ɔhene no anim.

11 Na ɔsee ɔhene no sɛ: Hwɛ, nnipa dodoɔ a yɛde wɔn aba wɔanim ha yi, wɔn asɔremma adi adanseɛ atia wɔn; aane wɔayɛ amumuyɛ ahodoɔ pii. Na wɔnsakyeraɛ wɔ wɔn amumuyɛ ho; ɛno nti yɛde wɔn aba w’anim, ama wabu wɔn atɛn sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ.

12 Nanso ɔhene Mosaya see Alma sɛ: Hwɛ, meremmua wɔn atɛn; ɛno nti mede wɔn hyɛ wo nsa sɛ bu wɔn atɛn.

13 Na afei Alma honhom ho yeraa no bio; na ɔkɔ so bisaa Awurade deɛ ɔnyɛ wɔ asɛm yi ho, ɛfiri sɛ ɔsuroo sɛ ɔbɛyɛ bɔne wɔ Onyankopɔn anim.

14 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔde ne kra nyina ara maa Onyankopɔn no, Awurade nne baa ne hɔ kaa sɛ:

15 Nhyira ne wo, Alma, na nhyira nka wɔn a wɔbɔɔ asu wɔ Mormon nsuwa mu no. Wɔahyira wo ɛnam gyedie mmorosoɔ a wo wɔ wɔ me somfoɔ Abinadae nsɛm no ho nti.

16 Na nhyira ne wɔn a ɛnam wɔn gyedie mmorosoɔ a wɔnyaa wɔ nsɛm a wo ka kyerɛɛ wɔn no nti.

17 Na nhyira ne wo, ɛfiri sɛ wate asɔre wɔ wo nkurɔfoɔ yi mu; na wɔbɛgyina, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.

18 Aane, nhyira ne saa nkurɔfoɔ yi a wɔpɛ sɛ wɔde me din to wɔn ho so yi, na me din na wɔde bɛfrɛ wɔn, na wɔyɛ me deɛ.

19 Na ɛnam sɛ wɔabisa me biribi a ɛfa mmaratoni no ho nti, nhyira aka wo.

20 Wo ne me somfoɔ; na me ne wakɔ apam sɛ wobɛnya nkwa a ɛnni awieɛ; na wobɛsom me na wanante wɔ me din mu, na waboa me nnwan ano.

21 Na deɛ ɔbɛtie me nne no na ɔbɛyɛ me dwan no; na ɔno na gye no wɔ asɔre no mu, na ɔno na me nso mɛgye no.

22 Na hwɛ, yei ne m’asɔre; deɛ ɔbɛbɔ asu biara no, ɔbɔ asu kɔ nsakyeraɛ mu. Na obiara a mobɛgye no no ɔbɛgye me din adi; na mede ne bɔne bɛkyɛ no kwa.

23 Na me na mafa wiase bɔne ato me ho so; na me na mebɔɔ wɔn; na me na mɛma wɔn a wɔgye di kɔsi awieɛ no baabi wɔ me nsa nifa so.

24 Na hwɛ, me din mu na wɔafrɛ wɔn; na sɛ wɔnim me a wɔbɛba, na wɔabɛnya tenabea a ɛnniawieɛ wɔ me nsa nifa so.

25 Na ɛbɛba sɛ mmerɛ a totorobɛnto a ɛtɔ so mmienu no bɛbɔ mu no na wɔn a wɔnnim me no bɛba abɛgyina m’anim.

26 Na ɛhɔ na wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade wɔn Nyankopɔn no a meyɛ wɔn Dimafoɔ no; na mmom dima nni hɔ ma wɔn.

27 Na ɛhɔ na mɛka akyerɛ wɔn sɛ mennim wɔn da; na wɔbɛfiri hɔ akɔ egya a ɛtehɔ daa no a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu.

28 Ɛno nti mese mo sɛ, deɛ ɔntie me nne no, saa nnipa no ara nso na ɛmma monnye no nto m’asɔre no mu, na ɔno na me nnye no ɛda a ɛdi akyire no mu.

29 Ɛno nti mese wo sɛ, Kɔ; na obiara a ɔbɛto me mmara no, ɔno na wo bɛbu no atɛn sɛdeɛ ne bɔne teɛ ho; na sɛ ɔka ne bɔne wɔ wo ne m’anim a, na ɔde akoma a ɛmu da hɔ sakyera a, ɔno na fa ne bɔne kyɛ no na me nso mede bɛkyɛ no.

30 Aane, na mmerɛ dodoɔ a me nkurɔfoɔ no bɛsakyera no, na mede wɔn mfomsoɔ a wɔafom me no bɛkyɛ wɔn.

31 Na mo nso mo mfa mo mfomsoɔ nkyekyɛ mo ho mo ho; na nokware mese wo sɛ, deɛ wamfa ne yɔnko mfomsoɔ ankyɛ no wɔ mmerɛ a waka sɛ w’asakyera n’adwene no, saa nipa no de ɛfɔdie abrɛ ne ho.

32 Afei mese wo sɛ, Kɔ; na deɛ wɔnsakyeraɛ n’adwene wɔ ne bɔne ho no, saa nnipa no mma wɔnnkan no mfra me nkurɔfoɔ ho mu; na yei na mo nni so fiti saa mmerɛ yi de rekɔ.

33 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Alma tee saa nsɛm yi no ɔtwerɛ too hɔ ama ne nsa aka, na ama ɔde abu nkurɔfoɔ a wɔwɔ saa asɔre no mu no atɛn sɛdeɛ Onyankopɔn mmaransɛm no teɛ.

34 Na ɛbaa sɛ Alma kɔɔe na ɔkɔbuu wɔn a wɔayɛ amumuyɛ no atɛn, sɛdeɛ Awurade asɛm no teɛ.

35 Na wɔn a wɔsakyeraae firii wɔn bɔne ho na wɔkaa wɔn bɔne no, wɔn na ɔkann wɔn feraa asɔremma no.

36 Na wɔn a wɔnnka wɔn bɔne na wɔnsakyeraɛ mfiri wɔn amumuyɛ ho no, wɔn na wɔankan wɔn amfera asɔre mma no, na wɔpepaa wɔn din firii mu.

37 Na ɛbaa sɛ Alma totoo asɔre no dwumadie nyina ara yie; na wɔhyɛɛ aseɛ nyaa asomdwoeɛ bio na wɔyɛɛ frɔmfrɔm mmorosoɔ wɔ asɔre no dwumadie mu, na wɔnantee ahwɛyie mu wɔ Onyankopɔn anim, wɔnyaa dodoɔ ara, na wɔbɔɔ dodoɔ no ara asu.

38 Na afei saa nneɛma yi nyina ara na Alma ne n’afɛfoɔ adwumayɛfoɔ a wɔhwɛ asɔre no so no yɛɛe, wɔnantee mmɔdenmɔ mu, kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm wɔ adeɛ nyina ara mu, wɔhunu amane ahodoɔ nyina ara bi, na wɔn a wɔnnka Nyankopɔn asɔre no ho no nyina ara taataa wɔn.

39 Na wɔbɔɔ wɔn nuanom kɔkɔ; na wɔn nso wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ, obiara wɔ Nyankopɔn asɛm mu, sɛdeɛ ne bɔne teɛ, anaa sɛ bɔne a wayɛ, na Onyankopɔn hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn nnyae mpaebɔ, nna wɔn na ase wɔ adeɛ nyina ara mu.