Twerɛnsɛm
Mosaya 14


Ti 14

Yesaia ka Mesaia ho asɛm—Wɔda n’animguaseɛ ne n’amanehunu adi—Ɔde ne kra bɔ afɔdeɛ ma bɔne na ɔyɛ ntamgyinafoɔ ma mmaratofoɔ—Fatoto Yesaia 53 ho. Bɛyɛ mfinhyia 148 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Aane, Yesaia mpo anka sɛ: Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na Awurade abasa no, hwan nso na ada no adie ama no ahunu?

2 Na ɔbɛnyini sɛ duafoforɔ wɔ n’anim, sɛ nhini a apue afiri asaase pɛsɛɛ mu; ɔnni ahoɔfɛ na ɔnni animuonyam, na yɛhunu no no, na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛapɛ n’asɛm.

3 Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ nnipa a ɔhunu ayaayaadeɛ na ɔnim anibereɛ; na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee.

4 Ampa, wasoa yɛn anibereɛ no, na yɛn ayaayaadeɛ no nso, wasoa; na yɛn deɛ, yɛbuu no sɛdeɛ wɔahwe no no, deɛ Onyankopɔn aka no de no ahyɛ amaneɛ mu.

5 Na yɛn mmaratoɔ nti na wɔpiraa no, yɛn amumuyɛ nti na wɔdwerɛɛ no; yɛn asomdwoeɛ ho asotweɛ daa ne so, na ne mmaa ntampea na wɔde asa yɛn yadeɛ.

6 Yɛn nyina ara afom kwan sɛ nnwan, yɛdanedane fefaa yɛn akwan so, na Awurade maa yɛn nyina ara amumuyɛ kɔdaa ne so.

7 Wɔhyɛɛ no aniɛyaa, ɔhunu amane na ɔno deɛ, wammue n’ano; sɛ adwammaa a wɔde no rekɔ akɔkum no, sɛ odwanten a watɔ ne ho nwitwitwafoɔ anim mum no, nti wammue n’ano.

8 Wɔyii no firii afiase ne atɛmmuo mu; na hwan na ɛbɛda n’awoɔntoatoasoɔ adi? Na ɔtwaa no firii ateasefoɔ asaase so twenee; na me nkurɔfoɔ mmaratoɔ nti na wɔbobɔɔ no.

9 Na wɔbɔɔ ne nna fraa atirimuɔdenfoɔ ne ɔdefoɔ deɛ mu wɔ ne wuo mu; ɛfiri sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara, ɛna no naadaa nni n’ano mu.

10 Na ɛsɔɔ Awurade ani sɛ ɔdwerɛɛ no; na ɔde anibereɛ baa ne so; mmerɛ a ɔde ne kra yɛɛ bɔne ho afɔreɛ no, ɔbɛhunu n’asefoɔ, ne nna bɛware, na deɛ ɛsɔ Awurade ani afa ne nsa mu ayɛ frɔmfrɔm.

11 Ɔbɛhunu ne kra amanehunu na wamee; ɛnam ne nimdeɛ so na m’akoa teneneeni bɛbu dodoɔ no ara bem; na wasoa wɔn amumuyɛ.

12 Ɛno nti mɛma no kyɛfa wɔ akɛsefoɔ mu, na ɔne ahoɔdenfoɔ bɛkyɛ asadeɛ; ɛfiri sɛ ɔde ne kra too hɔ maa owuo, na wɔakan no afra mmaratofoɔ; na ɔsoaa dodoɔ no ara bɔne, na wadi ama mmaratofoɔ.