Twerɛnsɛm
Mosaya 6


Ti 6

Ɔhene Benyamin twerɛ nkurɔfoɔ no din na ɔpa asɔfoɔ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn—Mosaya di adeɛ sɛ ɔhene a ɔtene. Bɛyɛ mfinhyia 124–121 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei, ɔhene Benyamin ne nkurɔfoɔ no kasa wieeɛ no ɔhunu sɛ ɛyɛ sɛ ɔnya wɔn a wɔne Onyankopɔn kɔ apam no sɛ wɔbɛdi mmaransɛm no so.

2 Na ɛbaa sɛ na ɔkra baako mpo nni hɔ, gye sɛ nkwadaa nketewa, mmom wɔn na wɔfaa, apam na wɔfaa Kristo din too wɔn ho so.

3 Na bio ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔhene Benyamin de saa nneɛma yi nyina ara baa awieɛ no, na ɔtee ne ba barima Mosaya ho sɛ ɔni ne nkurɔfoɔ no so na ɔni wɔn so hene, na ɔde n’asɛdeɛ ne n’asodie nyina ara a ɛfa aheman no ho maa no, na ɔpaa asɔfoɔ sɛ ɔnkyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔbɛte na wɔahunu Onyankopɔn mmaransɛm no, na akanyan wɔn ama wɔakae ntam a wɔaka no, Ɔgyaee nkurɔfokuo no na wɔsann wɔn akyi sɛdeɛ obiara abusua ne wɔn afiefie mu teɛ.

4 Na Mosaya hyɛɛ aseɛ dii n’agya adeɛ. Na ɔhyɛɛ n’ahennie aseɛ no, na wadi mfie aduasa, na yei ma ne nyina ara kabɔ mu a ɛbɛyɛ sɛ mfinhyia ahanan aduason nsia ɛfiri mmerɛ a Lihae firii Yerusalem no.

5 Na ɔhene Benyamin tenaa ase mfie mmiɛnsa na ɔwuui.

6 Na ɛbaa sɛ ɔhene Mosaya nantee Awurade akwan so, na ɔhwɛɛ ne ntɛmmuo ɛne ne mmara yie, na ɔdii mmaransɛm biara a ɔhyɛɛ no sɛ ɔni so no so.

7 Na ɔhene Mosaya hyɛɛ ne nkurɔfoɔ maa wɔn funtumm asaase no. Na ɔno ara nso funtumm asaase no, amma wanyɛ adesoa amma ne nkurɔfoɔ no, ama ayɛ te sɛdeɛ n’agya yɛɛ wɔ adeɛ nyina ara mu no. Na apereapereɛ biara ansi ne nkurɔfoɔ no nyina ara mu bɛyɛ mfie mmiɛnsa ntam.