Twerɛnsɛm
Mosaya 25


Ti 25

Mulɛk asefoɔ a wɔwɔ Sarahɛmla bɛyɛ Nifaefoɔ—Wɔte Alma nkurɔfoɔ ne Sɛnif nkurɔfoɔ ho asɛm—Alma bɔ Limhae ne ne nkurɔfoɔ nyina ara asu—Mosaya ma Alma kwan ma ɔte Onyankopɔn asɔre. Bɛyɛ mfinhyia 120 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei ɔhene Mosaya maa nkurɔfoɔ no nyina ara boaboa wɔn ano.

2 Afei na Nifae mma no nnɔɔso bebree, anaa sɛ wɔn a wɔyɛ Nifae asefoɔ no nnɔɔso bebree sɛ Sarahɛmla nkurɔfoɔ no a na ɔyɛ Mulɛk aseni no, ne wɔn a wɔne no firi ɛserɛ no so baeɛ no.

3 Na na Nifae nkurɔfoɔ no ne Sarahɛmla nkurɔfoɔ no nnɔɔso bebree wɔ hɔ sɛ Lamanfoɔ no; aane, na wɔnnuru wɔn mu fa mpo.

4 Na afei Nifae nkurɔfoɔ no nyina ara boaa wɔn ano hyiaa mu, na Sarahɛmla nkurɔfoɔ no nso saa ara, na wɔboaa wɔn ano maa wɔyɛɛ akuo mmienu.

5 Na ɛbaa sɛ Mosaya kenkanee, na ɔhyɛe nso maa wɔkenkanee Sɛnif nkurɔfoɔ twerɛtohɔsɛm no kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no; aane, ɔkenkann Sɛnif nkurɔfoɔ no twerɛtohɔsɛm firi mmerɛ a wɔfirii Sarahɛmla asaase so de kɔsi mmerɛ a wɔsann wɔn akyi bio baaɛ no.

6 Na ɔkenkan Alma ne ne nuanom ho nsɛm, ne wɔn amanehunu nso nyina ara, ɛfiri mmerɛ a wɔfirii Sarahɛmla asaase so de kɔpem mmerɛ a wɔsan baa bio.

7 Na afei, mmerɛ a Mosaya de twerɛtohɔsɛm a ɔrekenkan no baa awieɛ no, ɛyɛɛ ne nkurɔfoɔ no a wɔkaa asaase no so hɔ no nnwanwa ne ahodwiri.

8 Na wɔnnim deɛ wɔn nnwene; na mmerɛ a wɔhunu wɔn a wɔyii wɔn firii nkoasom mu no, ɛdɛ kɛseɛ hyɛɛ wɔn ma.

9 Na bio, sɛ wɔdwendwene wɔn nuanom a Lamanfoɔ no akukum wɔn no ho no a, na awerɛhoɔ ahyɛ wɔn ma, ma mpo wɔtee awerɛhoɔ anisuo pii.

10 Na bio, sɛ wɔdwendwenee Onyankopɔn papayɛ a ɛbaa ntɛm, ne ne tumi a ɔde yii Alma ne ne nuanom firii Lamanfoɔ nsa mu ne nkoasom mu no, wɔmaa wɔn nne so de aseda maa Onyankopɔn.

11 Na bio, sɛ wɔdwendwene Lamanfoɔ a wɔyɛ wɔn nuanom no bɔne ne ɔsɛeɛ gyinabea a wɔwɔ mu no ho a, na yea ne amanehunu ahyɛ wɔn so de ma wɔn akra yiedie.

12 Na ɛbaa sɛ, wɔn a na wɔyɛ Amulɔn nuanom no ne ne nkurɔfoɔ a wɔfaa Lamanfoɔ mmammaa wareeɛ no, wɔn mma no ani anye wɔn agyanom suban ho, nti wɔampɛ sɛ wɔde wɔn agyanom din bɛfrɛ wɔn bio, ɛno nti wɔfaa Nifae din to wɔn so maa wɔfrɛɛ wɔn Nifae mma na wɔkann wɔn fraa wɔn a wɔfrɛ wɔn Nifaefoɔ no.

13 Na afei wɔkan Sarahɛmla nkurɔfoɔ no nyina ara fraa Nifaefoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔmfaa ahennie no mmaa obiara, gye sɛ wɔn a wɔyɛ Nifae asefoɔ no.

14 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Mosaya wiee kasa na ɔde deɛ ɔrekenkan no nso baa awieɛ no, ɔpɛɛ sɛ Alma nso kasa kyerɛ nkurɔfoɔ no.

15 Na Alma kasa kyerɛɛ wɔn mmerɛ a na wɔaboa wɔn ano akuokuo akɛseɛ akɛseɛ no, na ɔfiri ɛkuo baako so a na ɔkɔ baako so, kaa nsakyeraɛ ne gyedie wɔ Awurade mu kyerɛɛ nnipa no.

16 Na ɔtuu Limhae nkurɔfoɔ no, ne wɔn a wɔyii wɔn firii nkoasom mu no nyina ara fo dendennden sɛ wɔnkae sɛ ɛyɛ Awurade na ɔgyee wɔn.

17 Na ɛbaa sɛ Alma kyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ no nneɛma bebree, na ɔne wɔn kasa wieeɛ no, ɔhene Limhae pɛɛ sɛ wɔbɔ no asu; na ne nkurɔfoɔ no nyina ara nso pɛɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu.

18 Ɛno nti, Alma kɔɔ nsuo no mu na ɔbɔɔ wɔn asu; aane ɔbɔɔ wɔn asu pɛpɛɛpɛ te sɛdeɛ ɔbɔɔ ne nuanom asu wɔ Mormon nsuwa no mu; aane; na dodoɔ no a ɔbɔɔ wɔn asu no bɛkaa Onyankopɔn asɔre no ho; na wɔyɛɛ sei ɛnam wɔn gyedie a wɔwɔ wɔ Alma nsɛm no mu nti.

19 Na ɛbaa sɛ ɔhene Mosaya maa Alma kwan sɛ ɔnte nsɔre wɔ Sarahɛmla asaase no so nyina ara; na ɔmaa no tumi sɛ ɔnhyɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ wɔ asɔre biara mu.

20 Na ɔmaa ɔyɛe no sei ɛfiri sɛ na nkurɔfoɔ no dɔɔso dodo, ɔkyerɛkyerɛni baako ntumi nhwɛ wɔn so; anaa sɛ wɔn nyina ara ntumi ntie Onyankopɔn asɛm no wɔ nhyiamu baako ase.

21 Ɛno nti wɔboaboaa wɔn ano akuokuo, na yei na wɔfrɛɛ wɔn nsɔre no; asɔre biara wɔ n’asɔfoɔ ne n’akyerɛkyerɛfoɔ, na ɔsɔfo biara nso ka asɛm sɛdeɛ Alma de firii n’ano mu maa wɔn no.

22 Na yei, ɛmfa ho sɛ nsɔre bebree wɔ hɔ; na wɔn nyina ara yɛ asɔre baako, aane mpo Onyankopɔn asɔre; na wɔnka biribiara wɔ nsɔre no nyina ara mu a gye sɛ nsakyeraɛ ne gyedie wɔ Onyankopɔn mu.

23 Na afei nsɔre no bɛyɛɛ nson wɔ Sarahɛmla asaase so. Na ɛbaa sɛ obiara a ɔnyaa ɔpɛ sɛ ɔde Kristo anaa Onyankopɔn din bɛto ne so no, wɔkɔkaa Onyankopɔn nsɔre no ho.

24 Na wɔfrɛɛ wɔn Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Na Awurade hwiee ne Honhom guu wɔn so, na ɔhyiraa wɔn, na wɔyɛɛ frɔmfrɔm wɔ asaase no so.