Twerɛnsɛm
Mosaya 20


Ti 20

Noa asɔfoɔ no bi kyekyeree Lamanfoɔ mmammaa no bi dwane—Lamanfoɔ no tu Limhae ne ne nkurɔfoɔ so sa—Wɔpia Laman asraafoɔ no kɔ wɔn akyiri na wɔpata wɔn. Bɛyɛ mfinhyia 145–123 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei baabi wɔ Semlon a Lamanfoɔ mmammaa no boa wɔn ho ano wɔ hɔ to dwom, na wɔsaae, gye wɔn ani.

2 Na ɛbaa sɛ da koro bi wɔn mu kakraabi boaa wɔn ano sɛ wɔreto dwom na wɔasa.

3 Na afei ɛnam sɛ ɔhene Noa asɔfoɔ no ani awu nti no, na wɔntumi nsan wɔn akyiri nkɔ Nifae kuropɔn no mu no, aane, na wɔsuro nso sɛ nkurɔfoɔ no bɛkum wɔn, ɛno nti wɔanya akokoɔduro sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn yerenom ne wɔn mma nkyɛn.

4 Na wɔtenaa ɛserɛ no so hɔ nom, na wɔhunu Lamanfoɔ mmammaa no, wɔde wɔn ho siee tetɛɛ wɔn.

5 Na mmerɛ a wɔhunu sɛ wɔn a wɔaboa wɔn ano rebɛsa no sua no, wɔfirii kokoam hɔ kɔkyekyeree wɔn kɔɔ ɛserɛ no so; aane, Lamanfoɔ mmammaa aduonu nnan na wɔde wɔn kɔɔ ɛserɛ no so.

6 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Lamanfoɔ hunu sɛ wɔn mmammaa no ayera no, wɔn bo fuu Limhae nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ wɔdwenee sɛ ɛyɛ Limhae nkurɔfoɔ no na wɔyɛɛ saa.

7 Ɛno nti wɔtuu wɔn asraafoɔ maa wɔn kɔɔ wɔn so; aane ɔhene no ankasa mpo na ɔdii ne nkurɔfoɔ no anim; na wɔkɔɔ Nifae asaase no so sɛ wɔrekɔsɛe Limhae nkurɔfoɔ no.

8 Na afei Limhae hunu wɔn wɔ abantentene no so, mpo wɔn ahoboa nyina ara a wɔde kɔ ako; ɛno nti ɔboaboaa ne nkurɔfoɔ no ano; na wɔhinta twɛnn wɔn wɔ ɛwura ne kwaeɛ no mu.

9 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Lamanfoɔ baa hɔ no, Limhae nkurɔfoɔ no puei firii mmea a na wɔtwɛn wɔn no, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrekumkum wɔn.

10 Na ɛbaa sɛ ɔko no mu bɛyɛɛ den papaapa, ɛfiri sɛ wɔko sɛ agyata a wɔrehwehwɛ mmoa akye wɔn awe.

11 Na ɛbaa sɛ Limhae nkurɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrepam Lamanfoɔ no; nanso na wɔn dodoɔ no nnuru Lamanfoɔ no dodoɔ no mu fa mpo. Nanso wɔkooe ɛnam wɔn ara ankasa, ne wɔn yerenom, ne wɔn mma nkwa nti; ɛno nti wɔyeree wɔn ho koe te sɛ atweaseɛ no.

12 Na ɛbaa sɛ wɔhunu Lamanfoɔ hene no sɛ ɔfra wɔn awufoɔ no mu; nanso na ɔnwuui, na mmom na wapira na wɔagya no wɔ fam hɔ, ɛfiri sɛ na ne nkurɔfoɔ no dwane ntɛmntɛm.

13 Na wɔfaa no na wɔkyekyeree ne baabi a wapira no, na wɔde no baa Limhae anim, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, Lamanfoɔ hene no nie, ɔpirae na ɔhwee fam wɔ awufoɔ no mu na wɔagya no hɔ; na hwɛ, yɛde no aba w’anim; na afei ma yɛnkum no.

14 Mmom Limhae see wɔn sɛ: Mma mo nkum no, mmom momfa no mmera ha na menhwɛ no. Na wɔde no baae. Na Limhae see no sɛ: Ɔkwan bɛn na wowɔ sɛ wɔ ne me nkurɔfoɔ ko? Hwɛ, me nkurɔfoɔ muu nse a medi kyerɛɛ wo no so; na adɛn nti na wɔabu nse a wodi kyerɛɛ me nkurɔfoɔ no so?

15 Na afei ɔhene no kaa sɛ: mabu nse no so ɛfiri sɛ wo nkurɔfoɔ soaa me nkurɔfoɔ mmammaa kɔeɛ; ɛno nti m’abufuo mu na me maa me nkurɔfoɔ kwan sɛ wɔmera na wɔne wo nkurɔfoɔ mmɛko.

16 Na afei na Limhae ntee biribiara ɛfa saa asɛm yi ho; ɛno nti ɔkaa sɛ: Mɛhwehwɛ me nkurɔfoɔ yi mu na obiara a wayɛ saa adeɛ yi no ɔbɛhwere ne nkwa. Ɛno nti ɔmaa wɔhwehwɛɛ ne nkurɔfoɔ no mu.

17 Afei mmerɛ a Gideon a ɔyɛ ɔhene no sahene no tee saa nsɛm yi no, ɔkɔɔ ɔhene no hɔ kɔ see no sɛ: Mesrɛ wo, si abotare, na nhwehwɛ nkurɔfoɔ yi mu, na mfa asɛm yi ho asodie nto saa nkurɔfoɔ yi so.

18 Na wo nkae w’agya asɔfoɔ no a saa nkurɔfoɔ yi pɛɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn no? Na wɔn nni ɛserɛ no so? Na nyɛ wɔn na wɔwiaa Lamanfoɔ mmammaa no?

19 Na afei, hwɛ, na ka saa nsɛm yi kyerɛ ɔhene no, ama waka akyerɛ ne nkurɔfoɔ no na wapata wɔn ama yɛn; na hwɛ wɔaboaboa wɔn ho dada sɛ wɔreba yɛn so; na hunu nso sɛ yɛn dodoɔ sua.

20 Na hwɛ, wɔde wɔn dɔm nyina ara reba; na gye sɛ ɔhene no pata wɔn ma yɛn, anyɛ saa yɛbɛyera.

21 Na Abinadae nsɛm no mmaa mu, deɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm tiaa yɛn no—na ɛnam sɛ yɛntie Awurade nsɛm, na yɛntwe yɛn ho mfiri amumuyɛ ho nti na yei nyina ara aba no.

22 Na afei momma yɛn pata ɔhene no, na yɛn ni nse a yɛdi kyerɛɛ no no so; na ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛhyɛ nkoasom ase kyɛn sɛ yɛbɛhwere yɛn nkwa; ɛno nti, momma yɛnnyae mogya dodoɔ no a yɛreka gu no.

23 Na afei Limhae kaa nsɛm a ɛfa n’agya ho nyina ara kyerɛɛ ɔhene no, ɛne asɔfoɔ no a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ no so no, na ɔde mfomsoɔ no too wɔn so sɛ wɔn na wɔbɛsoaa wɔn mmammaa no kɔɔɛ.

24 Na ɛbaa sɛ ɔhene no bo dwooe wɔ ne nkurɔfoɔ no ho; na ɔsee wɔn sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔhyia me nkurɔfoɔ no, mo mma yɛn mmfa akodeɛ; na mɛdi nse akyerɛ mo, na mahyɛ bɔ sɛ me nkurɔfoɔ no renkum mo nkurɔfoɔ.

25 Na ɛbaa sɛ wɔdii ɔhene no akyi a wɔamfa akodeɛ ankɔhyia Lamanfoɔ no. Na ɛbaa sɛ wɔhyiaa Lamanfoɔ no; na Lamanfoɔ hene no bɔɔ ne mu ase wɔ wɔn anim, na ɔpaa kyɛw maa Limhae nkurɔfoɔ no.

26 Na mmerɛ a Lamanfoɔ hunu Limhae nkurɔfoɔ no sɛ wɔn nkura akodeɛ no, wɔhunu wɔn mmɔbɔ na wɔnyaa abodwoɛ wɔ wɔn ho, na wɔne wɔn hene no sann kɔɔ wɔn asaase so asomdwoeɛ mu.