Twerɛnsɛm
Nhwɛsoɔ Pɛpɛɛpɛ 3


Nhwɛsoɔ Pɛpɛɛpɛ bi a ɛfiri Abraham Nwoma no mu

Deɛ ɛtɔ so 3

Mfoni
Nhwɛsoɔ Pɛpɛɛpɛ 3

Nkyerɛkyerɛmu

Mfo. 1. Abraham a ɔte Faro ahennwa so, ɛnam ɔhene no anidie nti, na ɔwɔ ahenkyɛ wɔ ne tiri so, a ɛgyina hɔ ma Asɔfodie no, na ɛyɛ ahyɛnsodeɛ kɛseɛ ma Titenafoɔ a Wɔdi kan wɔ Ɔsoro no; na ɔkura atɛntenenee ne atemmuo poma wɔne nsa mu.

Mfo. 2. Ɔhene Faro a wɔde ne din ama wɔ ntwerɛeɛ a ɛwɔ ne tiri so no.

Mfo. 3. Gyina hɔ ma Abraham a ɔwɔ Misraim sɛdeɛ wɔde maae wɔ Mfonini 10 wɔ Nhwɛsoɔ pɛpɛɛpɛ a ɛdi kan no mu nso.

Mfo. 4. Faro, Misraim Hene, babarima, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ nsa no soro no.

Mfo. 5. Sulem, ɔhene no asomfoɔ a wɔdi mu no mu baako, sɛdeɛ ntwerɛeɛ a ɛwɔ ne nsa no soro no gyina hɔ ma no.

Mfo. 6. Olimla, ɔdɔnkɔ a ɔyɛ ɔhene ba no dea.

Abraham resusu Nsoromma ho nimdeɛ nnyinasosɛm ho, wɔ ɔhene no ahemfie.