Twerɛnsɛm
Abraham 4


Ti 4

Anyame no hyehyɛ asase no ne deɛ ɛwɔ nkwa wɔ so nyina ara adebɔ—wɔda nhyehyɛeɛ a ɛfa nna nsia adebɔ no adi.

1 Na afei Awurade kaa sɛ: Momma yɛnkɔ fam. Na mfitiaseɛ no wɔkɔɔ fam, na wɔn, ɛyɛ Anyame no, hyehyɛɛe na wɔnnwonoo ɔsorosoro ne asase no.

2 Na akyire yi a wɔyɛɛ asase no wieeɛ no, na ɛda mpan ne hunu, esiane sɛ na wɔnnyɛɛe biribiara gye sɛ asase no; na esum kɛntɛnn bunu no ani, na Anyame no Honhom no butuu nsuo no ani.

3 Na wɔn (Anyame no) kaa sɛ: Ɛhann mmara, na ɛhann baae.

4 Na wɔn (Anyame no) tee hann no ase, esiane sɛ na ɛhyerɛn; na wɔkyɛɛ hann no mu, anaa wɔmaa ɛmu kyɛɛe, firii esum no mu.

5 Na Anyame no frɛɛ hann no Ɛda, na esum no wɔfrɛɛ no Anadwo. Na ɛbaa sɛ ɛfiri anwummerɛ kɔsi anɔpa no wɔfrɛɛ no anadwo; na ɛfiri anɔpa kɔsi anwummerɛ no wɔfrɛɛ no ɛda; na yei yɛ deɛ ɛdi kan no, anaa mfitiaseɛ no, wɔ deɛ wɔfrɛɛ no ɛda ne anadwo no.

6 Na Anyame no kaae nso sɛ: Ma ntrɛmu mmra nsuo no mfimfini, na ɛmpae nsuo no mfiri nsuo no mu.

7 Na Anyame no hyɛɛ ntrɛmu no, na ɛmaa ɛpaee nsuo no a ɛwɔ ntrɛmu no ase no firii nsuo no a ɛwɔ ntrɛmu no so no mu; na ɛyɛɛ saa ara, mpo sɛdeɛ wɔhyɛɛe no.

8 Na Anyame no frɛɛ ntrɛmu no, Ɔsoro. Na ɛbaa sɛ ɛfiri anwummerɛ kɔsi anɔpa no na wɔfrɛɛ no anadwo; na ɛbaa sɛ ɛfiri anɔpa kɔsi anwummerɛ no na wɔfrɛɛ no ɛda; na yei ne berɛ a ɛtɔ so mmienu a wɔfrɛɛ no anadwo ne ɛda.

9 Na Anyame no hyɛɛe, na wɔkaa sɛ: Ma nsuo no a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako, na ma asase mfiri adi mmara wesee; na ɛyɛɛ sɛ deɛ wɔhyɛɛe no;

10 Na Anyame no frɛɛ asase wesee no, Asase; na nsuo no anoboaboa no, wɔfrɛɛ no, Nsuo Kɛseɛ; na Anyame no hunuu sɛ wɔyɛɛ setie.

11 Na Anyame no kaa sɛ: Momma yɛnsiesie asase no na ɛmfifiri ɛserɛ; nhahamma a ɛso aba; aduaba dua a ɛso aduaba, sɛdeɛ ne su teɛ, a n’aba a ɛwɔ ɔno ara ne mu no so n’ankasa ne nsɛso wɔ asase no so; na ɛyɛɛ saa ara, mpo sɛdeɛ wɔkaae no.

12 Na Anyame no hyehyɛɛ asase no sɛ ɛmfifiri ɛserɛ mfiri ɛno ara ankasa aba mu, na nhahamma no mfifiri nhahamma mfiri ɛno ara ankasa aba mu, a ɛso aba sɛdeɛ ne su teɛ; na asase no mfifiri dua mfiri ɛno ara n’aba mu, na ɛnso aduaba, a ɛbɛtumi afifiri aba korɔ no ara bi afiri ɛno ara mu, sɛdeɛ ne su teɛ; na Anyame no hunuu sɛ wɔyɛɛ setie.

13 Na ɛbaa sɛ wɔkann nna no: ɛfiri anwummerɛ kɔsi anɔpa no wɔfrɛɛ no anadwo; na ɛbaa sɛ, ɛfiri anɔpa kɔsi anwummerɛ no wɔfrɛɛ no ɛda; na da a na ɛtɔ so mmiɛnsa ne no.

14 Na Anyame no hyehyɛɛ nkanea no wɔ ɔsoro ntrɛmu no mu, na wɔmaa ɛkyɛɛ ɛda no firii anadwo no mu; na wɔhyehyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne mmerɛ nkyekyɛmu, ne nna ne mfeɛ;

15 Na wɔhyehyɛɛ yeinom sɛ wɔnyɛ nkanea wɔ ntrɛmu no mu wɔ soro na ɛmma hann wɔ asase so; na ɛyɛɛ saa ara.

16 Na Anyame no hyehyɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu no; kanea kɛseɛ no, sɛ ɛnni ɛda no so, na kanea ketewa no sɛ ɛnni anadwo no so; wɔhyehyɛɛ nsoromma no kaa kanea ketewa no nso ho;

17 Na Anyame no de yeinom hyehyeɛɛ ɔsoro ntrɛmu no mu, sɛ ɛmma hann wɔ asase no so, na ɛnni ɛda ne anadwo no so, na ɛmma ɛnkyɛ hann ne esum mu.

18 Na Anyame no hwɛɛ saa nneɛma no a wɔahyɛ wɔn no kɔsii sɛ wɔyɛɛ setie.

19 Na ɛbaa sɛ ɛfiri anwummerɛ kɔsi anɔpa no na ɛyɛɛ anadwo; na ɛbaa sɛ ɛfiri anɔpa kɔsi anwummerɛ no na ɛyɛɛ ɛda; na berɛ a ɛtɔ so nan ne no.

20 Na Anyame no kaa sɛ: Momma yɛnsiesie nsuo no ma ɛnnɔre abɔdeɛ mmorosoɔ a wɔkɔ ba na wɔn wɔ nkwa; ne ntakraboa, ama wɔatu wɔ asase so wɔ ɔsoro ntrɛmu mu.

21 Na Anyame no siesiee nsuo no sɛ ɛnnɔre bɔnsu akɛseɛ, ne abɔdeɛ biara a ɛte ase na ɛkɔ ba, deɛ ɛwɔ sɛ nsuo no dɔre mmorosoɔ sɛdeɛ wɔn su teɛ no; ne takraboa biara a ɔwɔ ntaban sɛdeɛ ne su teɛ. Na Anyame no hunuu sɛ wɔbɛyɛ setie ama wɔn, na wɔn nhyehyɛeɛ no yɛ papa.

22 Na Anyame no kaa sɛ: Yɛbɛhyira wɔn, na yɛama wɔawo na wɔadɔre, na wɔahyɛ nsuo a ɛwɔ ɛpo mu anaa nsuo kɛseɛ no mu no ma; na yɛama ntakrammoa no adɔre wɔ asase so.

23 Na ɛbaa sɛ ɛfiri anwummerɛ kɔsi anɔpa no na wɔfrɛɛ no anadwo; na ɛbaa sɛ ɛfiri anɔpa kɔsi anwummerɛ no na wɔfrɛɛ no ɛda; na yei ne berɛ a ɛtɔ so num.

24 Na Anyame no siesiee asase no sɛ ɛmma abɔdeɛ a wɔte aseɛ mfiri mmra sɛdeɛ wɔn su teɛ, ntɔteboa, ne mmoa a wɔwea, ne asase so mmoa sɛdeɛ wɔn su teɛ, na ɛyɛɛ sɛdeɛ wɔkaae no.

25 Na Anyame no hyehyɛɛ asase no sɛ ɛmma mmoa mfiri mmra sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne ntɔteboa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne biribiara a ɛwea wɔ asase so sɛdeɛ ne su teɛ; na Anyame no hunuu sɛ wɔbɛyɛ setie.

26 Na Anyame no tuu wɔn ntam agyina na wɔkaa sɛ: Momma yɛnkɔ fam na yɛnwono onipa wɔ yɛn suban so, wɔ yɛn nsɛsoɔ so; na yɛbɛma wɔn tumidie wɔ ɛpo mu mpataa so, ne ewiem nnomaa so, ne ntɔteboa so, ne asase nyina ara so, ne birbiara a ɛwea wɔ asase so.

27 Ɛno nti Anyame no siane kɔɔ fam sɛ wɔrekɔ hyehyɛ onipa wɔ wɔn suban so, wɔ Anyame no suban so na wɔbɛyɛ no, a ɔbarima ne ɔbaa na wɔbɛyɛ wɔn.

28 Na Anyame no kaa sɛ: Yɛbɛhyira wɔn. Na Anyame no kaa sɛ: Yɛbɛma wɔawo na wɔadɔre, na wɔahyɛ asase so ma, na wɔahyɛ so, na wɔadi tumi wɔ ɛpo mu mpataa so, ne ewiem nnomaa so, ne biribiara a ɛte aseɛ a ɛkɔ ba wɔ asase so.

29 Na Anyame no kaa sɛ: Hwɛ, yɛbɛma wɔn nhahamma biara a ɛso aba a ɛbɛba wɔ asase ani nyina ara so, ne dua biara a ɛbɛso aduaba wɔ so no; aane, aba a ne dua so aduaba na mede bɛma wɔn; na ɛbɛyɛ wɔn aduane.

30 Na asase so aboa biara, ne ewiem anomaa biara, ne biribiara a ɛwea wɔ asase so no, hwɛ, yɛbɛma wɔn nkwa, na yɛbɛma wɔn ahaban mono biara nso sɛ aduane, na saa na yɛbɛhyehyɛ saa nneɛma yi nyina ara.

31 Na Anyame no kaa sɛ: Yɛbɛyɛ nneɛma a yɛaka no nyina ara, na yɛahyehyɛ ɛnonom; na hwɛ, wɔbɛyɛ setie pa ara. Na ɛbaa sɛ ɛfirii anwummerɛ kɔsii anɔpa no na wɔfrɛɛ no anadwo; na ɛbaa sɛ ɛfirii anɔpa kɔsii anwummerɛ no na wɔfrɛɛ no ɛda; na wɔkann berɛ a ɛtɔ so nsia no.