Twerɛnsɛm
Joseph Smith—Mateo 1


Joseph Smith—Mateo

Nyi-firi-mu-nsɛm a ɛfiri Twerɛ Kronkron no nkyerɛaseɛ no mu sɛdeɛ wɔyii no adi kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith wɔ 1831: Mateo 23:39 ne ti 24.

Ti 1

Yesu hyɛ Yerusalem sɛeɛ a ɛrebobɔ ba no ho nkɔm kyerɛ—Ɔsan nso kasa fa Onipa Ba no Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu, ne atirimuɔdenfoɔ sɛeɛ no ho.

1 Na mese mo sɛ morennhunu me firi saa berɛ yi de rekɔ na moahunu sɛ mene deɛ nkɔmhyɛfoɔ no twerɛɛ ne ho asɛm no, kɔsi sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba, wɔ ɔsoro mununkum mu, na n’abɔfoɔ kronkron no nyina ara ka ne ho. Afei na n’akyidifoɔ no tee aseɛ sɛ ɔbɛba asase so bio, akyire yi a wɔahyɛ no animuonyam na wɔahyɛ no ahenkyɛ wɔ Onyankopɔn nsa nifa so no.

2 Na Yesu firii adi, na ɔfirii tɛmpol no mu kɔɔe; na n’akyidifoɔ no baa ne hɔ, sɛ wɔrebɛtie no, na wɔkaa sɛ: Owura, kyerɛ yɛn deɛ ɛfa tɛmpol adan yi ho, ɛfiri sɛ woaka sɛ—Wɔbɛdwiri agu fam, na wɔagya no amamfo ama mo.

3 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So monnhunu saa nneɛma yi nyina ara, na monnte aseɛ? Nokorɛ mese mo, wɔrennya ɔboɔ baako sɛ ɛsi ɔfoforɔ so wɔ ha, wɔ saa tɛmpol yi so a, wɔrennwiri nngu fam.

4 Na Yesu gyaa wɔn wɔ hɔ, na ɔkɔɔ Ngo Bepɔ no so. Na berɛ a na ɔte Ngo Bepɔ no so no, n’akyidifoɔ no baa ne nkyɛn kokoa mu, na wɔsee no sɛ: Ka kyerɛ yɛn, berɛ bɛn na saa nneɛma yi bɛba mu, deɛ woaka afa tɛmpol no ne Yudafoɔ no sɛeɛ no ho; na deɛn ne wo mmaeɛ no sɛnkyerɛnne, ne wiase awieɛ, anaa atirimuɔdenfoɔ no sɛeɛ no, deɛ ɛyɛ wiase awieɛ no?

5 Na Yesu buaeɛ, na ɔsee wɔn sɛ: monhwɛ yie na onipa biara annaadaa mo;

6 Ɛfiri sɛ bebree bɛba wɔ me din mu, aka sɛ—mene Kristo—na wɔbɛ daadaa bebree;

7 Afei wɔbɛyi mo ama ma wɔateetee mo, na wɔbɛkunkum mo, na aman nyina ara bɛtan mo, ɛnam me din nti;

8 Na afei ɛbɛto bebree suntidua, na wɔbɛyiyi wɔn ho wɔn ho ama, na wɔatan wɔn ho wɔn ho;

9 Na nkɔmhyɛfoɔ atorofoɔ bebree bɛsɔre, na wɔbɛdaadaa bebree;

10 Na ɛnam sɛ amumuyɛ bɛdɔɔso nti, dodoɔ no ara dɔ bɛyɛ nwunu;

11 Nanso deɛ ɔbɛgyina pintinn na wɔanni ne so no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.

12 Ɛno nti sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman no a Daniel, nkɔmhyɛni no, kaa ho asɛm no, deɛ ɛfa Yerusalem sɛeɛ ho no a, ɛnneɛ monyina bea a ɛyɛ kronkron hɔ; obiara a ɔkenkan no, ma ɔnte aseɛ.

13 Afei ma wɔn a wɔn wɔ Yudea no nnwane nkɔ mmepɔ no so;

14 Ma deɛ ɔwɔ ɛdan atifi no nnwane, na mma no nnsan mmɛfa biribiara mmfiri ne fie;

15 Anaa mma deɛ ɔwɔ wiram no nnsan n’akyi mmɛfa ne ntaadeɛ;

16 Na mmusuo nka wɔn a wɔafa afuro, ne wɔn a wɔma nufoɔ wɔ saa nna no mu;

17 Ne saa nti, mommɔ Awurade mpaeɛ na mo ammirikatuo annyɛ awɔberɛ mu, anaa Homeda;

18 Na afei, wɔ saa nna no mu no, amanehunu kɛseɛ bɛba Yudafoɔ no so, ne Yerusalem mutefoɔ so, sɛdeɛ wɔnnsomaa ebi mfirii Onyankopɔn hɔ mmaa Israel so da, firi wɔn ahemman no ahyɛaseɛ de bɛsi saa berɛ yi; daabi, anaa deɛ wɔrennsoma ebi mma Israel so da.

19 Nneɛma biara a ato wɔn no yɛ ɔyaw ahyɛaseɛ kɛkɛ a ɛbɛba wɔn so.

20 Na gye sɛ wɔtwa saa nna no so, ɔhonam biara nni wɔn ntam a wɔbɛgye no nkwa; nanso wɔn a wɔayi wɔn, sɛdeɛ apam no teɛ, no nti, wɔbɛtwa saa nna no so.

21 Hwɛ, maka saa nneɛma yi akyerɛ mo afa Yudafoɔ no ho; na bio, saa amanehunu nna a ɛbɛba Yerusalem so akyire yi no, sɛ onipa biara bɛka kyerɛ mo sɛ, Hwɛ, Kristo wɔ ha, anaa ɛhɔ a, mma monnye no nni;

22 Ɛfiri sɛ saa nna no mu no Kristo atorofoɔ, ne nkɔmhyɛfoɔ atorofoɔ nso bɛsɔre, na wɔbɛda nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ akɛseɛ adi, pa ara, ma, sɛ anka ɛbɛtumi a, wɔbɛdaadaa mpo wɔn a wɔayi wɔn no, wɔn a wɔayi wɔn sɛdeɛ apam no teɛ.

23 Hwɛ, meka saa nsɛm yi kyerɛ mo ɛnam wɔn a wɔayi wɔn no nti; mobɛte ako, ne ako ho atesɛm nso; monhwɛ na annha mo, ɛfiri sɛ ɛwɔ sɛ deɛ maka akyerɛ mo no nyina ara ba mu; nanso awieɛ no nnya nnuruuiɛ.

24 Hwɛ, maka akyerɛ mo dada;

25 Ɛno nti, sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Hwɛ, ɔwɔ ɛserɛ so ha a, mma mommfiri adi nnkɔ: Hwɛ, ɔwɔ kokoa mu a, mma monnye nni;

26 Ɛfiri sɛ sɛdeɛ anɔpa hann firi apueɛ ba no, na ɛhyerɛn mpo kɔ atɔeɛ, na ɛkata asase so nyina ara no, saa ara na Onipa Ba no mmaeɛ no nso bɛyɛ.

27 Na afei mɛkyerɛ mo abɛbusɛm bi. Hwɛ, baabibiara a ɛfunu wɔ no, ɛhɔ na akɔdeɛ bɛboaboa wɔn ano; saa ara nso na wɔn a mayi wɔn no wɔbɛboaboa wɔn ano afiri asase so afanan nyina ara.

28 Na wɔbɛte ako ne ako ho atesɛm.

29 Hwɛ mekasa ma wɔn a mayi wɔn no yieyɛ; ɛfiri sɛ ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahemman atia ahemman; ɛkɔm bɛba, ɛne owuyadeɛ, ne asasewosoɔ, wɔ mmeammea ahodoɔ.

30 Na bio, ɛnam sɛ amumuyɛ bɛdɔɔso nti, nnipa dɔ bɛyɛ nwunu; nanso deɛ wɔrenni ne so no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.

31 Na bio, wɔbɛka Ahemman no Asɛmpa yi wɔ wiase nyina ara mu, sɛ adanseɛ ama aman nyina ara, na afei na awieɛ no, anaa atirimuɔdenfoɔ no sɛeɛ bɛba;

32 Na bio, akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman a Daniel, nkɔmhyɛni no, kaa ho asɛm no, bɛba mu.

33 Na saa nna no mu amanehunu akyiri no, ntɛm ara, owia no bɛduru sum na ɔsrane no remma ne hann, na nsoroma no bɛtutu afiri soro agu fam, na ɔsoro tumidie bɛwoso.

34 Nokorɛ, mese mo, saa awoɔntoatoasoɔ yi, a wɔbɛyi saa nneɛma yi adi wɔ mu no renntwa mu kɔsi sɛ deɛ maka akyerɛ mo no nyina ara no bɛba mu.

35 Ɛwɔ mu sɛ nna no bɛba a ɔsoro ne asase bɛtwa mu deɛ; nanso me nsɛm renntwa mu, mmom ne nyina ara bɛba mu.

36 Na sɛdeɛ maka dada no, saa nna no amanehunu, ne woso a wɔbɛwoso ɔsorosoro tumi akyiri no, afei Onipa Ba no sɛnkyerɛnne no bɛyi adi wɔ ɔsoro mununkum mu, na afei asase so mmusuakuo nyina ara bɛdi awerɛhoɔ; na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne animuonyam kɛseɛ reba wɔ ɔsoro mununkum mu;

37 Na obiara a ɔbɛkora m’asɛm no, wɔrennaadaa no, ɛfiri sɛ Onipa Ba no bɛba, na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ adi n’anim kan de totorobɛnto nnyegyeɛ kɛseɛ, na wɔbɛboaboa wɔn a wɔayi wɔn no nkaeɛ no ano afiri mframa nan no mu, firi ɔsoro ano baako kɔsi ɔfoforɔ so.

38 Afei monsua borɔdɔma dua ho abɛbusɛm bi—Sɛ ne mman no da so yɛ bɛtɛɛ, na ɛhyɛ aseɛ sɛ ɛreyiyi nhahan a, monim sɛ ahuhuberɛ abɛn;

39 Saa ara nso na wɔn a mayi wɔn no, berɛ a wɔbɛhunu saa nneɛma yi nyina ara no, wɔbɛhunu sɛ wabɛn, mpo wɔ apono ano;

40 Nanso ɛda no, ne dɔnhwere no obiara nnim; daabi, Onyankopɔn abɔfoɔ a wɔn wɔ soro no nnim, mmom m’Agya nko ara.

41 Nanso sɛdeɛ Noa nna no yɛɛe no, saa ara na Onipa Ba no mmaeɛ no bɛyɛ;

42 Na ɛbɛyɛ ama wɔn sɛdeɛ ɛyɛɛe wɔ nna a ɛdii nsuyire no anim no; ɛfiri sɛ kɔsi da a Noa wuraa adaka no mu no na wɔredidi renom, na wɔrewareware remema awareɛ;

43 Na wɔnnim kɔsii sɛ nsuyire no baae, na ɛbɛfaa wɔn nyina ara kɔɔe; saa ara nso na Onipa Ba no mmaeɛ no bɛyɛ.

44 Afei na deɛ wɔatwerɛ no bɛba mu, sɛ wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu no, nnipa baanu bɛwɔ wiram, wɔbɛfa ɔbaako, na wɔagya ɔfoforɔ no;

45 Nnipa baanu bɛyam adeɛ wɔ owiyammoɔ so, wɔbɛfa ɔbaako, na wɔagya baako;

46 Na deɛ meka kyerɛ ɔbaako no, meka kyerɛ nnipa nyina ara; ne saa nti, monwɛn, ɛfiri sɛ monnim dɔn korɔ a mo Awurade bɛba.

47 Nanso monhunu yei, sɛ efiewura no nim dɔn korɔ a owifoɔ no bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma kwan amma wɔammɛbu ne fie mu, mmom anka ɔbɛyɛ krado.

48 Ne saa nti monyɛ krado nso, ɛfiri sɛ dɔnhwere a monnwene ho mu no na Onipa Ba no bɛba.

49 Afei, hwan na ɔyɛ akoa nokorɛfoɔ ne nyansafoɔ, deɛ ne wura ayɛ no sodifoɔ wɔ ne fiefoɔ so, sɛ ɔmma wɔn aduane wɔ berɛ a ɛsɛ mu no?

50 Nhyira ne akoa a, berɛ a ne wura bɛba no, ɔbɛhunu sɛ ɔreyɛ saa; na nokorɛ mese mo, ɔbɛyɛ no sodifoɔ wɔ ne nneɛma nyina ara so.

51 Nanso sɛ saa akoa bɔne no bɛka wɔ n’akoma mu sɛ: Me wura rekyɛre ba,

52 Na ɔhyɛ aseɛ boro ne mfɛfoɔ nkoa no, na ɔne nsabofoɔ didi nom a,

53 Saa akoa no wura no bɛba da a ɔnnhwɛ no kwan, ne dɔnhwere a ɔnnim mu,

54 Na ɔbɛtwitwa ne mu asinasini, na ɔbɛyi ne kyɛfa ama no wɔ nyaatwomfoɔ no mu; baabi a esu ne setwɛre wɔ.

55 Na sei na atirimuɔdenfoɔ no awieɛ bɛba, sɛdeɛ Mose nkɔmhyɛ no teɛ, a ɛka sɛ: Wɔbɛtwa wɔn afiri nkorɔfoɔ no ntam; mmom asase no awieɛ nnuruuiɛ, nanso akyire yi ɛbɛba.