Twerɛnsɛm
Abraham 2


Ti 2

Abraham firi Ur kɔ Kanaan—Yehowa yi ne ho adi kyerɛ no wɔ Haran—Wɔde asɛmpa no ho nhyira nyina ara hyɛ n’asefoɔ bɔ na ɛnam n’asefoɔ so ɛbɛkɔ obiara hɔ—Ɔkɔ Kanaan na ɔtoa so kɔ Misraim.

1 Afei Awurade Nyankopɔn maa ɔkɔm a ɛwɔ Ur asase so no yɛɛ kɛse ara maa me nuabarima, Haran, wuui; nanso m’agya Tera deɛ ɔkɔɔ so tenaa ase wɔ Ur asase so wɔ Kaldeafoɔ no mu.

2 Na ɛbaa sɛ me, Abraham, faa Sarai wareeɛ, na me nuabarima Nehɔ, faa Milka a na ɔyɛ Haran babaa wareeɛ.

3 Afei na Awurade ase me sɛ: Abraham, firi saa ɔman yi mu, ne w’abusua mu, ne w’agya fie, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.

4 Ne saa nti mefirii Kaldeafoɔ asase, Ur, so kɔɔ Kanaan asase so; na mefaa me nua babarima Lot, ne ne yere, ne me yere Sarai; na m’agya nso dii m’akyi kɔɔ asase a yɛfrɛɛ hɔ Haran no so.

5 Na ɔkɔm no brɛɛ ase; na m’agya twɛnee wɔ Haran na ɔtenaa hɔ, esiane sɛ na nyɛmmoa pii wɔ Haran, na m’agya danee ne ho bio kɔɔ n’abosonsom so bio, ne saa nti ɔtoaa so tenaa Haran.

6 Nanso me, Abraham, ne me nuabarima babarima Lot bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade, na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ me, na ɔsee me sɛ: Sɔre, na fa Lot ka wo ho; ɛfiri sɛ mabɔ me tiri mu pɔ sɛ mɛyi wo afiri Haran, na mayɛ wo ɔsomfoɔ adi me din ho adanseɛ wɔ ananafoɔ asase so, a mede bɛma w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyi sɛ daa agyapadeɛ, berɛ a wɔbɛtie me nne no.

7 Ɛfiri sɛ mene Awurade wo Nyankopɔn; mete ɔsoro; asase no yɛ me nan ntiasoɔ; metrɛ me nsa mu wɔ ɛpo no so, na ɛyɛ setie ma me nne; mema ahum ne ogya yɛ me teaseɛnam; meka kyerɛ mmepɔ no sɛ—Momfiri ha nkɔ—na hwɛ, amonom hɔ ara kyinhyia mframa fa wɔn kɔ, mpofirim.

8 Me din ne Yehowa, na menim awieɛ no firi mfitiaseɛ no; ne saa nti me nsa bɛkata wo so.

9 Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mɛhyira wo mmorosoɔ, na mayɛ wo din kɛseɛ wɔ aman nyina ara mu, na wobɛyɛ nhyira ama w’asefoɔ a wɔbɛba w’akyi, sɛdeɛ wɔbɛkura saa nyamedwuma ne Asɔfɔdie yi wɔ wɔn nsam ama aman nyina ara;

10 Na ɛnam wo din so na mɛhyira wɔn; ɛfiri sɛ dodoɔ no ara a wɔbɛgye Asɛmpa no, wo din na wɔde bɛfrɛ wɔn, na wɔbɛbu wɔn sɛ w’asefoɔ, na wɔbɛsɔre na wɔahyira wo, sɛ wɔn agya;

11 Na mɛhyira wɔn a wɔhyira wo, na madome wɔn a wɔdome wo; na wɔ wo mu (kyerɛ sɛ, wɔ w’Asɔfodie mu) ne w’asefoɔ mu (kyerɛ sɛ, w’Asɔfodie mu), ɛfiri sɛ mema wo bɔhyɛ bi sɛ saa hokwan yi bɛkɔ so awɔ wo mu, ne w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyi aba (kyerɛ sɛ, aseni ankasa, anaa nipadua no aseni mu) na wɔbɛhyira asase so mmusua nyina ara, mpo wɔde Asɛmpa no nhyira, a ɛyɛ nkwagyeɛ nhyira, mpo nkwa a ɛnni awieɛ.

12 Na afei, Awurade firii me nkyɛn wɔ ne kasa no akyi, na ɔyii n’anim firii me so no, mekaa no wɔ m’akoma mu sɛ: W’akoa de nsiyɛ ahwehwɛ wo; afei mahunu wo;

13 Wosomaa wo bɔfoɔ ma ɔbɛgyee me firii Elkana nyame no nsam, na mɛyɛ deɛ ɛsɛ atie wo nne, ne saa nti ma w’akoa nsɔre na ɔnkɔ asomdwoeɛ mu.

14 Ɛno nti me, Abraham, mekɔɔe sɛdeɛ Awurade aka akyerɛ me no, a na Lot ka me ho; na me, Abraham, na madi mfeɛ aduosia mmienu berɛ a mefirii Haran no.

15 Na mefaa Sarai, a mefaa no sɛ ɔyere berɛ a na mewɔ Ur, wɔ Kaldea no, ɛne me nuabarima babarima Lot, ne yɛn ahodeɛ a yɛaboaboa ano, ne akra a yɛanya wɔ Haran no nyina ara, na yɛfirii adi baae wɔ kwan a ɛkɔ Kanaan asase no so, na yɛtenaa ntomadan mu berɛ a yɛsii kwan so no;

16 Ne saa nti, na daapem yɛ yɛn nkatasoɔ ne yɛn botan ne yɛn nkwagyeɛ, berɛ a na yɛretu kwan afiri Haran wɔ Yesɔn kwan so, reba Kanaan asase so no.

17 Afei me, Abraham, mesii afɔremuka wɔ Yesɔn asase so, na mebɔɔ afɔdeɛ maa Awurade, na mebɔɔ mpaeɛ sɛ wɔbɛdane ɔkɔm no afiri m’agya fie so, ama wɔannwuwu.

18 Na afei yɛtwaa mu firii Yesɔn faa asase no so kɔɔ Sekem bea hɔ; na ɛwɔ More pampa no so, na na yɛaba Kanaanfoɔ no asase ahyeɛ no so dada, na mebɔɔ afɔdeɛ wɔ More pampa no so, na mede akoma pa frɛɛ Awurade, esiane sɛ na yɛaba saa abosonsomfoɔ man yi asase so dada.

19 Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ me wɔ me mpaebɔ ho mmuaeɛ mu, na ɔsee me sɛ: W’asefoɔ na mede saa asase yi bɛma.

20 Na me, Abraham, mesɔre firii afɔremuka a masi ama Awurade no ho, na mefirii hɔ kɔɔ bepɔ bi so wɔ Bet-El, na mesii me ntomadan no wɔ hɔ, Bet-El wɔ atɔeɛ fam, na Ai wɔ apueɛ fam; na ɛhɔ no mesii afɔremuka foforɔ maa Awurade, na mebɔɔ ne din frɛɛ no bio.

21 Na me, Abraham, tuu kwan, kɔɔ so ara kɔɔ anaafoɔ hɔ; na na ɔkɔm no toa mu wɔ asase no so; na me, Abraham, mesusuu sɛ mɛsiane akɔ Misraim, akɔtena hɔ kakra, ɛfiri sɛ ɔkɔm no mu bɛyɛɛ den pa ara.

22 Na ɛbaa sɛ berɛ a mebɛnn Misraim sɛ merebɛwura mu no, Awurade see me sɛ: Hwɛ, wo yere, Sarai yɛ ɔbaa a ne ho yɛ fɛ pa ara;

23 Ne saa nti ɛbɛba sɛ, sɛ Misraimfoɔ no hunu no a, wɔbɛka sɛ—Ɔyɛ ne yere; na wɔbɛku wo, nanso wɔbɛma no atena nkwa mu; ne saa nti hwɛ sɛ wobɛyɛ yei:

24 Ma ɔnka nkyerɛ Misraimfoɔ no sɛ, ɔyɛ wo nuabaa, na wo kra atena ase.

25 Na ɛbaa sɛ me, Abraham, mekaa deɛ Awurade aka kyerɛ me no nyina ara kyerɛɛ me yere Sarai—Ne saa nti, mesrɛ wo, ka kyerɛ wɔn sɛ woyɛ me nuabaa, ama wo nti asi me yie, na ɛnam wo so me kra atena ase.