Twerɛnsɛm
Nhwɛsoɔ Pɛpɛɛpɛ 2


Nhwɛsoɔ Pɛpɛɛpɛ a ɛfiri Abraham Nwoma no mu

Deɛ ɛtɔ so 2

Mfoni
Nhwɛsoɔ Pɛpɛɛpɛ 2

Nkyerɛkyerɛmu

Mfo 1. Kolob, a ɛkyerɛ adebɔ a ɛdi kan, deɛ ɛbɛn sɛlɛstia pa ara no, anaa Onyankopɔn tenabea no. Deɛ ɛdi kan wɔ amammuo mu no, deɛ ɛtwa toɔ wɔ mmerɛ nsusuiɛ mu no. Nsusuiɛ a ɛte sɛ sɛlɛstia mmerɛ, sɛlɛstia mmerɛ a ɛkyerɛ sɛ ɛda baako yɛ basafa baako no. Ɛda baako wɔ Kolob so no ne mfeɛ apem yɛ pɛ sɛdeɛ saa asase yi so nsusuiɛ teɛ, deɛ Misraimfoɔ no frɛ no Jah-oh-eh.

Mfo. 2. Gyina Kolob nkyɛn, Misraimfoɔ no frɛ no Oliblis, deɛ ɛyɛ abɔdeɛ sodifoɔ kɛseɛ a ɛbɛn sɛlɛstia anaa bea a Onyankopɔn teɛ no; ɛkura tumi safoa nso, a ɛfa akyinsoromma afoforɔ ho; sɛdeɛ Onyankopɔn yi kyerɛɛ Abraham no, berɛ a na ɔrebɔ afɔreɛ wɔ afɔremuka a na wayɛ ama Awurade so no.

Mfo. 3. Wɔayɛ agyina hɔ ama Onyankopɔn a ɔte n’ahennwa so, a ɔwɔ tumi ne tumidie; na ɔhyɛ nkwa a ɛnni awieɛ hann ahenkyɛ; ɛsan nso gyina hɔ ma Asɔfodie Kronkron no nsɛmfua Safoa- akɛseɛ, sɛdeɛ wɔdaa no adi kyerɛɛ Adam wɔ Eden Turo no mu, sɛdeɛ wɔyi kyerɛɛ Set, Noa, Mɛlkisɛdɛk, Abraham, ne wɔn a wɔdaa Asɔfodie no adi kyerɛɛ wɔn nyina ara no nso.

Mfo. 4. Tesɛ Hebrifoɔ asɛmfua Raukeeyang, a ɛgyina hɔ ma ewiem, anaa ɔsorosoro ntrɛmu; ɛsan nso yɛ nkaneeɛ sɛnkyerɛnne, a wɔ Misraimfoɔ kasa mu no ɛgyina hɔ ma apem baako; ɛte sɛ Oliblis mmerɛ nsusuiɛ, deɛ ɛne Kolob yɛpɛ wɔ ne ntware ho mu ne ne mmerɛ nsusuiɛ mu no.

Mfo. 5. Wɔfrɛ no Enish-go-on-dosh wɔ Misraim kasa mu; yei yɛ akyinsoromma sodifoɔ no mu baako nso, na Misraimfoɔ no ka sɛ ɛyɛ Owia no, na ɛtwe ne hann no firi Kolob hɔ nam Kae-e-vanrash so, a ɛyɛ Safoa kɛseɛ, anaa nsɛm foforɔ mu no, sodifoɔ tumi, a ɛdi akyinsoromma anaa nsoromma afoforɔ dunum a ɛtim hɔ so, sɛdeɛ Floeese anaa Ɔsrane, Asase no ne Owia teɛ wɔ wɔn afe daa ntware ho mu no. Saa okyinsoromma yi nya ne tumi nam Kli-flos-is-es, anaa Hah-ko-kau-beam, nsoromma a nkaneeɛ 22 ne 23 gyina hɔ ma no no so, na ɛnya hann firi Kolob afe daa ntware ho no mu.

Mfo. 6. Gyina hɔ ma saa asase yi wɔ n’afa nan mu.

Mfo. 7. Gyina hɔ ma Onyankopɔn a ɔte n’ahennwa so, a ɔnam ɔsorosoro so reda Asɔfodie no nsɛmfua Safoa- akɛseɛ no adi; sɛ nsɛnkyerɛnne a wɔde maa Abraham faa Sunsum Kronkron no ho nso, wɔ aburuburo nsɛsoɔ so no.

Mfo. 8. Ɛkura ntwerɛeɛ a wɔrenntumi nna no adi nnkyerɛ wiase; nanso wɔn wɔ no wɔ Onyankopɔn Tɛmpol Kronkron no mu.

Mfo. 9. Ɛnnsɛ sɛ wɔyi no adi saa berɛ yi.

Mfo. 10. (Saa ara). Nso

Mfo. 11. (Saa ara) Nso. Sɛ wiase no tumi hunu saa nkaneeɛ yi ase a, saa ara na ɛnyɛ hɔ. Amen.

Mfonini 12, 13, 14, 15, 16, 17, 18, 19, 20 ne 21 no, wɔde bɛma wɔ Awurade no ankasa berɛ a ɛsɛ mu.

Yɛde nkyerɛaseɛ a ɛwɔ soro ha yi ama sɛdeɛ yɛwɔ ho kwan sɛ yɛde ma wɔ saa berɛ yi.