Twerɛnsɛm
Abraham 3


Ti 3

Abraham nam Urim ne Tumim no so sua adeɛ fa owia, ɔsrane ne nsoromma ho—Awurade da ahonhom ho su a ɛnni awieɛ adi kyerɛ no—Ɔsua adeɛ fa wiase asetena a ɛdi kan, nyi-nto-hɔ, adebɔ, Ɔgyefoɔ no yie, ne onipa tebea a ɛtɔ so mmienu no ho.

1 Na me Abraham, na mewɔ Urim ne Tumim, a na Awurade me Nyankopɔn de ama me, wɔ Ur a ɛwɔ Kaldeafoɔ no mu;

2 Na mehunuu nsoromma no sɛ wɔyɛ kɛseɛ pa ara, na na ɛmu baako bɛn Onyankopɔn ahennwa no pa ara; na akɛseɛ binom bebree wɔ hɔ a wɔbɛn yei;

3 Na Awurade see me sɛ: Yeinom ne ɛsohwɛfoɔ no; na kɛseɛ pa ara no din ne Kolob, ɛfiri sɛ ɛbɛn me, ɛfiri sɛ me ne Awurade wo Nyankopɔn: Mayi saa baako yi asi hɔ sɛ ɛnni wɔn a wɔka nhyehyɛeɛ korɔ ho no nyina ara so, deɛ ɛte sɛ deɛ wogyina soɔ yi.

4 Na Awurade nam Urim ne Tumim no so, see me sɛ, saa Kolob no yɛ sɛdeɛ Awurade tebea mu teɛ, te sɛ deɛ ne mmerɛ ne ne mmerɛ nkyekyɛmu wɔ ne ntware ho mu teɛ; na ntware ho baako yɛ da baako ma Awurade, sɛdeɛ ne tebea ho mmerɛ akontabuo teɛ, a ɛyɛ mfeɛ apem sɛdeɛ mmerɛ a wɔahyehyɛ ama deɛ wogyina soɔ no teɛ. Yei yɛ Awurade mmerɛ ho akontabuo, sɛdeɛ Kolob mmerɛ ho akontabuo teɛ.

5 Na Awurade see me sɛ: Okyinsoromma a ɛyɛ kanea ketewa no, a ɛsua sene deɛ ɛwɔ sɛ ɛdi ɛda so no, mpo deɛ ɛwɔ sɛ ɛdi anadwo so no, wɔ soro anaa ɛyɛ kɛseɛ sene deɛ wogyina soɔ yi wɔ mmerɛ ho akontabuo mu, ɛfiri sɛ ɛtware ne ho nyaa wɔ ne kwan so; yei wɔ ne kwan so esiane sɛ ɛgyina asase a wogyina soɔ no soro, ne saa nti ne mmerɛ ho akontabuo nnyɛ pii tesɛ ne nna dodoɔ, ne n’abosome, ne ne mfeɛ.

6 Na Awurade see me sɛ: Afei, Abraham, saa nokorɛsɛm mmienu yi wɔ hɔ, hwɛ w’ani hunu, wɔde ama wo sɛ hunu mmerɛ akontabuo, ne mmerɛ a wɔahyehyɛ, aane, mmerɛ a wɔahyehyɛ ama asase a wogyina soɔ no, ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama kanea kɛseɛ a wɔahyehyɛ sɛ ɛnni ɛda so no, ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama kanea ketewa no sɛ ɛnni anadwo so no.

7 Afei mmerɛ a wɔahyehyɛ ama kanea ketewa no yɛ mmerɛ tenten wɔ ne mmerɛ akontabuo mu sene asase a wogyina soɔ no mmerɛ akontabuo.

8 Na faako a saa nokorɛsɛm mmienu yi wɔ no, nokorɛsɛm foforɔ bi bɛwɔ hɔ a ɛboro yeinom so, ɛne sɛ, okyinsoromma foforɔ bi bɛwɔ hɔ a ne mmerɛ akontabuo bɛda so ayɛ tenten asene yeinom;

9 Na saa na okyinsoromma baako mmerɛ akontabuo bɛwɔ soro akyɛn ɔfoforɔ, kɔsi sɛ wobɛbɛn Kolob, Kolob a ɛwɔ Awurade mmerɛ akontabuo mu; Kolob a wɔde asi hɔ ama abɛn Onyankopɔn ahennwa no, sɛ ɛnni saa akyinsoromma a wɔka nhyehyɛeɛ korɔ ho no nyina ara so, deɛ ɛte sɛ deɛ wogyina soɔ yi no.

10 Na wɔde ama wo sɛ hunu mmerɛ no a wɔayi ama nsoromma biara a wɔahyehyɛ sɛ wɔmma hann no, kɔsi sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn ahennwa no.

11 Saa na me, Abraham, ne Awurade kasaae, anim ne anim, sɛdeɛ onipa ne ɔfoforɔ kasa; na ɔkaa ne nnwuma a nsa ayɛ no ho asɛm kyerɛɛ me;

12 Na ɔsee me sɛ: Me babarima, me babarima (na ɔtenee ne nsa mu), hwɛ mɛkyerɛ wo yeinom nyina ara. Na ɔde ne nsa too m’ani so, na mehunuu saa nneɛma no a ne nsa ayɛ no nyina ara, na na ɛdɔɔso; na ɛyɛɛ mmɔho mmɔho wɔ m’ani so, na manntumi annhunu wɔn ano.

13 Na ɔsee me sɛ: Yei yɛ Sineha, a ɛyɛ owia no. Na ɔsee me sɛ: Kokob, a ɛyɛ nsoromma. Na ɔsee me sɛ: Olea, a ɛyɛ ɔsrane no. Na ɔsee me sɛ: Kokaubeam, a ɛkyerɛ sɛ nsoromma ahodoɔ, anaa nkanea akɛseɛ no nyina ara, a wɔn wɔ ɔsoro ntrɛmu mu.

14 Na na ɛyɛ anadwo berɛ na Awurade kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ me sɛ: Mɛma wo ne w’asefoɔ a wɔbɛba wɔ w’akyi no adɔre sɛ yeinom; na sɛ wobɛtumi akan anwea dodoɔ a, saa ara na w’asefoɔ dodoɔ bɛyɛ.

15 Na Awurade see me sɛ: Abraham, mede saa nneɛma yi kyerɛ wo ansa na moakɔ Misraim, sɛdeɛ mobɛtumi de saa nsɛm yi nyina ara ato dwa.

16 Sɛ nneɛma mmienu wɔ hɔ, na baako boro baako so a, nneɛma akɛseɛ bɛwɔ hɔ a ɛboro wɔn so; ne saa nti Kolob yɛ Kokaubeam a woahunu no nyina ara mu kɛseɛ, esiane sɛ ɛno na ɛbɛn me pa ara.

17 Afei, sɛ nneɛma mmienu wɔ hɔ, na sɛ, ɔbaako boro ɔbaako so, na sɛ ɔsrane no boro asase no so a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ sɛ okyinsoromma anaa nsoromma bɛwɔ hɔ a ɛboro ne so; na biribiara nni hɔ a Awurade Nyankopɔn bɛfa noakoma mu a ɔrennyɛ.

18 Nanso, ɔyɛɛ nsoromma kɛseɛ pa ara no; sɛdeɛ, nso, sɛ honhom mmienu wɔ hɔ a, ɔbaako bɛwɔ nhumu pa ara asene ɔbaako no, ɛwɔ mu sɛ saa honhom mmienu yi, ɔbaako wɔ nhumu pa ara sene ɔbaako no deɛ, nanso wɔnni mfitiaseɛ; kane no na wɔn wɔ hɔ, wɔrennya awieɛ, wɔbɛwɔ hɔ akyire yi, ɛfiri sɛ wɔyɛ gnolaum, anaa wɔnni awieɛ.

19 Na Awurade see me sɛ: Saa nokorɛsɛm mmienu yi wɔ hɔ, sɛ honhom mmienu na ɛwɔ hɔ, ɔbaako yɛ onyansafoɔ pa ara sene ɔfoforɔ; ɔfoforɔ nso bɛwɔ hɔ a ɔwɔ nhumu pa ara sene wɔn; Mene Awurade wo Nyankopɔn, Mewɔ nhumu pa ara sene wɔn nyina ara.

20 Awurade wo Nyankopɔn somaa ne bɔfoɔ bɛgyee wo firii Elkena sɔfoɔ nsam.

21 Mete wɔn nyina ara mfinfini; Afei, ɛno nti, maba fam ha sɛ merebɛka nnwuma a me nsa ayɛ no akyerɛ wo, ɛno mu na me nyansa boro wɔn nyina ara so, ɛfiri sɛ medi hene wɔ ɔsorosoro, ne asase ase so wɔ fam, wɔ nyansa nyina ara ne anidahɔ mu, ɛfa nhumufoɔ biara a w’ani ahunu firi mfitiaseɛ no so; mebaa fam ha mfitiaseɛ no mu wɔ nhumufoɔ a woahunu no nyina ara no mfimfini.

22 Afei na Awurade ayi nhumufoɔ a wɔhyehyɛɛ wɔn ansa na wiase no reba no akyerɛ me, Abraham; na wɔ yeinom nyina ara ntam no na animuonyamfoɔ ne atitire no bebree wɔ hɔ;

23 Na Onyankopɔn hunuu saa akra yi sɛ wɔyɛ papa, na ɔgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa sɛ: Mede yeinom bɛyɛ me sodifoɔ; na na ɔgyina wɔn a wɔyɛ ahonhom no ntam, na ɔhunuu sɛ wɔyɛ papa; na ɔsee me sɛ: Abraham, woyɛ wɔn mu baako; wɔyii wo ansa na wɔrewo wo.

24 Na na ɔbaako gyina wɔn ntam a na ɔte sɛ Onyankopɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: Yɛbɛkɔ fam, ɛfiri sɛ ɔkwan wɔ hɔ, na yɛbɛfa saa nneɛma yi bi, na yɛbɛyɛ asase a yeinom bɛtumi atena so;

25 Na yɛde yei bɛsɔ wɔn ahwɛ, ahunu sɛ wɔbɛyɛ nneɛma nyina ara, biribibiara a Awurade wɔn Nyankopɔn bɛhyɛ wɔn no;

26 Na wɔn a wɔkora wɔn tebea a ɛdi kan no wɔde bi bɛka wɔn ho; na wɔn a wɔnnkora wɔn tebea a ɛdi kan no wɔne wɔn a wɔkora wɔn tebea a ɛdi kan no nnya animuonyam wɔ saa ahemman no ara mu; na wɔn a wɔkora wɔn tebea a ɛtɔ so mmienu no bɛnya animuonyam aka ho wɔ wɔn tiri so daa afebɔɔ.

27 Na Awurade kaa sɛ: Hwan na mensoma no? Na ɔbaako buaae tesɛ Onipa Ba no: Me nie, soma me. Na ɔfoforɔ nso buaae sɛ: Me nie, soma me. Na Awurade kaa sɛ: Mɛsoma deɛ ɔdi kan no.

28 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no faa abufuo, na wannkora ne tebea a ɛdi kan no; na, saa da no, bebree dii n’akyi.