Twerɛnsɛm
Abraham 5


Ti 5

Anyame no wie Wɔn nhyehyɛeɛ a ɛfa nneɛma nyina ara bɔ no ho—Wɔma Abɔdeɛ no ba mu sɛdeɛ Wɔn nhyehyɛeɛ teɛ—Adam to abɔdeɛ a ɛte ase biara din.

1 Na saa na yɛbɛwie ɔsorosoro ne asase ne wɔn mu asafo nyina ara.

2 Na Anyame no ka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Da a ɛtɔ so nson no yɛbɛwie yɛn adwuma, sɛdeɛ yɛatu ho agyina no; na yɛbɛgye yɛn ahome wɔ berɛ a ɛtɔ so nson no mu afiri yɛn adwuma biara a yɛatu ho agyina no.

3 Na Anyame no wiee berɛ a ɛtɔ so nson no mu, esiane sɛ berɛ a ɛtɔ so nson no na wɔgyeee wɔn ahome firii wɔn nnwuma nyina ara ho, deɛ wɔn (Anyame no) tuu wɔn ntam agyina sɛ wɔbɛyɛ no; na wɔtee ho. Na saa na wɔsii gyinaeɛ wɔ berɛ a wɔtuu wɔn ntam agyina sɛ wɔbɛyɛ ɔsorosoro ne asase no.

4 Na Anyame no siane baa fam na wɔyɛɛ saa ɔsorosoro ne asase awoɔntoatoasoɔ yi, berɛ a wɔyɛɛ yeinom wɔ da a Anyame no yɛɛ asase ne ɔsorosoro no.

5 Sɛdeɛ deɛ wɔkaae no nyina ara teɛ, ɛfa wuram dua biara ansa na ɛreba asase no so, ne wuram nhahamma ansa na wɔrefifiri ho; ɛfiri sɛ na Anyame no mmaa nsuo ntɔ nguu asase no so berɛ a wɔtuu agyina sɛ wɔbɛyɛ yeinom no, na na wɔnnwonoo onipa sɛ ɔnnɔ asase no so.

6 Nanso kusukuukuu bi firii asase no mu firii, na ɛkɔ guguu asase no so nyina ara.

7 Na Anyame no nwonoo onipa firii fam mfuturo mu, na wɔfaa ne honhom (ɛyɛ onipa no honhom), na wɔde hyɛɛ ne mu; na wɔhomee nkwa ahome guu ne hwene mu, na onipa bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ.

8 Na Anyame no duaa turo bi, wɔ Eden apueɛ afa mu, na ɛhɔ na wɔde onipa no tooeɛ, deɛ wɔde ne honhom hyɛɛ nipadua a wɔyɛɛe no mu.

9 Na fam na Anyame no maa dua biara fifiri baae a ɛyɛ fɛ wɔ ani so na ɛyɛ papa sɛ ɛma aduane; nkwa dua no nso saa ara, deɛ ɛwɔ turo no mfinfini no, ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no.

10 Na asubɔntene bi tene firi Eden, a ɛkɔgu turo no mu nsuo, na ɛfiri hɔ no ɛmu kyɛ na ɛbɛyɛ nsutire nan.

11 Na Anyame no faa onipa no na wɔde no too Eden Turo no mu, sɛ ɔnsiesie so na ɔnhwɛ so.

12 Na Anyame no hyɛɛ onipa no sɛ: Turo mu ha dua biara no wotumi di kwa,

13 Nanso papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, mma nni bi, ɛfiri sɛ mmerɛ a wobɛdi bi no, ampa ara wobɛwu. Afei me, Abraham mehunuu sɛ na ɛyɛ sɛdeɛ Awurade mmerɛ teɛ, deɛ ɛte sɛ Kolob mmerɛ no; ɛfiri sɛ na Anyame no nnya mmaa Adam ne nnabuo.

14 Na Anyame no kaa sɛ:Momma yɛnyɛ nsɛsoɔ boafoɔ mma onipa no, ɛfiri sɛ ɛnnyɛ sɛ onipa nko tena, ne saa nti yɛbɛnwono nsɛsoɔ boafoɔ ama no.

15 Na Anyame no maa nnahɔɔ tɔɔ Adam so; na ɔdaae, na wɔyii ne mfempadeɛ baako, na wɔkaa honam no sii anim hyɛɛ ananmu;

16 Na mfepadeɛ no a Anyame no yi firii onipa ho no, wɔde nwonoo ɔbaa na wɔde no brɛɛ onipa no.

17 Na Adam kaa sɛ: Na yei yɛ me nnompe mu dompe, ne me honam mu honam; afei wɔbɛfrɛ no Ɔbaa, esiane sɛ wɔyii no firii ɔbarima mu;

18 Ne saa nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na hɔ, na wakɔ fam ne yere ho, na wɔayɛ honam koro;

19 Na wɔn baanu no da adagya, onipa ne ne yere no, na na wɔn ani nnwu.

20 Na Anyame no nwonoo wuram aboa biara, ne ewiem anomaa biara firii fam, na wɔde wɔn baa Adam hɔ bɛhwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛfrɛ wɔn; na sɛdeɛ Adam frɛɛ abɔdeɛ a ɛte aseɛ biara no, saa ara na ɛbɛyɛɛ ne din.

21 Na Adam maa ntɔteboa, ewiem nnomaa, wuram aboa biara din; na Adam nso, wɔnyaa nsɛso boafoɔ maa no.