Twerɛnsɛm
Nhwɛsoɔ Pɛpɛɛpɛ 1


Nhwɛsoɔ Pɛpɛɛpɛ bi a ɛfiri Abraham Nwoma no mu

Deɛ ɛdi kan

Mfoni
Nhwɛsoɔ Pɛpɛɛpɛ 1

Nkyerɛkyerɛmu

Mfo. 1. Awurade Bɔfoɔ

Mfo. 2. Wɔakyekyere Abraham wɔ afɔremuka bi so.

Mfo. 3. Elkena bosonsomfoɔ sɔfoɔ no yɛ sɛ ɔde Abraham rebɔ afɔdeɛ.

Mfo. 4. Bosonsomfoɔ asɔfoɔ no afɔremuka a wɔbɔ so afɔdeɛ a ɛsi Elkena, Libna, Mamakra, Koras, ne Faro anyame no anim.

Mfo. 5. Elkena bosonsomfoɔ nyame no.

Mfo. 6. Libna bosonsomfoɔ nyame no.

Mfo. 7. Mamakra bosonsomfoɔ nyame no.

Mfo. 8. Koras bosonsomfoɔ nyame no.

Mfo. 9. Faro bosonsomfoɔ no.

Mfo. 10. Abraham a ɔwɔ Misraim.

Mfo. 11. Wɔayɛ sɛ ɛnnyina hɔ mma ɔsoro fadum, sɛdeɛ na Misraimfoɔ no te aseɛ no.

Mfo. 12. Raukeeyang, ɛkyerɛ ntrɛmu anaa ewiem a ɛfa yɛn tiri so no; nanso wɔ saa asɛm yi mu, ɛfa saa asɛnka yi ho no, Misraimfoɔ no ma ɛgyina hɔ ma Shaumau, deɛ ɛkorɔn, anaa ɔsorosoro, a ɛte sɛ Hebrifoɔ asɛmfua Shaumahyeem no.