Twerɛnsɛm
Hɛlaman 7


Nifae, Hɛlaman Babarima no Nkɔmhyɛ—Onyankopɔn hunahuna Nifae nkurɔfoɔ no sɛ ɔde n’abufuo bɛba wɔn so, ama wɔn asɛe koraa, gye sɛ wɔsakyeraae firi wɔn atirimuɔdensɛm no ho. Onyankopɔn de nsaeyareɛ yɛ Nifae nkurɔfoɔ no; wɔsakyera na wɔba ne nkyɛn. Samuel, Lamanni no, hyɛ nkɔm kyerɛ Nifaefoɔ no.

Ne nyina ara wɔ ti 7 de kɔsi 16 mu.

Ti 7

Nkurɔfoɔ a wɔwɔ atifi afa mu no poo Nifae, na ɔsan ba Sarahɛmla—Ɔbɔ mpaeɛ wɔ abantentene no a ɛwɔ ne turo mu no so, na ɔsrɛ nkurɔfoɔ no sɛ wɔnsakyera anyɛ saa a wɔbɛyera. Bɛyɛ mfinhyia 23–21 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Hwɛ, afei ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no ahennie wɔ Nifaefoɔ nkurɔfoɔ so no afe a ɛtɔ so aduosia nkron mu no na Nifae a ɔyɛ Hɛlaman babarima no, firii asaase no atifi afa mu san baa Sarahɛmla asaase no so.

2 Na ɔwɔ nkurɔfoɔ no a na wɔwɔ asaase no atifii afa mu no mu, na ɔkaa Onyankopɔn asɛm no kyerɛɛ wɔn, na ɔhyɛɛ nkɔm bebree kyerɛɛ wɔn.

3 Na wɔpoo ne nsɛm nyina ara, ma wantumi ne wɔn antena na mmom ɔsan n’akyiri bio baa asaase a wɔawo no wɔ so no.

4 Na wɔhunu nkurɔfoɔ no sɛ wɔwɔ atirimuɔden tebea a ɛyɛ hu sei mu no, ɛna Gadianton adwotwafoɔ no bɛtenatenaa atɛmmuo-adwa no so, na wɔde aniɛden na wɔgyee tumi ne akwanya a ɛwɔ asaase no so no, na wɔde Onyankopɔn mmaransɛm no too nkyɛn, na wɔntene koraa wɔ n’anim; na wɔmmu nnipa mma atɛntenenee;

5 Na wɔbu ateneneefoɔ fɔ, ɛnam wɔn teneneeɛ nti; na wɔgyaee afɔdifoɔ ne atirimuɔdenfoɔ, a wɔntwe wɔn aso ɛnam wɔn ahonyadeɛ nti; na wɔasan ma wɔn adwuma ma wɔtenatena aban no tiri, sɛ wɔnhwɛ wɔn so na wɔnyɛ wɔn apɛdeɛ ma wɔn, ama wɔatumi anya wɔn ho na wɔanya wiase animuonyam na wasan anya kwan asɛe awareɛ bɔkɔɔ, na wɔabɔ wia, na wɔadi awu, na wɔayɛ sɛdeɛ wɔpɛ—

6 Afei mfie dodoɔ biara na saa amumuyɛ kɛseɛ yi baa Nifaefoɔ no so; na mmerɛ a Nifae hunu saa no, awerɛhoɔ maa n’akoma yɛɛ kɛseɛ wɔ ne koko mu; na ne kra de yea kɛseɛ teaa mu sɛ.

7 O, anka matumi anya nna no a m’agya Nifae firii Yerusalem asaase no so foforɔ no mu, na anka mene no adi dɛ wɔ bɔhyɛ asaase no so; na ɛno akyire no na ɛnkyɛre koraa na ne nkurɔfoɔ no atie obi abisadeɛ, na wɔgyina pintinn di Nyankopɔn mmaransɛm no so, na wɔyɛ nyaa sɛ na obi de wɔn akɔ amumuyɛ mu; na wɔtie Awurade nsɛm ntɛmntɛm—

8 Aane, sɛ anka na mete ase saa mmerɛ no mu a, anka me kra bɛdi dɛ wɔ me nuanom teneneeɛ mu.

9 Mmom hwɛ, Onyankopɔn ayi me sɛ me nna nie, na awerɛhoɔ bɛhyɛ me kra ma, ɛnam me nuanom atirimuɔden nti.

10 Na hwɛ, afei ɛbaa sɛ na ɔgyina abantentene a ɛwɔ Nifae turo no a ɛbɛn ɛkwan timpɔn a ɔfa so kɔ edwa kɛseɛ no a ɛwɔ Sarahɛmla kuropɔn no mu no; ɛno nti, na Nifae abɔ ne mu ase wɔ abantentene no a ɛwɔ ne turo no mu no so, saa abantentene no nso bɛn turo no abɔntene pono no a ɛde kɔ ɛkwan timpɔn no mu no.

11 Na ɛbaa sɛ na marima bi retwa mu hɔ, na wɔhunu sɛ Nifae rebɔ mpaɛ akyerɛ Onyankopɔn wɔ abantentene no so no; na wɔtuu mirika kɔkaa deɛ wɔahunu kyerɛɛ nkurɔfoɔ no, na nkurɔfoɔ no boaa wɔn ano nkurɔfoɔ akuokuo ama wɔahunu deɛ nti a wɔresi apenee kɛseɛ sei wɔ nkurɔfoɔ no atirimuɔdensɛm ho.

12 Na afei, mmerɛ a Nifae maa ne mu so no, ɔhunu nkurɔfoɔ akuokuo no a wɔaboa wɔn ano no.

13 Na ɛbaa sɛ ɔbuee n’ano na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, adɛn nti na moaboa mo ho ano yi? Sɛ mɛka mo amumuyɛ akyerɛ mo anaa?

14 Aane; ɛnam sɛ makɔ m’abantenten so, ama mahwie me kra agu Onyankopɔn so ɛnam awerɛhoɔ mmorosoɔ a ɛwɔ m’akoma mu, ɛnam mo amumuyɛ nti!

15 Na ɛnam me suu ne me abooboo nti na moaboa mo ho ano yi, na mo ho dwiri mo yi; aane, na ɛho hia yie sɛ mo ho dwiri mo; aane, ɛwɔ sɛ mo ho dwiri mo ɛfiri sɛ moagyae mo ho ama ɔbonsam ama ne nsa asɔ mo akoma mu yie.

16 Aane, adɛn nti na moagyae mo ho ama naadaa a ɛfiri deɛ ɔrehwehwɛ ato mo akra atwene akɔ mɔborɔyɛ a ɛte hɔ daa ne mmusuo a ɛnni awieɛ mu?

17 O monsakyera, monsakyera! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mowu? Mo nane mo ho, mo nane mo ho mmra Awurade mo Nyankopɔn hɔ. Adɛn nti na wapa mo yi?

18 Ɛfiri sɛ moayɛ mo akoma dendennden; aane, montie odwanhwɛfoɔ pa no nne; aane, moama ne bo afu mo.

19 Na hwɛ, sɛ ɔboaboa mo ano no, gye sɛ mosakyera, monhwɛ, ɔbɛbɔ mo ahwete ama moabɛyɛ nam ama nkraman ne wuram mmoa.

20 O, adɛn nti na ɛwɔ sɛ mo werɛ firi Onyankopɔn wɔ da korɔ no ara a ɔgyee mo no?

21 Mmom hwɛ, sɛ mobɛnya mo ho nti, na nnipa ayi mo ayɛ, aane, na ama moanya sika kɔkɔɔ ne dwetɛ. Na mode mo akoma ato ahonyadeɛ ne wiase yi mu nneɛmahunu so, ɛno nti na modi awu, na mofom, na mo wia, na modi adanseɛ kunumu tia mo yɔnko, na moyɛ amumuyɛ ahodoɔ nyina ara no.

22 Na yei nti mmusuo bɛba mo so gye sɛ mosakyera. Na sɛ moansakyeraɛ a, hwɛ, saa kuropɔn kɛseɛ yi, ne nkuropɔn akɛseɛ a atwa ho ahyia no nyina ara, a ɛwɔ asaase a ɛyɛ yɛn ara yɛn deɛ so no, wɔbɛgye afiri yɛn nsa mu ama yɛn nsa nnka bio. na monhwɛ, Awurade remma mo ahoɔden, sɛdeɛ ɔde maa mo kanee no, maa mone mo atamfo dii asie no.

23 Na hwɛ, sei na Awurade seɛ: Merenna m’ahoɔden kakra ara mpo adi nkyerɛ atirimuɔdenfoɔ kuo baako nkyɛn foforɔ, gye sɛ wɔn a wɔsakyeraae firi wɔn bɔne ho no, na wɔtie me nsɛm. Afei ɛno nti, mepɛ sɛ mohwɛ, me nuanom, sɛ ɛbɛyɛ yie ama Lamanfoɔ no akyɛn mo, gye sɛ mosakyera.

24 Na hwɛ, wɔyɛ ateneneefoɔ kyɛn mo, ɛfiri sɛ wɔnnyɛ bɔne ntiaa saa nimdeɛ kɛseɛ a mo nsa aka yi; ɛno nti Awurade bɛhunu wɔn mɔbɔ; aane, ɔbɛma wɔn ase aterɛ, wɔ mmerɛ a ɔbɛsɛe mo koraa mpo no, gye sɛ mosakyera.

25 Aane, mmusuo nka mo, ɛnam saa akyiwasɛm kɛseɛ yi a aba mo mu yi nti; na moaka mo ho abɔ mu de afam ho, aane, saa kokoa mu kuo a Gadianton teeɛ no!

26 Aane, mmusuo bɛba mo so ɛnam saa ahomasoɔ a mo ama no aba mo akoma mu no nti; ɛno na ama mo so ama no atra deɛ ɛyɛ so, ɛnam mo ahonyadeɛ kɛseɛ mmorosoɔ nti.

27 Aane, mmusuo nka mo, ɛnam mo atirimuɔdensɛm ne mo akyiwadeɛ nti!

28 Na gye sɛ mosakyera anyɛ saa a, mobɛtotɔ; aane, wɔbɛgye mo nsaase mpo afiri mo nsa mu, na wɔbɛsɛe mo afiri asaase ani so.

29 Hwɛ, afei menka sɛ me ara na mɛma saa nneɛma yi ayɛ hɔ, ɛfiri sɛ nnyɛ me ara me pɛ na mede hunu saa nneɛma yi; mmom hwɛ, menim sɛ saa nneɛma yi yɛ nokware, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn ada no adi akyerɛ me, ɛno nti medi adanseɛ sɛ ɛbɛba mu.