Twerɛnsɛm
Hɛlaman 14


Ti 14

Samuel ka ma ɛba mu sɛ kanea bɛpue anadwo nansoroma foforɔ bɛpue wɔ Kristo awoɔ mu—Kristo dima nnipa firi honam ne honhom mu wuo mu—Ne wuo ho nsɛnkyerɛnee ɛne nansa a ɛsum bɛba, abotan a ɛbɛpaepae, ne awerɛhosɛm a ɛbɛsie wɔ asaase yi so. Bɛyɛ mfinhyia 6 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei ɛbaa sɛ Samuel, Lamanni no hyɛɛ nneɛma akɛseɛ bebree ho nkɔm a Mormon antumi antwerɛ.

2 Na hwɛ, ɔsee wɔn sɛ: Monhwɛ, mɛma mo nsɛnkyerɛnee; na mfie num bio bɛba no, na monhwɛ, na Onyankopɔn Ba no aba abɛdi ama obiara a ɔbɛgye ne din no adi no.

3 Na mo nhwɛ, yei na sɛ ɔreba a mede bɛyɛ nsɛnkyerɛnee ama mo, na monhwɛ, kanea kɛseɛ bi bɛpue wɔ soro, ara ama anadwo no a adeɛ rebɛkye ama waba no, esum remma ara ama ɛbɛyɛ nnipa sɛ adekyeɛ.

4 Ɛno nti adekyeɛ baako ne anadwo ne adekyeɛ bio, bɛyɛ sɛdeɛ ɛyɛ da koro na anadwo nni hɔ no; na yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnee; na mobɛhunu awia mpueɛ ne ne ntɔɛ nso; ɛno nti wɔbɛhunu sɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara no naanu bɛba na anadwo baako; nanso anadwo no rennyɛ sum; na saa anadwo no akyiri no na wɔbɛwo no.

5 Na monhwɛ, nsoromma foforɔ bi bɛpue, deɛ monhunu bi da, na yei nso bɛyɛ nsɛnkyerɛnee ama mo.

6 Na monhwɛ, nnyɛ ne nyina ara nie, nsenkyerɛnee bebree ne anwanwadeɛ bɛpue soro.

7 Na ɛbɛba sɛ ɛbɛyɛ mo nyina ara ho bɛdwiri mo na ɛbɛyɛ mo nnwa ara ama mo atwa ahwehwe fam.

8 Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛgye Onyankopɔn Ba no adi no bɛnya nkwa a ɛtehɔ daa.

9 Na monhwɛ, sei na Awurade ama n’abɔfoɔ no ahyɛ me sɛ me mɛka saa asɛm yi nkyerɛ mo; aane, wahyɛ me sɛ menhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm nkyerɛ mo; aane, waka akyerɛ me sɛ: Tea mu kakyerɛ nkurɔfoɔ yi sɛ, monsakyeraɛ na monsiesie Awurade kwan no so.

10 Na afei ɛnam sɛ meyɛ Lamanni no nti, na maka nsɛm a Awurade ahyɛ me sɛ me nka, na ɛnam sɛ etia mo kɛseɛ nti no, mo bo afu me, na morehwehwɛ sɛ mo bɛseɛ me, na mo ayi me afiri mo mu

11 Na mo bɛte me nsɛm, na ɛnam sɛ yei nti so na maforo kuropɔn yi afasuo no, ama moate na moahunu Onyankopɔn ntɛmmuo no a ɛnam mo amumuyɛ nti ɛretwɛn mo no, na ama moahunu nhyehyɛeɛ a ɛwɔ nsakyeraɛ nso ho.

12 Na ama mo ahunu nso sɛ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, ɛsoro ne asaase Agya, Ɔbɔadeɛ nneɛma nyina ara firi ahyɛaseɛ no; na ama moahunu ne mmaɛ no ho nsɛnkyerɛnee, na ama moagye ne din no adi.

13 Na sɛ mogye ne din no di a mobɛsakyera afiri mo bɔne nyina ara ho, ama ekuum ne nneyɛɛ pa so anya bɔnefakyɛ.

14 Na monhwɛ bio, nsɛnkyerɛnee foforɔ nso a mede rema mo ne deɛ ɛfa ne wuo ho.

15 Na hwɛ, sɛdeɛ ɛteɛ biara no ɛsɛ sɛ ɔwu, ama nkwagyeɛ aba; aane, na ɛyɛ n’asɛdeɛ sɛ ɛtwa sɛ ɔwu, na ama awufoɔ wusɔreɛ aba mu, na ama ɔde nnipa aba Awurade anim.

16 Aane, monhwɛ, saa owuo yi de owusɔreɛ bɛba, na adi ama adasamma nyina ara afiri owuo a edikan no mu—saa honhom mu wuo no a ɛwɔ hɔ ma adasamma nyina ara no, wɔnam Adam ahweaseɛ no so twaa wɔn firii Awurade anim, na wɔfa yei sɛ owuo de ma honam mu nneɛma ne honhom mu nneɛma nso.

17 Mmom hwɛ, Kristo wusɔreɛ no dima adasamma, aane, mpo adasamma nyina ara; na ɛde wɔn ba Awurade anim.

18 Aane, na ɛde nsakyeraɛ ho nhyehyɛeɛ aba, sɛ obiara a wasakyera no, ɔrentwa no mfa no nto egya mu, na mmom obiara a wansakyeraɛ no, ɔbɛtwa no de no ato egya mu; na honhom mu wuo aba wɔn so bio, aane, owuo a ɛtɔ so mmienu, na wɔatwa wɔn atwene bio, wɔ nneɛma a ɛfa tenenee ho.

19 Ɛno nti monsakyera, monsakyera, na sɛ monim saa nneɛma yi nyina ara na sɛ moannyɛ a, mode mo ho bɛba abɛhyɛ ɛfɔbuo ase, na ɛde mo aba saa owu prɛnu no mu.

20 Na mmom monhwɛ, sɛdeɛ mekayerɛɛ mo a ɛfa nsɛnkyerɛnee foforɔ ho no, ne wuo ho nsɛnkyerɛnee no, mo nhwɛ, saa da no a ɔbɛwuo no, awia bɛyɛ esum na ɛremfa ne kanea mma mo; bosomee ne nsroma nso saa ara; na ɛhann remma asaase yi ani so, fiti mmerɛ a ɔbɛwuo de kɔsi nansa ntam mpo, de kɔsi mmerɛ a ɔbɛsɔre afiri owuo mu.

21 Aane, mmerɛ a ɔbɛgyae ne honhom mu no apranaa bɛbobɔ mu na ayerɛmoo bɛtete wɔ dɔnhwere bebree mu, na asaase bɛwoso na apopo; na abotan a ɛsisi asaase yi ani so no a ɛwɔ asaase so ne asaase ase nyina ara a monim mmerɛ yi mu sɛ ɛyɛ mua, anaa sɛ ne fa kɛseɛ no ara yɛ nwa kɛseɛ no mu bɛpaepae;

22 Aane, emu bɛpae mmienu, na ɛno akyiri no yɛbɛhunu sɛ ɛkwan abɛdeda abotan no mu na apɔnepɔne asinasini mmerɛ nyina ara, na emu abubububu wɔ asaase ani so nyina ara, aane, wɔ asaase so ne asaase ase nyina ara.

23 Na mo nhwɛ, ahum akɛseɛ bɛtu na mmepɔ bebree bɛtutu, ama n’anan mu ayɛ sɛ bɔnhwa no, na mea bebree a seesei wɔfrɛ no bɔnhwa no bɛyɛ mmepɔ a ɛwoware yie.

24 Na ɛkwan tempɔn bebree mu bɛkyekyɛ, na nkuropɔn bebree adane amanfo.

25 Na nna bebree so bɛbuebue, na wɔn awufoɔ bebree bɛfifiri mu; na ahoteɛfoɔ bebree bɛyi wɔn ho adi akyerɛ nnipa bebree.

26 Na monhwɛ sei na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me; na ɔsee me sɛ apranaa ne ayerɛmoo bɛba wɔ dɔnhwere bebree mu.

27 Na ɔsee me sɛ mmerɛ a apranaa ne ayɛrɛmo, ne ahum no rekyɛre no, ɛna saa nneɛma yi bɛba, na ama esum akata asaase nyina ara so nansa ntam.

28 Na ɔbɔfoɔ no see me sɛ nnipa bebree bɛhunu nneɛma akɛseɛ akyɛn yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛgye adi sɛ saa nsɛnkyerɛnee ne anwanwadeɛ yi bɛba mu wɔ asaase yi so nyina ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a biribiara nni hɔ a ɛbɛma nnipa mma nnye akyinyeɛ-

29 Na sei nti, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara a ɔbɛgye adi no ɔbɛgye no nkwa, na obiara a wɔanye anni no, atɛmmuo a ɛyɛ tenenee bɛba wɔn so; na sɛ wɔbu wɔn fɔ a, wɔde wɔn ankasa afɔdie bɛba wɔn ankasa so.

30 Na afei mo nkae, mo nkae, me nuanom sɛ obiara a ɔbɛyera no, yera ma ne ho, na obiara a ɔyɛ amumuyɛ no, ɔyɛ ba ɔnoara ne so; na monhwɛ, obiara nnhyɛ mo so; mo wɔ ho kwan sɛ moyɛ deɛ mopɛ; na mo nhwɛ, Onyankopɔn ama mo nimdeɛ na wama mo ade mo ho.

31 Wama mo deɛ ɛma mohunu papa firi bɔne ho, na wama mo deɛ ɛbɛma moafa nkwa anaa sɛ owuo, na mobɛtumi ayɛ deɛ ɛyɛ na ɔde mo bɛsan akɔ deɛ ɛyɛ ho, anaasɛ ɔde deɛ ɛyɛ bɛsan ama mo; anaa sɛ mo bɛsan akɔ bɔne ho.