Twerɛnsɛm
Hɛlaman 2


Ti 2

Helaman, Hɛlaman babarima no, bɛyɛ ɔtɛmmuafoɔ panin—Gadianton bɛyɛ Kiskumen kuo no kandifoɔ—Helaman somfoɔ kum Kiskumen, na Gadianton kuo no dwane kɔ ɛserɛ no so. Bɛyɛ mfinhyia 50–49 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no ahennie mu afe a ɛtɔ so aduanan mmienu mu no, mmerɛ a Moronaeha san de asomdwoeɛ baa Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ ntam no, hwɛ na obiara nni hɔ a ɔbɛtena atɛmmuo-adwa no so; ɛno nti apereapereɛ hyɛɛ aseɛ baa nkurɔfoɔ no mu bio a ɛfa deɛ ɔbɛtena atɛmmuo-adwa no so.

2 Na ɛbaa sɛ Hɛlaman, a na ɔyɛ Hɛlaman babarima no na nkurɔfoɔ no nne yii no sɛ ɔntena atɛmmuo-adwa no so.

3 Mmom hwɛ, Kiskumen, a ɔkumm Pahoran no kɔtetɛɛ sɛ ɔbɛkum Hɛlaman nso; na ne kuo no a wɔn ne no akɔ apam sɛ wɔremma obiara nhunu n’awudisɛm no ne no yɛɛ adwene.

4 Na obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Gadianton a n’ano ate yie, na n’ani ate nso wɔ kokoa mu awudie ne korɔnoo mu: Ɛno nti ɔbɛyɛɛ Kiskumen kuo no kandifoɔ.

5 Ɛno nti ɔtotoo wɔn mmradɛ, ne Kiskumen nso sɛ, sɛ wɔde no tena atɛmmuo-adwa no so a ɔbɛhwɛ ama wɔn a wɔdɔm kuo no anya tumi ne akwanya wɔ nkurɔfoɔ no mu; ɛno nti Kiskumen pɛɛ sɛ ɔkum Hɛlaman.

6 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔrekɔ atɛmmuo-adwa no ho akɔkum Hɛlaman no, hwɛ Hɛlaman asomfoɔ no mu baakoa ɔdanee ne ho puei anadwo, na ne nsa kaa ekuo no nhyehyɛeɛ a wɔayɛ sɛ wɔde bɛkum Hɛlaman no—

7 Na ɛbaa sɛ ɔhyiaa Kiskumen, na otoo no aniboa; ɛno nti Kiskumen maa ɔhunu ne botaeɛ, na ɔpɛɛ sɛ ɔde no kɔ atɛmmuo-adwa no ho ama wakum Hɛlaman.

8 Na mmerɛ a Hɛlaman somfoɔ no hunu deɛ ɛwɔ Kiskumen akoma mu no nyina ara no, ne sɛdeɛ ɔwɔ botaɛ sɛ ɔbɛdi awu, na na ɛyɛ wɔn a ɔdɔm ne kuo no nso botaeɛ sɛ wɔbɛdi awu, na wɔbɛbɔ korɔno, na wɔanya tumi, (na na wɔn kokoa mu nhyehyɛeɛ nie, ne wɔn fekuo) Hɛlaman somfoɔ no see Kiskumen sɛ: Ma yɛnkɔ atɛmmuo-adwa no ho.

9 Afei yei sɔɔ Kiskumen ani yie, ɛfiri sɛ ɔsusuu sɛ ne botaeɛ no bɛba mu; na mmom hwɛ, mmerɛ a wɔrekɔ atɛmmuafoɔ—adwa no ho no, Hɛlaman somfoɔ no de akofena wɔɔ Kiskumen maa ɛwuraa n’akoma mu mpo, maa ɔhwee fam wuii a wantumi ampene mpo. Na ɔtuu mmirika kɔkaa deɛ wahunu, ne deɛ wateɛ, ne deɛ wayɛ nyina ara kyerɛɛ Hɛlaman.

10 Na ɛbaa sɛ Hɛlaman somaa sɛ wɔnkɔfa saa kokoa mu adwotwafoɔ ne awudifoɔ kuo no mmra, ma wɔnkum wɔn sɛdeɛ mmara no teɛ.

11 Na mmom hwɛ, mmerɛ a Gadianton hunu sɛ Kiskumen ansan n’akyiriamma no ɔsuroo sɛ annhwɛ a na wɔakum no; ɛno nti ɔmaa ne kuo mma no kaa ne ho. Na wɔfaa kwati kwan bi so dwane firii asaase no so kɔɔ ɛserɛ no so; ne saa nti mmerɛ a Hɛlaman somaa sɛ wɔnkɔfa wɔn mmra no, wɔanhunu wɔn wɔ baabiara.

12 Na mɛka saa Gadianton yi ho nsɛm pii akyire yi. Na sei na atɛmmuafoɔ no ahennie wɔ Nifae nkurɔfoɔ no so baa awieɛ wɔ afe a ɛtɔ so aduanan mmienu no mu.

13 Na hwɛ, nwoma yi awieɛ mu no, na mobɛhunu sɛ saa Gadianton yi na ɔmaa wɔtuu Nifae nkurɔfoɔ no, aane, anka ɛrebɛyɛ sɛ wɔn sɛee nyina ara.

14 Hwɛ, mennkyerɛ sɛ Hɛlaman nwoma yi awieɛ nie, na mmom merekyerɛ Nifae nwoma no a mayi nsɛm a matwerɛ yi afiri mu no awieɛ.