Twerɛnsɛm
Hɛlaman 15


Ti 15

Awurade tea Nifaefoɔ, ɛfiri sɛ na ɔdɔ wɔn—Lamanfoɔ a wɔsakyeraae no nhinhim na ɔgyina pintinn wɔ gyedie mu—Awurade bɛhunu Lamanfoɔ mmɔbɔ wɔ nna a edi akyire no mu. Bɛyɛ mfinhyia 6 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei me nuanom adɔfoɔ, meda no adi kyerɛ mo sɛ gye sɛ mosakyera anyɛ saa a mo adan bɛdane amanfo ama mo.

2 Aane, gye sɛ mosakyera, anyɛ saa a mo maa bedi suu wɔ ɛda a wɔbɛma nofoɔ no mu; na mobɛbɔ mɔden sɛ mobɛdwane na baabiara nni hɔ a ɛbɛyɛ huntabea ama mo; aane, na mmusuo nka wɔn a wɔafa afuro, ɛfiri sɛ wɔn mu bɛyɛ wɔn duru ama wɔrentumi nne; ɛno nti, wɔbɛtiatia wɔn so na wɔbɛgyae wɔn hɔ ama wɔn awu.

3 Aane, mmusuo nka nkurɔfoɔ yi a wɔfrɛ wɔn Nifae nkurɔfoɔ yi, gyesɛ wɔsakyeraae, wɔ mmerɛ a wɔbɛhunu saa nsɛnkyerɛnee ne anwanwadeɛ a wɔbɛyi akyerɛ wɔn no; na monhwɛ, wɔyɛ nkurɔfoɔ a Awurade asa mu ayi wɔn; aane, Nifae nkurɔfoɔ no na Awurade adɔ wɔn, na watea wɔn nso; aane, wɔn amumuyɛ nna no mu na ɔteaa wɔn, ɛfiri sɛ ɔdɔ wɔn.

4 Mmom monhwɛ me nuanom, Lamanfoɔ no na watan wɔn, ɛfiri sɛ wɔn nneyɛɛ ayɛ bɔne atoa so saa ara, na ayɛ sei ɛnam wɔn agyanom amumuyɛ amamerɛ no nti. Mmom monhwɛ, nkwagyeɛ aba wɔn hɔ, ɛnam nsɛmpa no a Nifaefoɔ bɛka kyerɛɛ wɔn no nti; na yei ama Awurade atwe wɔn nna akɔ akyiri.

5 Na mepɛ sɛ mo hunu sɛ wɔn mu dodoɔ no ara afa wɔn dwumadie kwan so, na wɔanante ahwɛyie mu wɔ Onyankopɔn anim, na wɔhwɛ sɛ wɔbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm ne ne mmara ne ne ntɛmmuo so sɛdeɛ Mose mmara no teɛ no.

6 Aane, Mese mo sɛ, wɔn mu dodoɔ no ara na wɔreyɛ sei, na wɔrebɔ mmɔden a wɔn mmrɛ ho sɛ wɔde wɔn nuanom nkaaɛ no bɛba nokware nimdeɛ no ho; ɛno nti dodoɔ no ara na ɛkɔka wɔn ho da biara.

7 Na monhwɛ, mo ara ankasa monim, ɛfiri sɛ moadi ho adanseɛ sɛ wɔn mu dodoɔ no ara na wɔde wɔn aba nokware nimdeɛ no ho, sɛ wɔnhunu wɔn agyanom atirimuɔden ne wɔn akyiwadeɛ amammerɛ no, na wɔama wɔagye twerɛsɛm kronkron no adi, aane, nkɔmhyɛfoɔ kronkron no nkɔmhyɛ a wɔatwerɛ a, ɛde wɔn kɔ Awurade hɔ gyedie mu, ne nsakyeraɛ, saa gyedie ne nsakyeraɛ no na ɛma akoma mu nsesaɛ ba wɔn so—

8 Ɛno nti, wɔn mu dodoɔ no ara a wɔabɛhunu yei no, mo ankasa monim sɛ mo gyina pintinn a, morenhinhim wɔ gyedie no ho ne adeɛ a ama moade mo ho no.

9 Na monim nso sɛ wɔasie wɔn akodie, na wɔsuro sɛ wɔbɛfa, anyɛ a na ɛkwan biara so no, wɔayɛ bɔne; aane, motumi hunu sɛ wɔsuro sɛ wɔbɛyɛ bɔne—na mo nhwɛ wɔbɛma wɔn ho kwan ama wɔn atamfo atiatia wɔn so wɔ fam na wɔakumkum wɔn, na wɔremma wɔn akofena so nkɔ wɔn so, na ayɛ sei ɛnam wɔn gyedie a ɛwɔ Kristo mu no nti.

10 Na afei, ɛnam sɛ wɔgyina pintinn wɔ mmerɛ a wɔgye adeɛ bi di a na wɔagye adi no nti, na ɛnam sɛ wɔnhinhim no nti, mmerɛ a wɔnya biribi ho nteaseɛ, monhwɛ, Awurade bɛhyira wɔn na wato wɔn nna mu, wɔ wɔn amumuyɛ nyina ara akyiri no—

11 Aane, sɛ wɔtɔsini wɔ gyedie mu mpo a, Awurade bɛto wɔn nna mu, kɔsi mmerɛ no a yɛn agyanom ne nkɔmhyɛni Senos ne nkɔmhyɛfoɔ nkaaɛ bebree nso kaa ho asɛm no a ɛfa yɛn nuanom Lamanfoɔ a ɔde wɔn bɛsan aba nokware nimdeɛ no ho bio no bɛba mu—

12 Aane, mese mo sɛ, mmerɛ a edi akyire no Awurade bɔhyɛ no bi aso yɛn nuanom nso so; na ɛmfa ho sɛ wɔbɛhunu amane bebree, na ɛmfa ho sɛ wɔbɛma wɔadi akɔneaba wɔ asaase ani so, na wɔbɛhwehwɛ wɔn, na wɔabobɔ wɔn na wɔabɔ wɔn apete meamea a wɔrennya baabiara nhunta, Awurade bɛhunu wɔn mmɔbɔ.

13 Na yei bɛsi sɛdeɛ nkɔmhyɛ no teɛ, ama wɔsan de wɔn aba nokware nimdeɛ no ho bio, deɛ ɛyɛ wɔn Dimafoɔ, ne wɔn dwanhwɛfoɔ kɛseɛ nokwarefoɔ nimdeɛ no ho, na ɔbɛkan wɔn afra n’adwan.

14 Ɛno nti mese mo sɛ, ɛbɛyɛ ama wɔn akyɛn mo, gye sɛ mo sakyera.

15 Na monhwɛ, sɛ nwuma akɛseɛ a wɔayɛ akyerɛ mo yi, sɛ wɔyɛ kyerɛɛ wɔn a wɔatɔ sini wɔ gyedie mu no ɛnam wɔn agyanom amammerɛ nti, anka mo ara mobɛhunu sɛ wɔrentɔ sini wɔ gyedie mu.

16 Ɛno nti, Awurade se: Merensɛe wɔn korakoraa, mmom mɛma me nyansa nna no mu no, wɔasan aba me hɔ bio, Awurade na ɔseɛ.

17 Na afei monhwɛ, deɛ ɛfa Nifaefoɔ ho no, Awurade na ɔseɛ: Sɛ wɔrensakyera, na wɔanyɛ m’apɛdeɛ a, mɛsɛe wɔn korakoraa, Awurade na ɔseɛ.