Twerɛnsɛm
Hɛlaman 4


Ti 4

Nifae atewohofoɔ ne Lamanfoɔ ka asraafoɔ bɔ mu na wɔfa Sarahɛmla asaase no—Nifaefoɔ nkoguo ba ɛnam wɔn atirimuɔden nti—Asɔre no mpuntuo tɔ sini, na emu nkurɔfoɔ no yɛ mmerɛ sɛ Lamanfoɔ no. Bɛyɛ mfinhyia 38–30 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ afe aduonum nan no mu no mpaepaemuu pii baa asɔre no mu, na apereapereɛ nso baa nkurɔfoɔ no mu, ara maa mogya pii hwieguui.

2 Na wɔkum atewohofoɔ no mu bi na wɔpamo wɔn firii asaase no so, na wɔkɔɔ Lamanfoɔ hene no hɔ.

3 Na ɛbaa sɛ wɔbɔɔ mmɔden kanyann Lamanfoɔ no sɛ wɔne Nifaefoɔ nkɔko; mmom hwɛ, na ehuu kɛseɛ aka Lamanfoɔ no, ara maa wɔantie atewohofoɔ no nsɛm no.

4 Mmom ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no ahennie mu afe a ɛtɔso aduonum nsia mu no, atewohofoɔ bi firii Nifaefoɔ no mu kɔɔ Lamanfoɔ no hɔ; na wɔtumi kanyan nkaaɛ no maa wɔn bo fuu Nifaefoɔ no; na afe no nyina ara mu no, na wɔreboaboa wɔn ho akɔko.

5 Na mfie aduonum nson mu no wɔbaa Nifaefoɔ no so ne wɔn bɛkoe, na wɔhyɛɛ aseɛ dii dwuma a ɛde owuo ba; aane, saa ara maa atɛmmuafoɔ no ahennie no afe a ɛtɔ so aduonum nwɔtwe mu no wɔtumi nyaa Sarahɛmla asaase no; aane, ne nsaase no nyina ara nso, mpo ne asaase a ɛbɛn Dodoɔ asaase no.

6 Na wɔpamoo Nifaefoɔ ne Moronaeha asraafoɔ no mpo maa wɔkɔɔ Dodoɔ asaase no so.

7 Na ɛhɔ na wɔmaa wɔn ahoɔden mu yɛɛ den, twɛnn Lamanfoɔ no, fiti ɛpo no atɔeɛ, mpo de rekɔsi apueɛ; a ɛyɛ Nifaeni dakoro akwantuo, wɔ ɛhyeɛ a wɔmaa wɔn ahoɔden mu yɛɛ den no so, na wɔde wɔn asraafoɔ no akɔsoɛe sɛ wɔde bɛbɔ wɔn man no a ɛwɔ atifii hɔ no ho ban no.

8 Na sei na saa Nifaefoɔ atewohofoɔ no yɛde nyaa Lamanfoɔ no asraafoɔ no hɔ moa de gyee Nifaefoɔ no nneɛma a wɔwɔ nyina ara wɔ asaase no anaafoɔ afa mu. Na wɔyɛɛ yei nyina ara wɔ atɛmmuafoɔ no ahennie mu afe a ɛtɔ so aduonum nwɔtwe ne nkron no mu.

9 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no ahennie mu afe a ɛtɔ so aduosia mu no, Moronaeha tumi ne n’asraafoɔ no nyaa asaase no fa bebree; aane, wɔsan nyaa nkuropɔn no mu bebree a na akɔdi Lamanfoɔ no nsa mu.

10 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no ahennie mu afe a ɛtɔ so aduosia baako mu no, wɔtumi maa wɔn nsa san kaa wɔn nneɛma no mu fa mpo.

11 Afei saa Nifaefoɔ adehwereɛ kɛseɛ yi, ne ekum pii a ɛbaa wɔn mu no, sɛ ɛnyɛ wɔn atirimuɔdensɛm ne wɔn akyiwasɛm a na ɛwɔ wɔn mu no a anka ɛrensi; aane, yei sii wɔ wɔn nso a wɔatu wɔn ho asi hɔ sɛ wɔka Onyankopɔn asɔre no ho no mu.

12 Na ɛnam wɔn ahomasoɔ akoma nti, na ɛnam wɔn ahonyadeɛ nti, aane, ɛnam wɔn nhyɛsoɔ wɔ ahiafoɔ so, na wɔde wɔn aduane kame wɔn a ɔkɔm de wɔn no nti; de wɔn ntoma kame wɔn a wɔda adagya, na wɔbobɔ wɔn nuanom ahobraseɛfoɔ no aso mu, na wɔdii deɛ ɛho teɛ ho fɛw, na wɔanye nkɔmhyɛ honhom ne yikyerɛ anto mu, wɔredi awu, refom adeɛ, redi atorɔ, rebɔ wia, resɛe awareɛ, resɔre apereapereɛ kɛseɛ mu, na wɔrefiri Nifae asaase so kɔɔ Lamanfoɔ mu—

13 Na ɛnam wɔn atirimuɔden kɛseɛ yi nti, ne wɔn ahoɔden a wɔde tuu wɔn ho nti, wɔgyaee wɔn maa wɔn ankasa wɔn ahoɔden; ɛno nti wɔanyɛ frɔmfrɔm, na mmom wɔhunu amane na wɔhwee wɔn, na wɔpamoo wɔn firi Lamanfoɔ no anim, kɔsii sɛ anka wɔrehwere wɔn nsaase no nyina ara.

14 Mmom hwɛ, Moronaeha kaa nsɛm bebree kyerɛɛ nkurɔfoɔ no ɛnam wɔn amumuyɛ nti, na Nifae ne Lihae a wɔyɛ Hɛlaman mmammarima no nso kaa nsɛm bebree kyerɛɛe nkurɔfoɔ no, aane, na wɔhyɛɛ nkɔm faa nneɛma bebree a ɛfa wɔn amumuyɛ ho, ne deɛ sɛ wɔansakyera amfiri wɔn bɔne ho a ɛbɛba wɔn so no.

15 Na ɛbaa sɛ wɔsakyeraae, na mmerɛ dodoɔ a wɔbɛsakyera no wɔhyɛ aseɛ yɛ frɔmfrɔm.

16 Na mmerɛ a Moronaeha hunu sɛ wɔasakyera no, ɔsii ne bo sɛ ɔbɛdi wɔn anim akɔ mmea mmea, firi kuropɔn baako so de kɔsi sɛ wɔbɛsan anya wɔn agyapadeɛ no mu fa ne wɔn nsaase nyina ara mu fa.

17 Na sei na atɛmmuafoɔ no ahennie afe a ɛtɔ so aduosia baako no baa awieɛ.

18 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no ahennie afe a ɛtɔ so aduosia mmienu no mu no Moronaeha antumi anye Lamanfoɔ ahodeɛ amfiri wɔn nsa mu bio.

19 Ɛno nti wɔgyaee nsusuɛ a wɔnyaaɛ sɛ wɔbɛgye wɔn nsaase nkaaɛ no, ɛfiri sɛ na Lamanfoɔ no dɔɔso ara maa ɛyɛɛ den sɛ Nifaefoɔ no bɛnya tumi pii wɔ wɔn so; ɛno nti Moronaeha faa n’asraafoɔ nyina ara maa wɔkoraa mmea a wagye no yie.

20 Na ɛbaa sɛ, ɛnam Lamanfoɔ dodoɔ nti na Nifaefoɔ no suro yie sɛ anyɛ a na wɔadi wɔn so, na wɔatwi afa wɔn so, na wɔakum wɔn, na wɔasɛe wɔn.

21 Aane, wɔhyɛɛ aseɛ kae Alma nkɔmhyɛ no, ne Mosaya nsɛm no nso; na wɔhunu sɛ wɔayɛ ɛkɔnseneɛfoɔ, na wɔabu Onyankopɔn mmaransɛm no ade hunu;

22 Na wɔadane Mosaya mmara no na wɔde wɔn nan atiatia so, anaa sɛdeɛ Awurade ahyɛ no sɛ ɔmfa mma nkurɔfoɔ no; na wɔhunu sɛ wɔn mmara no aporɔ, na wɔabɛyɛ nkurɔfoɔ a wɔyɛ atirimuɔden, ara ama wɔabɛyɛ atirimuɔden mpo te sɛ Lamanfoɔ no.

23 Na ɛnam wɔn amumuyɛ nti no asɔre no dwumadie hyɛɛ aseɛ sɛ ɛrekɔ fam; na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrennye honhom mu nkɔmhyɛ ne honhom mu yikyerɛ nni; na wɔhunu sɛ Onyankopɔn ntɛmmuo no bɛba wɔn so.

24 Na wɔhunu sɛ wɔayɛ mmerɛ te sɛ wɔn nuanom Lamanfoɔ no, na Awurade Honhom no nso ammɔ wɔn ho ban bio; aane, atwe ne ho afiri wɔn ho, ɛfiri sɛ Awurade Honhom no ntena tɛmpol a ɛnnyɛ kronkron mu—

25 Ɛno nti Awurade gyaee sɛ ɔde ne tumi a ɛyɛ nnwa a ɛboro tumi biara so no bɛkora wɔn; ɛfiri sɛ wɔahwe ase atɔ wɔn a wɔnni gyedie mu ne atirimuɔden a ɛyɛ hu tebea mu; na wɔhunu sɛ Lamanfoɔ no dɔɔso yie kyɛn wɔn; na gye sɛ wɔfam wɔn Awurade wɔn Nyankopɔn anyɛ saa a sɛdeɛ ɛteɛ biara no wɔbɛyera.

26 Na hwɛ, wɔhunu sɛ Lamanfoɔ no ahoɔden tesɛ wɔn deɛ ara pɛ mpo sɛ wɔde barima baako deɛ toto barima baako deɛ ho a. Na sei na wɔhwee ase kɔɔ saa mmaratoɔ kɛseɛ yi mu; aane, sei na ɛmaa wɔyɛɛ mmerɛ, ɛnam wɔn mmaratoɔ a ɛsii mfie kakra ara bi ntam nti.