Twerɛnsɛm
Hɛlaman 13


Samuel, Lamanni no nkɔm a ɔhyɛɛ Nifaefoɔ no.

Ne nyina ara wɔ ti 13 de kɔsi 15 mu.

Ti 13

Samuel, Lamanni no hyɛ nkɔm sɛ sɛ Nifaefoɔ no ansakyeraɛ a wɔbɛsɛe wɔn—Wɔdome wɔn ne wɔn ahonyadeɛ—Wɔpo na wɔsi nkɔmhyɛfoɔ no aboɔ, honhom bɔne twa wɔn ho hyia, na wɔhwehwɛ anigyeɛ wɔ amumuyɛ mu. Bɛyɛ mfinhyia 6 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei ɛbaa sɛ afe a ɛtɔ so aduɔwɔtwe nsia mu no, Nifaefoɔ no kɔɔ so tenaa atirimuɔdensɛm mu, aane, atirimuɔdensɛm kɛseɛ mu, mmarɛ a na Lamanfoɔ no di Onyankopɔn mmaransɛm no so firenkyem sɛdeɛ Mose mmera no teɛ pɛpɛɛpɛ no.

2 Na ɛbaa sɛ saa afe yi mu, Samuel bi a ɔyɛ Lamanni baa Sarahɛmla asaase so, na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔreka nsɛmpa no akyerɛ nkurɔfoɔ no. Na ɛbaa sɛ ɔkaa nsakyeraɛ ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nna bebree mu, na wɔpoo no firii wɔn mu, na ɔyɛe sɛ ɔresan aba ɔno ara n’asaase so.

3 Mmom hwɛ, Awurade nne baa ne hɔ sɛ ɔnsan nkɔ kuropɔn no mu bio, na biribiara a ɛbɛba n’akoma mu no, ɔnhyɛ ho nkɔm nkyerɛ nkurɔfoɔ no.

4 Na ɛbaa sɛ wɔamma no kwan amma no amma kuropɔn no mu; ɛno nti ɔkɔforo gyinaa afasuo a ɛwɔ hɔ no so, na ɔtenee ne nsa de nne kɛseɛ teaa mu, na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ no nkɔm wɔ biribiara a Awurade de hyɛɛ n’akoma mu.

5 Na ɔsee wɔn sɛ: Hwɛ, me, Samuel a meyɛ Lamanni, ka nsɛm a Awurade de hyɛ m’akoma mu; na monhwɛ, ɔde ahyɛ m’akoma mu sɛ menka nkyerɛ saa nkurɔfoɔ yi sɛ, atɛntenenee akofena no sensɛn nkurɔfoɔ yi so; na ansa na afe ahanan bɛtwa mu no, na atɛntenenee akofena no aba saa nkurɔfoɔ yi so.

6 Aane, ɔsɛee kɛseɛ retwɛn saa nkurɔfoɔ yi, na sɛdeɛ ɛteɛ biara no ɛbɛba saa nkurɔfoɔ yi so, na biribiara rentumi nnye saa nkurɔfoɔ yi gye sɛ nsakyeraɛ ne gyedie wɔ Awurade Yesu Kristo a sɛdeɛ ɛteɛ biara no ɔbɛba wiase no, na wabɛhunu amaneɛ pii, na wakum no ama ne nkurɔfoɔ.

7 Na hwɛ, Awurade bɔfoɔ ada no adi akyerɛ me, na ɔde anigyesɛm brɛɛ me kra. Na monhwɛ, w’asoma me wɔ mo hɔ sɛ mo nso mobɛnya anigyesɛm no bi; na mmom hwɛ, mompɛ sɛ mogye me.

8 Ɛno nti, sei na Awurade seɛ: Ɛnam Nifaefoɔ nkurɔfoɔ no akoma den nti, gye sɛ wɔsakyeraae, anyɛ saa a mɛyi m’asɛm no afiri wɔn nkyɛn, na mɛyi me honhom afiri wɔn nkyɛn, na merenha wɔn bio, na mɛdane wɔn nuanom akoma atia wɔn.

9 Na ansa na afe ahanan bɛtwa mu no, na mama ɔhaw aba wɔn so; aane, mede akofena ne ɔkɔm ne nsaeyareɛ bɛba wɔn so.

10 Aane, mede m’abufuo a ano yɛ den bɛba wɔn so na mo atamfo awoɔntoatoasoɔ a ɛtɔ so nan no na wɔbɛtena ase, na wɔahwɛ sɛdeɛ mobɛsɛe korakoraa no; na sɛdeɛ ɛteɛ biara no, saa adeɛ yi bɛsi, gye sɛ mosakyera, Awurade na ɔseɛ; na saa awoɔntoatoasoɔ no a ɛtɔ so nan no na wɔde mo sɛee no bɛba mo so.

11 Na mmom sɛ mosakyera na mosan ba Awurade mo Nyankopɔn no hɔ a, mɛyi m’abufuo no afiri hɔ, Awurade na ɔseɛ, nhyira ne wɔn a wɔsakyeraae na wɔsan ba me nkyɛn, na mmom mmusuo nka deɛ ɔnsakyera.

12 Aane, mmusuo nka Sarahɛmla kuropɔn yi; na hwɛ, ɛnam wɔn a wɔyɛ ateneneefoɔ no nti na wɔagye no; aane, mmusuo nka saa kuropɔn kɛseɛ yi, ɛfiri sɛ mehunu sɛ, Awurade na ɔseɛ, sɛ dodoɔ ara wɔ hɔ, aane, mpo kuropɔn kɛseɛ yi mu dodoɔ no ara na wɔbɛyɛ wɔn akoma dendennden atia me, Awurade na ɔseɛ.

13 Mmom nhyira ne wɔn a wɔbɛsakyera, na wɔn na merenkum wɔn. Na mmom monhwɛ, sɛ nnyɛ ateneneefoɔ a wɔwɔ kuropɔn kɛseɛ yi mu a, hwɛ, anka mɛma egya afiri soro abɛsɛe no.

14 Mmom hwɛ, ɛyɛ ateneneefoɔ no nti na wɔde kuropɔn no ho akyɛ no. Mmom mo nhwɛ, mmerɛ no bɛba, Awurade na ɔseɛ, sɛ mo bɛyi ateneneefoɔ no afiri mo mu, ɛhɔ na ɛbɛso sɛ ɔbɛsɛe mo; aane, mmusuo nka saa kuropɔn kɛseɛ yi, ɛnam atirimuɔdensɛm ne akyiwasɛm a ɛwɔ ne mu no nti.

15 Aane, na mmusuo nka Gideon kuropɔn no, ɛnam atirimuɔdensɛm ne wɔn akyiwasɛm a ɛwɔ ne mu no nti.

16 Aane, na mmusuo nka nkuropɔn a atwa ho ahyia nyina ara no a ɛyɛ Nifaefoɔ deɛ no, ɛnam atirimuɔdensɛm ne akyiwasɛm a ɛwɔ wɔn mu no nti.

17 Na hwɛ, nomee bɛba asaase no so, Asafo Awurade na ɔseɛ, ɛnam nkurɔfoɔ a wɔwɔ asaase no so no nti, aane, ɛnam wɔn atirimuɔdensɛm ne wɔn akyiwasɛm a wɔyɛ nti.

18 Na ɛbɛba sɛ, Asafo Awurade na ɔseɛ, aane, yɛn Nyankopɔn kɛseɛ ne nokwarefoɔ no, sɛ obiara a ɔde adanmudeɛ bɛsie asaase ase no renhunu bio, ɛnam nomee kɛseɛ a aka asaase no nti, gye sɛ ɔyɛ nnipa tenenee na ɔdesie ma Awurade.

19 Na mepɛ, Awurade na ɔseɛ, sɛ wɔbɛkora wɔn adanmudeɛ ama me, na nomee nka wɔn a wɔmfa wɔn adanmudeɛ nsie ma me, ɛfiri sɛ wɔn mu biara remfa n’adanmudeɛ nsie mma me, gye sɛ ateneneefoɔ no; na deɛ ɔmfa n’adanmudeɛ nsie mma me no, nomee nka no, n’adanmudeɛ no nso, na obiara renni mma no, ɛnam sɛ wadome asaase no nti.

20 Na ɛda no bɛba a wɔde wɔn adanmudeɛ bɛsie, ɛfiri sɛ wɔde wɔn akoma ato ahonyadeɛ so; na ɛnam sɛ wɔde wɔn akoma ato wɔn ahonyadeɛ so nti, na wɔde wɔn adanmudeɛ bɛsie wɔ mmerɛ a wɔbɛdwane wɔn atamfo no; ɛnam sɛ wɔremfa nsie mma me nti, nomee aka wɔne wɔn adanmudeɛ nso; na saa da no mu na wɔbɛbɔ wɔn, Awurade na ɔseɛ.

21 Monhwɛ, nkurɔfoɔ a mowɔ kuropɔn yi mu, na montie me nsɛm; aane, montie nsɛm a Awurade aka; na monhwɛ, ɔse nomee aka mo, ɛnam mo ahonyadeɛ nti, ɛna nomee aka mo ahonyadeɛ nso, ɛnam sɛ mode mo akoma ato so nti, na moantie ɔno a ɔde maa mo no nsɛm nti no.

22 Monnkae Awurade mo Nyankopɔn wɔ nneɛma a ɔde ahyira mo no ho, na mmom mo kae mo ahonyadeɛ mmerɛ nyina ara, a mo nna Awurade mo Nyankopɔn ase wɔ ho; aane, monnyii mo akoma nhyɛɛ Awurade mu, na mmom ayɛ kɛseɛ wɔ ahomasoɔ kɛseɛ mu ama motu mo ho, na abufuo ahyɛ mo ma, anibereɛ, akasakasa, adwene bɔne, ɔtaataa, ne awudie, ne amumuyɛ ahodoɔ nyina ara mu.

23 Yei nti na Awurade Nyankopɔn bɛma nomee aba asaase no so no, ne mo ahonyadeɛ nso so, na ɔyɛe sei ɛnam mo amumuyɛ nti.

24 Aane, mmusuo nka nkurɔfoɔ yi, ɛnam saa mmerɛ yi a aduru yi, sɛ mobɛtwa nkɔmhyɛfoɔ atwene, na moasi wɔn atweetweɛ, na moapa wɔn aboɔ, na moakumkum wɔn, na moayɛ wɔn amumuyɛ ahodoɔ nyina ara bi, mpo sɛdeɛ wɔyɛɛ no tete mmerɛ mu pɛpɛɛpɛ no.

25 Na afei sɛ mokasa a mose: Sɛ anka yɛn mmerɛso yɛ yɛn agyanom mmerɛso tete no a, anka yankumkum nkɔmhyɛfoɔ no; anka yampa wɔn aboɔ, na yɛrentwa wɔn ntwenee.

26 Monhwɛ; mokyɛn wɔn koraa; na sɛ Awurade te ase yi, sɛ nkɔmhyɛni ba mo mu na ɔbɛka Awurade asɛm no a ɛdi mo bɔne ne mo amumuyɛ ho adanseɛ no kyerɛ mo a, mo bo fu no, na mo pamo no, na mofa akwan hodoɔ nyina ara so sɛ mobɛsɛe no; aane, mo bɛka sɛ ɔyɛ nkɔmhyɛni torofoɔ, na ɔyɛ debɔneyɛni, na ɔyɛ ɔbonsam nnipa, ɛfiri sɛ wadi adanseɛ sɛ mo yɛ nneyɛɛ bɔne nti.

27 Mmom monhwɛ, sɛ obi ba mo hɔ bɛka sɛ: Monyɛ sei, na amumuyɛ biara nni mu; mo nyɛ saa na mo renhunu amane; aane, ɔbɛka sɛ: Moni deɛ mo ara mo akoma ani gye ho akyiri; aane, moni deɛ mo ara mo akoma anigye ho akyiri; na monyɛ deɛ mo akoma pɛ biara—na sɛ obi ba momu bɛka sei a mobɛgye no, na moaka sɛ ɔyɛ nkɔmhyɛni.

28 Aane, mobɛma no so, na mobɛma no mo ahodeɛ no bi; mobɛma no mo sikakɔkɔɔ no bi, ne mo dwetɛ no bi, na mofira no ntoma a ne boɔ yɛ den; na ɛnam sɛ ɔka naadaasɛm kyerɛ mo no nti, na ɔka sɛ ne nyina ara yɛ nti no monnya mfomsoɔ wɔ ne ho.

29 O mo atirimuɔden ne mo awoɔntoatoasoɔ a moamane afa kwan bɔne so; mo akomadenfoɔ ne ɛkɔnseneɛfoɔ, mmerɛ dodoɔ sɛn na mosusu sɛ Awurade bɛnya mo ho abotare? Aane, mmerɛ dodoɔ sɛn na mobɛma mo ho kwan ama nkwaseafoɔ ne anifirafoɔ akwankyerɛfoɔ adi mo anim? Aane, mmerɛ dodoɔ sɛn na mobɛpɛ esum akyɛn ɛhan?

30 Aane, hwɛ, Awurade abufuo adɛre wɔ mo so dada; hwɛ, wadome asaase no ɛnam mo amumuyɛ nti.

31 Na hwɛ, mmerɛ aduru sɛ ɔdome mo ahonyadeɛ, ama ayɛ toro sɛ mo ntumi nsɔ mu; na ɛnka mo ohia buruboroo nna mu no mo nsa ntumi nnka mu.

32 Na mohia buruboroo nna mu no mo bɛsu afrɛ Awurade; na mo suu bɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ mo amanfo mmerɛ no aba mo so dada na sɛdeɛ ɛteɛ biara no mo sɛee no bɛba mu; na ɛhɔ na mobɛsu na moateatea mu saa da no, Asafo Awurade na ɔseɛ. Na ɛhɔ na mobɛtwa abooboo, na moaka sɛ:

33 O anka mesakyeraaeɛ, na anka mankumkum nkɔmhyɛfoɔ no, na mampa wɔn aboɔ, na mantwa wɔn antwenee a. Aane, ɛda no mobɛka sɛ: O anka yɛkae Awurade yɛn Nyankopɔn wɔ ɛda a ɔmaa yɛn ahonyadeɛ no mu a, anka anyɛ toro amma anhwere yɛn; na hwɛ, yɛn ahonyadeɛ no afiri yɛn nkyɛn kɔ.

34 Hwɛ, yɛde adwendideɛ to ha nnɛ a, adeɛ bɛkye na ɛkɔ; na monhwɛ, ɛda a yɛrehwehwɛ yɛn akofena akɔ ko no, na wɔgye firi yɛn nsa mu.

35 Aane, yɛde yɛn adanmudeɛ sie a na agye afiri yɛnsa mu, ɛnam asaase no nomeɛ nti.

36 O anka ɛda no a Awurade asɛm no baa yɛn hɔ no, anka yɛnsakyeraɛ mpo; na monhwɛ wadome asaase no, ama nneɛma nyina ara ho ayɛ toro ama yɛntumi nsɔ mu.

37 Hwɛ, honhom bɔne atwa yɛn ho ahyia, aane, n’abɔfoɔ atwa yɛn ho ahyia, deɛ ɔrehwehwɛ sɛ ɔbɛsɛe yɛn akra no. Monhwɛ, yɛn amumuyɛ ayɛ kɛseɛ. O Awurade nti wo rentumi nnane w’abufuo mfiri yɛn so anaa?

38 Nanso monhwɛ, mo nsɔhwɛ nna no atwa mu; moabɔ mo nkwagyeɛ da no ato hɔ akɔsi sɛ ɔrentumi nnyɛ ho hwee afebɔɔ, na sɛ ɛteɛ biara mo sɛee no bɛba mu; aane, ɛfiri sɛ mode mo nkwa nna nyina ara no ahwehwɛ deɛ mo nsa rentumi nka; na moayɛ amumuyɛ de ahwehwɛ anigyeɛ, deɛ ɛne tenenee su a ɛwɔ yɛn Ɔnniawieɛ Tiri a ɛyɛ kɛseɛ no bɔ abira.

39 O mo nkurɔfoɔ a mo wɔ asaase yi so, anka mepɛ sɛ motie me nsɛm! Na mebɔ mpaeɛ sɛ Awurade bɛdane n’abufuo no afiri mo so, na moasakyera na moanya nkwa.