Twerɛnsɛm
Hɛlaman 6


Ti 6

Lamanfoɔ ateneneefoɔ no ka nsɛmpa no kyerɛ Nifaefoɔ mu atirimuɔdenfoɔ—Saa nnipa kuo mmienu no yɛ frɔmfrɔm wɔ mmerɛ a na wɔte asomdwoeɛ mu na wɔnyaa nneɛma ne aduane pii no—Lusifa, deɛ ɔde bɔne baaɛ no, kanyan atirimuɔdenfoɔ ne Gadianton adwotwafoɔ no akoma wɔ awudie ne atirimuɔdensɛm mu—Adwotwafoɔ no tu Nifaefoɔ aban no gu. Bɛyɛ mfinhyia 29–23 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a atɛmmuafoɔ no ahennie no mu afe a ɛtɔ so aduosia mmienu no baa awieɛ no, na saa nneɛma yi nyina ara asi ama Lamanfoɔ no mu dodoɔ no ara abɛyɛ ateneneefoɔ abɛboro Nifaefoɔ no deɛ so, ɛnam wɔn gyedie a atim na ɛgyina pintinn nti.

2 Na hwɛ, na Nifaefoɔ no mu bebree bɛyɛɛ asoɔdenfoɔ a wɔnsakyeraɛ da, na wɔn atirimuɔden yie, ara maa wɔpoo Onyankopɔn asɛm ne nkyerɛkyerɛ ne nkɔmhyɛ a ɛbaa wɔn mu nyina ara no.

3 Nanso yei nyina ara akyiri no, asɔre no mu nnipa no nyaa ɛdɛ kɛseɛ, ɛnam Lamanfoɔ no nsakyeraeɛ no nti; aane, ɛnam Onyankopɔn asɔre a wɔate wɔ wɔn mu no. Na wɔ ne wɔn ho wɔn ho nyaa ayɔnkofa, na wɔnyaa ɛdɛ wɔ wɔn ho wɔn ho na wɔdii dɛ yie.

4 Na ɛbaa sɛ Lamanfoɔ no mu dodoɔ no ara baa Sarahɛmla asaase so, bɛkaa sɛdeɛ wɔnyaa nsakyeraɛ kyerɛɛ Nifaefoɔ nkurɔfoɔ no, na wɔtuu wɔn fo sɛ wɔnya gyedie na wɔnsakyera.

5 Aane, na wɔn mu dodoɔ no ara de tumi kɛseɛ ne akwanya kaa nsɛmpa no na wɔn mu dodoɔ no ara baa fam wɔ ahobraseɛ bunu mu maa wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn ne Adwammaa no akyidifoɔ ahobraseɛ mu.

6 Na ɛbaa sɛ Lamanfoɔ no mu dodoɔ no ara kɔɔ asaase no atifii; na Nifae ne Lihae nso kɔɔ asaase no atifii, kɔkaa nsɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfoɔ no. Na sei na afe a ɛtɔ so aduosia mmiɛnsa no baa awieɛ.

7 Na hwɛ, asomdwoeɛ baa asaase no so nyina ara, maa Nifaefoɔ no kɔɔ asaase no fa biara a wɔpɛ sɛ wɔkɔ, sɛ ɛyɛ Nifaefoɔ mu anaa sɛ Lamanfoɔ mu.

8 Na ɛbaa sɛ Lamanfoɔ no nso kɔɔ baabiara a wɔpɛ sɛ wɔkɔ, sɛ ɛyɛ Lamanfoɔ mu anaasɛ Nifaefoɔ mu, na sei na wɔne wɔn ho wɔn ho dii nkutaho ɔpɛ mu, sɛ wɔbɛtɔ na wɔbɛtɔn, na wɔbɛnya mfasoɔ, sɛdeɛ wɔpɛ no.

9 Na ɛbaa sɛ Lamanfoɔ ne Nifaefoɔ no nyina ara bɛnyaa sika mmorosoɔ; na wɔnyaa sika kɔkɔɔ pii, ne dwetɛ, ne nn’adeɛ a ɛsom bo ahodoɔ nyina ara, wɔ asaase no anaafoɔ ne n’atifii afa mu.

10 Afei na asaase a ɛwɔ anaafoɔ hɔ no wɔfrɛɛ no Lihae, na asaase a ɛwɔ atifii hɔ no nso wɔfrɛɛ no Mulɛk, wɔde too Sedekia babarima; na Awurade de Mulɛk baa asaase no atifii, na ɔde Lihae baa asaase no anaafoɔ.

11 Na hwɛ, na sika kɔkɔɔ ahodoɔ nyina ara ne dwetɛ ne dadefuturo a ɛsom bo biara wɔ saa asaase yi mmienu so; na na adwumfoɔ mapa wɔ hɔ a wɔde dadefuturo ahodoɔ nyina ara di adwini na wɔbere ho; na yei maa wɔbɛyɛɛ asikafoɔ.

12 Wɔduaa aburo pii, wɔ atifii ne anaafoɔ nyina ara; na wɔyɛɛ frɔmfrɔm mmorosoɔ, wɔ atifii ne anaafoɔ. Na wɔdɔree na wɔn ho yɛɛ den yie wɔ asaase no so. Na wɔyɛn adwan ne anantwie, aane, ne ayɛnmmoa bebree.

13 Hwɛ wɔn maa yɛɛ adwumaden na wɔtoo asaawa, na wɔwenee ntoma a ɛyɛ fɛ ahodoɔ bebree, de kataa wɔn adagya so. Na sei na afe a ɛtɔ so aduosia nan no twaa mu asomdwoeɛ mu.

14 Na afe aduosia num mu no nso, wɔdii dɛ na wɔnyaa asomdwoeɛ, aane, nsɛmpa ka dodoɔ ne nkɔmhyɛ dodoɔ a ɛfa deɛ ɛbɛba ho. Na sei na afe a ɛtɔ so aduosia num no twaa mu.

15 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ ahennie mu afe a ɛtɔ so aduosia nsia mu no, hwɛ, nsa a obiara anhunu kumm Sesoram wɔ atɛmmuo—adwa no so. Na ɛbaa sɛ saa afe korɔ no ara mu nso na ne babarima a nkurɔfoɔ no yii no maa ɔdii n’adeɛ no, obi kumm no. Na sei na afe a ɛtɔ so aduosia nsia no baa awieɛ.

16 Na afe a ɛtɔ so aduosia nson ahyɛaseɛ no mu no, nkurɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔn atirimuɔden mmoroso bio.

17 Na hwɛ, ɛnam sɛ na Awurade ahyira wɔn wɔ wiase ahodeɛ mu no nti no, amma ankanyan wɔn ankɔ abufuo mu, amma wɔankɔ ako, ɛna amma wɔn anka mogya angu; ɛno nti wɔde wɔn akoma too wɔn ahonyadeɛ no so; aane, wɔhyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ sɛ obi bɛnya ahonyadeɛ akyɛn ne yɔnko; ɛno nti wɔhyɛɛ aseɛ dii awu kokoa mu, na wɔde aniɛden gyee nkurɔfoɔ nneɛma na wɔfomm nneɛma, ama wɔanya mfasoɔ.

18 Na afei hwɛ, saa awudifoɔ no ne wɔn a wɔfomm nneɛma kuo no, Kiskumen ne Gadianton na ɛteeɛ. Na afei aba sɛ Nifaefoɔ no mu dodoɔ no mpo na ɛkɔkaa Gadianton kuo no ho. Mmom hwɛ, na wɔdɔɔso wɔ Lamanfoɔ no a wɔn atirimuɔden yie no mu. Na wɔfrɛ wɔn Gadianton adwotwafoɔ ne awudifoɔ.

19 Na ɛyɛ wɔn na wɔkum ɔtɛmmuafoɔ panin Sesoram, ne ne babarima no, mmerɛ a na ɔte atɛmmuo-adwa no so no; na hwɛ, obiara anhunu wɔn.

20 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Lamanfoɔ no hunu sɛ adwotwafoɔ wɔ wɔn mu no, wɔn werɛ hoeɛ yie; na wɔfaa ɛkwan biara so sɛ wɔbɛsɛe wɔn afiri asaase yi so.

21 Na mmom hwɛ, Satan kanyann Nifaefoɔ no mu dodoɔ akoma, ara maa wɔne adwotwafoɔ kuo no ka bɔɔ mu, na wɔne wɔn faa wɔn apam ne wɔn nseɛ, sɛ wɔbɛkora na wɔabɔ wɔn ho wɔn ho ban wɔ tebea biara a emu yɛ den biara mu, ama wɔanhunu amane wɔ wɔn awudie no, ne wɔn adefom, ne wɔn korɔnbɔ no.

22 Na ɛbaa sɛ wɔnyaa wɔn nsɛnkyerɛnee, aane, wɔn kokoa mu nsɛnkyerɛnee; ne wɔn kokoa mu nsɛm; na yei boae sɛ wɔbɛtumi ahunu nsonsonoɛ a ɛda ɔnua a wafa apam mu, ama atirimuɔdensɛm biara a ɔnua bi bɛyɛ no anha ne nua, anaa wɔn a wɔka ɔnua ɛkuo ho no, a wafa saa apam no bi no.

23 Na sie bɛma wɔatumi adi awu, na wɔafom, na wɔabɔ wia, na wɔabɔ adwaman, na wɔayɛ atirimuɔdensɛm ahodoɔ nyina ara bi, deɛ ɛne wɔn man ne wɔn Nyankopɔn mmera nso bɔ abira no.

24 Na obiara a ɔka wɔn kuo no ho a ɔbɛda wɔn atirimuɔdensɛm ne wɔn akyiwadeɛ no adi akyerɛ wiase no, nnyɛ sɛdeɛ wɔn man mmara teɛ, ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn asɛm na mmom sɛdeɛ wɔn atirimuɔdensɛm mmara a Gadianton ne Kiskumen de ama wɔn no.

25 Afei hwɛ, saa kokoa mu ntam ne apam yi na Alma hyɛɛ ne mmamarima sɛ mma wɔnkɔ wiasefoɔ mu, anyɛ saa ɛnam yei so na nkurɔfoɔ bɛkɔ ɔsɛee mu.

26 Afei hwɛ, saa kokoa mu ntam ne apam no mfiri twerɛtohɔsɛm a wɔde maa Hɛlaman no mu, amma Gadianton hɔ, na mmom hwɛ, deɛ ɔdaadaa wɔn awofoɔ a wɔdii kan maa wɔdii aduaba a wɔabra sɛ mma obiara nni no na wɔde hyɛɛ Gadianton akoma mu—

27 Aane, saa onia korɔ no ara na ɔne Kain hyehyɛɛ ho sɛ, sɛ ɔkum ne nua barima Habel a wiasefoɔ rennhunu no. Na ɔne Kain ne n’akyidifoɔ yɛɛ saa nhyehyɛeɛ yi fiti saa mmerɛ no rekɔ.

28 Na ɛyɛ saa onia yi ara na ɔde hyɛɛ nkurɔfoɔ no akoma mu sɛ wɔnto abantentene a ɛware yie na wɔbɛtumi de akɔ soro. Na ɛyɛ saa onia korɔ no ara na ɔdii nkurɔfoɔ no anim de wɔn firii saa abantentene no ho baa asaase yi so; ɔno na ɔde esum mu nwuma ne akyiwasɛm hwetee asaase yi ani so nyina ara, kɔsii sɛ ɔtwee nkurɔfoɔ no ase de wɔn kɔɔ ɔsɛee kɛseɛ mu ne asamando a ɛtehɔ daa mu koraa no.

29 Aane, ɛyɛ saa onia korɔ yi ara na ɔde hyɛɛ Gadianton akoma mu sɛ ɔnkɔ so nyɛ esum mu adwuma, ne kokoa mu awudie; na ɔde yei aba fiti adasamma ahyɛaseɛ de bɛsi saa mmerɛ yi mu.

30 Na hwɛ, ɔno ne deɛ ɔde bɔne nyina ara baeɛ no. Na hwɛ ɔkɔ so yɛ ne sum mu nwuma no ne kokoa mu awudie no, na ɔde wɔn pɔ a wɔbɔ ne wɔn ntam, ne wɔn apam, ne wɔn atirimuɔden nhyehyɛeɛ a ɛyɛ hu fiti awoɔntoatoasoɔ so de kɔsi awoɔntoatoasoɔ so, sɛdeɛ ɔbɛtumi ahyɛ nnipa mma akoma mu biara.

31 Na afei hwɛ, ne nsa asɔ Nifaefoɔ akoma mu yie; aane, ama wɔayɛ atirimuɔdenfoɔ yie; aane, wɔn mu dodoɔ no ara atwe wɔn ho afiri tenenee kwan so, na wɔtiatia Onyankopɔn mmaransɛm no so, na wɔadane wɔn ho akyerɛ wɔn ankasa wɔn akwan so, na wɔde wɔn sika kɔkɔɔ ne wɔn dwetɛ asisi ahoni ama wɔn ho.

32 Na ɛbaa sɛ saa amumuyɛsɛm yi nyina ara baa wɔn so mfie kakra ara bi ntam, ara maa ne kɛseɛ no baa wɔn so wɔ atɛmmuafoɔ ahennie no mu wɔ Nifae nkurɔfoɔ no so wɔ afe a ɛtɔ so aduosia nson no mu.

33 Na wɔnyinii wɔ wɔn amumuyɛsɛm mu wɔ afe a ɛtɔ so aduosia nwɔtwe no mu, na ɛmaa awerɛhoɔ kɛseɛ ne abooboo kaa ateneneefoɔ no.

34 Na sei ma yɛhunu sɛ Nifaefoɔ no hyɛɛ aseɛ tɔɔ sini wɔ gyedie mu, na wɔnyinii wɔ atirimuɔdensɛm ne deɛ ɛyɛ akyiwadeɛ mu, mmerɛ a na Lamanfoɔ no ahyɛ aseɛ renyini mmorosoɔ wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu; aane, wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔredi mmara ne mmaransɛm so, na wɔbɛnante wɔ nokware ne teneneeɛ mu wɔ n’anim.

35 Na sei na yɛhunu sɛ Awurade Honhom no hyɛɛ aseɛ twee ne ho firii Nifaefoɔ no ho, ɛnam wɔn atirimuɔdensɛm ne wɔn akoma den nti.

36 Na sei na yɛhunu sɛ Awurade hyɛɛ aseɛ hwiee ne Honhom guu Lamanfoɔ no so, ɛnam sɛ na wɔmmerɛ na wɔwɔ pɛ sɛ wɔbɛgye ne nsɛm no adi.

37 Na ɛbaa sɛ Lamanfoɔ no hwehwɛɛ Gadianton adwotwafoɔ kuo no; na wɔkaa Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn a wɔn tirimuɔden yie wɔ wɔn mu no, ara maa saa adwotwafoɔ kuo yi sɛee koraa wɔ Lamanfoɔ no mu.

38 Na ɛbaa sɛ ɛkwan baako so no, Nifaefoɔ no maa wɔn kɔɔ so, na wɔboaa wɔn, wɔde fitii wɔn a wɔn tirimuɔden yie no mu, kɔsii sɛ wɔpetee wɔ Nifaefoɔ nsaase no nyina ara so, na wɔdaadaa ateneneefoɔ no mu dodoɔ no ara maa wɔgyee wɔn nwuma no dii na wɔne wɔn kyɛɛ nneɛma a wɔafom no, na wɔkɔkaa wɔn ho wɔ wɔn kokoa mu awudie ne wɔn kuo mu.

39 Na sei na wɔyɛ de gyee amanmuo ho baako pɛ ho kwan ara maa wɔtiatiaa ahiafoɔ ne wɔn a wɔdwoɔ ne Nyankopɔn akyidifoɔ a wɔbrɛ wɔn ho ase.

40 Na yei ma yɛhunu sɛ na wɔwɔ tebea a ɛyɛ hu mu, na mmerɛ no aduru sɛ wɔbɛkɔ ɔseɛ a ɛtehɔ daa no mu.

41 Na ɛbaa sɛ sei na atɛmmuafoɔ no ahennie wɔ Nifaefoɔ so no baa awieɛ wɔ Nifae nkurɔfoɔ no so.