Twerɛnsɛm
Eter 3


Ti 3

Yared nuabarima no hunu Awurade nsateaa sɛ ɛreka aboɔ dunsia no—Kristo de ne honhom honamdua no kyerɛ Yared nuabarima no—Wɔn a wɔwɔ nimdeɛ a ɛwie pɛyɛ no biribiara ntumi nsi wɔn kwan sɛ wɔbɛwura nkatanim no mu—Wama asekyerɛfoɔ sɛ wɔn nna Yared twerɛtohɔsɛm no adi.

1 Na ɛbaa sɛ Yared nuabarima no (afei na ɛhyɛn a wɔapam no dodoɔ yɛ nwɔtwe) kɔɔ bepɔ no a, wɔfrɛ no Selem, ɛnam ne tentene mmorosoɔ no nti, na ɔnanee abotan no bi yii aboɔ nketenkete dunsia firii mu, na na ɛyɛ fitaa na na ani da hɔ te sɛ ahwehwɛ a ɛyɛ hann; na ɔsesa guu ne nsa mu wɔ bepɔ no atifi, na ɔsu frɛɛ Awurade bio sɛ:

2 O Awurade, waka sɛ nsuo bɛtwa yɛn ho ahyia. Afei hwɛ, O Awurade, na mma wo bo mfu wo somfoɔ ɛnam ne mmrɛyɛ wɔ w’anim nti; ɛfiri sɛ yɛnim sɛ woyɛ kronkron na wote soro; na yɛn ho nte wɔ w’anim; ɛnam asehweɛ no nti, yɛn tebea ma yɛyɛ bɔne mmerɛ nyina ara; nanso, O Awurade wo na wama yɛn mmaransɛm sɛ yɛmfrɛ wo ama yɛn nsa aka deɛ yɛpɛ.

3 Hwɛ, O Awurade, wabɔ yɛn ɛnam yɛn amumuyɛ nti, na wapamo yɛn ama yɛanantenante, na mfie dodoɔ yi nyina ara no yɛadi no ɛserɛ yi so; nanso, woahunu yɛn mmɔbɔ. O Awurade, hu me mmɔbɔ na dane w’abufuo firi wo nkurɔfoɔ yi so, na mma wɔn ntwa saa nsubunu yi wɔ esum mu; na mmom hwɛ saa nneɛma yi a manane afiri abotan yi mu yi.

4 Na menim, O Awurade, sɛ wo na tumi nyina ara yɛ wo deɛ, na wobɛtumi ayɛ deɛ wopɛ biara ama nnipa wɔ ne yiedie mu; ɛno nti fa wo nsatea ka saa aboɔ yi, O Awurade, na siesie wɔn sɛ ɛbɛhyerɛn wɔ esum mu; na ahyerɛn ama yɛn wɔ ahyɛn no a yɛasiesie no mu, na ama yɛanya ɛhan wɔ mmerɛ a yɛrebɛtwa ɛpo no.

5 Hwɛ, O Awurade, wo rentumi nnyɛ yei. Yɛnim sɛ wotumi kyerɛ tumi kɛseɛ, a ɛyɛ ketewa ma nnipa nteaseɛ.

6 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Yared nuabarima no kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, monhwɛ, Awurade tenee ne nsa na ɔde ne nsatea kekaa aboɔ no maako maako. Na ɔyii nkatanim no firii Yared nuabarima no ani so, na ɔhunuu Awurade nsatea, na ɛte sɛ nipa nsatea, te sɛ honam ne mogya; na ehuu kaa Yared nuabarima no na ɔbutuu fam wɔ Awurade anim.

7 Na Awurade hunuu sɛ Yared nuabarima no abutu fam; na Awurade see no sɛ: Sɔre, adɛn nti na woabutu fam yi?

8 Na ɔsee Awurade sɛ: Mehunuu Awurade nsatea na me surooe sɛ anhwɛ a na wabɔ me; ɛfiri sɛ mennim sɛ Awurade wɔ honam ne mogya.

9 Na Awurade see me sɛ: ɛnam wo gyedie nti wahunu sɛ mɛfa honam ne mogya ato me ho so; na nipa biara mma m’anim a ɔwɔ gyedie mmorosoɔ sɛdeɛ wo wɔ yi da; na sɛ nnyɛ saa a anka wanhunu me nsatea. Anaa wohunu deɛ ɛkyɛn sei?

10 Na ɔbuaa sɛ: Daabi; Awurade, yi wo ho adi kyerɛ me.

11 Na Awurade see no sɛ: Wobɛgye nsɛm a merebɛka yi adi anaa?

12 Na ɔbuaa sɛ: Aane, Awurade, menim sɛ woka nokware, ɛfiri sɛ woyɛ Onyankopɔn nokwarefoɔ, na wonntumi nni atorɔ.

13 Na mmerɛ a ɔkaa saa nsɛm yi no, monhwɛ, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no, na ɔkaa sɛ: Ɛnam sɛ wahunu saa nneɛma yi nti, wadi ama woafiri ahweaseɛ no mu; ɛno nti wɔde wo asan aba m’anim; ɛno nti mɛyi me ho adi akyerɛ wo.

14 Hwɛ, mene deɛ wɔsiesiee no fiti wiase ahyɛaseɛ sɛ me mɛdi ma me nkurɔfoɔ no. Hwɛ, mene Yesu Kristo. Mene Agya ne Ɔba no. Me mu na adasamma nyina ara bɛnya nkwa, na wɔanya no ɛnniawieɛ mu, mpo wɔn a wɔbɛgye me din adi no, wɔn na wɔbɛyɛ me mmammarima ne me mmammaa.

15 Na menyii me ho adi nkyerɛɛ nipa a mabɔ no da, na nipa biara nso nnyaa gyedie wɔ me mu sɛdeɛ wanya yi. Wahunu sɛ wɔbɔɔ wo sɛ me ara me sɛso? Aane, wɔbɔɔ nnipa nyina ara mpo mfitiaseɛ no sɛ me ara me sɛso.

16 Hwɛ, saa honamdua yi a wahunu no seesei yi, yɛ me honhom honamdua; na mabɔ nnipa te sɛ me ara me honhom nipadua; na mpo sɛdeɛ mayi me ho adi akyerɛ wo sɛdeɛ me wɔ honhom mu yi no, saa ara nso na mɛyi me ho adi akyerɛ me nkurɔfoɔ wɔ honam mu.

17 Na afei, ɛnam sɛ me, Moronae mekaa sɛ merentumi ntwerɛ saa nneɛma yi nyina ara nti, kakra yi ara yɛ ma me, na deɛ mɛka ara ne sɛ Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ saa ɔbarima yi wɔ honhom mu, wɔ saa kwan yi ara so, na wɔ saa honamdua korɔ yi ara nso mu sɛdeɛ oyii ne ho adi kyerɛɛ Nifaefoɔ no.

18 Na ɔsomm no mpo sɛdeɛ ɔsomm Nifaefoɔ no; na ɔyɛɛ yei nyina ara, ama saa ɔbarima yi ahunu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn, ɛnam nwuma akɛseɛ a Awurade de kyerɛɛ no no nti.

19 Na ɛnam ɔbarima yi nimdeɛ nti biribiara ntumi nsi ne kwan sɛ ɔrenhu akatanimu no mu; na ɔhunuu Yesu nsatea, na mmerɛ a ɔhunui no, ɔde ɛhuu de n’anim butuu fam; ɛfiri na ɔnim sɛ ɛyɛ Awurade nsatea; na wɔannya gyedie biara bio, ɛfiri sɛ ɔhunuu sɛ biribiara rentumi mma no nye akyinnyeɛ bio.

20 Ɛno nti, ɛnam sɛ ɔwɔ saa Onyankopɔn ho nimdeɛ ma ɛwie pɛyɛ no nti, biribiara rentumi nsi no kwan wɔ nkatanim no mu; ɛno nti ɔhunuu Yesu; na ɔsomm no.

21 Na ɛbaa sɛ Awurade ka kyerɛɛ Yared nuabarima no sɛ: Hwɛ, mma wiase nhunu nneɛma a wahunu na wateɛ yi, kɔsi sɛ mmerɛ no bɛba ama mahyɛ me ho animuonyam wɔ honam mu; ɛno nti ma nneɛma a wahunu na wateɛ yi nsombo ma wo, na mfa nkyerɛ nipa biara.

22 Na hwɛ, mmerɛ a wobɛba me hɔ no, wo bɛtwerɛ na wasɔ ano, ama obiara antumi ankyerɛ aseɛ; ɛfiri sɛ wobɛtwerɛ no wɔ kasa bi mu a wɔrentumi nkenkan.

23 Na hwɛ, saa aboɔ mmienu yi na mede bɛma wo, na wɔde ɛno nso bɛka nneɛma a wobɛtwerɛ no ho asɔ ano.

24 Na hwɛ, kasa no a wobɛtwerɛ no, mayɛ no basabasa; ɛno nti me ara ankasa me mmerɛ a ɛsɛ mu no, mɛma aboɔ yi ayɛ nneɛma a worebɛtwerɛ yi akɛseɛ, ama nnipa ahunu.

25 Na mmerɛ a Awurade kaa saa nsɛm yi no, ɔyii nnipa a wɔwɔ wiase nyina ara, ne wɔn nso a wɔbɛba nso de kɔsi wiase ano kyerɛɛ Yared nuabarima no, na wɔamfa ansie no.

26 Na waka akyerɛ no mmerɛ bi a atwa mu sɛ, sɛ ɔbɛgye no adi sɛ ɔbɛtumi ama no ahunu nneɛma nyina ara a—ɔde bɛkyerɛ no, ɛno nti, Awurade antumi amfa biribiara ansie no, ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ Awurade bɛtumi de biribiara akyerɛ no.

27 Na Awurade see no sɛ: Twerɛ saa nneɛma yi na sɔ ano; na me ara me mmerɛ a ɛsɛ mu no, mede bɛkyerɛ nnipa mma.

28 Na ɛbaa sɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnsɔ aboɔ mmienu no a ne nsa aka no ano, na mma ɔmfa nkyerɛ, kɔsi sɛ Awurade no ara bɛyi akyerɛ nnipa mma.