Amansan Nhyiamu
Melkisedek Asɔfodie ne Nsafoa no
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Melkisedek Asɔfodie ne Nsafoa no

Wɔ Asɔre yi mu asɔfodie tumi no wɔde yɛ adwuma wɔ asɔfodie kandifoɔ a ɔkura saa asɔfodie no nsafoa akwankyerɛ so.

Mayi sɛ mɛkasa afa Onyankopɔn asɔfodie ho, asɛm a akasafoɔ mmiɛnsa adi kan akasa afa ho dada na wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛdeɛ asɔdie hyira mmaa mmaayewa, ne mmeranteɛ.

Asɔfodie yɛ tumi kronkron ne akwannya a wɔkura no werɛhyɛmu mu de yɛ Onyankopɔn adwuma sɛ Ne mma nyinaa bɛnya so mfasoɔ. Asɔfodie nnyɛ wɔn a wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ kɔ asɔfodie dibea anaa wɔn a wɔde nakwanya di dwuma. Mmarima a wɔkura asɔfodie no nnyɛ asɔfodie. Berɛ a yɛmmfrɛ mmarima a wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ sɛ asɔfodie no, ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛfrɛ wɔn sɛ kurafoɔ ma asɔfodie

Asɔfodie tumi no ɛte Asɔre no ne abusua kuo no mmienu mu. Mmom asɔfodie tumi ne asɔfodie akwannya di dwuma sononko wɔ Asɔre no mu kyɛn deɛ ɛyɛ wɔ abusua no mu. Yei nyinaa yɛ sɛdeɛ nkyerɛkyerɛ a Awurade de ama no teɛ. Onyankopɔn botaeɛ nhyehyɛeɛ ne sɛ ɔbɛdi Ne mma anim akɔ nkwa a ɛnni awieɛ mu. Abusua a ɛbɛwuo yɛ adehia ma saa nhyehyɛeɛ no. Asɔre no te hɔ sɛ ɔbɛma nkyerɛkyerɛ, akwannya, ne ayɛyɛdeɛ a ɛho hia sɛ abusua asetena bɛnya nkwa tenten de akɔ ɛnni awieɛ mu. Ɛno nti, abusua kuo no ne Yesu Kristo Asɔre no wɔ akyitaeɛ mu atenka pa asetena. Asɔfodie mu nhyira, te sɛ asɛmpa no mahyɛ ne ayɛyɛdeɛ te sɛ asubɔ, denhyɛ ne sɛ wɔgye Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no, tɛmpol akyɛdeɛ kronkron, ne ɛnni awieɛ awareɛ a ɛwɔ hɔ ma mmarima ne mmaa nyinaa.1

Asɔfodie a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi yɛ Melkisedek Asɔfodie, a wɔde maae wɔ asɛmpa no Mmaeɛ bio ahyɛaseɛ no. Wɔnam Petro, Yakobo ne Yohane so hyɛɛ Joseph Smith ne Oliver Cowdery asɔfoɔ, wɔn a wɔde wɔn ho too dwa “sɛ wɔkura ahemman no nsafoa, ne asɛmpa berɛ mu mahyɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:20). Saa asomafoɔ mpaninfoɔ yi nyaa saa akwannya yi firii Agyenkwa no Ankasa hɔ. Akwannya anaa dibrɛ biara a ɛwɔ asɔfodie no mu yɛ nkekaho ma Melkisedek Asɔfodie no (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:5), na “wɔkura ho kwan sɛ wɔyɛ titenani, na wɔwɔ tumi ne akwannya wɔ dibrɛ biara a ɛwɔ asɔre yi mu wɔ wiase yi mfeɛ biara mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 107:8).

Wɔ Asɔre yi mu, asɔfodie kɛseɛ no akwannya, Melkisedek Asɔfodie no, ne kumaa no anaa Aaron Asɔfodie no di dwuma wɔ asɔfodie kannifoɔ akwankyerɛ ase, te sɛ ɔhwɛfoɔ anaa titenani, a ɔkura saa asɔfodie no nsafoa. Yɛbɛte sɛdeɛ asɔfodie akwannya di dwuma ase wɔ asɔre yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛte asɔdie nsafoa nkyerɛkyerɛ no ase.

Wɔnam Petro, Yakobo ne Yohane so de ahemman no Melkisedek Asɔfodie nsafoa no baae, nanso ɛno amma asɔfodie nsafoa mmaeɛ bio no annwie pɛyɛ. Asɔfodie nsafoa no binom baa akyire yi. Ɛtoa tɛmpol a ɛdi kan wɔ saa asɛmpa berɛ yi mu anobue wɔ Kirtland, Ohio no, nkɔmhyɛfoɔ mmiɛnsa, Mose, Elias ne Elijah de “saa asɛmpa berɛ yi nsafoa,” a ɛyɛ nsafoa a ɛfa Israel anoboaboa ne Awurade tɛmpol mu adwuma ho sane baeɛ (hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 110), sɛdeɛ President Eyring akyerɛkyerɛ mu akorɔkorɔ mo no.

Nsafoa no dwumadie nhwɛsoɔ a yɛnim kɛse pa ara ne deɛ yɛde yɛ asɔfodie ayɛyɛdeɛ no. Ayɛyɛdeɛ yɛ nneyɛɛ kronkron a ɛkyerɛ sɛ woreyɛ apam ne ne bɔhyɛ ho nhyira. Wɔ asɔre yi mu, wɔyɛ ayɛyɛdeɛ nyinaa wɔ asɔfodie kannifoɔ no a ɔkura saa ayɛyɛdeɛ no ho nsafoa no nsa ase.

Wɔn a wɔtaa hwɛ ayɛyɛdeɛ so kɛse pa ara yɛ wɔn a wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ akɔ dibrɛ mu wɔ asɔfodie no mu na wɔdi dwuma wɔ deɛ ɔkura asɔfodie nsafoa nsa ase. Sɛ ebia, wɔn a wɔkura dibrɛ ahoroɔ wɔ Aaron Asɔfodie mu no hwɛ Adidi Kronkron ayɛyɛdeɛ no so wɔ ɔhwɛfoɔ no nsafoa ne akwankyerɛ ase, ɔno a ɔkura Aaron Asɔfodie nsafoa no. Saa nnyinasosɛm korɔ yi yɛ adwuma wɔ asɔfodie ayɛyɛdeɛ a ɛmu no mmaa hwɛ dwuma so wɔ tɛmpol mu no. Ɛwom sɛ mmaa nnkura dibrɛ wɔ asɔfodie mu, nanso wɔyɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ kronkron wɔ tɛmpol titenani akwannya nsa ase, ɔno a ɔkura tɛmpol ayɛyɛdeɛ ho nsafoa no.

Nhwɛsoɔ foforɔ wɔ asɔfodie akwannya ho fa obi a ɔkura asɔfodie nsafoa akwankyerɛ ase, yɛ mmarima ne mmaa nkyerɛkyerɛ a wɔfrɛ ma wɔkyerɛkyerɛ asɛmpa no, sɛ ɛwɔ nnyinapɛn wɔ wɔn afie, wɔɔd anaa asɛmpatrɛ afuo so. Nhwɛsoɔ afoforɔ yɛ wɔn a wɔkura akannifoɔ gyinabrɛ wɔ wɔɔd mu, na wɔkyerɛ asɔfodie akwannya wɔ wɔn kannie mu, ɛnam wɔn frɛ ne nyi si hɔ ne asɔfodie kannifoɔ no a ɔkura nsafoa wɔ wɔɔd anaa pɛɛwa mu akwankyerɛ ase nti. Yei ne sɛdeɛ akwannya ne asɔfodie mu tumi yɛ adwuma ma Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ nya mu anigyeɛ.2

Wɔkyerɛ asɔfodie akwannya na wɔhunu ne nhyira wɔ Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mmusua mu nso. Wɔ mmusua mu no, mekyerɛ ɔbarima a ɔkura asɔfodie ne ɔbaa a wɔaware ne wɔn mma. Mesan de nsesaeɛ a aba firi asetena pa mu sɛ ebia owuo anaa awaregyaeɛ nso ka ho.

Nkyerɛkyerɛ sɛ wɔtumi kyerɛ asɔfodie akwannya nko ara wɔ ɔno a ɔkura nsafoa ma saa dwuma no nsa ase ho hia wɔ Asɔre no mu, nanso ɛnni dwuma wɔ abusua no mu. Sɛ ebia, agya no hwɛ na ɔkyerɛ asɔfodie no wɔ nabusua so ɛnam asɔfodie akwannya a ɔkura no nti. Ɛho nnhia mma no sɛ ɔnya akwankyerɛ anaa mpenesoɔ firi obi a ɔkura asɔfodie nsafoa hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛdi nabusua mu nnwuma ahodoɔ. Yeinom ka ho, sɛ ɔretu nabusuafoɔ fo, reyɛ abusua nhyiamu, rema ne yere ne mma asɔfodie nhyira, anaa rema abusaufoɔ anaa afoforɔ ayaresa nhyira.3 Asɔre tumidie kyerɛkyerɛ abusuafoɔ, mmom wɔmma akwankyerɛ mmfa sɛdeɛ wɔkyerɛ asɔfodie akwannya wɔ abusua no mu.

Nkyerɛkyerɛ korɔ no ara di dwuma berɛ a agya nni hɔ na maame no yɛ abusua kannifoɔ. Ɔhwɛ ne fie so, na ɔyɛ adwinnadeɛ nam nakyɛdeɛ kronkron no so ne nsɔano wɔ tɛmpol mu sɛ ɔde asɔfodie tumi ne nhyira bɛba nabusua no mu. Berɛ a ɔnni tumi sɛ ɔma asɔfodie nhyira sɛ deɛ ɔkura asɔfodie wɔ dibrɛ bi mu nko ara na ɔtumi ma no, ɔtumi di dwuma aka no mu biara sɛ abusua kandifoɔ. Ɔyɛ saa a, ɔkyerɛ asɔfodie tumi ma ne mma a ɔhwɛ wɔn so no nya mfasoɔ wɔne dibrɛ sɛ ɔkannifoɔ wɔ abusua no mu.4

Sɛ agyanom bɛma wɔn asɔfodie ayɛ kɛse wɔ wɔn ankasa abusua mu a, ɛbɛma Asɔre no adwuma akɔ nkan akyɛn biribiara a wɔbɛyɛ mu. Ɛwɔ sɛ agyanom a wɔkura Melkisedek Asɔfodie kyerɛ wɔn akwannya “fa kasakyerɛ so, abodwokyɛre, bɔkɔɔyɛ, ne ɔdwoɔ, ne ɔdɔ a ɛyɛ nokorɛ” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:41). Saa gyinapɛn a ɛwɔ soro ma sɛ wɔkyerɛ asɔfodie akwannya nyinaa, yɛ adehia kɛse wɔ abusua no mu. Ɛwɔ sɛ asɔfodie kurafoɔ nso di mmaransɛm no so ama wɔatumi anya asɔfodie tumi no ama wɔn mmusuafoɔ nhyira. Ɛwɔ sɛ wɔdua ɔdɔ abusua asetena pa sɛdeɛ abusuafoɔ bɛpɛ sɛ wɔbɛbisa nhyira afiri wɔn hɔ. Na ɛwɔ sɛ awofoɔ hyɛ nkuran pii wɔ asɔfodie nhyira ho wɔ abusua no mu.5

Wɔ saa Amansan nhyiamu yi ase, wɔ mrɛ a yɛregye nwunu nam yɛn nipadua mu haw a abɛsensɛn wiem yi, yɛnamso asua ɛneɛma bebree wɔ yɛn asetena yi mu. Mehyɛ yɛn mu biara nkuran sɛ yɛnya ani “koro” nnye saa ɛnni awieɛ nokorɛ ama yɛn nnipadua “ayɛ hann bebree.” (3 Nifae 13:22).

Wɔ Nasɛnka ma nnipa akuakuo sɛdeɛ wɔaka wɔ Twerɛ Kronkron ne Mormon Nwoma mu no, Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ sɛ nnipadua a ɛwuo tumi nya hann hyɛ mu ma anaa esum hyɛ mu ma. Yɛn, ɛwɔ mu, pɛ sɛ hann hyɛ yɛn ma, na yɛn Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ama yei aba mu. Ɛwɔ sɛ yɛtie nkransɛm fa ɛnni awieɛ ho nokorɛ ho. Ɔde yɛn ani yɛɛ nhwɛsoɔ, deɛ ɛnam so a yɛfa hann kɔ yɛn nnipadua mu. ISɛ yɛn ani “yɛ koro”—nsɛm foforɔ mu, sɛ yɛde yɛn adwene to so sɛ yɛbɛnya hann ne nteaseɛ—Ɔkyerɛɛ mu sɛ, “hann bɛhyɛ wo nipadua nyinaa ma” (Mateo 6:22; 3 Nifae 13:22). Mmom sɛ yɛn “ani yɛ bɔne”—ɛne sɛ sɛ yɛhwehwɛ bɔne na yɛde kɔ yɛn mu a—Ɔbɔɔ kɔkɔ, “esum bɛhyɛ wo nipadua nyinaa ma” (nkyekyɛmu 23 Nsɛm foforɔ mu no, hann ne esum a ɛwɔ yɛn nnipadua mu no gyina sɛdeɛ yɛhunu—anaa yɛnya—ɛnni awieɛ nokorɛ no a wɔkyerɛkyerɛ yɛn no.

Ɛwɔ sɛ yɛdi Agyenkwa no frɛ akyi kɔhwehwɛ na yɛbisa ɛnni awieɛ nokorɛ no mu nteaseɛ. Ɔhyɛbɔ sɛ yɛn Agya a ɔwɔ Soro ayɛ krado sɛ ɔkyerɛkyerɛ obiara nokorɛ a wɔhwehwɛ (hwɛ 3 Nifae 14:8). Sɛ yɛpɛ yei na yɛnya ani koro sɛ yɛgye a, Agyenkwa no hyɛ bɔ sɛ ɛnni awieɛ nokorɛ no “wɔbɛbue” ama yɛn (hwɛ 3 Nifae 14:7–8).

Wode toto ho a, Ɔbonsam ani abere sɛ ɔtan yɛn adwennwene ani anaa ɔdi yɛn kan ma yɛyera wɔ nsɛm a ɛho hia te sɛ Onyankopɔn asɔfodie no dwumadie ho. Agyenkwa no bɔɔ kɔkɔ faa sei ho “nkɔmhyɛfoɔ atorɔfoɔ a wɔba mo nkyɛn wɔ odwan nwoma mu, nanso wɔn mu deɛ wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ” (3 Nephi 14:15). Ɔmaa yɛn sɔhwɛ yei sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛayi nokorɛ no afiri nkyerɛkyerɛ ahodoɔ a ɛbɛtumi atan yɛn ani so no ntam: “Mobɛhunu wɔn nam wɔn aduaba so,” Ɔkyerɛkyerɛɛe (3 Nifae 14:15). “Dua pa nntumi nnso aduaba bɔne, na dua bɔne nntumi nnso aduaba pa” (nkyekyɛmu 18). Ɛno nti, ɛwɔ sɛ yɛhwɛ deɛ ɛbɛsie—“aduaba no”—nnyinasosɛm a wɔkyerɛkyerɛ ne wɔn a wɔkyerɛ. Yei ne mmuaeɛ papapaa ma sɔretia a yɛte a ɛtia Asɔre no ne ne nkyerɛkyerɛ ne nhyehyɛeɛ ne ɛkandie. Di sɔhwɛ a Agyenkwa kyerɛkyerɛɛe no akyi. Hwɛ aduaba no—deɛ asie.

Sɛ yɛdwene asɛmpa no aduaba ne Yesu Kristo Asɔre a asan aba no ho a, yɛdi ahurusie wɔ sɛdeɛ asɔre no, asafomma a wɔte ase nkwa nna yi mu, atrɛ afiri borɔnoo asafo mu wɔ Intermountain West mmepɔ mu dekɔ baabi a nasafomma boro ɔpepe 16 teteɛ wɔ aman so a wɔnni United States. Wɔ saa nyini no so no, yɛnya atenkwa wɔ Asɔre no tumi so sɛ yɛbɛboa asɔrema no. Yɛboa ma yɛtumi di mmransɛm no so, afei sɛ yɛdi yɛn dwumadie sɛ ɛsɛ na ɛfata sɛ yɛbɛka asɛmpa no, sɛ yɛreboaboa srael mmusua, na afei yeesi tɛmpol wɔ wiase afa pii.

Yɛwɔ nkɔmhyɛni, Otitenani Russell M. Nelson, a ne kannie no Awuarade nam so de amayɛn nkɔsoɔ a yɛnya atenka wɔ mfie mmienu a wadi asɔre yi anim. Seesei wɔbɛhyira yɛn sɛ yerebɛtie afiri Titenani Russell M. Nelson hɔ, a ɔbɛkyerɛ yɛn kwan a yɛbɛfaso atumpɔn wɔ Asɔre a asanba ɛyɛ Yesu Kristo Asɔre wɔ awieyɛ mmrem yi a ahokyerɛ ahyɛ ma.

Medi adanseɛ wɔ saa nneɛma yi nokorɛ a ɛyɛ ho, na me ne mo bɔm bɔ mpaeɛ ma yɛn nkɔmhyɛni a yɛrebɛtie no seesei no, wɔ Yesu Kristo din mu, amen.