Amansan Nhyiamu
Dwene Onyankopɔn Papayɛ ne ne Kɛseyɛ no ho
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Dwene Onyankopɔn Papayɛ ne ne Kɛseyɛ no ho

Meto nsa frɛ mo sɛ dabiara monkae Soro Agya ne Yesu Kristo ne deɛ Wɔn ayɛ ama mo

Mmerɛ nyinaa mu, mpo ahohiahia mmerɛmu, adiyifoɔ no ahyɛ yɛn nkoran sɛ yɛnkae O nyankopɔn kɛseyɛ na yɛnnwene deɛ Wayɛ ama yɛn sɛ ankorankorɛ, sɛ mmusua, ɛne sɛ nnipa.1 Saa akwankyerɛ yi wɔ twerɛsɛm mu nyinaa na ne titire no wɔ Mormon Nwoma no mu. Asɛntire no kyerɛ mu sɛ Mormon Nwoma no botaeɛ baako ne sɛ “ɛbɛkyerɛ Israel fiefoɔ nkaeɛ no nneɛma akɛseɛ a Awurade no ayɛ ama wɔn agyanom.”2 Mormon Mwoma no de Moronae adesrɛ no wie: “Hwɛ, mɛtu mo fo sɛ, mmerɛ a mobɛkenkan saa nneɛma yi, na, monkae sɛdeɛ Awurade ahummɔborɔ a ɔwɔ ma nnipa mma teɛ, na moadwendwene ho wɔ mo akoma mu.”3

Adesrɛ ntoatoasoɔ firi nkɔmhyɛfoɔ hɔ de da Onyankopɔn papayɛ no adi no yɛ anika.4 Yɛn Soro Agya pɛ sɛ yɛkae Ɔne ne Dɔba no papayɛ, ɛnnyɛ sɛ Wɔdebɛtu wɔn ho ntira, mmom wɔ nsonsuansoɔ a ɛwɔ wɔ yɛn so sɛ yɛbɛkai Wɔn ayamuyɛ. Yɛredwene Wɔn ayɛmuyɛ no ho no, na yɛn nhunumu ne nteaseɛ reyɛ kɛse. Yɛdwene Wɔn ahummɔborɔ ho a, yɛbɛyɛ ahobrasefoɔ, mpaebɔfoɔ, na yɛgyina pintinn.

Suahunu kɛseɛ bi a menya firii obi a wayare ama ne ho atɔ no hɔ kyerɛ sɛdeɛ ayɛmuyɛ ne ahummɔborɔn ho nnaseɛa tumi sesa yɛn. Wɔ afe 1987 mu, me ne Thomas Nielson, ɔbarima kunini bi a na ɔhia akoma ntuhyemu faa yɔnkoɔ. Na wadi mfeɛ 63 a ɔte Logan,Utah, wɔ United States. Asraafoɔ adwuma wɔ Ɛwiase Ntɔkwa II akyi , ɔwaree Donna Wilkes wɔ Logan Utah Tɛmpol mu. Ɔbɛyɛɛ ɔhoɔdenfoɔ ne nkonimdifoɔ wɔ brikisi dansie mu. Mfeɛ bi akyi ɔnyaa anigyeɛ soronko sɛ ɔne ne nana panyin, Jonathan, yɛ adwuma bo mu wɔ sukuu akwama berɛ mu. Wɔn mmienu yɛɛ nhyehyɛeɛ soronko,wɔ ɛfa bi ɛfiri sɛ Tom hunuu ne ho wɔ Jonathan mu.

Tom teeteeɛ berɛ a ɔretwɛn sɛ obi bɛkyɛ no akoma. Na ɔnnyɛ onipa a ɔwɔ abotrɛ. . Na ɔnam adwumaden ne nsiyɛ so ma n’anisoadehunu nyinaa ba mu. Ɔrepere wɔ n’akoma a ɛregye nsamu, na ne nkwa nso rehwere no no,ɛtɔ da a Tom bisa me deɛ mereyɛ ama nneɛma akɔ ntɛm. Ɔde nsɛmkwaa susuu baabi a mɛtumi awurawura ama obi akyɛ no akoma no bi ntɛm so.

Anigyeɛ ne ehu da bi,, akoma a obi de akyɛ bɛtɔɔ hɔ maa Tom. Ne kɛseɛ ne mogya suo no na ɛfata, na deɛ ɔde kyɛɛe no yɛ ababunu, a wadi mfeɛ 16. Na Akoma no yɛ Jonathan, Tom nana dɔfoɔ no dea. Saa da no anɔpa, Jonathan nyaa nkwanhyia a ano yɛ den berɛ a keteke bi de bɛbɔɔ kae a na ɔte mo no.

Berɛ a mekɔ sraa Tom ne Donna wɔ asopiti no, na wɔayɛ basaa. Na ɛyɛ den sɛ wobɛhunu deɛ wɔrefa mu no, a ɛyɛ animuasɛm sɛ Tom nkwa bɛtumi atwe akɔ anim ɛnam wɔn nana akoma no nti. Mfitiaseɛ no, wɔampene so sɛ wɔgye akoma akyɛdeɛ a ɛfiri Jonathan awofoɔ wɔn babaa ne wɔn ase barima no hɔ. Na Tom ne Donna nim sɛ, mmom, Jonathan adwene asɛe, na wɔbɛteeaseɛ sɛ ɛnyɛ wɔn mpaeɛ a wɔbɔeɛ sɛ obi mmɛ kyɛ Tom akoma no na ɛmaa Jonathan nyaa nkwanhyia no. Daabi, na Jonathan akoma no yɛ akyɛdeɛ a ɛbɛtumi ahyira Tom berɛ a ɔhia mu. . Wɔhunuu sɛ biribi papa bi bɛtumi afiri saa atoyerɛnkyɛm yi mu aba na wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtoa so.

Akoma ntuhyɛmu no kɔɔ yie. Akyire yi no, Tom yɛɛ onipa soronko. Nsakyeraeɛ no boroo apɔmuden a akɔ nkan anaa mpo ayɛyie so. Ɔkakyerɛɛ me sɛ anɔpa biara ɔdwene Jonathan, ne babaaa ne n’ase barima, akyɛdeɛ a wanya, ne deɛ saaakyɛdeɛ no kyerɛho. Ɛwɔ mu sɛ nsɛnkwaeɛ a ɛwɔ ne mu ne animia no da so ara da adi deɛ, nanso mehunuu sɛ Tom ani ada hɔ, ɔdwoɔ, ne ayamuyɛ-akoma.

Tom tenaase mfeɛ 13 kaa ho wɔ ntuhyɛmu no akyi, mfeɛ a anka na ɔnnya. N’ayie dawubɔ kyerɛɛ sɛ saa mfeɛ yi a ɔtenaaseɛ no maa no akwanyakaa n’abusuafoɔ ne afoforɔ abrabɔ wɔ ayamuyɛ ne ɔdɔ mu. Na ɔyɛ kokoam kyɛadefoɔ ne anidasoɔni ne nsiyɛ mu nhwɛsoɔ.

Te sɛ Tom, yɛn mu biara anya akyɛdeɛ a yɛnntumi mfa mma yɛn ho, akyɛdeɛ a ɛfiri yɛn Soro Agya ne Ne Dɔba no, a nkwagyeɛ a ɛfiri Yesu Kristo mpata afɔrebɔ no mu ka ho.5 Yɛanya nkwa wɔ ewiase yi mu; yɛbɛnya honam mu nkwa wɔ akyire yi mu, ne nkwagyeɛ a enni awieɛ ne mpagya—sɛ yɛ fa a— ne nyinaa firi Soro Agya ne Yesu Kristo so.

Berɛ biara a yɛde yɛ adwuma, nya so mfasoɔ, anaa yɛdwene saa mfasoɔ yi ho no, ɛwɔ sɛ yɛdwene afɔrebɔ, ayamuyɛ , ne tema a ademafoɔ no wɔ ho. Nnidie a yɛdema ademafoɔ no somboɔ sene sɛ yɛbɛyi ayɛ. Yɛrekae Wɔn akyɛdeɛ no tumi na ɛwɔ sɛ ɛsesa yɛn.

Nsakyeraeɛ soronko baako yɛ Alma Kumaa deɛ no. Sɛ deɛ na Alma “nenam ko tia Onyankopɔn no,”6 sorobɔfoɔ yii ne ho adi. Ɔde “apranaa nne,”7 kaa Alma anim sɛ ɔreko atia Asɔre no “na wawia nkorɔfoɔ no akoma.”8 Sorobɔfoɔ no de afotuo yi kaa ho: ”Kɔ, na mo nkae mo agyanom nnɔmmum; na mo nkae nneɛma akɛseɛ a [Onyankopɔn] ayɛ ama wɔn.”9 Afotuo a ɛfata nyinaa no, ɛno na sorobɔfoɔ no sii so dua.

Alma sakyerae na ɔkaeɛ. Akyire yi ɔne ne babarima Helaman kyɛɛ sorobɔfoɔ no afotuo no. Alma tuu fo, “Mɛpɛ sɛ woyɛ te sɛ deɛ mayɛ no, kae yɛ agyanom nnɔmum no ho no, ɛfiri sɛ na wɔwɔ nkoasom mu, na obiara antumi anye wɔn gye sɛ Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no; na ɔgyee wɔn ampa ara firii wɔn amanehunu mu.”10 Alma kaa no tiawa, “Mede me gyidie hyɛ ne mu.”11 Alma tee aseɛ sɛ yɛrekae ɔgyeɛ firi nnɔmmum mu ne mmoa a yɛnya no wɔ ”nsɔhwɛ ne amanneɛ biara mu no,” yɛbɛhunu Onyankopɔn bɔhyɛ no nokorɛ a ɛyɛ.12

Yɛn mu kakra bi na yɛwɔ suahunu nwanwasoɔ te sɛ Alma deɛ no, nanso yɛn adwensakyera tumi yɛ soronko saa ara. Agyenkwa no hyɛɛ bɔ tete no:.

“Akoma foforɔ na mede mɛma mo, na mede honhom foforɔ bɛhyɛ mo mu: na mɛyi ɔboɔ akoma no afiri hɔ na mama mo honam akoma.

“Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu.

“Na moayɛ me man, na me nso, mayɛ mo Onyankopɔn.”13

Agyenkwa a wanyane no kakyerɛɛ Nifaefoɔ no sɛdeɛ nsesa no hyɛ aseɛ. Ɔdaa nyinasoɔ titiri bi wɔ Soro Agya no nhyehyɛeɛ mu adi berɛ a ɔkaa sɛ:

“Na m’Agya somaa me sɛ wɔbɛma me so wɔ asɛnnua no so; na akyire a wamaa me so wɔ asɛnnua no so no, sɛdeɛ mɛ twe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.

“Na yei ho nti na wɔmaa me so; ɛno nti; ɛnam Agya no tumi so nti mɛ twe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.”14

Ɛdeɛn na ɛbɛtwe wo abɛn Agyenkwa no? Dwene Yesu Kristo ahobraseɛ a ɔde maa N’Agya pɛ no ho, Ne nkonim a ɔdii wɔ owuo so, wo bɔne ne mfomsoɔ a ɔfa too Ne ho so, Ne tumi a ɔgye firii Agya no hɔ de yɛɛ ntamgyinafoɔ de maa woɔ, ne Ne gyeɛ kɛseɛ a ɔgye maa woɔ no.15 Saa nneɛma yi nnɔɔso sɛ ɛtwe wo bɛn No? Wɔyɛ me dea. Yesu Kristo “gyina hɔ a wabue ne nsa mu,de ɔpɛ rehwɛ sɛ ɔbɛsa wo yareɛ, na ɔde akyɛ wo, ahohoro wo ho, ate wo ho, na wadwira [wo ne me] ho.”16

Saa nneɛma yi ma yɛn akoma foforɔ na ɛkae yɛn ma yɛ fa adwene sɛ yɛbɛdi Soro Agya ne Yesu Kristo akyi. Mpo akoma foforɔ bɛtumi akyinkyini, ɛbɛtumi apo Onyankopɔn a yɛ dɔ no.”17 Sɛ yɛbɛko saa nneyɛɛ yi no, ɛhia sɛ dabiara yɛdwene akyɛdeɛ a yɛn nsa aka no ne deɛ ɛkyerɛ. King Benjamin tuu fo, “Mɛpɛ sɛ mokae, na mokɔ so kae Onyankopɔn kɛseyɛ ɛne Ne papayɛ ne N’abodwokyerɛ a ɔwɔ ma mo.”18 Sɛ yɛyɛ saa a, yɛfata ɔsoro nhyira soronko.

Yɛredwene Onyankopɔn papayɛ ne ne mmɔborɔhunu no ho boa ma yɛbɛyɛ honhom mu adegyefoɔ yie. Ɛno akyi, honhom mu nkateɛ ma yɛbɛhunu nneɛma nyinaa mu nokorɛ ɛnam Honhom Kronkron no tumi so.19 Yei ka Mormon Nwoma no nokorɛyɛ ho adanseɛ; hunu sɛ Yesu ɔne Kristo no, yɛn Agyenkwa ne yɛn Dimafoɔ no ankasa, na yɛagye ato mu sɛ Ne nsɛmpa no wɔasan de ama nna a ɛdi akire yi mu.20

Sɛ yɛ kae yɛn Soro Agya ne Yesu Kristo kɛseyɛ no ne deɛ Wɔn ayɛ ama yɛn no a, yɛrentoto wɔn ase, sɛdeɛ Tom antoto Jonathan akoma ase no. Wɔ anigyeɛ mu ne nnidie kwan so, Tom kaee atoyɛrɛnkyɛm a ɛbrɛɛ no nkwa tenten dakoro biara. Wɔ yɛnim dodoɔ mu sɛ wɔbɛtumi agye yɛn nkwa na wapagya yɛn no nti, ɛwɔ sɛ yɛkae sɛ nkwagyeɛ ne mpagya firi aboɔden mu na ɛbaeɛ.21 Yɛbɛtumi de nnidie agye yɛn ani berɛ a yɛkae sɛ Yesu Kristo nni mu a anka yeawie nanso ne nti yɛbɛtumi anya akyɛdeɛ kɛseɛ a Soro Agya no bɛtumi de ama.22 Ampa, saa nnidie yi ma yɛn anigye wɔ “daa nkwa wɔ saa wiase yi mu” bɔhyɛ no so na yɛatoa so anya ”daa nkwa, mpo animuonyam a ɛrenwuo” wɔ ewiase a ɛbɛba no mu.23

Sɛ yɛdwene yɛn Soro Agya ne Yesu Kristo papayɛ ho a, yɛn gyedie wɔ Wɔn mu yɛ kɛse. Yɛn mpaeɛ sesa ɛfiri sɛ yɛnim sɛ Onyankopɔn yɛ yɛn Agya na yɛyɛ Ne mma. Yɛrenhwehwɛ sɛ yɛbɛsesa Ne pɛ mmom sɛ yɛde yɛdeɛ bɛtoto Ne deɛ ho na yɛabɔ nhyira a ɔpɛ sɛ ɔde ma yɛn no ho ban kɔsi sɛ yɛabisa no.24 Yɛ kɔn dɔ sɛ yɛbɛdwo kɛse, ate yɛn ho kɛse, agyina pintinn kɛse, asɛ Kristo kɛse.25 Saa nnepa yi ma yɛ fata sɛ yɛbɛnya ahemman mu nhyira aka ho.

Yɛgye to mu sɛ nhyira biara firi Yesu Kristo hɔ a, yɛ ne afoforɔ bɛkyɛ yɛn gyedie no yie.26 Yɛbɛnya akokoɔduro berɛ a tebea ne adwuma a ano yɛ den sei ara bɛto yɛn.27 Yɛbɛhyɛ yɛn nsusuiɛ mu den wɔ apam a yɛayɛ sɛ yɛbɛdi Agyenkwa no akyi.28 Onyankopɔn dɔ no bɛhyɛ yɛn ma, na yɛapɛ sɛ yɛboa wɔn a wɔwɔ ahokyerɛ mu wɔ berɛ a yɛremmu wɔn atɛn, dɔ yɛn mma tete wɔn wɔ tenenee mu, nya bɔne fakyɛ, na yɛdi ahurusie berɛ biara.29 Yeinom ne nnuaba a ɛda nso wɔ Onyankopɔn papayɛ ne n’ahummɔborɔ ho nkaeɛ no.

Wɔ abirabɔ mu Agyenkwa no bɔɔ kɔkɔ, “Ɛnyɛ biribiara mu na onipa fom Onyankopɔn, anaa obiara nni hɔ a n’abufuhyeɛ tia no, gye sɛ wɔn a wɔmmpae mu nka sɛ ne nsa wɔ nneɛma nyinaa mu.”30 Mennye nni sɛ yɛkasa tia Onyankopɔn berɛ a yɛn werɛ afi No. Mmom, medwene sɛ N’aba mu bu yie. Ɔnim sɛ yɛadi yɛn ho hwammɔ wɔ akwanya a yɛwɔ sɛ yɛtwe bɛn no na yɛkae Ne papayɛ. Afei yɛhwere twe a ɔbɛtwe abɛn yɛn no ne nhiyra soronko a wahyɛ yɛn bɔ no.31

Meto nsa frɛ mo sɛ dabiara monkae Soro Agya ne Yesu Kristo ne deɛ Wɔn ayɛ ama mo. Momma moadwendwene wɔ Wɔn papayɛ no ho nkyekyere moakoma mmata Wɔn ho dendeenden.32 Dwene Wɔn mmɔborɔhunu ho, na wɔbɛhyira mo wɔ honhom mu nkateɛ ho na moabɛyɛ Kristosu kɛse. Wɔn atenka ho nnwene ho bɛboa mo ama “moakuta mogyedie mu akɔsi awieɛ,“33

Yɛn Soro Agya, rekyerɛ Ne Dɔ Ba no, kaa sɛ “Tie No!”34 Berɛ a modi saa nsɛm no so na motie No, kae, anigyeɛ mu ne nidie mu, sɛ Agyenkwa no dɔ sɛ deɛ monntumi mfa mma mo ho no ɔde bɛma, Ɔdɔ sɛ ɔmia ekuro a montumi mmia, Ɔdɔ sɛ ɔsiesie deɛ abubuo asɛeɛ no;35 Ɔtua deɛ ɛmfata biara a obi de ayɛ woɔ no ho ka;36 na ɔdɔ sɛ ɔsiesie akoma biara a abubuo no afebɔɔ.37

Sɛdeɛ madwene akyɛdeɛ a ɛfiri yɛn Soro Agya ne Yesu Kristo hɔ no, mabɛhunu Wɔn dɔ a enni awieɛ no ne Wɔn mmɔborɔhunu a ɛboro adwene ne ntiaseɛ so ma Soro Agya mma nyinaa.38 Saa nimdeɛ yi asesa me, na ɛbɛsesa wo nso. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.