Amansan Nhyiamu
Ama Wɔahunu
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Ama Wɔahunu

Hwehwɛ na bɔ mpaeɛ ma akwanya a ɛbɛma wo hann ahyerɛn sɛnea afoforɔ ahunu ɔkwan a ɛkɔ Yesu Kristo hɔ.

Nnuammarimma ne nnuammaa, wahyira yɛn asan nso akanyan yɛn akoma nam Honhom atenka a yɛanya wɔ saa nhyiamu yi ase.

Mfoni
Hann fadum bi

Mfeɛ ahaanu a atwa mu no, hann fadum bi bɛsoɛɛ abranteɛ bi so wɔ nnuakuo bi mu. Wɔ saa hann no mu, Joseph Smith hunuu Onyankopɔn Agya no ne Ne ba, Yesu Kristo. Wɔn hann no pamoo honhom sum a na akata asaase so na ɛkyerɛ ɔkwan a ɛdi anim maa Joseph smith—ne yɛn nyinaa ara. Ɛnam hann no a ɛdaa adi saa da no nti, yɛbɛtumi anya nhyira a ahyɛma a ɛwɔhɔ nam Yesu Kristo wuma no so.

Gyina Ne nsɛmpa a san aba bio no nti, yɛn Agyenkwa no hann no bɛtumi ahyɛ yɛn ma. Mmom, saa hann no nnihɔ mma wo ne me nko ara. Yesu Kristo akakyerɛ yɛn sɛ “momma mo kanea nhyerɛn wɔ saa nkurɔfoɔ yi anim, ama wahunu mo nnwuma pa na wahyɛ mo Agya no a ɔwɔ soro no animuonyam.”1 Mabɛpɛ saa kasasini “ama wɔahunu no.” Ɛyɛ nkratoɔ a ɛhia Awurade sɛ ɛbɛhia yɛn sɛ yɛbɛboa afoforɔ ama wɔahunu ɔkwan no na wɔnamso aba Kristo nkyɛn.

Mfoni
Ɔpanin L. Tom Perry

Berɛ a na madi mfeɛ 10 no, yɛn abusua nyaa animuonyam sɛ Ɛlda L. Tom Perry a na ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no ho baa yɛn nkyɛn berɛ a ɔbɛyɛɛ adwuma wɔ me kuro mu.

Ɛda no baa awieɛ no, y’abusua ne Perry abusua no tenaa y’asaso a na yɛrenom anodeɛ a ɛyɛ dɛ berɛ a na, Elder Perry bobɔɔ nsɛm a ɛfa ahoteefoɔ a wɔwɔ wiase ho. Meho dwirii me.

Na adeɛ resa berɛ a me maame frɛɛ me kɔɔ agyaare na ɔbisaa me asɛm tiawa sɛ: “Bonnie, wo maa nkokɔ no aduane?”

Makoma: botoee; frisɛ na menyɛɛe. Na mempɛ sɛ mefiri Awurade Somafoɔ anim no nti, mesusuu sɛ anka nkokɔ no bɛtumi akyene kɔm akɔsi anɔpa.

Me maame yii ano tiawa sɛ “daabi.” Ɛhɔ ara na Ɔpanin Perry puee gyaare hɔ na ɔde ne nne a ɛmu yɛ duru no bisaa sɛ, “Asɛ mete sɛ ɛsɛsɛ obi ma nkokɔ no aduane anaa? Me ne me babarima no bɛtumi aka mo ho anaa?

Oh, hwɛ anigyeɛ a ɛyɛ sɛ yɛma nkokɔ no aduane! Metuu mmirika kɔgyee yɛn kanea no. Anigyeɛ so, medii anim hurihurii saa ɔkwan a ɛkɔ nkokɔbuo no ho. Mekura kanea no a meretoto no wɔ me nsam no, yɛtwaa baabi a aburoo wɔ no, na yɛkɔfaa whiit afuom mu.

Meduruu nsuka ketewa bi a na ɛtwa kwan no mu no, mehuri faa so sɛdeɛ mɛyɛ no anwumerɛ biara no. Na mennim sɛ Ɔpanin Perry rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛnante wɔ kwan a ɔnnim so wɔ esum mu. Me kanea a na ɛrebɔ nani ammoa amma no anhunu amena no. Berɛ a na kanea a ɛnnyinaso mma no nhunu adeɛ yie no, ɔtiaa nsuo no mu na ɔde nnea ɛmu yɛ duru teea mu. Mede ahopopoɔ, danee me ho m’adamfo foforɔ yi sɛ ɔreyi ne nan a afɔ afiri amena no mu, na ɔreporo nsuo firi ne nwoma mpaboa duruduru no ho.

Berɛ a na ne mpaboa a afɔ na nsuo atae mu no, Ɔpanin Tom Perry boa maa memaa nkokɔ no aduane. Berɛ a yɛwieeɛ no, ɔde ɔdɔ kakyerɛɛ me sɛ, “Bonnie, mehia sɛ mehunu ɔkwan no mu. Mehia kanea no sɛ ɛhyerɛn wɔ baabi a merenante no.”

Na merehyerɛn me kanea nanso na ɛnnyɛ ɔkwan a ɛbɛboa Ɔpanin Perry. Afei mehunuu sɛ ɔhia me kanea ama watumi afa ɔkwan no mu no, mede kanea no hwɛɛ baabi a na n’anammɔn hwɛ no yetumi san baa fie wɔ ahotɔsoɔ mu.

Me nnuammarima ne nnuammaa, mfeɛ bebree madwendwene nkyerɛkyerɛ no a mesua firi Ɔpanin Perry hɔ no. Awurade no frɛ a ɔfrɛ yɛn sɛ yɛn mma yɛn kanea nhyerɛn nyɛ sɛ yɛnyam yɛn kaneagya na ama wiase ahyerɛn kɛkɛ. Ɛkyerɛ sɛ y’ani kɔ kanea no ho sɛdeɛ afoforɔ bɛtumi ahunu ɔkwan a ɛkɔ Kristo hɔ no. Ɛnesɛ yɛreboaboa Israel ano wɔ saa nkatanimu fa yi—yɛreboa afoforɔ ama wɔn ahunu anammɔn a ɛdi hɔ wɔ berɛ a yɛre yɛ na yɛadi yɛne Onyankopɔn apam kronkron no so.2

Agyenkwa no dii adanseɛ sɛ, “Na hwɛ me ne hann no; Mayɛ ama mo.”3 Moma yɛnhwɛ Ne nhwɛsoɔ no mu baako.

Ɔbaa no a na ɔwɔ subura no ho no yɛ Samariani a na ɔnnim Yesu Kristo na bebree hunuu no sɛ deɛ wayi no totwene wɔ ɔnoara manfoɔ mu. Yesu hyiaa no na ɔne no hyɛɛ nkɔmɔdie ase. Ɔkaa nsuo ho asɛm kyerɛɛ no. Afei ɔde no kɔɔ hann a ɛkɔ anim berɛ a ɔkaa ne ho sɛ ɔno ne “nkwa nsuo no.”4

Na Kristo nam ahummɔbrɔ so nim no ne ne haw. Ɔhyiaa ɔbaa no baabi a na ɔwɔ no na ɔhyɛɛ aseɛ kasa faa nsuo ho, biribi a na ɔnim dada. Sɛ ɔmaa no soo hɔ ara aõ anka ɛbɛyɛ nhyiamudie a ɛyɛ. nanso na anka erenkɔwie sɛ ɔrekɔ kuro no mu. Nanso na anka erenkɔwie sɛ ɔrekɔ kuro no akɔbɔ dawuro sɛ “Mommra, mmɛhwɛ … : ɛnyɛ yei ne Kristo no?”5 Ɔhunuu Yesu kristo, na deɛ na wayɛ nyinaa ara akyiri no, ɔbɛyɛɛ adwinneɛ maa hann, a ɔrehyerɛn ama afoforɔ ahunu ɔkwan no.6

Afei momma yɛnhwɛ nnipa baanu bi a wɔdii Agyenkwa no nhwɛsoɔ a ɛfa kanea a ɛhyerɛn ho. Nnansa yi mu madamfo Kelvin kɔtenaa bɛɛn ɔdwadinii kɛseɛ bi wɔ adidibea. Ɔhaahae wɔ deɛ ɔnkasa mfa ho bɛyɛ nnɔnhwere mmienu. Afei biribi kaa no, na Kelvin bisaaɛ, “Ka wabusua ho asɛm kyerɛ me. Ɛhe na wo firi?”

Na abranteɛ no nim kakra ara bi fa ne nkyiri ho, ɛno nti Kelvin twee ne fon, kaasɛ, “Mewɔ bea bi a ɛtumi kyerɛ nkurɔfoɔ abusua nkyiri. Ma yɛnhwɛ nea yɛbɛtumi ahunu.”

Nkɔmmɔtenten nyina akyiri no, Kelvin adamfo foforɔ no bisaa sɛ, “Adɛn nti na abusua ho hia paa ara saa wɔ moasɔre no mu?”

Kevin yii ano tiawa, “Yɛgyedi sɛ yɛn wuo akyiri no yɛkɔso tena ase. Na sɛ yɛhunu yɛn asefoɔ na yɛde wɔn din kɔ kronkronbea bi a wɔfrɛ no tɛmpol no a, yɛbɛtumi ayɛ ayɛyɛdeɛ a ɛbɛma yɛn mmusua aka abom wɔ mpo owuo akyiri.”7

Kelvin hyɛɛ biribi a na ɔne nadamfo foforɔ no wɔ a ɛyɛ pɛ. Afei ɔnyaa kwan bi so dii adanseɛ faa Agyenkwa no hann ne nedɔ ho.

Asɛm a ɛtɔso mmienu no fa Ella a na ɔbɔ baskɛtball wɔ sukuu mu. Nenwɛsoɔ hyɛɛ aseɛ berɛ a nensa kaa ne mishyen frɛ berɛ a na ɔwɔ sukuu mu. Ɔsii gyinaɛ sɛ ɔbɛte ne frɛ krataa no ano wɔ ne kuofuɔ no anim. Na ɛrekame ayɛ sɛ wɔnim biribiara fa Yesu Kristo Asɔre A Ɛwɔ Hɔ Ma Awieɛ Mmerɛ Yi Mu Ahoteefoɔ no ho na wɔnte pɛ a Ella pɛɛ sɛ ɔkɔsom no ase. Ɔbɔɔ mpaeɛ toatoaa so sɛnea ɔbɛhunu ɔkwan a ɔbɛfa so akyerɛkyerɛ ne nsɛmpa frɛ no mu ama ne mfɛfoɔ no ate aseɛ. Ne mmuaɛ?

“Ella Kaasɛ, “Mehyehyɛɛ sini, ntiatia bi ɛnam sɛ medwo.” Ɔkakyerɛɛ wɔn faa sɛnea ɛbɛtumi aba sɛ ɔbɛsom wɔ misshyen 400-ne akyire mu baako na mpo ebia ɔbɛsua kasa bi. Ɔbobɔɔ mishyenfoɔ mpempem a wɔguso resom so. Ella kɔwiee sɔ ɔde Agyenkwa no mfonin ne ɔnoara nadansedie: iawa so sɛ “Baskɛtball yɛ nneɛma a ɛhia pa awa wɔ mabrabɔ mu no mu baako. Metu firii ɔman no mu baabi na megyaa mabusua hɔ sɛ mɛbɔ ama tenee yei ne saa kuo yi. Nneɛma mmienu pɛ a ɛhia ne pa ara kyɛn basketball yɛ me gyedie ne mabusua8

Afei, sɛ ebia na moredwendwene, “Yei nom yɛ anyinam ahoɔden nsɛneɛ nhwɛsoɔ 1,000 a ɛso nanso meyɛ anyinam ahoɔden nsɛneɛ 20 so bɔlb (kaneatoa), Kae sɛ Agyenkwa no dii adanseɛ sɛ Mene kane a mobɛma so no.9 Ɔkae yɛn sɛ yɛtene yɛn nsa wɔ ne so kyerɛ afoforɔ nko ara a ɔde hann no bɛba.

Me ne wo wɔ hann pii kyɛ seesei ara. Yɛbetumi ama hann aba anammɔn a ediso no mu ama aboa obi ama wabɛn Yesu Kristo, na afei deɛ ɛdiso ne deɛ ɛdiso.

Bisa wo ho, “Hwan na ɔhia hann a wowɔ a ɛbɛma no ahunu ɔkwan a wɔhia nanso wɔnhunu?

Me nnamfo pa, adɛn nti na yɛn kanea a ɛrehyerɛn ho hia saa? Awurade akakyerɛ yɛn sɛ “bebree da so wɔ asaase so a wɔde nokorɛ no ahinta wɔn afrisɛ wɔnhunu faako a wɔbɛhunu no.”10 Yɛbɛtumi aboa Yɛbetumi ahyɛda ahyerɛn yɛn kanea no ho sɛdeɛ afoforɔ behunu. Yɛbetumi ato nsa afrɛ.11 Yɛbetumi ne wɔn a wɔretu anammɔn akɔ Agyenkwa no hɔ no anante mfaho ne agyinaagyina. Yɛbetumi aboaboa Israel ano.

Medi adanseɛ Awurade no bɛyɛ mmɔdenmmɔ ketewa bi ara kɛse. Honhom Kronkron no bɛpusu yɛn ama yɛahunu deɛ ɛsɛsɛ yɛka na yɛyɔ. Anammɔn a ɛtesɛ yei bɛhia sɛ yɛfiri yɛahotɔ mu, nanso yɛbetumi anya awerɛhyem sɛ Awurade bɛboa ama yɛn hann ahyerɛn.

Hwɛ anisɔ a mewɔ ma Agyenkwa no hann, a ɛkɔso nam adigye so di saa asɔre yi anim.

Mfoni
Agyenkwa no a ɔkura kanea

Meto nsa frɛ yɛn nyina ara sɛ yɛbedi Yesu Kristo nhwɛsoɔ no akyiri na yɛafiri ahummɔbrɔ mu ahunu wɔn wɔatwa yɛn ho ahyia no. Hwehwɛ na bɔ mpaeɛ ma akwanya a ɛbɛma wo hann ahyerɛn sɛnea afoforɔ ahunu ɔkwan a ɛkɔ Yesu Kristo hɔ. Ne bɔhyɛ yɛ kɛse: “Deɛ, ɔdi makyire no rennante sum mu, na ɔbɛnya nkwa hann.”12 Medi adanseɛ sɛ yɛn Agyenkwa no ne ɔkwan no, nokorɛ no, nkwa no, ne ɔdɔ no a ɛwɔ wiase. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.