Amansan Nhyiamu
Fapem Papa ma Berɛ no a Ɛbɛba
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Fapem Papa ma Berɛ no a Ɛbɛba

Wɔ mfeɛ a ɛreba no mu, yɛmma Salt Lake Tɛmpol mpuntuo a akɔ so no mpia na ɛnkanyan yɛn.

Abakɔsɛm fa Salt Lake Tɛmpol no ho

Momma yɛnsan yɛn akyiri nkɔ ɔhyew berɛ awia bi wɔ Kitawonsa 24, 1847, bɛyɛ 2:00 p.m. Ɛtoa 111 nna akwantuo a ɛyɛ den so de Asɔre asafomma 148 a wɔyɛ kuo a ɛdii kan kɔɔ atɔeɛ no, Brigham Young, saa berɛ no Titenani ma Asomafoɔ Dumienu Kuo no, na ɔyare na wayɛ mmrɛ ɛnam mmepɔ mu atiridii, wuraa Salt Lake Bonhwa no mu.

Nnanu akyiri no, berɛ a ne ho retɔ no no, Brigham Young dii Asomafoɔ Dumienu Kuo asafomma binom ne afoforɔ bi anim kɔɔ nhwehwɛ mpasatuo. William Clayton twerɛtoo hɔ sɛ: “Bɛyɛ kwansini baako nkyɛmu-mmiɛnsa wɔ nsraban no apueɛ fa mu no, yɛbaa pampa fɛɛfɛ bi so, a ɛda so na esiane kama kɔ atɔeɛ fa mu.”1

Mfoni
Brigham Young wɔ tɛmpol beaeɛ
Mfoni
Brigham Young rehyɛ tɛmpol beaeɛ no nso.
Mfoni
Rehyɛ tɛmpol beaeɛ no nso.

Berɛ a ɔne kuo no rehwehwɛ beaeɛ hɔ no, mpofirim, Brigham Young gyinaae na ɔde ne poma sii asase no so, teaa mu sɛ, “Ɛha na yɛn Nyankopɔn Tɛmpol no bɛsi.” Na nayɔnkofoɔ no mu baako yɛ Ɛlda Wilford Woodruff, a ɔkaa sɛ asɛm no “wuraa [ne] mu te sɛ ayerɛmo,” na ɔde babowa hyɛɛ fam hɔ de hyɛɛ beaeɛ a Titenani Young de poma siiɛ hɔ nso. Wɔyii eka aduanan (16 ha) maa tɛmpol no, na wɔsusuu sɛ ɛwɔ sɛ ahenkuro no da “ahinanan pɛpɛɛpɛ Atifi & Anaafoɔ, apueɛ & atɔeɛ” a tɛmpol no si mfimfini beaeɛ.2

Wɔ Oforisuo 1851 amansan nhyiamu ase, Asɔre asafomma too aba anokorɔ mu de sɔɔ nsɛnkaeɛ no mu sɛ wɔbɛsi tɛmpol “ama Awurade din.”3 Mfeɛ mmienu akyiri, wɔ Ogyefuo 14, 1853 mu, Heber C. Kimball yii saa bea no sii hɔ wɔ fekuo dwasodeyɔ ase a Ahotefoɔ mpem mpem hyiaae, na wɔtee asase no ano maa tɛmpol no nsiiɛ. Bosome kakra bi akyiri no, wɔ Oforisuo 6, wɔtoo tɛmpol no tweatiboɔ kokuroo no de fekuo dwasodeyɔ pii yi sii hɔ, a ɛka ho yɛ awɛmfoɔ a wɔkura frankaa ahosuo pii,ne agofoɔ ne santene a Asɔre mpaninfoɔ di anim firi ntomadan dada hɔ kɔɔ tɛmpol bea hɔ, a wɔmaa nkasaeɛ ne mpaebɔ wɔ abotan nan no mu biara so.4

Mfoni
Salt Lake Tɛmpol fapem
Mfoni
Brigham Young

Wɔ asase nteano dwasodeyɔ hɔ no, Titenani Young kaee sɛ wanya anisoadehunu berɛ a ɔdii kan sii asase no so a na wɔrehwehwɛ bonhwa no fam no, kaa sɛ, “Na menim [ansa], sɛdeɛ menim seesei yi, sɛ ɛha ne asase a wɔbɛsi tɛmpol no —na ɛda manim.”5

Mfeɛ du akyiri no, Brigham Young maa nkɔmhyɛ nhumu a ɛdisoɔ yi wɔ Ahinime 1863 amansan nhyiamu ase: “Mepɛ sɛ mehunu tɛmpol [no] sɛ wɔasi no kwan bi so a ɛbɛtumi agyina mfeɛ apem no ano. Ɛnyɛ yei nko ara ne tɛmpol a yɛbɛsie, ɔha mu ɔha na yɛbɛsie na yɛayiyi asisi hɔ ama Awurade. Saa tɛmpol yi na yɛbɛhunu no sɛ ɛyɛ tɛmpol a ɛdi kan a Nna a ɛdi akyire Ahotefoɔ siiɛ wɔ mmepɔ no so. Mepɛ sɛ saa tɛmpol no gyina te sɛ nkaeɛdum a ama ne homene so a ɛyɛ Onyankopɔn Ahotefoɔ gyedie, animia ne adwumaden wɔ mmepɔ yi mu.”6

Mfoni
Salt Lake Tɛmpol wɔ ne sie mu
Mfoni
Salt Lake Tɛmpol wɔ ne sie mu

Saa abakɔsɛm nhwehwɛmu tiawa yi de me to esuro mu fa Brigham Young ɔdehufoɔ adwuma ho—Ɛdi kan, ɔrehwɛ afiri nokorɛ mu akɔsi sɛ, wɔbɛfa kwan ne nneɛma a ɛwɔ saa berɛ no mu ne bea hɔ a wɔbɛnya, de asi Salt Lake Tɛmpol no wɔ kwan a ɛbɛtumi agyina Mfeɛ Apem mu nyinaa, na ɛtɔ so mmienu, ne nkɔmhyɛ fa daakye tɛmpol sie wɔ wiase afanan, mpo ne dodoɔ kɔ ɔha ne ɔha mu.

Salt Lake Tɛmpol Nsiesie

Te sɛ Brigham Young, yɛn mmerɛ mu diyifoɔ hwɛ Salt Lake Tɛmpol no ne nkaeɛ no nyinaa so yie. Wɔ mfeɛ a atwa mu no, Atitenafoɔ a wɔdi Kan no fir,i berɛ ano berɛ ano, atu Ahwɛfoɔ Dwamtenafoɔ no fo sɛ wɔnhwɛ sɛ Salt Lake Tɛmpol no fapem tim hɔ pintinn. Berɛ a mesomm wɔ Ahwɛfoɔ Dwamtenafoɔ mu no, wɔ Atitenafoɔ a wɔdi Kan adebisa so no, yɛyɛɛ nhwehwɛmu faa Salt Lake Tɛmpol mu baabiara, ma yɛbuu nnɛ yi nneɛma a akɔ anim wɔ nwosoɔ a ɛwɔ asase mu adwini, ne ne sie ho nimdeɛ ano kaa ho.

Yei yɛ nhwehwɛmu a wɔdemaa Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no saa berɛ no: “Wɔ Salt Lake Tɛmpol no nhyehyɛeɛ ne ne sie mu, mfidie mu nimdefoɔ papa, adwumayɛfoɔ a wɔnim de, dansie nneɛma, deɛ wɔde siesie an mu, ne berɛ- ano nneɛma biara a wɔbɛhia no wɔdeyɛɛ adwuma. Ɛfirii sɛ wɔyi sii hɔ wɔ 1893 mu no, tɛmpol no agyina pintinn na asom sɛ gyedie bepɔ so kanea [ne] anidasoɔ na ayɛ hann ama nkorɔfoɔ no. Wɔde ahwɛyie kɛseɛ na adi tɛmpol no mu dwuma, ama ho ate na wɔakora no tebea papa mu. Ɛho abotan denden ne ɛmu fam nnua nteanteaa ne mpunan a ɛsosɔ mu wɔ tebea papa mu. Nansa yi nhwehwɛmu di adanseɛ sɛ beaeɛ a Brigham Young yii sɛ wɔnsi tɛmpol no wɔ dɔteɛ papa a ne pintinnyɛ nnepa.”7

Nhwehwɛmu no wiee sɛ nsiesie papa ne nkɔsoɔ ho bɛhia ama tɛmpol no ayɛ foforɔ na akɔ n’anim ɛho nsiesie ne ani beaeɛ, yiyi nneɛma a atwam, ne asubɔ dabrɛ hɔ. Nanso, wɔkaa nsusuiɛ foforɔ, pii faa nwosoɔ no ho sɛ nsiesie no bɛyɛ papa, ɛhyɛ aseɛ firi tɛmpol no fapem de kɔ ne soro nso.

Tɛmpol no Fapem

Sɛdeɛ wobɛkae no,Titenani Brigham Young ankasa kaa ho kɛse wɔ tɛmple kann no fapem toɔ nyinaa mu, a asom tɛmpol no yie ɛfirii sɛ wɔwiee no mfeɛ127 a atwam no. Nsusuiɛ foforɔ a ɛbɛpagya nwosoɔ a ɛwɔ asase mu nhyehyɛeɛ ma tɛmpol no bɛfa mfididwuma ase a ate ne ho, a wɔannwene ho saa berɛ no a na wɔresie no adi dwuma. Wɔfa yei sɛ foforɔ a aba koraa, a adwini mfididwumayɛfoɔ dodoɔ no ara ka fa asasewosoɔ banbɔ ho.

Mfoni
Tɛmpol nsisie nhyehyɛeɛ
Mfoni
Tɛmpol nsisie nhyehyɛeɛ

Saa mfidi dwuma yi, ɛbaae ɛnnkyɛree yi, na ɛhyɛ aseɛ wɔ tɛmpol fapem toɔ ho, ma banbɔ ahoɔden mu tia sɛeɛ a ɛfiri asasewosoɔ mu. Ne titiriw, ɛma tɛmpol no sie nya ahoɔden ma ɛgyina pitinn, mpo sɛdeɛ asase no ne deɛ atwa ho ahyia fa asasehinhim ne nwosoɔ abasɛm mu no.

Atitenafoɔ wɔdi Kan kaa Tɛmpol no asiesie a ɛbɛfa saa mfidi dwuma yi, afe a atwam no. Wɔ Ahwɛfoɔ Dwamtenafoɔ akwankyerɛ no so, ne nsiesie hyɛɛ aseɛ bosome kakra a atwam yi, wɔ Ɔpɛpɔn 2020 mu. Wɔsusu sɛ wɔbɛwie no bɛyɛ mfeɛ nan mu.

Di Wankasa Fapem ho Nokorɛ

Berɛ a medwenee mfeɛ nan wɔ saa Salt Lake Tɛmpol animuonyamfoɔ, fɛɛfɛ a wɔapagya no, naɔkanyan suro a, mehunu no sɛ ɛyɛ berɛ dodoɔ ma foforɔyɛ kyɛn sɛ ɛyɛ ntomu berɛ! Ne nsɛsoɔ mu no, yɛbɛtumi abisa yɛn ho sɛ, “Sɛn na saa Salt Lake Tɛmpol foforɔyɛ berɛ tenten yi bɛtumi akanyan yɛn ma yɛafa yɛn ankasa honhom mu foforɔyɛ, si no bio, san ba so bio, san bɛdi nkonim, anaa mmaeɛ bio?”

Yɛhwɛ yɛn mu a, ɛbɛtumi ada adi sɛ yɛn ne yɛn mmusua nso bɛtumi anya mfasoɔ afiri yɛn nneyɛɛ binom a ɛhia sɛ yɛyɛ no yie ne asiesie adwuma, mpo awosoɔ a ɛyɛ papa! Yɛbɛtumi ahyɛ kwan bi sei ase abisa sɛ:

“Mehwɛ me fapem a ɛte sɛn?”

“Deɛn na ɛbɔ mu yɛ ɔfasuo pipirii, a ɛtim hɔ, yɛ tweatiboɔ hoɔdenfoɔ a ɛyɛ me ankasa fapem ɛfa, a madansedie gyina soɔ?”

“Deɛn ne fapemtoɔ nneɛma titiriw ma me honhom ne atenka mu suban a ɛbɛma me ne mabusua ho kwan ama yɛagyina pirim ne pintinn, mpo asase hinhim ne awosoɔ nyegyeɛ nsɛm a nokorɛ mu ɛbɛba yɛn asetena mu?”

Nsɛm, a ɛne asasewosoɔ sɛ, a ɛtaa yɛ den sɛ wobɛdi kan aka, na ano yɛden ba mpem ano ahodoɔ bebree mu—de nsɛmmisa anaa adwene ntanta, ahohiahia hyia anaa asiane, reyɛ wankasa ne Asɔre Kannifoɔ ntam mfomsoɔ ho adwuma, asafomma, nkyerɛkyerɛ, anaa nhyehyɛeɛ atentam. Banbɔ papapaa detia yienom da yɛn honhom mu fapem so.

Sɛn na ɛsɛ sɛ yɛn honhom mu tweatiboɔ ma yɛn ankasa ne mmusua asetena yɛ? Asɛmpa no abrabɔ nkyerɛkyerɛ bɛtumi ayɛ tiawa, pefee, na asombo—abusua mpaebɔ, twerɛsɛm sua, tɛmpol nkɔeɛ, Mormon Nwoma no, asɛmpa no sua nam Bra, Di Makyi so, ne fie anwummerɛ adesua. Nneɛma foforɔ a ɛboa hyɛ yɛn honhom mu fapem den bɛtumi ayɛ Gyedikasɛm, abusua dawurubɔ no, ne “Kristo Teasefoɔ No.”

Ɛma me no, nkyerɛkyerɛ a ɛka nsɛmmisa a wɔka sɛ ɛfa wɔ berɛ a woregye tɛmpol nkamfoɔ krataa no som sɛ nnyinasoɔ denden ma honhom mu fapem—nkanka nsɛmmisa nan a ɛdikan no. Mehunu wɔn sɛ honhom mu tweatiboɔ.

Yɛn, nokorɛ mu, nim saa nsɛmmisa yi, sɛdeɛ Titenani Russell M. Nelson kenkan kyerɛɛ yɛn baako baako wɔ amansan nhyiamu a ɛtwaa mu yi.

  1. Wowɔ gyedie ne adansedie wɔ Onyankopɔn, Daapem Agya; Ne Ba, Yesu Kristo; ne Honhom Kronkron no mu?

    Mfoni
    Nyame Baasa no
  2. Wowɔ adansedie wɔ Yesu Kristo Mpata no ne Ne dwumadie sɛ W’agyenkwa ne wo Dimafoɔ no mu?

    Mfoni
    Yesu Kristo Mpata no
  3. Wowɔ adansedie wɔ Yesu Kristo nsɛmpa a Wɔasane de aba no mu?

    Mfoni
    Mmaeɛ bio no
  4. Wotaa Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ no Titenani no akyi sɛ nkɔmhyɛni, odiyifoɔ, ne onipa a, ɔno nko ara na asase yi so ɔwɔ tumi sɛ ɔde asɔfodie nsafoa no nyinaa yɛ adwuma?8

    Mfoni
    Nkɔmhyɛfoɔ

Wotumi hunu deɛ nti a wobɛsusu saa nsɛmmisa yi sɛ nneɛma a ɛsombo wɔ wankasa fapem mu, sɛ ɛboa wo si na ɛma no ahoɔden? Paulo kyerɛkyerɛ Efesofoɔ no asɔre a “wɔsii wɔ fapem a ɛyɛ asuafoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ, a Yesu Kristo no ankasa yɛ tweatiboɔ titire; a ne mu na deɛ wɔde si kabom hyehyɛ nyini yɛ tɛmpol kronkron wɔ Awurade mu.”9

Mfoni
Tɛmpol a ɛwɔ fapem pintinn

Anigyeɛ akɛseɛ wɔ masetena mu baako ne sɛ mede me ho bɛbɔ na manya nkanyan nam Asɔre asafomma so wiase afanan nyinaa, a wɔyɛ gyedie a ɛte ase nhwɛsoɔ wɔ Yesu Kristo ne Nasɛmpa no mu Wɔwɔ ankorankorɛ fapem a ɛyɛ den a ɛma wɔn gyina nyegyeɛ berɛ mu wɔ nteaseɛ pintinn mu, wɔ wɔn tipaeɛ ne yea akyi.

Mede yei reto me ankasa susupɛn so no, ɛnkyɛree na mekasaa wɔ ɔyere kumaa na ɔyɛ ɛna fɛɛfɛ, a ɔte apɔ ayie ase (ɔyɛ yɛn abusua adamfoɔ nso). Na ɔyɛ frɛfrɛ kɔbɔ nkyɛmu a ɛdikan bɔɔlbɔni berɛ a ɔhyiaae na ɔwaree ne kunu a ɔyɛ osuani a ɔhwɛ ɛse. Wɔde ɔbabaa fɛɛfɛ nyansafoɔ bi hyiraa wɔn. Ɔde akokoɔduro koo kokoram yareɛ ahoroɔ bi mfeɛ a ɛmu yɛ den nsia. Ɛmmfa ho ne atenka ne honam mu haw a ɔfaa mu, ɔde ne werɛ hyɛɛ ne dɔfo Ɔsoro Agya no mu, na na nakyidifoɔ wɔ amansan nkratoɔ kwan so taa srɛka nasɛm a agye din sɛ: “Onyankopɔn wɔ deɛ ɔbɛkyerɛ mu.”

Wɔ amansan nkratoɔ kwan baako so no ɔtwerɛɛ sɛ obi abisa no sɛ, “Sɛn na wosi kɔso nya gyedie wɔ akoma yaw nneɛma a atwa wo ho ahyia yi nyinaa?” Ɔde saa nsɛm yi buaa ahoɔden so: “Ɛfiri sɛ gyedie ne adeɛ a ɛde me fa saa esum mmerɛ yi mu. Wowɔ gyedie nnkyerɛ sɛ deɛ ɛnyɛ bɔne ɛreba abɛsi. Wowɔ gyedie mame ho kwan gyedi sɛ hann bɛba bio. Na saa hann no mpo bɛhyerɛn pa ara ɛfiri sɛ manante afa esum no mu. Esum dodoɔ a mahunu mfeɛ a atwa mu yi, ama mahunu hann dodoɔ no ara. M’ahunu no sɛ ɛyɛ adwuma. Mate ɔsoro abɔfoɔ nka. Mahunu sɛ na me Soro Agya soa me. Sɛ asetena yɛɛ mmerɛ a, anka mennhunu yei mu biara. Mennhunu sa asetena yi daakye, nanso megyedie nnyɛ saa. Sɛ meyi sɛ menya gyedie a ɛnneɛ na mayi sɛ mɛnante esum mu nko ara. Ɛfiri sɛ gyedie nni hɔ a, esum nko ara ne deɛ aka.”10

Ne gyedie adansedie a ɛnnhinhim wɔ Awurade Yesu Kristo mu—wɔ ne nsɛm ne ne nneyɛɛ mu—yɛɛ nkanyan maa afoforɔ. Mpo sɛ ne nipadua yɛɛ mmerɛ, ɔpagyaa afoforɔ sɛ wɔbɛnya ahoɔden.

Te sɛ saa onuabaa yi, megyedi sɛ Asɔre yi asafomma afoforɔ a wɔntumi nkan wɔn, akofoɔ te sɛ ɔno, a ɔde gyedie nantee dabiara, bɔ mmɔden di nokorɛ yɛ Agyekwa, Yesu Kristo asuafoɔ a wɔn aba mu mmu. Wɔsua Kristo. Wɔka Kristo asɛmpa. Wɔbɔ mmɔden sua No. Sɛ wɔn nkwa nna gyina asase pintinn anaa deɛ ɛwoso soɔ, wɔnim sɛ wɔn fapem wɔ ahoɔden na ɛgyina pintinn.

Yeinom ne wɔn a wɔte nkyerɛaseɛ a ɛmu dɔ fa nnwom “Sɛdeɛ fapem no mu yɛ den, mo Awurade Ahotefoɔ ma Awurade” wɔn a w’adwane akɔ Agyenkwa No hɔ “akɔpɛ atukɔ tenabea“11 Meda ase ma ɛboro so sɛ menante wɔn a wɔasiesie honhom mu fapem ntam a ɛfata Ahotefoɔ na wɔwɔ ahoɔden ne banbɔ a ɛbɛso de asɔ asetena mu dedeyɔ dodoɔ no mu.

Mennye nni sɛ yɛbɛtumi aka ama aboro so ɛho ɛhia fa saa fapem yi ho wɔ yɛn ankasa asetena mu. Mpo wɔnnyiiɛ no, wɔkyerɛ yɛn mmɔfra a wɔn wɔ Nhyɛaseɛ kuo mu berɛ a wɔto dwom fa saa nokorɛ yi ho:

Barima nyansafoɔ no sii ne dan wɔ ɔbotan so,

Na osuo siane guu fam. …

Osuo siane baa fam, na nsuyiri baa soro,

Na efie a ɛwɔ ɔbotan so no gyinaa dinn.12

Twerɛsɛm hyɛ saa ahyɛaseɛ nkyerɛkyerɛ yi mu den. Agyenkwa no kyerɛkyerɛɛ nkorɔfoɔ a na wɔn wɔ Amerika no:

“Na sɛ mobɛyɛ saa nneɛma yi daa nyina ara a, nhyira ne mo, ɛfiri sɛ moa si mo dan wɔ me botan no so.

“Mmom deɛ ɔwɔ mo ntam a ɔbɛyɛ deɛ ɛkyɛn sei anaa deɛ ɛnnuru sei no, nsii wɔ me botan no so, mmom wasi no wɔ anwea fapem so; na sɛ nsuo tɔ na sɛ nsuyire ba, na mframa no bɔ, na ɛbɛboro wɔn a, wɔbɛdwiri agu.”13

Ɛyɛ Asɔre kannifoɔ nokorɛ anidasoɔ sɛ, Salt Lake Tɛmpol no foforɔyɛ titiriw de bi bɛka ho ma aba mu, Brigham Young ne pɛ sɛ ɔhunu “tɛmpol no sɛ wɔasi no kwan bi so a ɛbɛtumi agyina mfeɛ apem no ano.” Wɔ mfeɛ a ɛreba no mu, ɛyɛ me mpaebɔ sɛ saa nkɔsoɔ a yɛreyɛ wɔ Salt Lake Tɛmpol no bɛkɔ na akanyan yɛn, ankorɛankorɛ ne mmusua, sɛ yɛn nso—kasakoa mu—“wɔasi no kwan bi so a ɛbɛtumi agyina mfeɛ apem no ano.”

Yɛbɛyɛ no saa berɛ a yɛreyɛ ma aba mu asodie a Ɔsomafoɔ Paulo kaae “[hyehyɛ] na sie ma [yɛn ho] fapem papa na agyina berɛ a ɛbɛba ano, ama [yɛn] atumi asɔ nkwa a ɛnni aiweɛ mu.”14 Ɛyɛ me mpaebɔ denden sɛ yɛn honhom mu fapem bɛyɛ pintinn, na yɛn adanseɛ fa Yesu Kristo Mpata no ho ne Ne dibrɛ sɛ yɛn Agyenkwa ne Ɔgyefoɔ bɛba abɛyɛ ama yɛn yɛn ankasa tweatiboɔ titirie no, ɔno a medi adanseɛ Ne din mu, mpo Yesu Kristo, amen.

Atwerɛ.

  1. William Clayton nsɛmma nwoma, Kitawonsa 26, 1847, Asɔre Abakɔsɛm Nwomakorabea, Salt Lake City.

  2. “Wɔ Ntomadan mu hɔ, Titenani Woodruff ne Smith kasa kyerɛ Ahotefoɔ no Nnora Awia,” Deseret Evening News, Ɔsannaa 30, 1897, 5; “Pioneers’ Day,” Deseret Evening News, Kitawonsa 26, 1880, 2; Wilford Woodruff nsɛmma nwoma, Kitawonsa 28, 1847.

  3. “Amansan Nhyiamu Atwerɛeɛ ma Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire ahotefoɔ, wɔyɛɛ wɔ Great Salt Lake City, State of Deseret, Oforisuo 6, 1851,” Deseret News, Oforisuo 19, 1851, 241.

  4. Hwɛ“ Tɛmpol No,” Deseret News, Feb. 19, 1853, 130; “Minutes of the General Conference,” Deseret News, Apr. 16, 1853, 146; “Minutes of the General Conference,” Deseret News, Apr. 30, 1853, 150.

  5. “Kasa a ɛnam Titenani Brigham Young so,” Millennial Star, Apr. 22, 1854, 241.

  6. “Kasa a ɛfiri President Brigham Young hɔ,” Deseret News, Oct. 14, 1863, 97.

  7. Ahwɛfoɔ Dwamtenafoɔ nkasaeɛ fa Salt Lake Tɛmpol ho ma Atitenafoɔ a Wɔdi kan no, Ahinime 2015.

  8. Hwɛ Russell M. Nelson, “Awieɛ Nsɛm,” Liahona, Obubuo, 2019, 121.

  9. Efesofoɔ 2:20–21.

  10. Amansan nkratoɔ kwan nam Kim Olsen White so.

  11. “Hwɛ Fapem a Emu Yɛ Den,” Nnwom, no. 85.

  12. “Ɔba Nyansafoɔ no ne Ɔba Kwasea no,” Mmɔfra Nnwonnwoma, 281; wɔyi ntimu no firi hɔ.

  13. 3 Nifae 18:12–13; ɛnsisoɔ ka ho.

  14. 1 Timoteo 6:19; ɛnsisoɔ ka ho.