Amansan Nhyiamu
Adanseɛ a Ɛte ase fa Kristo Teasefoɔ no ho.
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Adanseɛ a Ɛte ase fa Kristo Teasefoɔ no ho.

Mormon Nwoma no nkra titiri pa ara ne sɛ ɛbɛsan de nokorɛ nimdeɛ fa Yesu Kristo dibrɛ titire wɔ amansan nkwagyeɛ ne mmasoɔ ho aba.

Wɔ 2017 mu, fefɛberɛ awia da bi a na Paris France Tɛmpol nsrahwɛ no rekɔ so ara no, ɔbarima bi de awerɛhonimu bɔ pinii mpasa kwankyerɛfoɔ no mu baako. Ɔkaa sɛ ɔte bɛn tɛmpol no na ɔgye too mu sɛ wayɛ osidifoɔ ahoɔden so fa ɛdan no sie ho. Ɔkaa sɛ, dakoro bi a na ɔrehwɛ abɔntene firi ne dan mpoma mu no, ɔhwɛɛ ahoɔdenmɛnsa kɛseɛ bi a ɛbrɛɛ Yesu honin ase bɔkɔɔ firii ɔsoro bɛsii tɛmpol no adihɔ. Ɔbarima no de too dwa sɛ saa suahunu no sesaa n’atenka ma ɛwieeyɔ fa yɛn Asɔre no ho. Ɔnyaa nhumu sɛ yɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ na ɔsrɛɛ yɛn hɔ bɔnefakyɛ fa ɔhaw a watumi aha yɛn dada no.

Mfoni
Stateo a esi Paris France Tɛmpol so

Ohonin no a ɛyɛ Kristus, a ɛsiesie Paris Tɛmpol adihɔ ma ɛyɛ fɛ ne Asɔre agyapadeɛ afoforɔ, di ɔdɔ a yɛwɔ ma Agyenkwa no ho adanseɛ. Ɔbotan honin kann no yɛ Danisni mfoninyɛfoɔ Bertel Thorvaldsen adwuma, a ɔde ɛboɔ senee no wɔ 1820—afe korɔ no ara te sɛ Anisoadehunu a Ɛdi kan no. Saa ohonin no yi ne ho adi yie wɔ mfoninyɔ ne deɛ wɔseneeɛ dodoɔ no ara mu saa berɛno mu, a ɛkyerɛ ne kɛseɛ, Kristo amanehunu wɔ asɛnnua no so. Thorvaldsen adwuma no kyerɛ Kristo teasefoɔ no, ɔno a ɔdii nkonim wɔ owuo so na, ɔbue ne nsa mu, to nsa frɛ obiara sɛ wɔmmra ne nkyɛn. Nnadewa no ntintim wɔ nsa ne Ne nan mu ne apirakuro wɔ Ne nkyɛn mu nko ara na ɛdi adanseɛ fa yea a wonntumi nkyerɛkyerɛ mu a ɔgyinaa mu de gyee amansan nyinaa nkwa.

Mfoni
Agyenkwa No nsa a ɛsi Christus no so

Ebia, deɛ nti, yɛn Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ asafomma dɔ saa ohonin yi ne sɛ, ɛkae yɛn fa nkyerɛkyerɛmu a wɔde ma wɔ Mormon Nwoma no mu fa Agyenkwa no sɛ ɔpuee wɔ Amerika asasepɔn no so.

Mfoni
Yesu Kristo kɔsera Amerikafoɔ no

“Na hwɛ, wɔhunuu Ɔbarima bi sɛ ɔresiane afiri ɔsoro; na ɔhyɛ ataade fitaa; na ɔbaa fam na ɔbɛgyinaa wɔn mfimfini.

“Na ɛbaa sɛ ɔtenee ne nsa na ɔkasa kyerɛɛ nkorɔfoɔ no, kaa sɛ:

“Hwɛ, Mene Yesu Kristo,

“Na m’anom kuruwa nwononwono no a Agya no de ama me no ano, na mahyɛ Agya no animuonyam sɛ mefaa wiase bɔne too me ho so.”1

Afei, Ɔtoo nsa frɛɛ ɔbarima, ɔbaa, ne abɔfra biara sɛ wɔmfiri mmra mfa wɔn nsa mmɛwura Ne nkyɛn mu na wɔnka nnadewa no ntintim wɔ Ne nsa ne ne nan, ama wɔanya wɔn ankasa adanseɛ sɛ nokorɛ mu Ɔno ne Mesaia a wɔatwɛn no akyɛre no.2

Saa ahwɛdeɛ titiri yi yɛ Mormon Nwoma no mpɔmpɔnsoɔ. Asɛmpa no “amanneɛ dɛɛdɛ” no nyinaa akɔhyɛ saa Agyenkwa mfonini yi mu, a ɛde timmɔborɔ atene Ne “adom nsa”3 reto nsa afrɛ ankorankorɛ biara sɛ ɔmmra Ne nkyɛn na ɔmmɛgye Ne Mpata no mu nhyira.

Mormon Nwoma no nkra titiri pa ara ne sɛ ɛbɛsan de nokorɛ nimdeɛ fa Yesu Kristo dibrɛ titire wɔ amansan nkwagyeɛ ne mmasoɔ ho aba. Saa asɛmtire yi woso denden firi nnianim kratafa no so fa mu kɔsi ti a ɛtwa toɔ no asɛm a ɛtwa toɔ koraa. Ɛnam honhom mu basaayɛ ne mfeha mu ɔwaeɛ nti, bunu mu nteaseɛ fa deɛ Kristo yɛɛe wɔ Getsemane ne Golgota bɛyeraae anaa sɛeeɛ. Anigyeɛ atenka a bɛyɛ sɛ Joseph Smith nyaae, berɛ a na ɔrekyerɛ 1 Nifae ase na ɔhunuu saa bɔhyɛ nwanwasoɔ yi: “Saa twerɛtohɔ a ɛtwatoɔ [Mormon Nwoma no] … bɛda deɛ ɛdikan no nokorɛyɛ adi [Twerɛ Kronkron no] … na ɛbɛda nneɛma no a ɛyɛ pefee na ɛsombo a wayiyi afiri mu no adi; na wɔbɛda no adi akyerɛ mmusua, kasa, ne nkorɔfoɔ nyinaa sɛ, Onyankopɔn Adwammaa no ne Ɔnniawieɛ Agya no Ba no, ɔno ne wiase Agyenkwa no; na ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa ba ne hɔ, anyɛ saa a wɔrennya nkwagyeɛ .”4

Nokorɛ a ɛyɛ pefee na ɛsombo fa Agyenkwa no Mpata no ho bunkam so wɔ Mormon Nwoma no mu baabiara. Berɛ a meretwerɛ saa nokorɛ yi mu dodoɔ yi, meto nsa frɛ wo sɛ dwene ho fa sɛdeɛ asesa anaa anka ɛbɛtumi asesa w’asetena

  1. Yesu Kristo Mpata no yɛ akyɛdeɛ kwa a ɔde ma obiara a ɔno atena ase, a seesei ɔte ase, na ɔno tena asase so.5

  2. Deɛ ɛka ho sɛ ɔresoa yɛn bɔne ho adesoa no, Kristo no fa too Ne ho so yɛn awerɛhoɔ, ahoɔmmerɛ, amanehunu, yaredɔm, ne ahohiahia biara a aka yɛn hɔ wɔ onipa tebea a ewuo yi mu. Ahoyera, yea, anaa awerɛhodie biara nni hɔ a Wannhunu ho amane amma yɛn.6

  3. Agyenkwa no mpata afɔreɛ no ma yɛn kwan ma yɛdi Adam Ahweaseɛ no abirabɔ akatua no so, a honam mu wuo ka ho. Ɛnam Kristo nti, Onyankopɔn ba biara a wɔawo no wɔ asase yi so, ɛmmfa ho ne wɔn teneneeyɛ, bɛnya wɔn honhom ne honamdua nkabom nam Owusɔreɛ tumi no so7 na wɔasan akɔ Ne nkyɛn “abu wɔn atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.”8

  4. Wode toto ho a, worenya Agyenkwa no Mpata nhyira no nyinaa gyina yɛn nsiyɛ so9 sɛ yɛde bɛbɔ bra “Kristo nkyerɛkyerɛ no.”10 Wɔ ne daeɛ mu no, Lihae hunuu “kwan a ɛyɛ teatea na ɛyɛ hiahia no”11 a ɛdi anim kɔ nkwa dua no ho. N’aduaba, a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn dɔ sɛdeɛ wɔkyerɛ nam Agyenkwa no Mpata nhyira a ɛso yie no, “sombo kɛse na ɛyɛ akɔnnɔ dodo … [na] ɛno ne Onyankopɔn akyɛdeɛ nyinaa mu kɛseɛ.”12 Sɛdeɛ yɛbɛnya saa aduaba yi ho kwan no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ gyedie wɔ Yesu Kristo mu, sakyera, “tie Onyankopɔn asɛm,”13 gye ayɛyɛdeɛ a ɛhohia, na yɛdi apam kronkron so kɔsi yɛn nkwa awieɛ.14

  5. Ɛnam Ne Mpata no so, Yesu Kristo anhohoro yɛn bɔne nko ara, mmom ɔsan nso maa mmoa tumi a ɛnam so a N’asuafoɔ bɛtumi “[de] ayi nipa su afiri hɔ,”15 akɔ anim “nkakra nkakra,”16 akɔ anim wɔ kronkronyɛ mu17 sɛ ɛbɛyɛ a dakoro bi wɔatumi abɛyɛ abɔdeɛ a ewie pɛyɛ wɔKristo nsɛsoɔ so,18 na wɔafata sɛ wɔn ne Onyankopɔn bɛtena bio19 na wɔanya ɔsoro nhyira biara wɔ aheman mu.20

Nokorɛ awerɛkyekyerɛ foforɔ a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu ne sɛ, ɛwɔ mu sɛ ɛnni ano na ɛwɔ hɔ ma amansan, nanso Awurade Mpata no yɛ adɔeɛ akyɛdeɛ a ɛyɛ sononko ankasa, a ɛfata yɛn mu biara ankorɛankorɛ.21 Sɛdeɛ Yesu too nsa frɛɛ Nifaefoɔ asuafoɔ no mu biara sɛ ɔmmɛka N’apirakuro no, Ɔwu maa yɛn mu biara, ankasa, te sɛ deɛ wo anaa me nko ara ne onipa a ɔwɔ asase yi so. Ɔtrɛ mu ma n’ankasa to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmra Ne nkyɛn mmɛtwe Ne Mpata nhyira nwanwasoɔ no.22

Kristo Mpata no ankasa su mpo bɛyɛ kann kɛse berɛ a yɛsusu mmarima ne mmaa sononko nhwɛsoɔ wɔ Mormon Nwoma no mu. Ɛka wɔn ho yɛ Enos, Alma, Zeezrom, Ɔhene Lamoni ne ne yere, ne Ɔhene Benjamin nkorɔfoɔ no. Wɔn adwensakra anansesɛm ne adanseɛ a ɛte apɔ, siesie adanseɛ a ɛte ase, fa sɛdeɛ yɛn akoma bɛtumi asesa na ɛnam Awurade adom ne ne papayɛ a ɛnni ano no so, yɛn asetena abɛsesa.23

Nkɔmhyɛni Alma bisaa ne nkorɔfoɔ saa asɛmmisa hyehye yi: “Sɛ moanya nsesaeɛ wɔ mo akoma mu, na sɛ moate nka sɛ moto ɔgyeɛ a ɛyɛ ɔdɔ nnwom a, mɛbisa, mote nka, seesei?”24 Saa asɛmmisa yi ho hia ɛnnɛ, ɛfiri sɛ, yɛyɛ Awurade asuafoɔ yi, ɛsɛ sɛ Ne gyeɛ no tumi no ka yɛn ho, kanyan yɛn, na ɛsesa yɛn daa ne dabiara.

Alma asɛmmisa no yɛbɛtumi abisa no sei nso: berɛ bɛn na ɛtwatoɔ a wotee Agyenkwa no Mpata nkɛntɛnsoɔ dɛdɛ no wɔ wo asetena mu? Yei ba berɛ a wote “anigyeɛ a ɛso na ɛyɛ dɛ” nka25 sɛ ɛba wo so na ɛdi adanseɛ kyerɛ wo kra sɛ wɔde wo bɔne akyɛ wo; anaa berɛ a mpofirim, sɔhwɛ a ɛmu yɛya mu bɛyɛhare sɛ wosoa; anaa berɛ a wo akoma adwodwo ma wotumi kyerɛ bɔnefakyɛ ma obi a w’apira wo. Anaa ɛtumi ba sɛ berɛ biara wohunu w’ahoɔden a wode dɔ, de som afoforɔ sɛ akɔ soro, anaa ahoteɛ kwan a wafa so no reyɛ wo onipa foforɔ, na ahyehyɛ di Agyenkwa no nhwɛsoɔ akyiri.26

Medi adanseɛ sɛ saa suahunu yi nyinaa yɛ kann na ɛyɛ adanseɛ sɛ ɛnam gyedie wɔ Yesu Kristo ne Ne Mpata no so, abrabɔ bɛtumi asesa. Mormon Nwoma no kyerɛ mu na ɛbae yɛn nimdeɛ mu fa saa akyɛdeɛ a ɛkorɔn yi ho. Sɛ wosua saa nwoma yi a, wobɛte Kristo a ɔte ase no nne sɛ ɛreto nsa frɛ wo sɛ bra Ne nkyɛn.Mormon Nwoma no Mehyɛ bɔ sɛ, sɛ wogye saa ɔfrɛ yi to mu na wohyehyɛ wo asetena wɔ Ne nhwɛsoɔ so a, Ne gyeɛ no nkɛntɛnsoɔ bɛba wo asetena mu. Ɛnam Sunsum Kronkron no tumi so, Agyenkwa no bɛdane wo daa ne daa “kɔsi da a ewie pɛ yɛ”27 a wobɛ, sɛdeɛ ɔde too dwa sɛ, “Hwɛ m’anim na woahunu sɛ me wɔ hɔ.”27 Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.