Amansan Nhyiamu
Nkabom Wɔ Onyankopɔn Adwumayɛ Mu
Oforisuo 2020 amansan nhyiamu


Nkabom WɔYɛrewie Onyankopɔn Adwuma Mu

Ɔkwan a ɛyɛ adwuma paa ara so a yɛtumi ma yɛn soro ahoɔden sɛ yɛbɔ mu yɛ adwuma, yɛ nhyira a ɛfiri tumi ne hokwan a ɛwɔ asɔfodie no mu.

Me nnuamma ne nnuammarimma adɔfoɔ, ɛyɛ anigyeɛ sɛ yɛne mo wɔ ho Baabi ara a moretie firi bi ara no, mema me nnuammanom awaawaatuu na metene me nsa firi m’akoma mu kyea me nnuammarimmanom. Yɛyɛ baako wɔ Awurade adwuma no mu.

Sɛ yɛdwendwene Adam ne Hawa ho a, adwene a edikan a ɛtaa ba yɛn adwene mu yɛ wɔn anigyeɛ asetena a na ɛwɔ Eden turo mu. Mede mani bu sɛ na ɛwiem nsakyeraɛ no wie pɛyɛ berɛ nyinaa—ɛnyɛ hye pii na ɛnyɛ nwunu pii nso—na afei nnuaba ne atosodeɛ a ɛyɛdɛ abuso a wɔtumi di bi berɛ a wɔpɛ biara. Ɛnam sɛ na yei yɛ wiase foforɔ ma wɔn no nti, bebree wɔ hɔ a na wɔn nhunuuɛ, dabiara yɛ anigyeɛ berɛ a na wɔne mmoa di asie na wɔkyinkyini wɔn tenabea fɛɛfɛ no mu no. Afei wɔsan maa wɔn mmransɛm sɛ wɔnni so, na na wɔwɔ akwan bebree a na wɔbɛfaso adi saa nhyɛ no so a, ahyɛaseɛ no ɛde adwendwene a wɔnhunu nea wɔnnyɛ baaeɛ.1 Nanso berɛ a wɔsii agyinaeɛ binom a ɛsesaa wɔn asetena afebɔɔ no, wɔsuaa sɛdeɛ wɔyɛ adwuma bom na wɔkabɔɔm yɛɛ deɛ ɛbɛma Onyankopɔn botaeɛ aba mu ama wɔn—ne Ne mma nyina ara.

Afei fa wani twa mfonin ma saa awarefoɔ yi wɔ honam asetena mu. Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma pɛ wɔn ano aduane, na mmoa no mu bi hunu wɔn sɛ wɔn aduane, na akwansideɛ bebree a ɛmu yɛ den wɔhɔ a na wɔbɛtumi adiso nkunim wɔ berɛ a wɔdwene na wɔbɔ mpaeɛ bom. Mede mani bu sɛ, mmerɛ kakra bi baaeɛ a na wɔwɔ adwenkyerɛ soronko fa sɛnea na ɛsɛsɛ wɔtu anammɔn wɔ saa akwansideɛ no ho. Ne nyina ara mu no, ɛnam ahweaseɛ no nti, wasua sɛ ɛhohia sɛ wɔtu anammɔn wɔ kroyɛ ne ɔdɔ mu. Wɔ nkyerɛkyerɛ a wɔnya firii ɔsoro akwanso no, wɔkyerɛɛ wɔn nkwangyeɛ nhyehyɛɛ ne Yesu Kristo nsɛmpa ho nkyerɛkyerɛ no a ɛma nhyehyɛɛ no yɛ adwuma. Ɛnamsɛ wɔtee aseɛ sɛ wɔn asaase so botaeɛ ne enniawieɛ botaeɛ sɛ no nti, wɔnyaa ahomka ne nkunimdie wɔ berɛ a wɔsua sɛ wɔbɛyɛ adwuma abom wɔ ɔdɔ ne tenenee mu.

Mfoni
Adam ne Hawa rekyerɛkyerɛ wɔn mma adeɛ

Berɛ a wɔwoo mmofra no, Adam ne Hawa kyerɛkyerɛɛ wɔn abusua nea wɔsua firii ɔsoro asomafoɔ hɔ no. Na esi wɔn aniso sɛ wɔbɛboa wɔn mma nso ama wɔateaseɛ na wɔagye saa nkyerɛkyerɛ no a na ɛbɛma wɔn anigyeɛ wɔ saa asetena yi mu atom, na asan nso asiesie wɔn ama wɔatumi asan akɔ wɔn soro awofoɔ nkyɛn berɛ a wɔn atu mpɔn akyerɛ wɔn setie ama Onyankopɔn. Wɔ nhyehyɛɛ no mu, Adam ne Hawa suaa sɛ wɔn ani bɛsɔ wɔn ahoɔden mu nsonsonoe na wɔsɔɔ wɔnho wɔnho asene wɔ wɔn enniawieɛ adwuma a ɛhia.2

Berɛ a mfie-aha ne mpepepem baaeɛ kɔɔɛno, atorɔne ntawantawa mununkum bɛkataa mmarima ne mmaa nkanyan ne somboafo mmoa a na ɛdahɔ pefee no so. Ɛfiri berɛ a na saa ahyɛaseɛ nwanwasoɔ a na ɛwɔ Eden turo no mu bɛsi seesei no, ɔsɛefoɔ no adi nkunim kakra wɔ ne botae sɛ ɔtete mmarimma ne mmaa ntam wɔ , ne pɛ sɛ ɔbɛdi yɛn akra so nkunim no. Lucifer nimsɛ, sɛ ɔbɛtumi asɛe nkabom atenka a mmarimma ne mmaa wɔ no a, sɛ ɔbɛtumi ayera yɛn adwene fa yɛn soro bo a yɛsom ne yɛn apamhyɛ ho asɛdeɛ a ɔbɛdi nkunim sɛ ɔresɛe mmusua a ɛyɛ ɔfa a ɛhia wɔ enniawieɛ mu.

Ɔbonsam twetwe ntotoho sɛ ɔkwan a ɔnamso de atenka bi sɛ obi di obi so anaasɛ ɔhyɛ obi ase na ɔde nokorɛ a enniaweɛ sɛ mmarimma ne mmaa ntam nsonsonoeɛ firi Onyankopɔn na ne nyina ara sombo no sie. Wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛbu mmaa ntoboa abomfeaa wɔ abusua ne wɔn a wɔn a wɔn ani abue mu, na ɔnamso abrɛ wɔn nhyɛsoɔ a ɛde nnepa ba no ase. Ne botaɛ ayɛ sɛ, ɔpɛsɛ ɔboa tumi mu apereapereɛ sen sɛ ani bɛsɔ ntoboa soronko a mmarimma ne mmaa yɛ a ɛboa obiara deɛ na ɛde nkabom ba.

Ɛno nti, mfeɛ pii a abɛsen wɔ wiase nyinaa ara mu no nteaseɛ a ɛwie pɛyɛ a ɛfa ntoboa ne asodie a ɛfa mmarima ne mmaa mu biara tumi yɛ sɛ ankorankorɛ no ayera koraa. Mmaa a wɔwɔ akuokuo bebree mu no bɛyɛɛ mmarima asomfoɔ sen sɛ wɔyɛ ayɔnkoɔ wɔ afa ne afa, wɔn dwumadie ayɛ ketewa. Honhom munkankɔ twentwɛnee no mu; ampa ara, honhom mu hann kakra ara bi na ɛtumi wura adwene ne akoma a nhyɛsoɔ amammerɛ ahyɛ mu ma.

Na afei nsɛmpa wasan de-aba no hann hyerɛɛn “kyɛnee awia hann” berɛ a Onyankopɔn”3 Agya no ne Neba Yesu Kristo yii wɔnho adi kyerɛɛ abarima Joseph wɔ spring mu wɔ afe 1820 wɔ saa nnuakuo kronkronbea no mu wɔ New York. Deɛ ɛsiiɛ no hyɛɛ nnɛmmerɛ yi mu adiyie a ɛfiri ɔsoro no ase. Adeɛ baako a na ɛwɔ kann Kristo Asɔre no mua wɔdiikan san de baaeɛ neɛ Onyankopɔn asɔfodie tumi no. Berɛ a deɛ wasan de aba bio no rekɔso so no, mmarimma ne mmaa hyɛɛ aseɛ san hunuu hia a ɛhia ne ahoɔden a ɛwɔmu sɛ wɔbɛyɛ adwuma abom sɛ aboafoɔ, sɛdeɛ wama ho kwan ne akwankyerɛ wɔ saa adwuma kronkron yi mu.

Mfoni
Mmaakuo anoboaboa

Wɔ afe 1842 mu, berɛa na mmaa a wɔn wɔ asɔre no a na ɛrema ne mu so no pɛɛ sɛ wɔte mmarakwanso kuo deboa adwuma no mu no, Titenani Joseph Smith nyaa nkayan atenka sɛ ɔboaboa wɔn ano wɔ “asɔfodie no ase nam asɔfodie nhyehyɛɛ kwan so.”4 Ɔkaasɛ, “Afei medane safoa no ma mo wɔ Onyankopɔn din mu; yei yɛ nna papa ahyɛaseɛ.”5 Na ɛfiri berɛ a wɔkyimm saa safoa no, nwomasua, amanyɔsɛm ne asetena mu akwanya a ɛwɔhɔ ma mmaa hyɛɛ aseɛ pagyaa nkakrankakra wɔ wiase mu nyinaa ara.6

Saa Asɔrekuo foforɔ ma mmaa a wɔfrɛ no Reliif Sosaiti yi, na ɛne mmaakuo biara nsɛa wɔ saa mmerɛ no mu , afirisɛ nkɔmhyɛni a ɔde asɔfodie tumi yɛ adwuma na ɔteeɛ de tumi, asɛdeɛ kronkron ne gyinabea ahodoɔ wɔ asɔre no nhyehyɛɛ mu a ɛnte mfiri ho ma mmaa.7

Efiri nkɔmhyɛni Joseph Smith mmerɛ so bɛsi yɛn mmerɛ yi mu no, nneɛma nyinaa nhyɛ mu a a ɛrekɔso no de nhunumuu a ɛfa hia a ɛhiasɛ sɛ yɛde akwannya ne tumi a ɛwɔ asɔfodie mu no boa mmarimma ne mmaa na wɔtumi wie ɔsoro asɛdeɛ a wɔde ahyɛ wɔn nsa no. Nansa yi mu wakyerɛ yɛn sɛ mmaa a wɔnam obi a ɔkura asɔfodie nsafoa akwankyerɛ so te wɔn ho no de asɔfodie tumi na ɛyɛ adwuma wɔ wɔn frɛ mu.8

Wɔ Ahinime 2019, Titenani Russell M. kyerɛkyerɛɛ sɛ mmaa a wɔagye wɔn akyɛdegyeɛ wɔ tempol no wɔ asɔfodie tumi wɔ wɔn abrabɔ ne wɔn afie mu berɛ a wɔdi saa apam kronkron a wɔne Onyankopɔn ahyɛ so no.9 Ɔkyerɛĩyerɛkyerɛɛmu sɛ “ɔsoro abue ama mmaa a wɔagye Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛresane firi wɔn asɔfodie apam mu sɛnea abue ama mmarimma a wɔkura asɔfodie no pɛpɛɛpɛ.” Na ɔhyɛɛ ɔbaa biara nkuran sɛ “wɔntwe Agyenkwa no tumi kwa sɛnea ɛbɛboa mo abusua ne afoforɔ a wodɔ wɔn.”10

Ɛno nti deɛn na ɛkyerɛ ma wo ne me? Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛte asɔfodie akwannya ne tumi no aseɛ ɛsesa yɛn abrabɔ? Nsafoa no mu baako ne sɛ yɛbɛte aseɛ sɛ mmaa ne mmarima yɛ adwuma bɔ mu a yɛwie dodoɔ no ara sen sɛ yɛreyɛ no sɛ ankorankorɛ.11 Yɛn asɛdeɛ yɛ ntoasoɔ senn akansie. Ɛwom sɛ wɔnhyɛ mmaa asɔfodie gyinabea, nanso sɛnea yɛadikan ahunu no, mmaa nya asɔfodie tumi nhyira berɛ a wɔdi wɔn apam so, na wɔde asɔfodie ho akwamma yɛ adwuma berɛ a wɔatu wɔn ho asi hɔ ama ɔfrɛ bi.

Wɔ Ɔsanaa da fɛɛfɛ bi mu , meti yɛɛyie maa me ne Titenani Russell M. Nelson tenaa ase wɔ Joseph ne Emma Smith fie a wɔasiesie no mu wɔ Harmony, Pennsylvania, a ɛbɛn baabi a wɔsan de Aaron asɔfodie tumi no san baaeɛ wɔ nna a ɛdi akyire yi mu no. Wɔ yɛn nkɔmmɔdie mu no, Titenani Nelson kasa faa ahiadeɛ a mmaa yɛɛ wɔ san-fa-ma no mu.

Titenani Nelson: “Adeɛ baako a ɛka nneɛma a ɛhia paa ara kae me berɛ a meba bea a deɛ aba bio no siiɛ no ne dwuma a mmaa diiɛ wɔ deɛ aba bio no mu.

Berɛ a ɛdikan a Joseph hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ Mormon Nwoma No ase no, hwan na ɔhyɛɛ atwerɛtwerɛ no? Ɛyɛ, ɔyɛɛ kakra, nanso nnyɛ bebree. Emma baa mu.

“Na afei medwane sɛdeɛ Joseph kɔɔ nnuagyinabea no a ɛbɛn wɔn fie wɔ Palmyra, New York no mu kɔbɔɔ mpaeɛ. Ɛhe na ɔkɔɔeɛ? Ɔkɔɔ Nnuagyinabea Kronkron no mu. Adɛn nti na ɔkɔɔ hɔ? Ɛfirisɛ ɛhɔ na ne maame kɔ berɛ a ɔpɛ sɛ ɔbɔ mpaeɛ.

Na yeinom yɛ mmaa a na wɔdi dwumadie kɛseɛ wɔ asɔfodie no ne Asɔre a aba bio no mu baako pɛ. Akyinnyeɛ nni ho, anka yɛbɛtumi aka sɛ yɛn yerenom nso hia nnɛ yi mu te sɛ saa mmerɛ no mu ara pɛ. Ampa ara ɛte saa.”

Tesɛ Emma ne Lucy ne Joseph no, yɛyɛ adwuma yie berɛ a yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛsua afiri yɛnho yɛnho na yɛkabom wɔ yɛn botae sɛ yɛbɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ na yɛaboa afoforɔ wɔ saa kwan no so.

Wakyerɛɛ yɛn sɛ “asɔfodie hyira Onyankopɔn mma abrabɔ wɔ akwan bebree so. … Wɔ [Asɔre] frɛ mu, tɛmpol ayɛyɛdeɛ mu, abusua twaka, ne ankorankorɛ sommu, Nna A Ɛdi Akyire Ahoteefoɔ mmaa ne mmarimma de asɔfodie tumi ne akwamma na ɛkɔ anim. Obidanbi a ɛda mmarimma ne mmaa ntam wɔ Onyankopɔn adwumayɛ mu wɔ ne tumi so no di akotene wɔ Yesu Kristo nsɛmpa a ɛnam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so asan aba no mu.”12

Nkabomu ho hia wɔ adwuma kronkron a yɛanya akwanya na wafrɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ no, nanso ɛnsi kɛkɛ. Ɛhia mmɔdemmɔ ne mmerɛ na wɔatumi adwene abom—atie yɛn ho yɛn ho ate afoforɔ nsusuieɛ ase, na yɛakyɛ suahun—nanso ɔkwan no wie yie wɔ gyinaeɛ a nkanyan wɔ mu. Sɛ ɛyɛ efie anaa wɔ yɛn asɔre asɛdeɛ mu no, ɔkwan pa a yɛfa so ma yɛn soro ahoɔden ba mu no ne sɛ yɛbɛyɛ adwuma abom, yɛanya nhyira a ɛfiri asɔfodie tumi ne akwamma no mu wɔ berɛ a yɛreyɛ yɛn asɛdeɛ soronko.

Deɛn na saa nkabomyɛ no te wɔ apam mu mmaa abrabɔ mu nnɛ yi? Ma me ne wo nkyɛ nhwɛsoɔ bi.

Mfoni
Awarefoɔ a wɔte tandem sakre so

Na Alison ne John wɔ bomdwuma a na ɛyɛ soronko. Na wɔka dadepɔnkɔ a baanu na ɛka wɔ mirika akansie a ɛware ne deɛ ɛyɛ tia mu. Sɛ obi bɛtumi de saa afidie no asi akan adi nkunim a, ɛsɛ sɛ saa nipa baanu a wɔreka no adwene yɛ baako. Ɛsɛ sɛ wɔkyea kɔ faako wɔ berɛkorɔ ara mu. Baako ntumi nhyɛ ɔfoforɔ so nanso, ɛsɛ sɛ wɔtumi di nkitaho yie na obiara yɛ nafam deɛ. Ɔsahene no, a ɔdi anim no wɔ tumi kyerɛ berɛ a ɛsɛ sɛ wɔgyina hɔ. Onipa a, ɔte akyire no hia sɛ ɔma n’adwene kɔ nea ɛrekɔ so no so na ɔyɛ ahoboa sɛ wɔn reka akyiri kakra a ɔbɛmia mirika no mu anaasɛ sɛ wɔbɛn wɔn a wɔdi anim no dodo a ɔbɛto neboase. Ɛsɛ sɛ wɔboa wɔnhowɔnho sɛnea wɔbɛ kɔ wɔn anim na wɔnya deɛ ɛsi wɔn aniso.

Alison kyerɛkyerɛɛmu sɛ: “Mmerɛ kakra a ɛdikan no, nipa a ɔwɔ sahene tenabea no ka sɛ ‘Sɔre’ berɛ a yɛhia sɛ yɛsɔre ɛna waka ‘Brek’ berɛ a yɛhia sɛ yegyae ntiasoɔ. Mmerɛ kakra akyiri no, nipa no a na ɔyɛ stoka no sua hunu berɛ a sahene no rebɛsɔre agyina anaasɛ ɔrebɛbɔ brek a na ɛnhia sɛ ɔkasa bio. Yɛsua hunuu sɛnea na obiara reyɛ na yɛtumi kyerɛɛ berɛ a baako ho rekyere no na [afei] ɔfoforɔ no nso bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkanyan ntesan no. Ampa ara, na nenyina ara fa gyedie ne sɛ yɛreyɛ adwuma abom.”13

Na John ne Alison wɔ nkabom nyɛ sɛ na wɔhia sɛ wɔn sakre no kɔ anim nko ara na mmom na wɔwɔ nkabom wɔ wɔn awareɛ mu nso. Obiara hwehwɛɛ ɔfoforɔ anigyeɛ senee ɔno ara deɛ; obiara hwehwɛɛ adepa a ɛwɔ ɔfoforɔ mu na wɔyɛɛ adwuma yii ade papa biara nni ne mu adwene firii wɔn mu. Wɔsakaraa mu maa obiara dii anim na wɔsan sakraa mu maa obiara nso boaaɛ wɔ berɛ a na ne hokafoɔ ho rekyere no mu. Obiara ani sɔɔ ɔfoforɔ mmoa na wɔnyaa mmuaeɛ pa maa wɔn akwansideɛ berɛ a wɔkaa wɔn adom akyɛdeɛ bɔɔ mu. Nokorɛ wɔnam Kristo dɔ mu aka wɔn ho abom.

Yɛrete nhyehyɛeɛ kronkron a ɛnam so ma yɛyɛ adwuma bom hia pa ara wɔ saa nna yi mu a “medeɛ-kane” nkratoɔ na atwa yɛn ho ahyia yi mu. Mmaa wɔ ɔsoro akyɛdeɛ soronko na, wɔama wɔn14 asɛdeɛ a ɛda nso, nanso ɛnonom nnyɛ deɛ—ɛhohia kɛse anaa sɛ ɛho nhia kɛse--kyɛn mmarima akyɛdeɛ ne asodie. ne nyinaa wɔahyehyɛ na ehia sɛdeɛ ɛbɛma Soro Agya no nhyehyɛɛ kronkron sɛ Ɔbɛma ne mma mu biara akwanya papa a ɛbɛtumi ama wɔn hyɛbrɛ kronkron no aba mu.

Ɛnɛ, “yɛhia mmaa a wɔwɔ yɛn Maame Hawa” akokoɔduro ne nanisoadehunu na wɔatumi15 ne wɔn nnuamarimma aka abom berɛ a wɔde akra rebrɛ Kristo nkyɛn.16 Ɛhia ma mmarimma sɛ wɔbɛyɛ nokorɛ bomfoɔ sen sɛ wɔdwene sɛ wɔn nko ara na wɔwɔ asɛdeɛ “apatu” bomfoɔ wɔ berɛ a mmaa na wɔyɛ nnwuma no mu bebree. Ɛhia ma mmaa sɛ “ wɔnya ɔpɛ sɛ wɔbɛte asi [nkan] na [wɔafa] wɔn gyinabea a ɛyɛ na ɛhia sɛ”17 abomfoɔ sen sɛ wɔredwene hia a ɛhia sɛ wɔn nko ara yɛ biribiara anaasɛ wɔtwɛn ma wɔkakyerɛ wɔn nea wɔn nnyɛ.18

Yɛrehunu mmaa sɛ ahokafoɔ a ɛhia pa ara no nyɛ sɛ yɛreyɛ “atipɛnsɛm” na mmom sɛ yɛrete nokorɛ nkyerɛkyerɛ ase. Yɛbɛhyehyɛ dwumadie bi ama saa abaso no, yɛbɛtumi akeka yɛnho ayɛ adwuma ama yɛahunu mmaa bo a wɔsom sɛnea Onyankopɔn hu no: sɛ bomfoɔ wɔ nkwagyeɛ ne mpegya dwumadie no mu.

Yɛasiesie yɛn ho? Yɛbɛpere sɛ yɛbɛgyae amammerɛ mu nhwɛkyea na mmom yɛgye ɔsoro kwan ne nneyɛɛ a ɛgyina nkyerɛkyerɛ fapem so anaa? Tetenani Russell M. Nelson to nsa frɛ yɛn sɛ yɛne saa kronkron adwuma yi “nante nto abasakɔnmu … [mfa] mmoa nsiesie wiase mma Awurade mmaeɛ a ɛtɔso mmienu no.”19 Sɛ yɛyɔ saa a yɛbesua sɛnea ankorankorɛ biara ntoboa sombo na ama ahokeka a yɛde ma yɛn soro asɛdeɛ ba mu na akɔ nkan. Yɛbenya anigyeɛ atenka akyɛn sɛdeɛ yɛanya no pɛn.

Yɛn mu biara mfa sɛ ɔbenya nkabom wɔ Awurade nkanyan kwan so sɛ ɔbɛboa ama N’adwuma akɔ anim. Wɔ Ne Dɔba Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. Hwɛ Gyenesis 3:1–18; Moses 4:1–19.

  2. Hwɛ Mose 5:1–12. Saa ti yinom kyerɛ fa Adam ne Hawa nokorɛ bomdwuma: wɔbɔɔ mu nyaa mma (verse 2); wɔyɛɛ adwuma bɔɔ mu hwɛɛ wɔnho ne wɔn abusua (nkyekyɛmu (verse 1); wɔbɔɔ mpaeɛ bɔɔ mu (verse 4); wɔdii Onyankopɔn mmaransɛm so na wɔbɔɔ afɔreɛ bɔɔ mu (verse 5); wɔsuaa adeɛ (verses 4, 6–11) na wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn mma Yesu Kristo nsɛmpa no bɔɔ mu (verse 12).na wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn mma Yesu Kristo nsɛmpa no bɔɔ mu

  3. Joseph Smith—Abakɔsɛm 1: 16.

  4. Joseph Smith, in Sarah M. Kimball, “Auto-Biography,” Woman’s Exponent, Sept. 1, 1883, 51; see also Teachings of Presidents of the Church: Joseph Smith (2007), 451.

  5. Joseph Smith, in “Nauvoo Relief Society Minute Book,” 40, josephsmithpapers.org.

  6. Hwɛ George Albert Smith, “Address to the Members of the Relief Society,” Relief Society Magazine, Dec. 1945, 717.

  7. Hwɛ John Taylor, wɔ Nauvoo Relief Society Minutes, Mar. 17, 1842, available at churchhistorianspress.org. Ɛyɛ asɛm a Eliza R. Snow kaeɛ, Joseph Smith nso kyerɛkyerɛɛ sɛ na waboaboa mmaa ano wɔ mmerɛ a adikan no mu (Hwɛ Eliza R. Snow, “Female Relief Society,” Deseret News, Apr. 22, 1868, 1; Daughters in My Kingdom: The History and Work of Relief Society [2011], 1–7).

  8. Hwɛ Dallin H. Oaks, “The Keys and Authority of the Priesthood,” Liahona, May 2014, 49–52.

  9. Hwɛ Russell M. Nelson, “Spiritual Treasures,” Liahona, Nov. 2019, 78, 79.

  10. Russell M. Nelson, “Spiritual Treasures,” 77.

  11. “Nanso asɛmpa a wasan de aba no kyerɛkyerɛ daapem nsusueɛ sɛ awarefoɔ mma bidanbi mmra wɔn ntam. Wɔn nyinaa yɛ pɛ. Wɔyɛ nnanfonom” (Bruce R. and Marie K. Hafen, “Crossing Thresholds and Becoming Equal Partners,” Liahona, Aug. 2007, 28).

  12. Asɛmpa no atifinsɛm, “Joseph Smith’s Teachings about Priesthood, Temple, and Women,” topics.ChurchofJesusChrist.org.

  13. Woankasa krataa-twerɛ.

  14. Hwɛ Russell M. Nelson, “A Plea to My Sisters,” Liahona, Nov. 2015, 95–97.

  15. Russell M. Nelson, “A Plea to My Sisters,” 97.

  16. Hwɛ General Handbook: Serving in The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints, 1.4, ChurchofJesusChrist.org.

  17. Russell M. Nelson, “A Plea to My Sisters,” 97.

  18. Me mmammaanom, sɛnea wo frɛ te biara, sɛnea wowɔmu te biara no; yɛhia wo nsusuieɛ, wo nhunumu ne wo nkanyan. Yɛhia wo sɛ wobɛkasa wɔ wɔɔd ne stek abadwakuo mu. Yɛhia nnuabaa warefoɔ biara sɛ ɔkasa sɛ ɔboafoɔ ne bomdwumafoɔ mua berɛ a wo ne wo kunu kabɔ mu di moabusua so. Sɛ ɔwarefoɔ anaa sigyeni, mo nnuammaa wɔ ahoɔden ne adenim soronko bi a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Yɛn anuanom yi ntumi nyɛ mo nhyɛsoɔ soronko no sɛsoɔ.

    “Yɛhia moahoɔden!” (Russell M. Nelson, “A Plea to My Sisters,” 97).

  19. Russell M. Nelson, “A Plea to My Sisters,” 97.