Twerɛnsɛm
Nnianim


Nnianim

Mormon Nwoma no yɛ twerɛsɛm kronkron te sɛ Twerɛ Kronkron nso. Ɛyɛ twerɛtohɔsɛm a ɛfa kwan a Onyankopɔn si ne tetefoɔ a na wɔte Amɛrika Nsaasepɔn no tenaaɛ, ɛne asɛmpa a ɛtehɔ daa no mahyɛ no ma wɔ mu.

Tete nkɔmhyɛfoɔ bebree na wɔnam nkɔmhyɛ honhom ne yikyerɛ so twerɛɛ nwoma yi. Nkɔmhyɛni-abakɔsɛmtwerɛfoɔ bi a wɔfrɛ no Mormon na ɔfaa wɔn nsɛm a watwerɛ wɔ sika mprɛte so no na ɔtwitwaa so ntiantia twerɛe. Twerɛtohɔsɛm no ka anibue akɛseɛ mmienu bi ho asɛm. Baako firi Yerusalem wɔ mfie ahansia akyire yi ansa na ɔrewo Kristo no mu, na ɛno akyire yi no, wɔn mu kyɛɛ aman mmienu a edin a ɛdeda wɔn so ne Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ. Deɛ ɛka ho no dii kan baae wɔ mmerɛ a Awurade danee wɔn kasa wɔ mmerɛ a na wɔresi Abantentene wɔ Babel no. Saa ekuo yi na wɔfrɛ wɔn Yaredfoɔ. Mfie mpempem akyire yi no wɔsɛee wɔn nyina ara maa no kaa Lamanfoɔ, na wɔn kɛseɛ ne Amɛrika Indiafoɔ ne wɔn agyanom ankasa.

Deɛ ɛkorɔn na ɛdi akotene wɔ twerɛe a ɛwɔ Mormon Nwoma no mu no ne Awurade Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ a ɔde maa Nifaefoɔ no wɔ ne wusɔreɛ akyire yi pɛpɛɛpɛ no. Ɛda asɛmpa no ne nkyerɛkyerɛ no adi, ɛda nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ no adi, na ɛka deɛ ɛsɛ sɛ nnipa yɛ a ɔnam so bɛnya asomdwoeɛ wɔ saa asetena yi mu na wanya nkwagyeɛ a ɛnniawieɛ wɔ asetena a ɛreba no mu.

Mormon wieeɛ no, ɔde maa ne ba Moronae maa ɔno nso de ɔno ara ne nsɛm kakra kaa ho na ɔde mprɛte no kɔhyɛɛ esie Kumora mu. Bosomee Kitawonsa da a ɛtɔ so aduonu baako, afe apem ahanwɔtwe ne aduonu mmiɛnsa mu na saa Moronae no a saa mmerɛ no na wasɔre afiri awufoɔ mu na wahyɛ no animuonyam no yii ne ho kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith na ɔkyerɛɛ no nsɛm a ɛfa tete twerɛtohɔsɛm ne sɛdeɛ wɔbɛsi akyerɛ aseɛ akɔ Enyirensi kasa mu ho asɛm.

Mmerɛ a ɛsɛ mu no, wɔyii mprɛte no maa Joseph Smith ɛmaa ɔno nso nam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne tumi so kyerɛɛ aseɛ. Seisei watintim twerɛtohɔsɛm yi akɔ kasa ahodoɔ mu sɛ ɛnyɛ adansedie foforɔ bio sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn teasefoɔ no Ba na wɔn a wɔbɛba ne nkyɛn na wadi n’asɛmpa no ho mmara ne ayɛyɛdeɛ so no, wɔbɛgye wɔn nkwa.

Deɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith kaa wɔ saa twerɛtohɔsɛm yi ho ne sɛ: “Meka kyerɛɛ anuanom no sɛ, nwoma a ɛwɔ asaase yi so nyina ara no, Mormon Nwoma no paa ara na mfomsoɔ biara nni mu, kyɛn nwoma biara a ɛwɔ asaase yi so, na ɛyɛ yɛn asɔre yi botantim, na obiara a ɔbɛdi ne mu nsɛm so no, ɔbɛbɛn Onyankopɔn kyɛn sɛ ɔbɛdi nwoma biara mu nsɛm so.”

Sɛ Joseph Smith firi hɔ a, Awurade san yii sika mprɛte no adi kyerɛɛ nnipa du baako bi nso, ama wɔayɛ adansefoɔ soronko wɔ nokware ɛne kronkronyɛ wɔ Mormon Nwoma no ho. Wɔn adansedie a wɔatwerɛ no,wɔde ahyɛ nwoma yi mu sɛ Adansefoɔ Mmiɛnsa Adanseɛ ne Adansefoɔ Nnwɔtwe Adanseɛ no.

Yɛto nsa frɛ nnipa a wɔwɔ baabiara nyina ara sɛ wɔn nkenkan Mormon Nwoma no na wɔn nwennwene ɛmu nsɛm no ho wɔ wɔn akoma mu, na wɔmisa Onyankopɔn, Agya a Ɔnniawieɛ no, wɔ Kristo din mu sɛ nwoma no yɛ nokware anaa. Wɔn a wɔfa saa kwan yi so na wɔbisa wɔ gyedie mu nam Honhom Kronkron tumi so bɛnya ne nokware ne ne kronkronyɛ ho adanseɛ (Hwɛ Moronae 10:3–5).

Wɔn a wɔnya saa adansedie kronkron a ɛfiri Honhom Kronkron no hɔ yi nam saa tumi no ara so de bɛhunu sɛ Yesu Kristo ne Wiase Agyenkwa na Joseph Smith yɛ ne ɔdiyifoɔ ne nkɔmhyɛni wɔ saa nna a ɛdi akyire yi mu, na Yesu Kristo Asɔre no a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ yɛ Awurade aheman a ɔde aba asaase so bio de resiesie kwan ato hɔ ama Mesaia mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no mu.

Adansefoɔ Mmiɛnsa Adanseɛ

Aman, mmusuakuo, kasa hodoɔ ne nnipa nyina ara a saa nsɛm yi bɛba wɔn hɔ no nhunu sɛ: yɛnam Onyankopɔn Agya ne yɛn Awurade Yesu Kristo adom so ahunu saa mprɛte a twerɛtohɔsɛm yi wɔ so no, a ɛyɛ twerɛtohɔsɛm a ɛfa Nifae nkurɔfoɔ, ne Lamanfoɔ nso a wɔyɛ wɔn nuanom, ne Yarɛd nkurɔfoɔ nso a wɔfri abantentene no a Moronae aka ho asɛm no.Na yɛnim nso sɛ wɔnam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne tumi so kyerɛɛ aseɛ, ɛfiri sɛ ne nne na ɛdaa no adi kyerɛɛ yɛn, ɛno nti yɛnim pefee sɛ saa nsɛm yi yɛ nokware. Na yɛn nso yɛdi ho adanseɛ sɛ yɛhunuu nkrukyireɛ no a ɛwɔ mprɛte no so no, na wɔnam Onyankopɔn tumi so yi kyerɛɛ yɛn, na ɛnyɛ nnipa tumi so. Na yɛka no wɔ anidahɔ kann mu sɛ Onyankopɔn soro bɔfoɔ firi soro sanee de beguu yɛn anim, na yɛhwɛɛe na yɛhunuu mprɛte no ne nkrukyireɛ a ɛwɔ so no, na yɛnim sɛ ɛnam Onyankopɔn Agya, ne yɛn Awurade Yesu Kristo adom so na yɛhunuui, na yɛdi adanseɛ sɛ saa nneɛma yi yɛ nokware. Na ɛyɛ nnwanwa wɔ yɛn ani so. Nanso Awurade nne hyɛɛ yɛn sɛ yɛni ho adanseɛ, ɛno nti sɛ yɛbɛyɛ setie ama Nyankopɔn mmaransɛm no nti, yɛdi saa nneɛma yi ho adanseɛ. Na yɛnim sɛ, sɛ yɛdi nokware wɔ Kristo mu a, yɛbɛyi yɛn ntaadeɛ afiri adasamma nyina ara mogya mu, na wɔanhunu nkekaawa biara wɔ yɛn ho baabiara wɔ Kristo atɛmmuo-adwa no anim, na yɛ ne no atena asetena a ɛnniawieɛ wɔ ɛsoro. Na animuonyam no ka Onyankopɔn Agya, ne ɔba no, ne Honhom Kronkron no a ɔyɛ Onyankopɔn baako no. Amen.

Oliver Cowdery

David Whitmer

Martin Harris

Adansefoɔ Nnwɔtwe Adanseɛ

Aman, mmusuakuo, kasa hodoɔ ne nnipa nyina ara a saa nsɛm yi bɛba wɔn hɔ no nhunu sɛ: Joseph Smith, Kumaa, a ɔkyerɛɛ nsɛm yi ase no de mprɛte a waka ho asɛm no akyerɛ yɛn, na mprɛte no so te sɛ sika kɔkɔɔ; na ne mu dodoɔ ara a saa Smith no kyerɛɛ aseɛ no, yɛde yɛn nsa sosɔɔ mu, na yɛhunuu nkrukyireɛ no nso a ɛwɔ so no, na ɛso nneɛma nyina ara yɛ tete nsanoadwuma, na saa nyansadwuma yi yɛ soronko. Na yɛde anidahɔ kann di yei ho adanseɛ sɛ saa Smith no de kyerɛɛ yɛn, na yɛhunuui na yɛmaa so hwɛɛe na yɛnim pefee sɛ saa Smith no nsa aka mprɛte no a yɛaka ho asɛm no. Na yɛde yɛn din ma wiase de di adanseɛ kyerɛ wiase wɔ deɛ yahunu no. Na yɛrenni atorɔ, Onyankopɔn di ho adanseɛ.

Christian Whitmer

Jacob Whitmer

Hiram Page

Joseph Smith, Panin

Peter Whitmer, Kumaa

Hyrum Smith

John Whitmer

Samuel H. Smith

Nkɔmhyɛni Joseph Smith Adanseɛ

Nkɔmhyɛni Joseph Smith no ara ankasa ano mu nsɛm a ɛfa sɛdeɛ Mormon Nwoma no si baaeɛ ho:

“Bosome Ɛbɔ da a ɛtɔ so aduonu-baako wɔ afe [1823] mu…anwummerɛ no…Mebɔɔ mpaeɛ na me koto srɛɛ Otumfoɔ Nyankopɔn….

“Mmerɛ a megu so rebɔ mpaeɛ akyerɛ Onyankopɔn no, mehunuu kanea bi sɛ ɛrepue me dan mu, na ɛkɔɔ so hyerɛnn ara kɔsii sɛ ɛdan no mu yɛɛ hann kyɛnn prɛmoto berɛ mpo. Ankyɛre na nipa bi pueɛ wɔ me mpa no nkyɛn, na na ɔsensɛn hɔ a ne nan nka fam.

“Ɔhyɛ batakari fufuo bi a ani da hɔ kyɛn ade fufuo biara a mahunu no wɔ asaase yi so pɛn; na mennye nni sɛ biribi wɔ asaase yi so a ɛbɛtumi ahyerɛn fitaa saa. Ne nsa ho ne ne basa, fiti ne bakɔn de kɔ soro kakra no da hɔ kwa a biribiara nkata ho. N’anamɔn ne ne nan ho derekɔ soro kakra, ne ne nantini kɔ soro kakra no nso da hɔ kwa. Ne tiri ne ne kɔn ho nso da hɔ kwa. Mehunu sɛ ɔnhyɛ ataadeɛ biara bio ka saa batakari yi ho, ɛnam sɛ, na emu abue nti na metumi hunu ne koko mu.

“Na ɛnyɛ ne batakari no nko ara na na ɛyɛ fitaa mmorosoɔ, mmom na ne nipadua no nyina ara animuonyam no boro nkyerɛkyerɛmu so, na na ne hwɛbea, nokware mu, te sɛ ayerɛmoo. Na ɛdan no mu hyerɛnn mmorosoɔ deɛ nanso na ɛnto nkanee deɛ no a na atwa ne nipadua ho ahyia no. Mmerɛ a mehunuu no ahyɛaseɛ no, ɛhu kaa me, mmom ankyɛre na ɛhuu no firii hɔ ntɛm ara.

“Ɔde me din frɛɛ me na ɔsee me sɛ ɔyɛ ɔbɔfoɔ a wɔsomaa no firii Onyankopɔn nkyɛn sɛ ɔmra me hɔ, na wɔfrɛ no Moronae; na Onyankopɔn wɔ dwumadie bi de ma me, sɛ menyɛ; na aman, mmusuakuo ne kasa hodoɔ nyina ara bɛka deɛ ɛyɛ wɔ me ho na wɔaka deɛ ɛnnyɛ anaasɛ wɔbɛbɔ me dinpa ne dinbɔne wɔ aman ahodoɔ nyina ara so.

“Ɔsee me sɛ ɔde nwoma bi a wɔatwerɛ agu sika mprɛte so asie. Na nwoma no ka tete nkurɔfoɔ a wɔtenaa ɔman yi mu, ne baabi a wɔfiri baaeɛ ho nsɛm. Ɔkaa bio sɛ Asɛmpa a ɛtehɔ daa no a mahyɛ no ma no wɔ mu sɛdeɛ Agyenkwa no de maa tetefoɔ no, wɔ nwoma no mu;

“Ebio, ɔkaa sɛ, aboɔ mmienu bi a ɛhyɛ dwetɛ tadua mu—na saa aboɔ yi, a ɛfemfam nkataboɔ bi ho no, na wɔfrɛ no Urim ɛne Thummim [hann ne pɛyɛ]—a ɛka mprɛte no ho de asie; na wɔn a na wɔkuta saa aboɔ yi yɛ Adehunufoɔ, mmienu yi na wɔdeyɛ adwuma tete mmerɛ mu no anaa sɛ kanee mmerɛ mu no na Onyankopɔn asiesie yeinom sɛ wɔde bɛkyerɛ nwoma no ase.

· · · · · · ·

“Bio ɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ me nsa ka saa mprɛte no a waka ho asɛm no a—ɛfiri sɛ, na mmerɛ no a ɛsɛ sɛ me nsa ka no nnuruiɛ—ɛnsɛ sɛ medekyerɛ obiara, ne nkataboɔ, Urim ne Thummim no; gye sɛ wɔn a ɔbɛkyerɛ me sɛ memfa nkyerɛ wɔn no nko ara, ɔse, sɛ medekyerɛ a wɔbɛsɛe me. Mmerɛ a ɔgu so ne meretwetwe mprɛte no ho nkɔmmɔ no, anisoadehunu wɔ m’adwene mu bueɛ a na ɛmu yɛ pefee a ɛmaa mehunuu baabi pɔtee a mprɛte no hyɛ, na mmerɛ a mekɔɔ baabi korɔ no bio no, mehunuu sɛ ɛyɛ ɛhɔ ara.

“Nkitahodie yi akyire yi no, mehunuu sɛ kanea a ɛwɔ ɛdan no mu no retwe boa ano refa nipa a na ɔrekasa me ho no ho ara kɔpem sɛ ɛdan no mu yɛɛ ɛsum bio sɛdeɛ na ɛteɛ dada no, maa ɛkaa kakraa bi wɔ ne ho. Na prɛko pɛ, mehunuu sɛ asɛ tokuro bi a ɛkɔpem ɛsoro abue, na ɔforo kɔɔ soro kɔpem sɛ ɔyeraae koraa, na ɛdan no mu yɛɛ ɛsum sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmerɛ a na ɛsoro kanea no mfirii ɛsoro mpue hɔ no.

“Medaa hɔ komm dwendwenee anwanwadeɛ kɛseɛ a ɛsiiɛ ne nsɛm a ɔsomafoɔ soronko no aka akyerɛ me no nko ara ho; na mmerɛ a megu so redwendwene no, mpofirim mu ara, mehunuu sɛ, me dan no mu ahyɛ aseɛ reyɛ hann bio, na prɛko pɛ sɛdeɛ ɛyɛɛ dada no, saa ɔsomafoɔ a ɔfiri soro no bɛgyinaa me mpa no nkyɛn bio.

“Ɔhyɛɛ aseɛ, na bio, ɔkaa saa nsɛm korɔ no a ɔkaa no ahyɛaseɛ no kyerɛɛ me a na nsonsonoɛ biara nni mu. Ɛno akyire yi no, oyii me asotire a ɛfa ntɛmmuo akɛseɛ a na ɛreba asaase yi so no nsunsuansoɔ, asaase a ɛnam ɛkɔm, akokoakoko ne nsaeyareɛ nti ɛbɛda mpan, na saa anibereɛ ntemmuo yi bɛba asaase yi so wɔ saa mmerɛ yi mu. Ɔkaa saa kyerɛɛ me akyire yi no, ɔkɔɔ soro sɛdeɛ ɔyɛe no ahyɛaseɛ no.

“Saa mmerɛ yi no, nsɛm no tɔɔ m’adwene so ara maa nna mpo firii m’ani so. Deɛ mahunu, ne deɛ mateɛ no bunkamm me so maa me daa hɔ ahodwiriso. Na deɛ ɛyɛɛ me ahodwiri kɛseɛ mpo ne sɛ, mehunuu saa ɔsomafoɔ korɔ no ara wɔ me mpa no nkyɛn, na metee sɛ ɔresi so, anaa ɔreka saa nsɛm a ɔka kyerɛɛ me no so bio ɛte sɛ kanee no, na ɔbɔɔ me kɔkɔ kaa ho sɛ Satan bɛpɛ sɛ ɔbɛsɔ me ahwɛ ɛnam ohia tebea a m’agya abusua wɔ mu nti, sɛ ɔbɛnya mprɛte no afiri me nsa mu ama ɔde anya ne ho; ɔbɔɔ me kɔkɔ sɛ ɛmma mennya adwene foforɔ biara wɔ mprɛte no ho ka deɛ medebɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam, na ɛmma me mma botae biara nhyɛ me so ka n’aheman nkyekyerɛɛe ho, anyɛ saa a me nsa renka.

“Na nsra yi mprɛnsa so akyire yi no, ɔforo kɔɔ soro bio sɛdeɛ ɔyɛe no ahyɛaseɛ no, na ɔsan gyaae me maa medwendwenee anwanwadeɛ a mahunu no seisei no ho; ɔsomafoɔ a ɔfiri soro no firii me nkyɛn foroo soro ne mprɛnsa so akyire yi no pɛ na akokɔ bɔneeɛ, na mehunuu sɛ adeɛ rekye, yei maa mehunuu sɛ anka yɛn nkɔmmɔtwetwee no regye mmerɛ anadwo mu no nyina ara.

“Ɛyɛɛ kakra no, mesɔre firii me mpa so, na sɛdeɛ ɛte daa no, mekɔɔ adwuma sɛdeɛ me yɛ no dabiara no, nanso mmerɛ a mebɔɔ mmɔden sɛ mereyɛ adwuma sɛdeɛ meyɛ no mmerɛ biara no, mehunuu sɛ m’ahoɔden asa, ɛno nti mantumi anyɛ hwee koraa. M’agya a me ne no reyɛ adwuma no hunuu sɛ biribi reha me, enti ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔfie. Meyɛɛ m’adwene sɛ merekɔ fie, nanso mmerɛ a mehyɛɛ aseɛ sɛ mereforo ɛban a wɔde agye asaase a yɛwɔ mu no ho no, m’ahoɔden dii me hwammɔ koraa maa me hwee ase a mantumi ankame me ho, na manhunu hwee wɔ mmerɛ kakra bi mu.

“Adeɛ a ɛdi kan a mɛtumi akae yɛ ɛne a ɛrekasa kyerɛ me na ɔde me din refrɛ me. Me maa m’ani so kyerɛɛ soro na mehunuu ɔsomafoɔ korɔ no ara sɛ ɔgyina m’atifii na ɛhan atwa ne ho ahyia sɛdeɛ mehunuu no ahyɛaseɛ no. Ɔsan sii nsɛm a ɔkaa no anadwo no nyina ara so, na ɔhyɛɛ me sɛ menkɔ m’agya hɔ na menka anisoadehunu ne mmaransɛm a manya no nkyerɛ no.

“Medii so, mesan kɔɔ m’agya hɔ wɔ asaase no so hɔ kɔkaa nsɛm no nyina ara kyerɛɛ no. Ɔbuaa me sɛ, ɛfiri Onyankopɔn na ɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔ nkɔyɛ deɛ ɔsomafoɔ no ahyɛ mɛ sɛ menyɛ no. Mefirii ewura mu hɔ, na mekɔɔ baabi a ɔsomafoɔ no aka akyerɛ me sɛ mprɛte no hyɛ no, na ɛnam sɛ anisoadehunu a mennyae faa ho no yɛ pefee nti no, mmerɛ a meduruu hɔ pɛ na mehunuiɛ.

“Ɛsie bi a ɛso kakra wɔ Manchester akuraa a ɛwɔ Ontario Mansini mu wɔ New York Mantam mu no nkyɛn, ɛno na ɛyi ne ho adi wɔ mpɔtamu hɔ nyina ara. Ɛrekɔ pampa kɛseɛ no soro no, wɔ n’apueɛ fa mu hɔ no, ɛboɔ kɛseɛ kakraka bi ase na mprɛte no hyɛ, wɔ ɛboɔ adaka bi mu. Na saa boɔ yi takasini anim yɛ duru, na ne mfimfini rekɔ ne soro no yɛ kurukuruwa, na, ɛrekɔ ne nkyɛnkyɛn no mu yɛ trawa, ɛno nti ɛma ne mfimfini pue asaase no ani, na ne nkyɛnkyɛn no deɛ asaase no akata ho nyina ara ahyia.

“Medwiridwirii nɛteɛ no wieeɛ no, menyaa poma bi de hyɛɛ ɛboɔ no ase, ne ntwea so, mede ahoɔden kakra maa ɛboɔ no so kɔɔ soro. Mehwɛɛ adaka no mu, na nokware mu, mehunuu mprɛte no, Urim ne Thummim ne nkataboɔ no sɛdeɛ ɔsomafoɔ no aka no pɛpɛɛpɛ. Adaka a ɛgu mu no, wɔde aboɔ na ahyehyɛ no sɛdeɛ wɔde simɛnti na ayɛ, ɔde aboɔ mmienu abeabea so adaka no mu wɔ adaka no ase, na saa aboɔ mmienu yi so na mprɛte no ne nkaeɛ no guo.

“Mebɔɔ mmɔden sɛ mereyi mprɛte no apue nanso ɔsomafoɔ no amma me kwan, na bio, ɔka kyerɛɛ me sɛ mmerɛ a ɛsɛsɛ ɛpue no nsoeɛ, na ɛrempue gye sɛ mfinhyia ɛnan atwa mu fiti saa mmerɛ no, nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ afe pɛpɛɛpɛ akyiri, mensan mmra saa bea hɔ, na ɔbɛ hyia me wɔ hɔ, na menkɔ so nyɛ saa ara kɔpem mmerɛ a medebɛgye mprɛte no bɛduru hɔ.

“Sɛdeɛ ɛteɛ no, ne sɛdeɛ wahyɛ me no, mekɔɔ afe biara awieɛ, na mmerɛ biara no, menyaa nkyerɛkyerɛ ne nyansa tumi firii ne hɔ wɔ yɛn nkitahodie no mu a ɛfa deɛ Awurade rebɛyɛ akyerɛ me, ɛne sɛdeɛ ɔbɛsi ahyehyɛ n’ahennie wɔ nna a ɛdi akyire yi no mu.

· · · · · · ·

“Afei mmerɛ a ɛwɔ sɛ me nsa ka mprɛte, Urim ɛne Thummim ne nkataboɔ no soeɛ. Ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu mmienu, wɔ afe apem, ahanwɔtwe ne aduonu nson (1827) mu na mmerɛ no soeɛ. Mekɔɔ baabi a nneɛma no hyɛ no, sɛdeɛ afe biara meyɛ no, saa ɔsomafoɔ korɔ no ara a ɔfiri soro no de maa me de mmara kaa ho: sɛ ɛho asodie da me so, sɛ manhwɛ no yie na ɛyera, anaa mebu m’ani gu so a, wɔbɛtwa me afiri Awurade anim, mmom, sɛ mebɔ mmɔden biara a mɛtumi de asie kɔpem mmerɛ a ɔno ɔsomafoɔ no bɛba abɛbisa a, ɛneɛ ebɛnya ahobanbɔ.

“Ntɛm ara na mehunuu deɛ enti menyaa saa nhyɛ dendennden sɛ menhwɛ mprɛte no yie no, ne deɛ enti a ɛmaa no kaa sɛ, sɛ mewie deɛ ɔrehwehwɛ afiri me nsa mu no a, ɔbɛgye akɔ no. Me nsa kaa nneɛma no pɛ, na ɛtenee sɛ mprɛte no wɔ me hɔ, na wɔbɔɔ mmɔden biara a wɔbɛtumi sɛ wɔbɛgye afiri me nkyɛn. Ɛkwan biara a nnipa fa so a ɛbɛyɛ yie biara no, wɔfaa so. Afei, ataataa no yɛɛ kɛseɛ kyɛnee sɛdeɛ na ɛteɛ no, na na nkurɔfoɔ akuokuo ayɛ krado mmerɛ biara sɛ wɔbɛgye afiri me hɔ. Nanso ɛnam Onyankopɔn nyansa nti, metumi hwɛɛ so yie kɔsii sɛ meyɛɛ deɛ wɔpɛɛ sɛ meyɛ wɔ ho no. Na sɛdeɛ nhyehyɛeɛ no teɛ no, mmerɛ a ɔsomafoɔ no baaeɛ no, ɔbisaa sɛ ɛwɔ hen na mede maa no da yi a na ɛwɔ ne nkyɛn de bɛsi ɛnɛ a ɛyɛ Bosomee Kɔtɔnimma (May) da a ɛtɔ so mmienu wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduasa nnwɔtwe mu yi (1838).”

Sɛ worehwehwɛ twerɛtohɔsɛm yi nyina ara a, hwɛ Joseph Smith History (Josef Smith Abakɔsɛm) a ɛwɔ Pearl of Great Price mu no, ne History of The Church of Jesus Christ of Latter-day Saints (Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ Abakɔsɛm) mu nwoma a ɛdi kan no, etire baako dekɔsi nsia (Ti 1–6).

Tete twerɛtohɔsɛm a wɔyifirii asaase mu, tesɛ nnipa dodoɔ nne a ɛrekasa firi mfuturo mu no, na wɔnam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne tumi so kyerɛɛ aseɛ kɔɔ abɛɛfo kasa mu, na wɔnam Onyankopɔn Ahoɔden so adi ho adanseɛ no; wɔdii kan tintimm de puee wiase wɔ Enyirensi kasa mu wɔ afe 1830 sɛ The Book of Mormon.