Twerɛnsɛm
Mormon Nwoma no Ɛho Nkyerɛkyerɛ Mu Tiawa Bi


Mormon Nwoma no
Ɛho Nkyerɛkyerɛ Mu Tiawa Bi

Mormon Nwoma no yɛ twerɛtohɔsɛm kronkron bi a ɛfa nnipa ahodoɔ a na wɔte tete Amɛrika hɔ na wakrukyire agu sika mprɛte ahodoɔ so. Waka mprɛte ahodoɔ nan ho nsɛm wɔ nwoma no ara mu:

  1. Nifae Mprɛte, a na ɛyɛ ahodoɔ mmienu: Mprɛte Nketewa ne Mprɛte Akɛseɛ. Deɛ ɛdi kan no fa honhom mu nneɛma ne nkɔmhyɛfoɔ no nkyerɛkyerɛ ne wɔn dwumadie ho. Ɛna mprɛte a ɛto so no nso yɛ nkurɔfoɔ a wɔreka wɔn ho asɛm no ho abakɔsɛm. (1 Nifae 9:2–4). Ɛfiri Mosaya mmerɛ so, mmom, na mprɛte akɛseɛ no nso mu nneɛma no bi yɛ akɛseɛ wɔ honhom mu a ɛho hia.

  2. Mormon Mprɛte, no nso yɛ Nifae mprɛte akɛseɛ no so nsɛm a Mormon twitwaa so asinasini na waka ho nsɛm pii nso. Saa mprɛte yi so na yɛbɛhunu abakɔsɛm a Mormon twerɛe no nsosɔsoɔ ne deɛ ne ba barima Moronae nso de kaa ho.

  3. Eter Mprɛte, nso ka Yarɛdfoɔ ho abakɔsɛm. Moronae twitwaa twerɛtohɔsɛm no asinasini ɛna ɔde ɔno ara ne deɛ kekaa ho, na ɔkaa abakɔsɛm no a wɔn nkyekyɛɛ mu no too ne din Eter Nwoma.

  4. Yaawa Mprɛte no na Lihae nkurɔfoɔ de firii Yerusalem baae wɔ afe ahansia ansa na wɔrebɛwo Kristo. Deɛ ɛwɔ mu ne Mose nwoma nnum no,…Ɛna Yudafoɔ twerɛtohɔsɛm a ɛfiri ahyɛaseɛ no,…dekɔpem mmerɛ a Yudafoɔ hene Sedekia hyɛɛ n’ahennie ase no; Ɛna nkɔmhyɛfoɔ kronkron nkɔmhyɛ (1 Nifae 5:11–13) wɔ mu. Nkurɔfoɔ anomu nsɛm bebree na ɛfiri mprɛte yi so a, ɛreka Isaiah ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔn din wɔ Twerɛkronkron mu ne nkɔmhyɛfoɔ a wɔn din nni mu no nso ho asɛm wɔ Mormon Nwoma no mu.

Mormon Nwoma no gu mu anaa sɛ ɛyɛ nkyekyɛmu paa ara edunum, nwoma yi mu baako biara ne deɛ wɔde ne din too so, gye sɛ ɛmu baako pɛ. Ɛmu deɛ edi kan (nwoma no mu nsia a edi kan dekɔpem Omnae no) wɔkyerɛɛ aseɛ firi Nifae Mprɛte Nketewa no so. Nwoma a ɛwɔ Omnae ne Mosaya ntam mu no, wɔde deɛ wɔfrɛ no Mormon Nsɛm na ahyɛ hɔ, deɛ wɔde ahyɛ ntam mu hɔ no toa twerɛtohɔsɛm no a wakrukyire wɔ Mprɛte Nketewa no so, ɛna deɛ ɛwɔ Mprɛte Akɛseɛ no so a Mormon twitwaa so asinasini no so.

Deɛ ɛware koraa a ɛhyɛ aseɛ firi Mosaya derekɔsi Mormon firi etire nson awieɛ (Ti 7) no yɛ Nifae mprɛte Akɛseɛ no a Mormon twitwaa so asinasini a wakyerɛ aseɛ no. Deɛ ɛdi awieɛ a ɛhyɛ aseɛ firi etire nnwɔtwe (Ti 8) derekɔsi nwoma no awieɛ no, Mormon ba barima Moronae na ɔkrukyireɛ, ɛno na mmerɛ a ɔtwitwaa n’agya abrabɔ mu nsɛm no so asinasini wieeɛ (sɛdeɛ ɔyɛe Eter nwoma no) akyire yi no, ɔde deɛ wɔfrɛ no Moronae Nwoma no kaa ho.

Bɛyɛ mfie ahanan aduonu baako (421 years) a wɔwoo Kristo akyire yi no mu na Moronae a ɔyɛ Nifaefoɔ nkɔmhyɛni-abakɔsɛmtwerɛfoɔ a ɔdi akyire, no sɔɔ twerɛsɛm kronkron no ano na ɔde kɔsie maa Awurade, ama wayi no wɔ nna a ɛdi akyire no mu, sɛdeɛ Onyankopɔn nne nam ne tete nkɔmhyɛfoɔ so kaaɛ no. Wɔwoo Kristo akyire yi wɔ afe apem ahanwɔtwe aduonu mmiɛnsa mu (1823) na saa Moronae korɔ yi ara a na wasɔre afiri awufoɔ mu no kɔsraa Nkɔmhyɛni Joseph Smith na akyire yi no, ɔyii mprɛte a wakrukyire no maa no.