Twerɛnsɛm
Mose 7


Ti 7

(Ɔpɛnimma 1830)

Henok kyerɛkyerɛ nkorɔfoɔ no, di wɔn anim, na ɔtutu mmepɔ—Wɔkyekyere Sion ahenkuro no—Henok hunu Onipa Ba no mmaeɛ sie, Ne mpata afɔrebɔ, ne ahoteɛfoɔ no wusɔreɛ—Ɔhunu Sion Mmaeɛ bio no sie, n’Anoboaboa, Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no, ne Sion akyirisan no.

1 Na ɛbaa sɛ Henok toaa ne kasa no so kaa sɛ: Hwɛ, yɛn Agya Adam kyerɛkyerɛɛ saa nneɛma yi, na bebree agye adi abɛyɛ Onyankopɔn mma, na bebree annye anni, na wɔawuwu wɔ wɔn bɔne mu, na wɔde suro retwɛn, wɔ ateetee mu, sɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ abuhuro a ɛredɛre no bɛhwie agu wɔn so.

2 Na ɛfiri saa berɛ no de rekɔ no Henok hyɛɛ aseɛ sɛ ɔrehyɛ nkɔm akyerɛ nkorɔfoɔ no sɛ: Berɛ a na meretu kwan, a megyinaa Mahuya bea so, na mesu frɛɛ Awurade no, ɛnne bi firi soro baae, na ɛkaa sɛ—Dane wo ho, na kɔ Simeon bepɔ no so.

3 Na ɛbaa sɛ medanee me ho na meforo kɔɔ bepɔ no so; na megyinaa bepɔ no so, na mehunuu sɛ ɔsorosoro abue, na wɔde animuonyam firaa me;

4 Na mehunuu Awurade; na ɔgyinaa m’anim, na ɔne me kasaae, mpo tesɛ onipa ne ɔfoforɔ kasa, anim ne anim; na ɔsee me sɛ: Hwɛ, na mɛkyerɛ wo wiase no wɔ awoɔntoatoasoɔ bebree ntam.

5 Na ɛbaa sɛ mehwɛɛ Shum bonhwa no mu, na hwɛ, nnipa dɔm bi a wɔte ntomadan mu a wɔyɛ Shum nkorɔfoɔ no.

6 Na bio Awurade see me sɛ: Hwɛ, na mehwɛɛ atifi afam, na mehunuu Kanaan nkorɔfoɔ no, wɔn a wɔtete ntomadan mu no.

7 Na Awurade see me sɛ: Hyɛ nkɔm; na mehyɛɛ nkɔm kaa sɛ: Hwɛ Kanaan nkorɔfoɔ a wɔyɛ pii no bɛfiri adi ahyehyɛ wɔn ho ne Shum nkorɔfoɔ no akɔko, na wɔbɛkunkum wɔn na wɔbɛsɛe wɔn korakora; na Kanaan nkorɔfoɔ no bɛkyekyɛ wɔn mu wɔ asase no so, na asase no bɛyɛ obonini a ɛnnso aba, na nkorɔfoɔ foforɔ biara renntena hɔ gye sɛ Kanaan nkorɔfoɔ no.

8 Ɛfiri sɛ hwɛ, Awurade de ɔhyew kɛseɛ bɛdome asase no, na ne oboniniyɛ no bɛkɔ so afebɔɔ; na Kanaan mma no nyina ara bɛyɛɛ tuntum, na ɛmaa wɔbuu wɔn animtia wɔ nnipa nyina ara ntam.

9 Na ɛbaa sɛ Awurade see me sɛ: Hwɛ; na mehwɛɛe, na mehunuui, na mehunuu Saron asase no, ne Henok asase no, ne Omner asase no, ne Heni asase no, ne Sem asase no, ne Haner asase no, ne Hananiha asase no, ne ɛsotefoɔ no nyina ara;

10 Na Awurade see me sɛ: Kɔ saa nkorɔfoɔ yi hɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ—Monsakyera, anyɛ saa a mɛfiri adi aba na mede nnome adome wɔn, na wɔawuwu.

11 Na ɔmaa me mmarasɛm sɛ memmɔ asu wɔ Agya no din mu, ne Ɔba no a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma, ne Sunsum Kronkron no a ɔdi adanseɛ fa Agya ne Ɔba no ho no.

12 Na ɛbaa sɛ Henok kɔɔ so frɛɛ nkorɔfoɔ no nyina ara sɛ wɔnsakyera, gye sɛ Kaanan nkorɔfoɔ no;

13 Na Henok gyedie no yɛ kɛse pa ara ma ɔdii Onyankopɔn nkorɔfoɔ no anim kan, na wɔn atamfo baae ne wɔn bɛkooe; na ɔkaa Awurade asɛm no, na asase wosooe, na mmepɔ tutuui, mpo sɛdeɛ ɔhyɛɛe no; na nsubɔntene mu nsuo no dane firii wɔn kwan so; na wɔtee agyata mmobɔmu firii mu wɔ ɛserɛ no so; na aman nyina ara surooe kɛse, na Henok asɛm no wɔ tumi kɛseɛ pa ara, na tumi kɛse pa ara na na ɛwɔ kasa a Onyankopɔn de ama no no mu.

14 Na asase bi nso pue firii ɛpo bunu no mu baae, na suro kɛseɛ pa ara tɔɔ Onyankopɔn nkorɔfoɔ no atamfo no so ma wɔdwanee, na wɔkɔgyinaa akyirikyiri na wɔkɔɔ asase a ɛfirii ɛpo bunu no mu baae no so.

15 Na asase no so agramo no nso gyinaa akyirikyiri; na nnome firii adi kɔɔ nkorɔfoɔ a wɔko tiaa Onyankopɔn no nyina ara no so;

16 Na firi saa berɛ no de rekɔ no akokoakoko ne mogyahwiegu baa wɔn ntam; nanso Awurade ne ne nkorɔfoɔ bɛtenaae, na wɔtenaa ase wɔ tenenee mu.

17 Awurade ho suro baa aman nyina ara so, na Awurade animuonyam a ɛwɔ ne nkorɔfoɔ so no yɛ kɛseɛ pa ara. Na Awurade hyiraa asase no, na wɔhyiraa wɔn wɔ mmepɔ no so, ne sorɔnsorɔmmea no so, na wɔyɛɛ frɔmfrɔm.

18 Na Awurade frɛɛ ne nkorɔfoɔ Sion, esiane sɛ na wɔn wɔ akoma koro ne adwene koro, na wɔtenaa tenenee mu; na ahiafoɔ biara nni wɔn ntam.

19 Na Henok toaa n’asɛmpaka no so wɔ tenenee mu kyerɛɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ no. Na ɛbaa sɛ wɔ ne nna mu no, ɔkyekyeree ahenkuro a na wɔfrɛ no Kronkronyɛ Ahenkuro, mpo Sion.

20 Na ɛbaa sɛ Henok ne Awurade kasaae; na ɔsee Awurade sɛ: Ampa ara Sion bɛtena ahobanbɔ mu afebɔɔ. Nanso Awurade see Henok sɛ: mahyira Sion no, mmom nkorɔfoɔ nkaeɛ no deɛ madome wɔn.

21 Na ɛbaa sɛ Awurade kyerɛɛ Henok asase sotefoɔ no nyina ara; na ɔhunuui; na hwɛ mmerɛ kakra akyi no wɔfaa Sion kɔɔ soro. Na Awurade see Henok sɛ: Hwɛ me tenabea a ɛyɛ afebɔɔ no.

22 Na Henok hunuu nkorɔfoɔ nkaeɛ no a na wɔyɛ Adam mma mmarima no nso; na wɔyɛ Adam asefoɔ nyina ara a wɔadi afra no, gye sɛ Kain asefoɔ nko ara, ɛfiri sɛ na Kain asefoɔ no yɛ tuntum, na na wɔnni tenabea biara wɔ wɔn ntam.

23 Na yei akyiri a wɔfaa Sion kɔɔ ɔsoro no, Henok hunuui, na hwɛ, na asase so aman nyina ara wɔ n’anim;

24 Na awoɔntoatoasoɔ ne awoɔntoatoasoɔ bɛsene kɔɔe; na na Henok wɔ bea a ɛkorɔn na wɔmaa no so kɔɔ soro, mpo wɔ Agya no ne Onipa Ba no Koko mu; na hwɛ, na Satan tumi wɔ asase so nyina ara.

25 Na ɔhunuu abɔfoɔ sɛ wɔresiane afiri soro; na ɔtee nne kɛseɛ bi a ɛreka sɛ: Mmusuo, mmusuo nka asase sotefoɔ.

26 Na ɔhunuu Satan; na na ɔwɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ ne nsam, na ɛde esum kataa asase so nyina ara; na ɔhwɛɛ soro na ɔseree, na n’abɔfoɔ dii ahurisie.

27 Na Henok hunuu sɛ abɔfoɔ resiane afiri soro, na wɔredi Agya ne Ɔba no ho adanseɛ; na Sunsum Kronkron no sianee wɔ bebree so, na wɔde ɔsoro tumi faa wɔn kɔɔ Sion.

28 Na ɛbaa sɛ ɔsoro Nyankopɔn hwɛɛ nkorɔfoɔ nkaeɛ no, na ɔsuui; na Henok dii ho adanseɛ kaa sɛ: Adɛn nti na ɔsorosoro resu, na wɔrete nisuo tesɛ deɛ nsuo retɔ gu mmepɔ no so yi?

29 Na Henok see Awurade sɛ: Adɛn nti na wotumi su, ɛfiri sɛ woyɛ kronkron, firi daapem nyina ara de kɔ daapem nyina ara?

30 Na sɛ anka onipa bɛtumi akan asase so nneɛma nketewa, aane, nsase mpempem tesɛ yei a, ɛrennyɛ ahyɛaseɛ mma w’abɔdeɛ dodoɔ no; na wodaso ara trɛ wo ntwaremu ntoma no; nanso wowɔ hɔ, na wo koko mu wɔ hɔ; na wosan nso yɛ pɛ; woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔyamyɛfoɔ afebɔɔ;

31 Na woafa Sion akɔ wo ara ankasa wo koko mu, afiri w’abɔdeɛ nyina ara mu, firi daapem nyina ara kɔ daapem nyina ara; na ɛnyɛ hwee mmom asomdwoeɛ, atɛntenenee, ne nokorɛ na ɛyɛ w’ahennwa no tenabea; na mmɔborɔhunu bɛdi w’anim kan, na ɛnni awieɛ; adɛn nti na wotumi su?

32 Na Awurade see Henok sɛ: Hwɛ wo nuanom yinom; wɔyɛ m’ankasa me nsa ano adwinneɛ, na me na memaa wɔn wɔn nimdeɛ, wɔ da a mebɔɔ wɔn no; na wɔ Eden Turo no mu no, memaa onipa ne fahodie;

33 Na maka akyerɛ wo nuanom no, na mama wɔn mmarasɛm nso sɛ wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho, na wɔmpaw me, wɔn Agya; nanso hwɛ wɔnni ɔdɔ, na wɔkyiri wɔn ankasa wɔn mogya;

34 Na m’abuhuro gya redɛre tia wɔn; na wɔ m’abufuhyeɛ hyeehyee mu no, mɛsoma nsuyire aba wɔn so, ɛfiri sɛ m’abufuhyeɛ redɛre tia wɔn.

35 Hwɛ, Mene Nyankopɔn; Ɔkronkronyɛ Nipa ne me din; Onipa Fotufoɔ ne me din; Ɛtoɔ-ntwa-da ne Ɛnniawieɛ nso ne me din.

36 Ɛno nti, mɛtumi atene me nsa mu na masɔ abɔdeɛ biara a mayɛ no mu; na m’ani nso bɛtumi ahwire mu, na wɔ me nsa ano adwuma mu adwinneɛ nyina ara mu no, wɔnnyaa atirimuɔdensɛm kɛseɛ wɔ wɔn ntam a ɛsene wo nuanom deɛ no.

37 Nanso hwɛ, wɔn bɔne bɛgu wɔn agyanom tiri so; Satan bɛyɛ wɔn agya, na mmɔborɔyɛ bɛyɛ wɔn sɛeɛ; na ɔsorosoro nyina ara bɛsu wɔn, mpo me nsa ano adwuma mu adwinneɛ; ɛno nti, so ɛnsɛ sɛ ɔsorosoro su wɔn, ɛnam sɛ wɔbɛbrɛ nti?

38 Nanso hwɛ, yeinom a w’ani hunu wɔn yi bɛwuwu wɔ nsuyire no mu; na hwɛ, mɛto wɔn pono mu; masiesie afiase bi ama wɔn.

39 Na onii a mapa no no asrɛ wɔ m’anim. Ɛno nti, ɔhunu amanneɛ ma wɔn bɔne; mmerɛ dodoɔ a wɔsakyera wɔ da no a Onii a mapaw no no bɛsan aba me nkyɛn no, na ɛnkɔsi saa da no, wɔbɛtena ateetee mu;

40 Ɛno nti, yei nti na ɔsorosoro resu, aane, ɛne me nsa ano adwuma mu adwinneɛ nyina ara.

41 Na ɛbaa sɛ Awurade kasa kyerɛɛ Henok, na ɔkaa nnipa mma nneyɛɛe nyina ara kyerɛɛ Henok; ɛno nti Henok hunuui, na ɔhwɛɛ wɔn atirimuɔdensɛm, ne wɔn mmɔborɔyɛ, na ɔsuui na ɔtrɛɛ ne basa mu, na n’akoma yɛɛ kɛseɛ trɛɛe sɛ daapem; na ne yam hyehyee no; na daapem nyina ara wosooe.

42 Na Henok hunuu Noa nso, ne n’abusua; sɛ wɔde honam fam nkwagyeɛ bɛgye Noa mma mmarima asefoɔ no nyina ara;

43 Ɛno nti Henok hunuu sɛ Noa ayɛ ɛhyɛn; na Awurade animteɛ baa so, na ɔkutaa wɔ ɔno ara ankasa nsa mu; na wɔn a wɔaka a wɔyɛ atirimuɔdenfoɔ no deɛ nsuyire no baae bɛmenee wɔn.

44 Na berɛ a Henok hunuu yei no, ɔnyaa ɔkra mu awerɛhoɔ, na ɔsuu ne nuanom, na ɔka kyerɛɛ ɔsorosoro sɛ: meremma wɔnnkyekyere me werɛ; nanso Awurade see Henok sɛ: ma w’akoma so, na ma w’ani nnye; na hwɛ.

45 Na ɛbaa sɛ Henok hwɛɛe; na ɛfiri Noa so no, ɔhunuu asase so mmusua nyina ara; na ɔsu frɛɛ Awurade, kaa sɛ: Berɛ bɛn na Awurade da no bɛba? Berɛ bɛn na wɔbɛhwie Ɔteneneeni no mogya, sɛdeɛ wɔn a wɔsu no nyina ara ho bɛte na wɔanya nkwa a ɛnni awieɛ?

46 Na Awurade kaa sɛ: Ɛbɛyɛ berɛ mpɔmpɔnsoɔ mu, wɔ atirimuɔdensɛm ne awerɛtɔ nna no mu.

47 Na hwɛ, Henok hunuu Onipa Ba no mmaeɛ da no, mpo wɔ honam mu; na ne kra dii ahurisie, na ɔkaa sɛ: Wɔama Ɔteneneeni no so, na wɔakum adwammaa no firi wiase yi fapem; na mewɔ Agya no koko mu nam gyedie so, na hwɛ, Sion ka me ho.

48 Na ɛbaa sɛ Henok hwɛɛ asase no so; na ɔtee nne bi firii asase no yam, a ɛreka sɛ: Mmusuo, mmusuo nka me, nnipa maame; mewɔ ɔyaw mu, mabrɛ, esiane me mma atirimuɔdensɛm nti. Berɛ bɛn na mɛgye m’ahome, na wɔbɛte me ho afiri efi a afiri adi wɔ me mu yi? Berɛ bɛn na me Bɔfoɔ bɛdwira me ho, ama magye m’ahome, na tenenee atena me so mmerɛ bi?

49 Na berɛ a Henok tee sɛ asase no redi awerɛhoɔ no, ɔsuui, na ɔsu frɛɛ Awurade, kaa sɛ: O Awurade, so worennya mmɔborɔhunu mma asase no? So worennhyira Noa mma no?

50 Na ɛbaa sɛ Henok toaa so sufrɛɛ Awurade sɛ: Mesrɛ wo, O Awurade, wɔ Deɛ Wowoo no Koro no, mpo Yesu Kristo din mu sɛ, wobɛhunu Noa ne n’asefoɔ mmɔbɔ, sɛdeɛ nsuyire nnkata asase no so bio da.

51 Na Awurade anntumi annkame ne ho; na ɔne Henok kɔɔ apam, na ɔkaa no ntam sɛ ɔbɛsi nsuyire no ano kwan; na ɔne Noa mma no bɛkasa;

52 Na ɔde mmarahyɛ a ɛnntumi nnsesa somaae sɛ wɔbɛhunu n’asefoɔ nkaeɛ daa wɔ aman nyina ara mu, berɛ tenten a asase no te ase no;

53 Na Awurade kaa sɛ: Nhyira nka deɛ ɛnam n’asefoɔ so no Mesaia no bɛba; ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ—Mene Mesaia, Sion Hene, Ɔsoro Botan a ɛtrɛ sɛ daapem no; obibiara a ɔfa pono no mu wura mu na ɔnam me so foro no rennhwe ase da; ɛno nti, nhyira ne wɔn a maka wɔn ho asɛm no, ɛfiri sɛ wɔde daapem anigyeɛ nnwom bɛfiri adi aba.

54 Na ɛbaa sɛ Henok su frɛɛ Awurade, kaa sɛ: Berɛ a Onipa Ba no bɛba wɔ honam mu no, so asase no bɛgye n’ahome? Mesrɛ wo, kyerɛ me saa nneɛma yinom.

55 Na Awurade see Henok sɛ: Hwɛ, na ɔhwɛɛe na ɔhunuu sɛ wɔama Onipa Ba no wɔ asɛnnua no so, wɔ nnipa yɔbea so;

56 Na ɔtee nne kɛseɛ bi, na wɔkataa ɔsorosoro anim; na Onyankopɔn abɔdeɛ nyina ara dii awerɛhoɔ; na asase no sii apini; na abotan no paapaeɛ; na ahoteɛfoɔ no sɔree, na wɔde animuonyam ahenkyɛ hyɛɛ wɔn ahenkyɛ wɔ Onipa Ba no nsa nifa so;

57 Na ahonhom dodoɔ no ara a na wɔn wɔ afiase no firii adi baae, na wɔgyinaa Onyankopɔn nsa nifa so; na wɔkoraa nkaeɛ no wɔ esum nkɔnsɔnkɔnsɔn mu de rekɔsi atemmuo da kɛseɛ no.

58 Na bio Henok suui na ɔsufrɛɛ Awurade, kaa sɛ: Berɛ bɛn na asase no bɛgye n’ahome?

59 Na Henok hunuu Onipa Ba no sɛ ɔreforo akɔ Agya ne nkyɛn; na ɔfrɛɛ Awurade sɛ: Woremma asase so bio? Esiane sɛ woyɛ Onyankopɔn na menim wo, na woaka ntam akyerɛ me, na woahyɛ me sɛ memmisa wɔ Deɛ Wowoo no Koro no din mu nti; woabɔ me, na woama me w’ahennwa no ho kwan, na ɛmmfiri me ara, mmom ɛnam wo ara w’adom so; ɛno nti, mebisa wo sɛ woremma asase so bio?

60 Na Awurade see Henok sɛ: Sɛ mete ase yi, mpo saa ara na mɛba nna a ɛtwa toɔ no mu, wɔ atirimuɔdensɛm ne awerɛtɔ nna no mu, na mabɛhyɛ ntam a meka kyerɛɛ wo faa Noa mma no ho no ma;

61 Na da no bɛba a asase no bɛgye n’ahome, nanso ansa na saa da no bɛba no ɔsorosoro bɛduru sum, na esum nkataanim bɛkata asase so; na ɔsorosoro bɛwoso, ne asase no nso; na amanehunu kɛseɛ bɛba nnipa mma ntam, nanso me nkorɔfoɔ deɛ mɛkora wɔn.

62 Na mɛsoma teneneeyɛ afiri soro aba fam; na mɛsoma nokorɛ afiri adi akɔ asase so, sɛ ɛnni adanseɛ mfa Deɛ Mewoo no Koro no ho; ne wusɔreɛ firi owuo mu; aane, ɛne nnipa nyina ara wusɔreɛ no ho; na mɛma teneneeyɛ ne nokorɛ apra asase so tesɛ nsuyire, na aboaboa wɔn a mayi wɔn no ano afiri asase afanan nyina ara, akɔ beaeɛ a mɛsiesie, Ahenkuro Kronkron, ama me nkorɔfoɔ atumi abɔ wɔn asene mu abɔsoɔ, na wɔahwɛ me mmaeɛ mmerɛ no anim kwan; ɛfiri sɛ ɛhɔ na me tenabea no bɛwɔ, na wɔbɛfrɛ hɔ Sion, Yerusalem Foforɔ.

63 Na Awurade see Henok sɛ: Afei wo ɛne w’ahenkuro no nyina ara bɛhyia wɔn wɔ hɔ, na yɛbɛgye wɔn akɔ yɛn koko mu, na wɔbɛhunu yɛn; na yɛbɛyɛ wɔn atuu, na wɔn ayɛ yɛn atuu, na yɛbɛfe yɛn ho yɛn ho ano;

64 Na ɛhɔ bɛyɛ me tenabea, na ɛbɛyɛ Sion, a ɛbɛfiri abɔdeɛ a mayɛ nyina ara mu aba; na wɔ mfeɛ apem ntam no asase no bɛgye n’ahome.

65 Na ɛbaa sɛ Henok hunuu Onipa Ba no mmaeɛ da no, wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu, sɛ ɔrebɛtena asase so wɔ tenenee mu wɔ mfeɛ apem ntam;

66 Nanso ansa na saa da no bɛba no, ɔhunuu amanehunu kɛseɛ wɔ atirimuɔdenfoɔ no ntam; na ɔsan nso hunuu sɛ ɛpo no bubu fa so, na nnipa akoma redi wɔn hwammɔ, a wɔde suro rehwɛ Otumfoɔ Nyankopɔn atemmuo a ɛbɛba atirimuɔdenfoɔ so no anim kwan.

67 Na Awurade kyerɛɛ Henok nneɛma nyina ara, mpo kɔsi wiase awieɛ; na ɔhunuu ateneneefoɔ da no, wɔn gyeɛ dɔnhwere no, na ɔnyaa ɛdɛ mu mahyɛ;

68 Na Sion nna nyina ara yɛɛ mfeɛ ahasa ne aduosia num, wɔ Henok nna no mu.

69 Na Henok ne ne nkorɔfoɔ nyina ara ne Onyankopɔn nantee, na ɔtenaa Sion mfinfini; na ɛbaa sɛ na Sion nni hɔ bio, ɛfiri sɛ Onyankopɔn gyee no kɔɔ ɔno ara ne koko mu; na ɛfiri hɔ no asɛm no firii adi sɛ, Sion Adwane.