Twerɛnsɛm
Mose 3


Ti 3

(Ayɛwohomumɔ–Ahinime 1830)

Onyankopɔn bɔɔ nneɛma nyina ara honhom mu ansa na ɛreba honam mu wɔ asase so—Ɔbɔɔ onipa, honam a ɔdi kan, wɔ asase so—Ɔbaa yɛ ɔbarima nsɛsoɔ boafoɔ.

1 Na saa na wɔwiee ɔsoro ne asase, ne asafo a ɛwɔ mu nyina ara.

2 Na da a ɛtɔ so nson no me, Nyankopɔn, mewiee m’adwuma, ne nneɛma biara a meyɛɛe no; na mehomee da a ɛtɔ so nson no firii m’adwuma nyina ara ho, na mewiee nneɛma biara a mayɛ, na me, Nyankopɔn, mehunuu sɛ ɛyɛ;

3 Na me, Nyankopɔn, mehyiraa da a ɛtɔ so nson no, na metee ho; esiane sɛ ɛno mu na mehome firii m’adwuma nyina ara a me, Nyankopɔn, mebɔɔe na meyɛɛe no ho.

4 Na afei, hwɛ, mese wo sɛ yeinom ne ɔsoro ne asase awoɔntoatoasoɔ no, berɛ a wɔbɔɔ wɔn, wɔ da a me, Awurade Nyankopɔn, meyɛɛ ɔsoro ne asase no,

5 Ne wuram dua biara ansa na ɛreba asase no so, ne wuram nhahamma ansa na wɔrefifiri. Na me, Awurade Nyankopɔn, mebɔɔ nneɛma nyina ara, a maka ho asɛm no, honhom mu, ansa na ɛrepue honam mu wɔ asase ani so. Ɛfiri sɛ na, me Awurade Nyankopɔn, na memmaa nsuo nntɔ nnguu asase so. Na me, Awurade Nyankopɔn, na mebɔɔ nnipa mma nyina ara; na na onipa nnya mmaae sɛ ɔbɛyɛ asase no so adwuma; ɛfiri sɛ ɔsoro na mebɔɔ wɔn; na na ɔhonam nnya mmaa asase so, anaa nsuo no mu, anaa ewiem;

6 Nanso me, Awurade Nyankopɔn, mekasaae, maa ɛbɔ firii asase no so kɔɔ soro, na ɛfɔɔ asase no so nyina ara.

7 Na me, Awurade Nyankopɔn, menwonoo onipa firii fam mfuturo mu, na mehomee nkwa ahome guu ne hwene mu; na onipa bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ, ɔhonam a ɔdi kan wɔ asase so, onipa a ɔdi kan nso; nanso wɔbɔɔ nneɛma nyina ara kane ansa; mmom honhom mu na wɔbɔɔ wɔn na wɔyɛɛ wɔn sɛdeɛ m’asɛm teɛ.

8 Na me, Awurade Nyankopɔn, meduaa turo wɔ Eden apueɛ fam, na ɛhɔ na mede onipa a menwonooɛ no tooɛ.

9 Na fam na me, Awurade Nyankopɔn, memaa dua biara fifiri baae wɔ honam mu, a ɛyɛ fɛ wɔ onipa ani so; na onipa tumi hunuui, na ɛno nso bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ. Ɛfiri sɛ na ɛyɛ honhom wɔ da a mebɔɔe no; na na ɛwɔ faako a me, Nyankopɔn, mebɔɔ no no, aane mpo nneɛma biara a masiesie ama onipa mfasoɔ nyina ara no; na onipa hunuu sɛ ɛyɛ papa sɛ aduane. Na me, Awurade Nyankopɔn, meduaa nkwadua no wɔ turo no mfinfini, ɛne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no nso.

10 Na me, Awurade Nyankopɔn, memaa asubɔntene bi firii Eden kɔguu turo no mu nsuo; na ɛfiri hɔ no ɛmu kyekyɛɛe, na ɛbɛyɛɛ etire nnan.

11 Na me, Awurade Nyankopɔn, mefrɛɛ deɛ ɛdi kan no Pison, na ɛkonton twa Hawila asase no so nyina ara, faako a me, Awurade Nyankopɔn mebɔɔ sikakɔkɔɔ pii no;

12 Na sikakɔkɔɔ a ɛwɔ saa asase no so no yɛ papa, na bdellium ne onyx boɔ wɔ hɔ.

13 Na asubɔntene a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon; ɛno na ɛkontono twa Etiopia asase no nyina ara ho.

14 Na asubɔntene a ɛtɔ so mmiɛnsa no din de Hidekel; ɛno na ɛsene kɔ Asiria apueɛ no. Na asubɔntene a ɛtɔ so nnan no ne Eufrate.

15 Na me, Awurade Nyankopɔn, mefaa onipa, na mede no too Eden Turo no mu, sɛ ɔnnɔ so, na ɔnhwɛ so.

16 Na me, Awurade Nyankopɔn, mehyɛɛ onipa no sɛ: Turo mu ha nnua nyina ara wowɔ ho kwan sɛ wodi bi,

17 Nanso papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no deɛ, mma nni bi, nanso, wobɛtumi ayi deɛ wo ara wopɛ, ɛfiri sɛ wɔde ama wo; mmom, kae sɛ mabara, na da a wobɛdi bie no kwan biara so no wobɛwu.

18 Na me Awurade Nyankopɔn, mesee deɛ Mewoo no Korɔ no sɛ, ɛnnyɛ sɛ onipa nko tena; ɛno nti mɛyɛ ne nsɛsoɔ boafoɔ mama no.

19 Na me, Awurade Nyankopɔn menwonoo wuram aboa biara, ne ewiem anomaa biara firii fam; na mehyɛɛ sɛ wɔmmra Adam hɔ, mmɛhwɛ deɛ ɔbɛfrɛ wɔn; na wɔn nso wɔyɛ akra ateasefoɔ; ɛfiri sɛ me, Nyankopɔn, homee nkwa ahome guu wɔn mu, na mehyɛɛ sɛ deɛ Adam bɛfrɛ abɔdeɛ a ɛte aseɛ biara no, saa ara na ɛbɛyɛ ne din.

20 Na Adam maa ntɔteboa, ne wiem nnomaa, ne wuram mmoa nyina ara din; nanso Adam deɛ, na ne nsɛsoɔ boafoɔ biara nni hɔ mma no.

21 Na me, Awurade Nyankopɔn. memaa nnahɔɔ tɔɔ Adam so; na ɔdaae, na meyii ne mfempadeɛ baako, na mekaa honam no sii anim hyɛɛ ananmu.

22 Na mfepadeɛ no a me, Awurade Nyankopɔn, yi firii onipa ho no, mede nwonoo ɔbaa, na mede no brɛɛ onipa no.

23 Na Adam kaa sɛ: Afei menim sɛ yei ne me nnompe mu dompe, ne me honam mu honam; wɔbɛfrɛ no Ɔbaa, esiane sɛ wɔyii no firii ɔbarima mu.

24 Ne saa nti na ɔbarima bɛgya n’agya ne ne na hɔ, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ honam korɔ.

25 Na wɔn baanu no da adagya, onipa ne ne yere, na na wɔn ani nnwu.