Twerɛnsɛm
Mose 2


Ti 2

(Ayɛwohomumɔ–Ahinime 1830)

Onyankopɔn bɔ ɔsorosoro ne asase—Wɔbɔ deɛ ɛteaseɛ nyina ara—Onyankopɔn bɔ onipa na ɔma no tumi wɔ biribiara so.

1 Na ɛbaa sɛ Awurade kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, mɛda deɛ ɛfa saa ɔsoro ne asase yi ho adi akyerɛ wo; twerɛ nsɛm a meka no. Mene Mfitiaseɛ ne Awieɛ no, Otumfoɔ Nyankopɔn no; menam deɛ Mewoo no Korɔ no so na mebɔɔ saa nneɛma yi; aane, mfitiaseɛ no mebɔɔ ɔsoro, ne asase a wogyina soɔ no.

2 Na asase no yɛ sakasaka ne hunu; na memaa esum baa bunu no so; na me Honhom faa nsuo no so; ɛfiri sɛ meyɛ Onyankopɔn.

3 Na Me, Nyankopɔn, mekaa sɛ: Ma ɛhann mmra; na ɛhann baae.

4 Na Me, Nyankopɔn, mehunuu hann no; na na hann no yɛ papa. Na Me, Nyankopɔn, mekyɛɛ hann ne esum no mu.

5 Na Me, Nyankopɔn, mefrɛɛ hann no Ɛda; na esum no mefrɛɛ no Anadwo; na menam m’asɛm tumi so na meyɛɛ yei, na ɛyɛɛ sɛdeɛ mekaae no; na adesaeɛ ne adekyeeɛ no yɛɛ da a ɛdi kan.

6 Na bio, Me, Nyankopɔn, mekaa sɛ: ma ntrɛmu mmra nsuo no mfimfini, na ɛyɛɛ saa ara, mpo sɛdeɛ mekaae no; na mekaa sɛ: Ma ɛmpae nsuo no mfiri nsuo no mu; na ɛyɛɛ hɔ;

7 Na me, Nyankopɔn, meyɛɛ ntrɛmu na mekyɛɛ nsuo no mu, aane, nsuo kɛseɛ a na ɛwɔ ntrɛmu no ase no firii nsuo no a na ɛwɔ ntrɛmu no so no mu, na ɛyɛɛ saa ara mpo sɛdeɛ mekaae no.

8 Na me, Nyankopɔn, mefrɛɛ ntrɛmu no Soro; na adesaeɛ ne adekyeeɛ no yɛɛ da a ɛtɔ so mmienu.

9 Na me, Nyankopɔn, mekaa sɛ: Ma nsuo no a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako, na ɛyɛɛ saa ara; na me, Nyankopɔn, kaa sɛ: Ma asase wesee mmra; na ɛyɛɛ saa ara.

10 Na me, Nyankopɔn, frɛɛ bea wesee no Asase; na nsuo no anoboaboa no, mefrɛɛ no Ɛpo; na me, Nyankopɔn, mehunuu sɛ nneɛma a mayɛ no nyina ara yɛ papa.

11 Na me, Nyankopɔn, mekaa sɛ: Ma asase no mfifiri ɛserɛ, nhahamma a ɛso aba, aduaba dua a ɛso aduaba, sɛdeɛ ne su teɛ, ne dua a ɛso aduaba a n’aba wɔ ne mu wɔ asase no so, na ɛyɛɛ saa ara, mpo sɛdeɛ mekaae no.

12 Na asase no fifirii ɛserɛ, nhahamma biara a ɛso aba sɛdeɛ ne su teɛ, ne dua a ɛso aduaba a n’aba wɔ ne mu wɔ asase no so, sɛdeɛ ne su teɛ; na me, Nyankopɔn, mehunuu sɛ nneɛma nyina ara a mayɛ no yɛ papa;

13 Na adesaeɛ ne adekyeeɛ no yɛɛ da a ɛtɔ so mmiɛnsa.

14 Na me, Nyankopɔn, mekaa sɛ: Nkanea mmra ɔsoro ntrɛmu no mu, na ma ɛnkyɛ awia ne anadwo mu, na ma wɔnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne berɛ nkyekyɛmu ne, ne nna, ne mfeɛ;

15 Na wɔnyɛ nkanea wɔ ɔsoro ntrɛmu no mu, na ɛmma hann wɔ asase no so; na ɛyɛɛ saa ara.

16 Na me, Nyankopɔn, meyɛɛ nkanea akɛseɛ mmienu; kanea kɛseɛ no, sɛ ɛnni da no so, na kanea ketewa no sɛ ɛnni anadwo so, na kanea kɛseɛ no ne owia, na ketewa no ne ɔsrane; na wɔyɛɛ nsoromma no mpo sɛdeɛ m’asɛm teɛ.

17 Na me, Nyankopɔn, mede sisii ɔsoro ntrɛmu no mu sɛ ɛmma hann wɔ asase no so,

18 Na owia nni ɛda no so, na ɔsrane nni anadwo so, na ɛnkyɛ hann no mfiri sum no mu; na me, Nyankopɔn, mehunuu sɛ nneɛma a mayɛ no nyina ara yɛ papa;

19 Na adesae ne adekyeeɛ no yɛɛ da a ɛtɔ so nnan.

20 Na me, Nyankopɔn, mekaa sɛ: Ma nsuo no nnɔre abɔdeɛ bebree a wɔn wɔ nkwa na wɔkɔ ba, ɛne ntakrammoa a wɔtu fa asase so wɔ ɔsoro ntrɛmu a ɛda hɔ no.

21 Na me, Nyankopɔn, mebɔɔ bonsu akɛseɛ, ne abɔdeɛ biara a wɔte ase na wɔkɔ ba, deɛ nsuo no ma ɛfiri baa bebree no, sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne takraboa biara sɛdeɛ ne su teɛ; na me, Nyankopɔn, mehunuu sɛ nneɛma a mabɔ no nyina ara yɛ papa.

22 Na me, Nyankopɔn, mehyiraa wɔn, kaa sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ ɛpo nsuo no mu ma; na ntakrammoa nnɔre wɔ asase so.

23 Na adesaeɛ ne adekyeeɛ no yɛɛ da a ɛtɔ so num.

24 Na me, Nyankopɔn, mekaa sɛ: Asase no mma abɔdeɛ a wɔte aseɛ mfiri mmra sɛdeɛ wɔn su teɛ, ntɔteboa, ne mmoa a wɔwea, ne asase so mmoa sɛdeɛ wɔn su teɛ, na ɛyɛɛ saa ara;

25 Na me, Nyankopɔn, meyɛɛ asase so mmoa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne ntɔteboa sɛdeɛ wɔn su teɛ, ne deɛ ɛwea biara wɔ asase so sɛdeɛ ne su teɛ; na me, Nyankopɔn, mehunuu sɛ saa nneɛma yi nyina ara yɛ papa.

26 Na me, Nyankopɔn, mesee Deɛ Mewoo no Korɔ no, deɛ na ɔne me wɔ hɔ firi mfitiaseɛ no sɛ: Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so, wɔ yɛn nsɛsoɔ so; na ɛyɛɛ saa ara. Na me, Nyankopɔn, kaa sɛ: Ma wɔnni tumi wɔ ɛpo mu mpataa ne ewiem mu nnomaa, ne ntɔteboa, ne asase nyina ara so, ne biribiara a ɛwea wɔ asase so.

27 Na me, Nyankopɔn, mebɔɔ onipa wɔ me suban so, wɔ Deɛ Mewoo no Korɔ no suban so na mebɔɔ no; ɔbarima ne ɔbaa na mebɔɔ wɔn.

28 Na me, Nyankopɔn, mehyiraa wɔn, na mesee wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na monni tumi wɔ ɛpo mu mpataa so, ne ewiem nnomaa, ne biribiara a ɛte aseɛ a ɛkɔ ba wɔ asase so.

29 Na me, Nyankopɔn, mesee onipa sɛ: Hwɛ, mama wo nhahamma biara a ɛso aba, a ɛwɔ asase no so nyina ara, ne dua biara a dua no aduaba bɛwɔ mu a ɛso aba; sɛ ɛnyɛ aduane mma wo.

30 Na wɔbɛma aboa biara a ɔwɔ asase so, ne ewiem anomaa biara, ne deɛ ɛwea biara wɔ asase so, a ɛmu na mema nkwa no, wɔbɛma ahahamma a ɛho te biara sɛ aduane; na ɛyɛɛ saa ara, mpo sɛdeɛ mekaae no.

31 Na me, Nyankopɔn, mehunuu biribiara a mayɛ no, na, hwɛ, nneɛma biara a na mayɛ biara no yɛ papa pa ara; na adesaeɛ ne adekyeeɛ no yɛɛ da ɛtɔ so nsia.