Twerɛnsɛm
Mose 5


Ti 5

(Ayɛwohomumɔ–Ahinime 1830)

Adam ne Hawa wo mma—Adam bɔ afɔdeɛ na ɔsom Onyankopɔn—Wɔwo Kain ne Habel—Kain te atua, ɔdɔ Satan sene Onyankopɔn, na ɔbɛyɛ Ɔyeraba—Awudie ne atirimuɔdensɛm trɛ—Wɔka asɛmpa no firi ahyɛaseɛ no.

1 Na ɛbaa sɛ me, Awurade Nyankopɔn, mepamoo wɔn akyire yi no, Adam hyɛɛ aseɛ dɔɔ asase no so, na ɔdii tumi wɔ wuram mmoa no nyina ara so, na ɔhwee n’anim fifire dii n’aduane, sɛdeɛ me Awurade mehyɛɛ no no. Na ne yere Hawa, nso ne no yɛɛ adwuma.

2 Na Adam hunuu ne yere, na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa maa no, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔredɔre ahyɛ asase no so ma.

3 Na ɛfiri saa berɛ no de rekɔ no, Adam mma mmarima ne mma mmaa hyɛɛ aseɛ kyekyɛɛ wɔn mu baanu baanu, na wɔdɔɔ asase no so, na wɔyɛnee mmoa, na wɔwowoo mma mmarima ne mma mmaa nso.

4 Na Adam ne ne yere Hawa frɛɛ Awurade din, na wɔtee Awurade nne firii kwan a ɛkɔ Eden Turo no mu, sɛ ɛrekasa kyerɛ wɔn, na wɔannhunu no; ɛfiri sɛ na wɔayi wɔn afiri n’anim.

5 Na ɔmaa wɔn mmaransɛm sɛ wɔnsom Awurade wɔn Nyankopɔn, na wɔmfa wɔn nnwan mu mmakan mmɔ afɔdeɛ mma Awurade. Na Adam yɛɛ setie maa Awurade mmaransɛm no.

6 Na nna pii akyiri no Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Adam, see no sɛ: Adɛn na wobɔ afɔdeɛ ma Awurade? Na Adam see no sɛ: Mennim, gye sɛ Awurade na ahyɛ me.

7 Na ɔbɔfoɔ no kasaae, sɛ: Saa adeɛ yi yɛ Agya no Ba a Ɔwoo no Korɔ no, deɛ adom ne nokorɛ ahyɛ ne ma no afɔdeɛ no nsɛsoɔ.

8 Ɛno nti, ɛwɔ sɛ woyɛ deɛ woyɛ nyina ara wɔ Ɔba no din mu, na ɛwɔ sɛ wosakyera na wofrɛ Onyankopɔn wɔ Ɔba no din mu afebɔɔ.

9 Na saa da no Sunsum Kronkron no sianee wɔ Adam so, deɛ ɛdi adanseɛ fa Agya ne Ɔba no ho no, kaa sɛ: Mene Agya no Ba a Ɔwoo no Korɔ firi mfitiaseɛ no, firi saa berɛ yi ne afebɔɔ, na ɛnam sɛ woahwe aseɛ no nti wɔbɛtumi agye wo, ne adasamma nyina ara, mpo dodoɔ no ara wɔpɛ no.

10 Na saa da no Adam hyiraa Nyankopɔn na Sunsum Kronkron no hyɛɛ no ma, na ɔhyɛɛ aseɛ hyɛɛ nkɔm faa asase so mmusua nyina ara ho, sɛ: Nhyira nka Onyankopɔn din, ɛfiri sɛ ɛnam me mmaratoɔ nti m’ani abue, na saa asetena yi mu no mɛnya anigyeɛ, na honam mu nso mɛhunu Nyankopɔn.

11 Na ne yere Hawa, tee saa nsɛm yi nyina ara na n’ani gyee, na ɔkaa sɛ: Sɛ ɛnyɛ yɛn mmaratoɔ yi a anka yɛannya asefoɔ, na anka yɛannhunu papa ne bɔne, ne yɛn gyeɛ ho anigyeɛ, ne nkwa a ɛnni awieɛ a Onyankopɔn de ma setiefoɔ nyina ara no.

12 Na Adam ne Hawa hyiraa Onyankopɔn din, na wɔdaa nneɛma nyina ara adi kyerɛɛ wɔn mma mmarima ne mma mmaa.

13 Na Satan baa wɔn ntam, na ɔkaa sɛ: Me nso meyɛ Onyankopɔn babarima; na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Mma monnye nni, na wɔannye anni; na wɔdɔɔ Satan senee Onyankopɔn. Na firi saa berɛ no nnipa hyɛɛ aseɛ nyaa honam mu akɔnnɔ, bɛyɛɛ honam-mu-foɔ, na wɔnyaa ɔbonsam su.

14 Na Awurade Nyankopɔn nam Sunsum Kronkron no so frɛɛ nnipa a wɔn wɔ baabiara na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnsakyera;

15 Na dodoɔ no ara a wɔgye Ɔba no die, na wɔsakyera firi wɔn bɔne ho no, wɔbɛgye wɔn nkwa; na dodoɔ no ara a wɔnnye nni na wɔnnsakyera no, wɔbɛbu wɔn fɔ; na nsɛm no firii adi wɔ mmarahyɛ pintinn mu firii Onyankopɔn ano mu; ɛno nti ɛwɔ sɛ ɛhyɛ ma.

16 Na Adam ne ne yere Hawa annyae sɛ wɔbɛfrɛ Onyankopɔn din. Na Adam hunuu ne yere Hawa, na ɔnyinsɛnee na ɔwoo Kain, na ɔkaa sɛ: Manya ɔbarima afiri Awurade hɔ; ɛno nti ebia ɔremmpo n’asɛm. Nanso hwɛ, Kain anntie, na ɔkaa sɛ: Hwan ne Awurade a ɛwɔ sɛ mehunu no?

17 Na ɔnyinsɛnee bio na ɔwoo ne nua Habel. Na Habel tiee Awurade nne. Na Habel yɛ Odwanhwɛfoɔ, na Kain deɛ na ɔyɛ okuafoɔ.

18 Na Kain dɔɔ Satan senee Onyankopɔn. Na Satan hyɛɛ no sɛ: Bɔ afɔdeɛ ma Awurade.

19 Mmerɛ kakra akyi no ɛbaa sɛ Kain de asase so nnuaba ba bɛbɔɔ afɔdeɛ maa Awurade.

20 Na Habel nso de ne nnwan mu mmakan baae, ne deɛ wɔadɔre sradeɛ wɔ mu no. Na Awurade ani sɔɔ Habel, ne n’afɔdeɛ no;

21 Nanso Kain, ne n’afɔdeɛ deɛ n’ani annsɔ. Afei na Satan nim yei, na ɛmaa n’ani gyeeɛ. Na kain bo fuui yie, na ɔmunaae.

22 Na Awurade bisaa Kain sɛ: Adɛn nti na wo bu afu? Adɛn na woamuna w’anim?

23 Sɛ woyɛ deɛ ɛyɛ a wɔbɛgye wo ato mu. Na sɛ woannyɛ deɛ ɛyɛ a, bɔne da ɛpono no ano, na Satan pɛ sɛ ɔnya wo; gye sɛ wotie me mmaransɛm, anyɛ saa a mɛgyae wo ama, na ɔbɛyɛ wo sɛ deɛ ne pɛ teɛ. Na wobɛdi ne so;

24 Na firi saa berɛ yi de rekɔ no wobɛyɛ ne ntorɔ agya; wɔbɛfrɛ wo Ɔyeraba; na na wo nso wowɔ hɔ ansa na wiase no reba.

25 Na wɔbɛka berɛ bi a ɛbɛba sɛ—Wɔnyaa saa akyiwadeɛ yi firii Kain hɔ; wɔnya firii sɛ ɔpoo afotuo kɛseɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no; na yei yɛ nnome a mede bɛto wo so, gye sɛ wosakyera.

26 Na Kain bu fuui, na wanntie Awurade nne, anaa Habel, ne nuabarima a ɔnantee kronkronyɛ mu wɔ Awurade anim no.

27 Na Adam ne ne yere dii awerɛhoɔ wɔ Awurade anim, esiane Kain ne ne nuanom nti.

28 Na ɛbaa sɛ Kain faa ne nuanom mma mmaa no mu baako sɛ ne yere, na wɔdɔɔ Satan senee Onyankopɔn.

29 Na Satan see Kain sɛ: Fa wo mene ka ntam kyerɛ me, na sɛ woka a wobɛwu; na ma wo nuanom mfa wɔn tiri, ne Onyankopɔn teasefoɔ no nka ntam, ama wɔannka; ɛfiri sɛ sɛ wɔka a, ampa ara wɔbɛwu; na yei sɛdeɛ w’agya nnhunu; na saa da yi mɛyi wo nua Habel ato wo nsam.

30 Na Satan kaa ntam kyerɛɛ Kain sɛ ɔbɛyɛ sɛ deɛ n’ahyɛdeɛ teɛ. Na wɔyɛɛ saa nneɛma yi nyina ara wɔ kokoa mu.

31 Na Kain kaa sɛ: Nokorɛ, meyɛ Mahan, saa ahintasɛm kɛseɛ yi wura, sɛdeɛ mɛtumi adi awu na manya me ho. Ɛno nti wɔfrɛɛ Kain Owura Mahan, na ɔhyɛɛ ne ho animuonyam wɔ atirimuɔdensɛm mu.

32 Na Kain kɔɔ afuo no mu, na Kain ne ne nuabarima Habel kasaae. Na ɛbaa sɛ berɛ a na wɔn wɔ afuo no mu no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.

33 Na Kain hyɛɛ ne ho animuonyam wɔ deɛ ɔyɛɛe no mu, na ɔkaa sɛ: Made me ho; ampa ara me nua no nnwan no bɛba me nsam.

34 Na Awurade see Kain sɛ: Wo nuabarima Habel wɔ hene? Na ɔkaa sɛ: Mennim. Me nua so hwɛfoɔ ne me anaa?

35 Na Awurade kaa sɛ: Deɛn na woayɛ yi? Wo nua barima mogya no nne tea mu frɛ me firi fam.

36 Na afei wɔbɛdome wo afiri asase a abue n’ano agye wo nua barima mogya no afiri wo nsa mu no so.

37 Sɛ wodɔ asase no a ɛfiri nnɛ rekɔ no ɔremmfa n’ahoɔden nso mma wo. Ɔsesani ne kobɔfoɔ na wobɛyɛ wɔ asase no so.

38 Na Kain see Awurade sɛ: Satan na ɔsɔɔ me hwɛɛe ɛnam me nua barima no nnwan nti. Na me bo fuui nso; ɛfiri sɛ n’afɔdeɛ na w’ani sɔɔe na ɛnnyɛ me deɛ no; m’asotwe so sene deɛ mɛtumi asoa.

39 Hwɛ woapamo me saa da yi afiri Awurade anim, na mɛhinta afiri w’anim; na mɛyɛ ɔsesani ne kobɔfoɔ wɔ asase so; na ɛbɛba sɛ deɛ ɔbɛhunu me no bɛkum me, esiane m’amumuyɛ nti, ɛfiri sɛ saa nneɛma yi nnhitaa Awurade.

40 Na me, Awurade, mesee no sɛ: Obibiara a ɔbɛkum wo no, awerɛtɔ bɛtɔ ne so mprɛ nson. Na me, Awurade, de ahyɛnso bi too Kain so, sɛdeɛ obi hunu no a ɔnnkum no.

41 Na wɔtoo Kain ne ne yere mu firii Awurade anim, na ne nuanom bebree tenaa Nod asase so, wɔ Eden apueɛ fam.

42 Na Kain hunuu ne yere, na ɔnyinsɛnee na ɔwoo Henok, na ɔno nso woo mma mmarima ne mma mmaa bebree. Na ɔkyekyeree ahenkuro na ɔde ne ba barima, Henok, din too ahenkuro no so.

43 Na wɔwoo Irad maa Henok, ne mma mmarima ne mma mmaa afoforɔ nso. Na Irad woo Mahuyael ne ne mma mmarima ne mma mmaa afoforɔ nso. Na Mahuyael woo Metusael ne mma mmarima ne mma mmaa afoforɔ nso. Na Metusael woo Lamek.

44 Na Lamek waree yerenom baanu; ɔbaako din de Ada, na deɛ ɔka ho no din de Sila.

45 Na Ada woo Yabal; ɔno na ɔyɛ wɔn a wɔda ntomadan mu nyina ara agya, na na wɔnyɛn ntɔteboa; na ne nua din de Yubal, a ɔyɛ wɔn a wɔbɔ sankuo ne adakabɛn nyina ara agya.

46 Na Sila nso woo Tubal Kain, ɔyɛ wɔn a wɔyɛ yaawa ne dadeɛ ho adwuma nyina ara kyerɛkyerɛfoɔ. Na Tubal Kain nua baa din de Naama.

47 Na Lamek ka kyerɛɛ ne yerenom, Ada ne Sila, sɛ: Montie me nne, Lamek yerenom, monyɛ aso mma m’asɛm; makum ɔbarima bi ma apira me, ne aberanteɛ bi ma ayɛ me ya.

48 Sɛ wɔbɛtɔ Kain so werɛ mprɛ nson a, nokorɛ Lamek deɛ bɛyɛ mprɛ aduɔson nson.

49 Na Lamek ne Satan kɔɔ apam, tesɛ Kain, na ɛmaa no bɛyɛɛ Owura Mahan, saa ahintasɛm kɛseɛ no a Satan de maa Kain no ne wura; na Irad, Henok babarima no, hunuu wɔn ahintasɛm no, hyɛɛ aseɛ daa no adi kyerɛɛ Adam mma mmarima no;

50 Ɛno nti ɛnam abufuo nti Lamek kumm no, a ɛnnte sɛ Kain a ɔkumm ne nua barima Habel ɛnam ahonya nti, mmom ɔkumm no ɛnam ntam no nti.

51 Na ɛfiri Kain nna so no, na kokoa mu kuo bi wɔ hɔ, na na wɔyɛ wɔn nnwumadie wɔ sum mu, na wɔnim onipa biara a ɔyɛ nua.

52 Ɛno nti Awurade domee Lamek ne ne fiefoɔ, ne obiara a ɔne Satan akɔ apam ; ɛfiri sɛ na wɔnni Onyankopɔn mmaransɛm no so, na yei annyɛ Onyankopɔn dɛ, na wannsom wɔn, na na wɔn nnwuma yɛ akyiwadeɛ, na ɛhyɛɛ aseɛ trɛɛ wɔ nnipa mma mmarima nyina ara ntam. Na ɛwɔ nnipa mma mmarima no ntam.

53 Na wɔ nnipa mma mmaa ntam deɛ wɔannka saa nneɛma yi ho asɛm, esiane sɛ na Lamek aka ahintasɛm no akyerɛ ne yerenom, na wɔtee ne so atua, na wɔkaa saa nneɛma yi too dwa wɔ baabiara, na wɔannya ayamhyehyeɛ;

54 Ɛno nti wɔbuu Lamek animtia, na wɔyii no adi, na wamma nnipa mma mmarima ntam, sɛdeɛ ɔrennwu.

55 Na saa na esum mu nnwuma hyɛɛ aseɛ sɛ ɛreba nnipa mma nyina ara ntam.

56 Na Onyankopɔn de nnome kɛseɛ domee asase no, na ne bo fuu atirimuɔdenfoɔ no, ne nnipa mma mmarima biara a wabɔ no;

57 Ɛfiri sɛ na wɔnntie ne nne, nna wɔnnye ne Ba a Ɔwoo no Korɔ no nni, mpo deɛ ɔde too dwa sɛ ɔbɛba wɔ berɛ mpɔmpɔnsoɔ mu no, deɛ wɔsiesiee no ansa na wɔreto wiase fapem no.

58 Na saa ara na wɔhyɛɛ aseɛ kaa Asɛmpa no, firi ahyɛaseɛ no, de nam abɔfoɔ kronkron a wɔsomaa wɔn firii Onyankopɔn anim, nam ɔno ara ankasa nne, ne Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no so na wɔde too dwa.

59 Na saa ara na wɔsii nneɛma nyina ara so dua maa Adam, nam ayɛyɛdeɛ kronkron so, ne Asɛmpa a wɔkaae, ne ahyɛdeɛ a wɔsoma firii adi, sɛ ɛwɔ sɛ ɛtena wiase kɔsi n’awieɛ; na saa ara na ɛyɛɛe. Amen.