Twerɛnsɛm
Mose 6


Ti 6

(Obubuo–Ɔpɛnimma 1830)

Adam asefoɔ kora nkaeɛ nwoma—N’asefoɔ a wɔtene ka nsakyeraeɛ ho asɛm—Onyankopɔn yi Ne ho adi kyerɛ Henok—Henok ka asɛmpa no—Wɔdaa nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no adi kyerɛɛ Adam—Ɔnyaa asubɔ ne asɔfodie no.

1 Na Adam tiee Onyankopɔn nne, na ɔka kyerɛɛ ne mma no sɛ wɔnsakyera.

2 Na Adam hunuu ne yere no bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Set. Na Adam hyɛɛ Onyankopɔn din animuonyam; na ɔkaa sɛ: Onyankopɔn ayi aseni foforɔ ama me, wɔ Habel a Kain kuu no no ananmu.

3 Na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Set, na wannte atua, mmom ɔbɔɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani, tesɛ ne nua Habel. Na wɔwoo ɔbabarima maa ɔno nso, na ɔtoo no din Enos.

4 Na afei saa mmarima yi hyɛɛ aseɛ frɛɛ Awurade din, na Awurade hyiraa wɔn;

5 Na wɔkoraa nkaeɛ nwoma, a wɔtwerɛɛ mu wɔ Adam kasa mu, ɛfiri sɛ wɔde maa dodoɔ no ara a wɔfrɛɛ Onyankopɔn no sɛ wɔmfa honhom no nkannyan so ntwerɛ;

6 Na ɛnam wɔn so na wɔkyerɛɛ wɔn mma atwerɛ ne akenkan, na na wɔn wɔ kasa a ɛyɛ korɔgyeen na efi biara nni ho.

7 Afei saa Asɔfodie korɔ yi ara a na ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no bɛwɔ hɔ wɔ wiase awieɛ nso.

8 Afei saa nkɔmhyɛ yi na Adam hyɛɛe, berɛ a Sunsum Kronkron no hyɛɛ ne so no, na Onyankopɔn mma koraa anatoɔ. Na yei ne Adam awoɔntoatoasoɔ nwoma a ɛreka sɛ: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, Onyankopɔn nsɛsoɔ na ɔyɛɛ no;

9 Wɔ ɔno ara ne nipadua nsɛsoɔ, ɔbaa ne ɔbarima, na ɔbɔɔ wɔn, na ɔhyiraa wɔn, na ɔtoo wɔn din Adam, wɔ da a wɔbɔɔ wɔn no na wɔbɛyɛɛ akra ateasefoɔ wɔ asase no so wɔ Onyankopɔn nan ntiasoɔ so.

10 Na Adam tenaa ase mfeɛ ɔha ne aduasa, na ɔwoo ɔbabarima wɔ ɔno ara ne nsɛsoɔ, wɔ ne suban so, na ɔtoo no din Set.

11 Ɔwoo Set akyire no, na Adam nna yɛ mfeɛ aha nwɔtwe, na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa bebree;

12 Na Adam nna nyina ara a ɔde tenaa ase yɛ mfeɛ aha nkron ne aduasa, na ɔwuui.

13 Set tenaa ase mfeɛ ɔha ne num, na ɔwoo Enos, na ɔhyɛɛ nkɔm ne nna nyina ara, na ɔkyerɛɛ Enos Onyankopɔn akwan; ɛno nti Enos nso hyɛɛ nkɔm.

14 Ɔwoo Enos akyire no, Set tenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe ne nson, na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa bebree.

15 Na nnipa mma dɔɔso wɔ asase no so nyina ara. Na saa nna no mu no Satan nyaa tumidie kɛseɛ wɔ nnipa ntam, na abufuo hyɛɛ n’akoma mu ma; na ɛfiri hɔ no akokoakoko ne mogyahwieguo baae; na onipa nsa tiaa ne nua, wɔ awudie mu, ɛnam kokoa mu nnwuma, a wɔde rehwehwɛ tumi nti.

16 Set nna nyina ara yɛɛ mfeɛ ahankron ne dumienu, na ɔwuui.

17 Na Enos tenaa ase mfeɛ aduɔkron, na ɔwoo Kaanan. Na Enos ne Onyankopɔn nkorɔfoɔ nkaeɛ no firii asase no so, a na wɔfrɛ no Sulon no, na wɔtenaa bɔhyɛ asase bi so, a ɔde ɔno ankasa babarima din too so, deɛ na wato no din Kaanan no.

18 Ɔwoo Kaanan akyire yi no, Enos tenaa ase mfeɛ ahanwɔtwe ne dunum, na ɔwoo mma mmrima ne mma mmaa bebree. Na Enos nna nyina ara yɛɛ ahankron ne num, na ɔwuui.

19 Na Kaanan tenaa ase mfeɛ aduɔson, na ɔwoo Mahalaleel; na Kaanaa tenaa ase berɛ a ɔwoo Mahalaleel akyire yi no mfeɛ ahanwɔtwe ne aduanan, na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa bebree. Na Kaanan nna nyina ara yɛɛ ahankron ne du, na ɔwuui.

20 Na Mahalaleel tenaa ase mfeɛ aduosia num, na ɔwoo Yared; ɔwoo Yared akyire yi no, Mahalaleel tenaa ase mfeɛ ahanwɔtwe ne aduasa, na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. Na Mahalaleel nna nyina ara yɛɛ ahanwɔtwe ne aduɔkron num, na ɔwuui.

21 Na Yared tenaa ase mfeɛ ɔha ne aduosia mmienu, na ɔwoo Henok; na ɔwoo Henok akyire yi no, Yared tenaa ase mfeɛ aha nwɔtwe, na ɔwoo mma mmarima ne mma mmaa. Na Yared kyerɛɛ Henok Onyankopɔn akwan nyina ara.

22 Na yei ne Adam mma mmarima no anatoɔ, deɛ na ɔyɛ Onyankopɔn babarima no, a Onyankopɔn ankasa ne no dii nkɔmmɔ no.

23 Na na wɔyɛ tenenee nsɛmpakafoɔ, na wɔkasaae na wɔhyɛɛ nkɔm, na wɔfrɛɛ nnipa nyina ara, a wɔn wɔ baabiara sɛ wɔnsakyera; na wɔkyerɛɛ nnipa mma gyedie.

24 Na ɛbaa sɛ Yared nna nyina ara yɛɛ mfeɛ ahankron ne aduosia mmienu, na ɔwuui.

25 Na Henok tenaa ase mfeɛ aduosia num, na ɔwoo Metusala.

26 Na ɛbaa sɛ Henok tutuu kwan wɔ asase no so, wɔ nkorɔfoɔ no ntam; na berɛ a ɔretutu kwan no, Onyankopɔn Honhom siane firii soro baae, na ɛbɛtenaa ne so.

27 Na ɔtee nne bi firii soro a ɛreka sɛ: Henok, me babarima, hyɛ nkɔm kyerɛ saa nkorɔfoɔ yi, na ka kyerɛ wɔn sɛ—Monsakyera, ɛfiri sɛ sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Me bo afu saa nkorɔfoɔ yi, na m’abufuhyeɛ redɛre tia wɔn; ɛfiri sɛ wɔn akoma ayɛ den, na wɔn aso mu ayɛ duru sɛ wɔtie, na wɔn ani nntumi nnhunu akyirikyiri;

28 Na saa awoɔntoantoasoɔ bebree yi nyina ara, firi berɛ a mebɔɔ wɔn no, afom kwan, na wɔapo me, na wɔahwehwɛ wɔn ankasa afotuo wɔ esum mu; na wɔ wɔn ankasa akyiwadeɛ mu no wɔabɔ awudie ho pɔ, na wɔanni me mmaransɛm a mede maa wɔn agya Adam no so.

29 Ɛno nti, wɔadi kan adi wɔn ho wɔn ho nseɛ, na wɔnam wɔn ntam so de wɔn ho aba owuo mu; hɛl na masiesie ama wɔn, sɛ wɔannsakyera a;

30 Na yei ne ahyɛdeɛ a mede soma kɔɔ adi wɔ wiase mfitiaseɛ no firii me ankasa m’ano mu, firi ne fapem, na ɛnam me nkoa, w’agyanom, ano so na mehyɛɛe, mpo sɛdeɛ wɔde bɛsoma akɔ wiase mu nyina ara, kɔsi n’awieɛ.

31 Na berɛ a Henok tee saa nsɛm yi no, ɔbɔɔ ne mu ase wɔ fam, wɔ Awurade anim, na ɔkasaae wɔ Awurade anim sɛ: Adɛn nti na manya adom wɔ w’anim, na mmom meyɛ, abarimaa, na nkorɔfoɔ no nyina ara tan me; ɛfiri sɛ mennim kasa; ɛno nti adɛn nti na meyɛ w’akoa?

32 Na Awurade see Henok sɛ: Kɔ na kɔyɛ deɛ mahyɛ wo no, na onipa biara nntumi mmpira wo. Bue w’ano, na wɔbɛhyɛ no ma, na mɛma wo anoteɛ, ɛfiri sɛ ɔhonam nyina ara wɔ me nsam, na mɛyɛ sɛdeɛ ɛyɛ ma me.

33 Ka kyerɛ saa nkorɔfoɔ yi sɛ: Nnɛ monyi nnɛ da yi sɛ mobɛsom Awurade Nyankopɔn a ɔyɛɛ mo no.

34 Hwɛ, me Honhom wɔ wo so, ɛno nti mɛbu wo nsɛm nyina ara bem; na mmepɔ bɛdwane wɔ w’anim, na nsubɔntene bɛdane afiri wɔn akwan so; na wobɛtena me mu, na matena wo mu; ne saa nti ɛne me nnante.

35 Na Awurade kasa kyerɛɛ Henok, na ɔsee no sɛ: Fa dɔteɛ srasra w’ani, na hohoro, na wobɛhunu adeɛ. Na ɔyɛɛ saa ara.

36 Na ɔhunuu ahonhom a Onyankopɔn abɔ; na ɔhunuu nneɛma nso a honam mu ani nntumi nnhunu; na firi saa berɛ no, asɛm no bɛhyetaae wɔ asase no so sɛ: Awurade atete ɔdehunufoɔ bi ama ne nkorɔfoɔ.

37 Na ɛbaa sɛ Henok kɔɔ asase no so, wɔ nkorɔfoɔ no ntam, na ɔgyinaa nkokoɔ ne sorɔnsorɔmmea so, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu dii adanseɛ tiaa wɔn nnwuma; na nnipa nyina ara bo fuui ɛnam ɔno nti.

38 Na wɔfirii adi bɛtiee no, wɔ sorɔnsorɔmmea no so, na wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔn wɔ ntomadan no mu no sɛ: Montena ha na monhwɛ ntomadan no so berɛ a yɛrekɔ nohoa akɔhwɛ ɔdehunufoɔ no, ɛfiri sɛ ɔrehyɛ nkɔm, na ade nwanwasoɔ bi wɔ asase no so; onipa bɔdamfoɔ bi aba yɛn ntam.

39 Na ɛbaa sɛ berɛ a wɔtiee no no, onipa biara ammfa ne nsa annka no; ɛfiri sɛ suro baa wɔn a wɔtiee no no nyina ara so; ɛfiri sɛ na ɔne Onyankopɔn anante.

40 Na ɔbarima bi baa ne hɔ, a na wɔfrɛ no Mahiya, na ɔsee no sɛ: Ka kyerɛ yɛn pefee onii korɔ a woyɛ, ne baabi a wofiri baae?

41 Na ɔsee wɔn sɛ: mefiri Kaanan asase so na ɛbaae, m’agyanom asase, tenenee asase bɛsi nnɛ. Na m’agya kyerɛɛ me Onyankopɔn akwan nyina ara.

42 Na ɛbaa sɛ, berɛ a meretu kwan afiri Kaanan asase so, wɔ ɛpo apueɛ hɔ no, menyaa anisoadehunu; na hwɛ, mehunuu ɔsorosoro, na Awurade ne me kasaae, na ɔmaa me mmarasɛm; ɛno nti, ɛnam yei so, sɛdeɛ mɛdi mmarasɛm no so, nti na mereka saa nsɛm yi.

43 Na Henok toaa n’asɛm no so kaa sɛ: Awurade a ɔne me kasaaeɛ no, ɔno ara ne ɔsoro Nyankopɔn, na ɔyɛ me Nyankopɔn, ne mo Nyankopɔn, na moyɛ me nuanom, na adɛn nti na motu mo ho fo, na mopo ɔsoro Nyankopɔn no?

44 Ɔyɛɛ ɔsorosoro; asase yɛ ne nan ntiasoɔ; na ne fapem no yɛ ne dea. Hwɛ, ɔno na ɔtooeɛ, ɔde nnipa dɔm aba abɛgu so.

45 Na owuo baa yɛn agyanom so; nanso yɛnim wɔn, na yɛnntumi mmpa akyi, na mpo yɛnim deɛ ɔdi obiara anim kan, mpo Adam.

46 Ɛfiri sɛ yɛatwerɛ nkaeɛ nwoma bi wɔ yɛn ntam, sɛdeɛ nhwɛsoɔ a Onyankopɔn nsatea de maa yɛn no teɛ; na wɔde maae wɔ yɛn ankasa kasa mu.

47 Na berɛ a Henok reka Onyankopɔn nsɛm no, nokorɔfoɔ no ho popooe, na wɔanntumi annyina n’anim.

48 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Esiane Adam ahweaseɛ no nti na yɛte ase; na ɛnam n’ahweaseɛ no so na owuo baae; na wɔama yɛanya mmɔborɔyɛ ne ɔhaw kɛseɛ mu kyɛfa.

49 Hwɛ Satan aba nnipa mma ntam, na ɔsɔ wɔn hwɛ sɛ wɔbɛsom no; na nnipa anya honam mu akɔnnɔ, abɛyɛ honam-mu-foɔ, na waɔnya ɔbonsam su, na wɔayi wɔn afiri Onyankopɔn anim.

50 Nanso Onyankopɔn ada no adi akyerɛ yɛn agyanom sɛ ɛwɔ sɛ nnipa nyina ara sakyera.

51 Na ɔde ɔno ankasa nne frɛɛ yɛn agya Adam kaa sɛ: Mene Nyankopɔn; me na mebɔɔ wiase, ne nnipa ansa na wɔreba honam mu.

52 Na ɔka kyerɛɛ no nso sɛ: Sɛ wobɛdane aba me nkyɛn, na woatie me nne, na wagye adi, na woasakyera afiri wo mmaratoɔ ho, na woabɔ asu, mpo wɔ nsuo mu, wɔ Me Ba a Mewoo no Korɔ no din mu, deɛ adom ne nokorɛ ahyɛ no ma no, a ɛyɛ Yesu Kristo, din korɔ pɛ a wɔde bɛma wɔ ɔsoro ase, a ɛnam so nkwagyeɛ bɛba nnipa mma hɔ a, wobɛnya Sunsum Kronkron akyɛdeɛ no, na wobisa biribiara wɔ ne din mu a, adebiara a wobɛbisa no, wɔde bɛma wo.

53 Na yɛn agya Adam kasa kyerɛɛ Awurade sɛ: Adɛn nti na ɛwɔ sɛ nnipa sakyera na wɔbɔ asu wɔ nsuo mu? Na Awurade see Adam sɛ: Hwɛ, mede wo mmaratoɔ wɔ Eden Turo no mu akyɛ wo.

54 Ɛhɔ na asɛm no hyetaae wɔ nkorɔfoɔ no ntam sɛ Onyankopɔn Ba no ayɛ mpata ama bɔne a ɛdi kan no, na ɛno mu no wɔrenntumi mmfa awofoɔ no bɔne no nngu mma no tiri so, ɛfiri sɛ wɔdi mu firi wiase fapem.

55 Na Awurade kasa kyerɛɛ Adam sɛ: Ɛnam sɛ wowoo wo mma wɔ bɔne mu nti, saa ara mpo na sɛ wɔhyɛ aseɛ nyini a, bɔne ba wɔn akoma mu, na wɔka deɛ ɛyɛ nwono hwɛ, ama wɔatumi ahunu na wɔabu papa no.

56 Na wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnhunu papa ne bɔne; ɛno nti wɔdi wɔn ho so, na mama mo mmara ne mmarasɛm foforɔ.

57 Ɛno nti monkyerɛkyerɛ mo mma, sɛ ɛwɔ sɛ nnipa nyina ara, a wɔn wɔ baabiara sakyera, anyɛ saa a kwan biara so no wɔrenntumi nnya Onyankopɔn ahemman no nni, ɛfiri sɛ deɛ ɛho nnteɛ biara nntumi nnwura Onyankopɔn ahemman mu, ɛfiri sɛ deɛ ɛnntene biara nntumi nntena hɔ, anaa nntena n’anim; ɛfiri sɛ wɔ Adam kasa mu no, Ɔkronkronyɛ Nipa ne ne din, na ne Ba a Ɔwoo no Korɔ no din ne Onipa Ba no, mpo Yesu Kristo, Otemmufoɔ teneneeni, a ɔbɛba wɔ berɛ mpɔmpɔnsoɔ mu no.

58 Ne saa nti mema wo mmarasɛm bi, sɛ kyerɛ wo mma saa nneɛma yi kwa, na ka sɛ:

59 Ɛnam mmaratoɔ so nti na ahweaseɛ baae, saa ahweaseɛ no a ɛde owuo baae, na esiane sɛ ɛnam nsuo, ne mogya, ne honhom, a meyɛɛe no so na wɔwoo mo baa wiase, na ɛno nti mobɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ a ɔfiri dɔteɛ mu nti, mpo saa ara na ɛwɔ sɛ wɔwo mo foforɔ kɔ ɔsoro ahemman no mu nam nsuo, ne Honhom no so, na wɔde mogya te mo ho, mpo Deɛ Mewoo no Korɔ no mogya no; ama mo ho ate afiri bɔne nyina ara ho, na mode nsɛm a ɛnni awieɛ asɛpɛ mo ho wɔ wiase yi mu, ne nkwa a ɛnni awieɛ wɔ wiase a ɛbɛba no mu, mpo ɛnnwuo animuonyam;

60 Ɛfiri sɛ ɛnam nsuo no so na modi mmarasɛm no so; ɛnam Honhom no so na wɔbu mo bem, na ɛnam mogya no so na wɔte mo ho;

61 Ne saa nti wɔde ama mo sɛ ɛntena mo mu; ɔsoro twerɛtohɔ;Ɔwerɛkyekyefoɔ no; asomdwoeɛ mu nneɛma a ɛma ɔnnwuo tebea animuonyam; nneɛma nyina ara mu nokorɛ no; deɛ ɛkannyan nneɛma nyina ara, a ɛma nneɛma nkwa no; deɛ ɛnim nneɛma nyina ara, na ɛwɔ tumi nyina ara sɛdeɛ nyansa, mmɔborɔhunu, nokorɛ, atɛntenenee, ne atemmuo teɛ no.

62 Na afei, hwɛ, mese mo sɛ: Yei ne nkwagyeɛ nhyehyɛeɛ no ma nnipa nyina ara no, a ɛnam me ara deɛ Mewoo no Korɔ no mogya so, deɛ ɔbɛba wɔ berɛ mpɔmpɔnsoɔ mu no.

63 Na hwɛ, nneɛma nyina ara wɔ wɔn nsɛsoɔ, na wɔbɔɔ nneɛma nyina ara yɛɛ wɔn sɛ ɛnni meho adanseɛ, honam mu nneɛma, ne honhom mu nneɛma nyina ara; nneɛma a ɛwɔ ɔsorosoro, ne nneɛma a ɛwɔ asase so, ne nneɛma a ɛwɔ asase no mu, ne nneɛma a ɛwɔ asase no ase, deɛ ɛwɔ soro ne aseɛ nyina ara: nneɛma nyina ara di meho adanseɛ.

64 Na ɛbaa sɛ, berɛ a Awurade ne yɛn agya, Adam, kasaae no, Adam su frɛɛ Awurade, na Awurade Honhom hwimm no kɔɔe, na ɛmaa ne so kɔ wuraa nsuo no mu, na ɛde no hyɛɛ nsuo no ase, na ɛde no firii nsuo no mu baae.

65 Na saa na wɔbɔɔ no asu, na Onyankopɔn Honhom siane baa ne so, na saa na Honhom no woo no, na wɔkannyann ne mu nipa.

66 Na ɔtee nne bi firii soro a ɛreka sɛ: Wɔde ogya ne Sunsum Kronkron no abɔ wo asu. Yei ne Agya no, ne Ɔba no adanseɛ, firi saa berɛ yi de rekorɔ ne afebɔɔ;

67 Na woyɛ deɛ ɔnni nna mfitiaseɛ anaa mfeɛ awieɛ no nsɛsoɔ, firi daapem nyina ara kɔsi daapem nyina ara so.

68 Hwɛ, woyɛ koro wɔ me mu, Onyankopɔn babarima; na saa na obiara mmɛyɛ me mma mmarima. Amen.