Twerɛnsɛm
Mose 1


Nyiyimu a ɛfiri
Mose Nwoma no mu

Nyi-firi-mu-nsɛm a ɛfiri Twerɛ Kronkron no nkyerɛaseɛ no mu sɛdeɛ wɔdaa no adi kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith, Ayɛwohomumɔ 1830 kɔsi Ogyefuo 1831.

Ti 1

(Ayɛwohomumɔ 1830)

Onyankopɔn yi Ne ho adi kyerɛ Mose—Wɔsakyera Mose—Satan ne no di asie—Mose hunu wiase pii a nnipa tete so—Ɔbabarima no bɔɔ wiase a ɛnni ano—Onyankopɔn adwuma ne n’animuonyam ne sɛ Ɔbɛma onipa ɛnnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieɛ.

1 Onyankopɔn nsɛm a ɔka kyerɛɛ Mose, berɛ a wɔmaa Mose so kɔɔ bepɔ tenten pa ara bi so,

2 Na ɔhunuu Onyankopɔn anim ne anim, na ɔne no kasaae, na Onyankopɔn animuonyam baa Mose so; ɛno nti Mose tumi gyinaa n’anim.

3 Na Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, mene Otumfoɔ Awurade Nyankopɔn, na Ɔnniawieɛ ne me din; ɛfiri sɛ menni nna mfitiaseɛ anaa mfeɛ awieɛ; na so yei nnyɛ ɛnni awieɛ?

4 Na, hwɛ, woyɛ me babarima; ɛno nti hwɛ, na mɛkyerɛ wo me nsa ano adwuma mu adwinneɛ; nanso ɛnnyɛ ne nyina ara, ɛfiri sɛ me nnwuma ɛne me nsɛm nso nni awieɛ, ɛfiri sɛ ɛtoɔ nntwa da.

5 Ɛno nti, onipa biara nntumi nnhunu me nnwuma nyina ara, gye sɛ ɔhunu m’animuonyam nyina ara; na onipa biara nntumi nnhunu m’animuonyam nyina ara, na akyire yi ɔnnkɔso nntena ase honam mu wɔ asase so.

6 Na mewɔ adwuma ma wo, Mose, me babarima; na woyɛ me ba a Mewoo no Korɔ no nsɛsoɔ; na Deɛ Mewoo no Korɔ no yɛ Agyenkwa na ɔbɛkɔ so ayɛ saa ara, ɛfiri sɛ adom ne nokorɛ ahyɛ no ma; nanso Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho, nneɛma nyina ara wɔ m’anim, ɛfiri sɛ menim ne nyina ara.

7 Na afei, hwɛ, saa adeɛ baako yi na mede bɛkyerɛ wo, Mose, me babarima, ɛfiri sɛ wowɔ wiase, na afei mede bɛkyerɛ wo.

8 Na ɛbaa sɛ Mose hwɛɛe, na ɔhunuu wiase a wɔbɔɔ no wɔ mu no; na Mose hunuu wiase ne n’ano nyina ara, ne nnipa mma a wɔn wɔ hɔ, ne wɔn a wɔabɔ wɔn nyina ara; na yeinom yɛɛ no nwanwa na ɛmaa ne ho dwirii no.

9 Na Onyankopɔn anim firii Mose nkyɛn, ɛno nti na n’animuonyam nni Mose so; na ɛkaa Mose nko ara. Na berɛ a ɛkaa ne nko ara no, ɔhwee asase no so.

10 Na ɛbaa sɛ nnɔnhwere bebree akyi ansa na Mose san nyaa ɔno ara n’ahoɔden bio sɛ onipa; na ɔsee ne ho sɛ: Afei deɛ, ɛnam yei so mahunu sɛ onipa nnsɛ hwee, adeɛ a mannsusu koraa.

11 Nanso seesei deɛ me ara m’ani ahunu Onyankopɔn; nanso ɛnnyɛ me honam mu ani, mmom ɛyɛ me honhom mu ani, ɛfiri sɛ anka me honam mu ani nntumi nnhunu; ɛfiri sɛ anka mɛtwintwam na mawu wɔ n’anim; nanso na n’animuonyam wɔ me so; na mehunuu n’anim, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa me wɔ n ‘anim.

12 Na ɛbaa sɛ berɛ a Mose kaa saa nsɛm yi no, hwɛ, Satan ba bɛsɔɔ no hwɛɛe, kaa sɛ: Mose, onipa ba, sɔre me.

13 Na ɛbaa sɛ Mose hwɛɛ Satan na ɔkaa sɛ: Hwan ne wo? Na hwɛ, meyɛ Onyankopɔn ba, wɔ ne Ba a Ɔwoo no Korɔ no nsɛsoɔ; na w’animuonyam wɔ hene a mensɔre wo?

14 Na hwɛ, manntumi annhwɛ Onyankopɔn, kɔsii sɛ n’animuonyam baa me so, na wɔsakyeraa me wɔ n’anim. Nanso metumi hwɛ wo wɔ me nipasu mu. So ɛnte saa ara, ampa?

15 Nhyira nka Onyankopɔn din, ɛfiri sɛ ne Honhom mmfirii me so korakora, sɛ ɛnte saa a w’animuonyam wɔ hene, ɛfiri sɛ ɛyɛ esum ma me? Na mehunu nsonsonoeɛ a ɛda wo ne Onyankopɔn ntam; ɛfiri sɛ Onyankopɔn see me sɛ: Sɔre Nyankopɔn, na ɔno nko ara na wobɛsom no.

16 Firi ha kɔ, Satan; nnaadaa me; ɛfiri sɛ Onyankopɔn ase me sɛ: Woyɛ me Ba a Mewoo no Korɔ no nsɛsoɔ.

17 Na ɔsan nso maa me mmaransɛm berɛ a ɔfrɛɛ me firii nwura a ɛredɛre no mu na ɔkaa sɛ: Frɛ Onyankopɔn wɔ me ba a Mewoo no Korɔ no din mu, na sɔre me.

18 Na bio Mose kaa sɛ: merennyae sɛ mɛfrɛ Onyankopɔn, mewɔ nneɛma foforɔ a ɛwɔ sɛ mebisa no; n’animuonyam aba me so, ɛno nti metumi hunu nsonsonoeɛ a ɛda wo ne no ntam. Firi ha kɔ, Satan.

19 Na afei, berɛ a Mose kaa saa nsɛm yi no, Satan de nne kɛseɛ teaa mu, na ɔde abufuo bobɔɔ mu wɔ asase no so, na ɔhyɛɛe sɛ: Mene Deɛ Wɔwoo no Korɔ no, sɔre me.

20 Na ɛbaa sɛ Mose hyɛɛ aseɛ surooe yie; na berɛ a ɔhyɛɛ aseɛ surooe no, ɔhunuu ɔbonsam gya mu awerɛhoɔ. Nanso, ɔfrɛɛ Onyankopɔn no, ɔnyaa ahoɔden, na ɔhyɛɛe sɛ: Firi me so kɔ, Satan, ɛfiri sɛ saa Onyankopɔn korɔ yi pɛ na mɛsɔre no, deɛ ɔyɛ animuonyam Nyankopɔn no.

21 Na afei Satan ho hyɛɛ aseɛ sɛ ɛrepopo, na asase no wosooeɛ; na Mose nyaa ahoɔden na ɔfrɛɛ Onyankopɔn, kaa sɛ: Wɔ deɛ Wɔwoo no Korɔ no din mu, firi ha kɔ, Satan.

22 Na ɛbaa sɛ Satan de nne kɛseɛ teaa mu, suuiɛ, bɔɔ bena, na ɔtwɛree ne se; na ɔfirii hɔ kɔɔe, mpo ɔfirii Mose anim, ma wannhunu no.

23 Na afei saa adeɛ yi Mose dii ho adanseɛ; nanso esiane atirimuɔdensɛm nti wɔannya wɔ nnipa mma ntam.

24 Na ɛbaa sɛ berɛ a Satan firii Mose anim no, Mose maa n’ani so kyerɛɛ soro, na Sunsum Kronkron a ɛdi adanseɛ fa Agya ne Ɔba no ho no ahyɛ no ma;

25 Na ɔbɔɔ Onyankopɔn din no, ɔhunuu n’animuonyam bio, ɛfiri sɛ na ɛwɔ no so; na ɔtee nne bi a ɛreka sɛ: Nhyira ne wo, Mose, ɛfiri sɛ me, Otumfoɔ no, m’apaw wo, na wɔbɛma wo ho ayɛ den asene asuo pii; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ setie ama w’ahyɛdeɛ tesɛ deɛ woyɛ Onyankopɔn.

26 Na hwɛ, meka wo ho, mpo kɔsi wo nna awieɛ; ɛfiri sɛ wobɛyi me nkorɔfoɔ afiri nkoasom mu, mpo Israel a mapaw wɔn no.

27 Na ɛbaa sɛ, berɛ a ɛnne no gu so rekasa no, Mose too n’ani na ɔhunuu asase no, aane, mpo ne nyina ara; na ɛho adeɛ ketewa bi mpo nni hɔ a wannhunu, na ɔnam Onyankopɔn Honhom no so na ɔhunuuiɛ.

28 Na ɔhunuu ɛsotefoɔ no nso, na ɔkra bi mpo nni hɔ a wannhunu; na ɔnam Onyankopɔn Honhom no so na ɔhunuu wɔn; na na wɔn dodoɔ yɛ kɛseɛ pa ara, mpo buburugyaa te sɛ mpoano anwea.

29 Na ɔhunuu nsase pii; na na wɔfrɛ asase biara wiase, na na nnipa wɔ so.

30 Na ɛbaa sɛ Mose frɛɛ Onyankopɔn, kaa sɛ: Ka kyerɛ me, mesrɛ wo, adɛn nti na saa nneɛma yi te saa, na ɛnam deɛn so na woyɛɛ yeinom?

31 Na hwɛ, na Awurade animuonyam wɔ Mose so, enti ɛmaa Mose gyinaa Onyankopɔn anim, na ɔne no kasaae anim ne anim. Na Awurade Nyankopɔn see Mose sɛ: Esiane Me ara me botaeɛ nti na meyɛɛ saa nneɛma yinom. Nyansa nie na ɛwɔ me mu.

32 Na menam m’asɛm tumi so, na mebɔɔ yeinom, deɛ ɔyɛ me Ba a Mewoo no Korɔ no, a adom ne nokorɛ ahyɛ no ma no.

33 Na ewiase ahodoɔ a ɛnni ano na mabɔ; na mebɔɔ yeinom nso wɔ me ara me botaeɛ nti; na ɛnam me Ba no so na mebɔɔe, deɛ ɔyɛ Deɛ Mewoo no Korɔ no.

34 Na onipa a ɔdi nnipa nyina ara anim kan no mafrɛ no Adam, deɛ ɛkyerɛ pii.

35 Nanso saa asase yi so ne deɛ ɛfa ne sotefoɔ no ho nsɛm pɛ na mede bɛma wo. Ɛfiri sɛ hwɛ ewiase pii nam m’asɛm tumi so atwa mu kɔ. Na pii wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ seesei, na ɛyɛ buburugyaa ma onipa; nanso menim nneɛma nyina ara ano, ɛfiri sɛ wɔyɛ me dea na menim wɔn.

36 Na ɛbaa sɛ Mose kasa kyerɛɛ Awurade sɛ: Hunu w’akoa mmɔbɔ, O Nyankopɔn, na ka saa asase yi ho asɛm kyerɛ me, ne ɛsotefoɔ, ne ɔsoro nso, ama w’akoa bo atɔ ne yam.

37 Na Awurade Nyankopɔn see Mose sɛ: Ɔsorosoro dɔɔso, na onipa nntumi nnkan; nanso menim ano, ɛfiri sɛ ɛyɛ me dea.

38 Na sɛdeɛ asase baako ne ɛsoro a ɛka ho no bɛtwa mu akɔ no, saa ara na foforɔ nso bɛba, na me nnwuma anaa m’asɛm nni awieɛ.

39 Na hwɛ, yei ne m’adwuma ne m’animuonyam—sɛ mede onipa ɛnnwuo tebea ne nkwa a ɛnni awieɛ bɛba.

40 Na afei, Mose, me ba barima, mɛkasa akyerɛ wo afa saa asase a wogyina soɔ yi ho; na twerɛ nsɛm a mɛka no.

41 Na da a nnipa mma bɛbu me nsɛm sɛ ɛnnyɛ hwee na wɔbɛyi ɛmu pii afiri nwoma no a wobɛtwerɛ no mu no, hwɛ, mɛtete ɔfoforɔ a ɔte sɛ wo; na wɔbɛnya yeinom bio wɔ nnipa mma ntam—wɔ dodoɔ no ara a wɔbɛgye adie no ntam.

42 (Wɔkaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Mose wɔ bepɔ no so, a wɔrennhunu ne din wɔ nnipa mma ntam. Na afei wɔaka akyerɛ wo. Mmfa nnkyerɛ obiara gye sɛ wɔn a wɔgye die. Mpo saa ara Amen.)