Twerɛnsɛm
Abraham 1


Abraham Nwoma No

Joseph Smith na Ɔkyerɛɛ aseɛ firii Demmire nwoma no mu

Tete Twerɛtohɔsɛm a abɛka yɛn nsa bi nkyerɛase a ɛfiri Misraim asieɛ-dan mu. Abraham ntwerɛeɛ berɛ a na ɔwɔ Misraim no, a wɔfrɛ no Abraham Nwoma no, deɛ ɔde ɔno ara ankasa ne nsa twerɛɛe, wɔ demmire nwoma mu.

Ti 1

Abraham hwehwɛ agya panin nhyehyɛeɛ nhyira—Asɔfoɔ atorɔfoɔ taataa no wɔ Kaldea—Yehowa gye no nkwa—wɔka Misraim farebae ne n’amammuo ho asɛm bio.

1 Wɔ Kaldeafoɔ asase so, wɔ m’agyanom fie no, me, Abraham, hunuu sɛ ɛhia sɛ menya atenaeɛ foforɔ;

2 Na mehunuu sɛ anigyeɛ ne asomdwoeɛ ne ahomegyeɛ kɛseɛ pa ara wɔ hɔ ma me no, mehwehwɛɛ agyanom nhyira no, ne hokwan a ɛnam so wɔbɛyi me sɛ menni ɛho dwuma; ɛnam sɛ me ara medi tenenee akyi, na mepɛ nso sɛ meyɛ obi a ɔwɔ nimdeɛ kɛseɛ, na meyɛ tenenee kyidifoɔ kɛseɛ pa ara, na menya nimdeɛ kɛseɛ pa ara, na meyɛ aman pii agya, asomdwoeɛ hene, na mepɛɛe sɛ megye nkyerɛkyerɛ, na medi Onyankopɔn mmaransɛm so nti, mebɛyɛɛ ɔdedifoɔ a ɔsɛ fata, Ɔsɔfo Panin, a ɔwɔ hokwan a ɛyɛ agyanom deɛ no.

3 Wɔde firi agyanom no so na wɔde maa me; esiane firii agyanom hɔ na ɛbaae, firi mmerɛ mfitiaseɛ, aane, firi mfitiaseɛ no mpo, anaa ansa na wɔreto asase no fapem no, de bɛsi saa berɛ yi, mpo abakan no adedie, anaa onipa a ɔdi kan no, a ɔyɛ Adam, anaa agya a ɔdi kan no, nam agyanom no so de bɛsi me so.

4 Mehwehwɛɛ me frɛ wɔ Asɔfodie no mu sɛdeɛ Onyankopɔn frɛ a ɛfa agyanom asefoɔ no ho no teɛ.

5 Ɛnam sɛ m’agyanom adane afiri wɔn tenenee ho, ne mmaransɛm kronkron a Awurade wɔn Nyankopɔn de ama wɔn, na wɔakɔsom abosonsomfoɔ anyame nti, wɔpoo sɛ wɔbɛtie me nne koraa.

6 Ɛfiri sɛ wɔn akoma asi gyinaeɛ sɛ wɔbɛyɛ bɔne, na wɔadane wɔn ho nyina ara akɔma Elkena nyame, ne Libna nyame, ne Mamakra nyame, ne Koras nyame, ne Faro, Misraim hene, nyame;

7 Ne saa nti wɔdanee wɔn akoma kɔɔ abosonsomfoɔ afɔrebɔ so na wɔde wɔn mma bɔɔ afɔdeɛ maa saa ahoni mumu yi, na wɔanntie me nne, mmom wɔbɔɔ mmɔden faa Elkena sɔfoɔ no nsa so sɛ wɔreyi me nkwa afiri hɔ. Na Elkena sɔfoɔ no san nso yɛ Faro sɔfoɔ.

8 Afei, saa berɛ yi na ɛyɛ Faro, Misraim hene, sɔfoɔ no amammerɛ sɛ ɔde mmarima, mmaa, ne mmɔfra bɛbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a wɔasi no Kaldea asase so sɛ afɔrebɔ ama saa amanfrafoɔ anyame no.

9 Na ɛbaa sɛ ɔsɔfoɔ no bɔɔ afɔdeɛ maa Faro nyame, ne Sagreel nyame no nso, mpo wɔ Misraim yɔbea so. Afei Sagreel nyame no ne owia no.

10 Mpo nnaaseɛ afɔdeɛ na Faro sɔfoɔ no de abɔfra bi bɔɔe wɔ afɔrebukyia a ɛsi kokoɔ no a wɔfrɛ no Potifar Kokoɔ no nkyɛn, wɔ pampa Olisem atifi so.

11 Afei, na saa sɔfoɔ yi de mmaabunu baasa bi abɔ afɔdeɛ wɔ saa afɔrebukyia yi so berɛ koro pɛ, a na wɔyɛ Onita mma mmaa, adehyeɛ no mu baako a ɔfiri Ham asene mu pɔtee. Wɔde saa mmaabunu yi bɔɔ afɔdeɛ ɛnam wɔn ahonidie nti; wɔammpɛ sɛ wɔkoto som nnua anaa aboɔ anyame, ne saa nti wɔkumm wɔn wɔ saa afɔrebukyia yi so, na wɔyɛɛ no wɔ Misraimfoɔ yɔbea so.

12 Na ɛbaa sɛ asɔfoɔ no de akakabensɛm baa me so, sɛdeɛ wɔbɛkum me nso, sɛdeɛ wɔyɛɛ mmaabunu no wɔ saa afɔrebukyia no so; na sɛdeɛ mobɛnya saa afɔrebukyia yi ho nimdeɛ no, mɛtwe mo adwene akɔ mfonini a ɛwɔ twerɛtohɔ yi ahyɛaseɛ no so.

13 Wɔyɛɛ no wɔ mpadua sɛso, te sɛ deɛ ɛwɔ Kaldeafoɔ no ntam no, na na ɛsi Elkana, Libna, Mamakra, Koras anyame, ne nyame bi nso a ɔte sɛ Faro, Misraimfoɔ hene no nyame no anim.

14 Sɛdeɛ mobɛnya saa anyame yinom ho nteaseɛ no, mama mo wɔn su wɔ nhwɛsoɔ a ɛwɔ ahyɛaseɛ no mu, a mfonini no tebea no a Kaldeafoɔ no frɛ no Rahleenos, a ɛgyina hɔ ma mfonini atwerɛe.

15 Na berɛ a wɔmaa wɔn nsa so wɔ me so sɛ wɔde me rebɔ afɔdeɛ na wɔayi me nkwa afiri hɔ no, hwɛ, memaa me nne so kyerɛɛ Awurade me Nyankopɔn, na Awurade tieei na ɔteeɛ, na ɔde Otumfoɔ no ho anisoadehunu hyɛɛ me ma, na n’anim bɔfoɔ no gyinaa me nkyɛn, na ntɛmpa ara ɔsanee me mpokyerɛ no;

16 Na ne nne baa me hɔ sɛ: Abraham, Abraham, hwɛ, me din ne Yehowa, na matie wo, na maba sɛ merebɛgye wo nkwa, na mabɛfa wo afiri w’agya fie, ne w’abusuafoɔ nyina ara hɔ, akɔ ananafoɔ asase bi a wonnim so;

17 Na yei te saa esiane sɛ wɔadane wɔn akoma afiri me so, akɔ som Elkena nyame, ne Libna nyame, ne Mamakra nyame, ne Koras nyame, ne Faro, Misraim hene, nyame; ne saa nti na masiane aba fam rebɛsra wɔn, na masɛe deɛ wama ne nsa so atia wo, me ba barima, Abraham sɛ ɔbɛyi wo nkwa afiri hɔ no.

18 Hwɛ, mɛsɔ wo nsa adi w’anim kan, mɛfa wo, na mede me din, mpo w’agya Asɔfodie no ato wo so, na me tumi bɛba wo so.

19 Sɛdeɛ na ɛka Noa ho no saa ara na ɛbɛka wo ho; nanso ɛnam wo nyamedwuma so na wɔbɛda me din adi akyerɛ, wɔ asase so afebɔɔ, ɛfiri sɛ mene wo Nyankopɔn.

20 Hwɛ, na Potifar Pampa no wɔ Ur asase so, wɔ Kaldea. Na Awurade bubuu Elkena afɔrebukyia no, ne asase no so anyame guu fam, na ɔsɛee wɔn korakora, na ɔbɔɔ ɔsɔfoɔ no ma ɔwuui; na esu kɛseɛ baa Kaldea, ne Faro ahenfie hɔ nso; Faro a ɛkyerɛ mogya dehyeɛ hene no.

21 Afei na saa Misraim hene yi yɛ Ham aseni a ɔfiri n’asene mu, na ɔnyaa Kaananfoɔ mogya no mu kyɛfa nam awoɔ so.

22 Ɛfiri saa anatoɔ yi mu na Misraimfoɔ nyina ara firi baae, na saa na wɔkoraa Kaananfoɔ mogya no wɔ asase no so.

23 Ɔbaa bi na ɔdii kan hunuu Misraim asase no, deɛ na ɔyɛ Ham babaa, ne Egyptus babaa, a wɔ Kaldea mu no ɛkyerɛ Misraim, a ɛkyerɛ deɛ wɔabara;

24 Berɛ a saa ɔbaa yi hunuu saa asase yi no na ɛwɔ nsuo ase, na akyire yi no ɔde ne mma mmarima kɔtenaa so; na saa na ɛfiri Ham so, saa abusua no a ɛde nnome baa asase no so no firi baae.

25 Afei, Egyptus a ɔyɛ Ham babaa no, ne ba barima piesie, Faro, na ɔkyekyeree Misraim amammuo a ɛdi kan no, na na ɛyɛ sɛdeɛ Ham amammuo no teɛ, a ɛyɛ agyapanin adedie.

26 Esiane sɛ na Faro yɛ onipa teneneeni nti, ɔkyekyeree n’ahemman na ɔbuu ne nkorɔfo no atɛn nyansa ne pɛpɛɛpɛyɛ mu ne nkwa nna nyina ara, na ɔde nsiyɛ hwehwɛɛ sɛ ɔbɛsuasua nhyehyɛeɛ a agyanom no yɛɛe wɔ awoɔntoatoasoɔ a ɛdi kan no mu, wɔ agyapanin ahennie nna a ɛdi kan no mu, mpo wɔ Adam ahennie no mu, ne Noa, nso, ne papa a ɔde asase no nhyira ne nyansa nhyira hyiraa no no, nanso ɔdomee no ɛfa Asɔfodie no ho.

27 Afei, ɛnam sɛ Faro firi saa abusuasanten no mu nti na ɔrenntumi nnya Asɔfodie no hokwan, nanso na Farofoɔ no ka sɛ wɔn wɔ hokwan firi Noa hɔ, nam Ham so, ɛno nti wɔnam wɔn abosonsom so twee m’agya kɔɔe;

28 Nanso, akyire yi, mɛbɔ mmɔden, aka abasɛm no ho asɛm nnidisoɔ nnidisoɔ afiri me so asan akyiri akɔ abɔdeɛ ahyɛaseɛ no so, ɛfiri sɛ twerɛtohɔsɛm no abɛka me nsa, a mekura bɛsi saa berɛ yi.

29 Afei, akyire yi a wɔbɔɔ Elkena sɔfoɔ no ma ɔwuui no, saa nneɛma no a wɔka kyerɛɛ me faa Kaldea asase no ho sɛ ɔkɔm bɛba asase no so no hyɛɛ ma.

30 Ne saa nti ɛkɔm baa Kaldea asase no so nyina ara, na me papa hunuu ateetee kɛseɛ pa ara ɛnam ɔkɔm no nti, na ɔsakyeraae firii bɔne a na wasusu afa me ho, sɛ ɔbɛyi me nkwa afiri hɔ no.

31 Nanso agyanom no, mpo agya mpaninfoɔ no twerɛtohɔsɛm no a ɛfa Asɔfodie no hokwan, Awurade me Nyankopɔn koraa wɔ me ara ankasa nsam; ne saa nti nimdeɛ a ɛfa abɔdeɛ ahyɛaseɛ ho, ne akyinsoromma nso, ne nsoromma, sɛdeɛ, wɔdaa no adi kyerɛɛ agyanom no, makora mpo abɛsi saa da yi, na mɛbɔ mmɔden atwerɛ saa nneɛma yinom bi wɔ saa twerɛtohɔ yi so, ama ayɛ mfasoɔ ama m’asefoɔ a wɔbɛdi m’akyi aba no.