Twerɛnsɛm
Mosaya 2


Ti 2

Ɔhene Benyamin kasa kyerɛ ne nkurɔfoɔ—Ɔka pɛpɛyɛ, nokwaredie ɛne ne honhom mu nsɛm wɔ n’ahennie mu—Ɔtu wɔn fo sɛ wɔnsom wɔn Soro Hene—Wɔn a wɔte Onyankopɔn so atua no bɛhunu amane tesɛ egya a ɛnnum da. Bɛyɛ mfinhyia 124 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ Mosaya yɛɛ deɛ n’agya hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ wieeɛ no akyire yi no, na ɔbɔɔ dawuro wɔ asaase no nyina ara so no, ɛmaa nnipa no boaboaa wɔn ano wɔ asaase no nyina ara so ama wɔakɔ tɛmpol no mu akɔtie nsɛm a ɔhene Benyamin bɛka akyerɛ wɔn.

2 Na wɔn dodoɔ dɔɔso, obi ntumi nkan wɔn mpo; ɛfiri sɛ wɔadɔre bebree a, wɔn ho ayɛ den wɔ asaase no so.

3 Na wɔfaa wɔn nnwan mu mmakan nso, ama wɔabɔ afɔreɛ ne ɔhyeɛ afɔreɛ sɛdeɛ Mose mmara no teɛ.

4 Na ama wɔde aseda nso ama Awurade wɔn Nyankopɔn, a ɔyii wɔn firii Yerusalem asaase so, na ɔgyee wɔn firii wɔn atamfoɔ nsam, na wapa ateneneefoɔ sɛ wɔn nyɛ wɔn akyerɛkyerɛfoɔ, na wasan ayi nipa a ɔtene ama wabɛyɛ wɔn hene, deɛ wama asomdwoeɛ aba Sarahɛmla asaase so, na wakyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔni Onyankopɔn mmaransɛm so, ama wɔadi dɛ na ɔdɔ ahyɛ wɔn ma wɔ Onyankopɔn ne nnipa nyina ara mu.

5 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔbaa tɛmpol no mu no, wɔsisii wɔn ntomadan twahyiaae, sɛdeɛ obiara abusua teɛ, ne yere, ɛne ne mmamarima, ɛne ne mmammaa, ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaayewa, ɛfiri panin so de kɔsi ketewa so, abusua biara ate ne ho afiri abusua baako ho.

6 Na wɔsisii wɔn ntomadan twaa tɛmpol no ho hyiaae, obiara maa ɛpono a ɛda ne ntomadan no ano no hwɛɛ tɛmpol no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtena wɔn ntomadan no mu hɔ ara na wɔatie nsɛm a ɔhene Benyamin bɛka akyerɛ wɔn no.

7 Na ɛnam sɛ nkurɔfokuo no dɔɔso na ɔhene Benyamin ntumi nkyerɛkyerɛ wɔn nyina ara wɔ tɛmpol no mu nti, ɛmaa ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi abantentene sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne nkurɔfoɔ no bɛte nsɛm a ɔbɛka akyerɛ wɔn no.

8 Na ɛbaa sɛ ɔhyɛɛ aseɛ kasa kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ firi abantentene no so; na wɔn nyina ara ante ne nsɛm no ɛnam nkurɔfokuo no dodoɔ nti; nti ɔhyɛɛ sɛ wɔn ntwerɛ nsɛm a ɔkaaɛ no na wɔn mfa mma wɔn a wɔante ne nne no; sɛdeɛ ɛbɛma wɔn nso anya nsɛm no.

9 Na yei ne nsɛm a ɔkaaɛ na ɔhyɛɛ sɛ wɔntwerɛ, ɔse: Me nuanom a moaboa mo ano ahyia mu ha nyina ara, mo a morebetie me nsɛm a merebɛka akyerɛ mo nnɛ da yi; manhyɛ mo sɛ mo mmra ha mmɛbu nsɛm a merebɛka yi animtia, mmom ɛwɔ sɛ mo tie me, na mobue mo aso sɛ ɛbɛyɛ a mobɛte, ɛne moakoma mu sɛ ɛbɛyɛ a mobɛte aseɛ, ɛne moadwene mu sɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn asumasɛm no, wɔbɛda no adi akyerɛ mo.

10 Manhyɛ mo sɛ mo mmra ha mmɛsuro me, anaa sɛ mo bɛdwene sɛ me ara ankasa me deɛ mekyɛn nnipa teasefoɔ biara.

11 Nanso mete sɛ mo ara, ahoɔmmerɛ ahodoɔ nyina ara tumi ha me nipadua ne madwene; nanso saa nkurɔfoɔ yi ayi me, ɛna m’agya ayɛ me kronkron; ɛna Awurade nsa ama kwan sɛ menni nkurɔfoɔ yi so na me nyɛ wɔn so hene; na ɔde ne tumi a ɛtwa tumi biara mu no de me asie na wakora me sɛ memfa me tumi, madwene ɛne mahoɔden a Awurade de ama me no nsom mo.

12 Mese mo sɛ sɛdeɛ wɔahyɛ me sɛ memfa me nkwa nna nyina ara nsom mo no, de bɛsi saa mmerɛ yi mpo, menhwehwɛɛ sika kɔkɔɔ anaa dwetɛ anaa ahonyadeɛ biara mfirii mo nkyɛn.

13 Ɛna me nnhyɛɛ sɛ wɔmfa mo nto afiase amena mu; anaa sɛ mo nyɛ nkoa mma mo ho mo ho, anaa sɛ monni awu, anaa mo nsisi obi nnye n’adeɛ, anaa mo nwia, anaa mo nsɛe awareɛ; ɛna me nhyɛ mo mpo sɛ monyɛ amumuyɛ biara, na makyerɛ mo sɛ moni Awurade mmaransɛm so, wɔ biribiara a wahyɛ mo biara ho—

14 Na mpo me, ara ankasa, mede me nsa ayɛ adwuma sɛdeɛ mɛsom mo, ama mo toɔ anyɛ adesoa amma mo, na biribiara a ɛyɛ anibereɛ amma mo so—na deɛ maka yi nyina ara no, mo ara ankasa moyɛ adansefoɔ ɛnnɛ da yi.

15 Nanso me nuanom, me nnyɛɛ saa nneɛma yi sɛ mede retu me ho, ɛna me nka saa nsɛm yi mfa mmu mo fɔ; mmom meka saa nsɛm yi sɛdeɛ mobɛhunu sɛ mɛtumi de ahonim a ɛmu da hɔ ayi m’ano wɔ Onyankopɔn anim ɛnnɛ da yi.

16 Hwɛ, mese mo sɛ ɛnam sɛ maka sɛ m’asom mo wɔ me nkwa nna nyina ara mu nti no, mempɛ sɛ mede tu me ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ankasa na masom no.

17 Na hwɛ, meka saa nsɛm yi kyerɛ mo ama moasua nyansa; sɛdeɛ mo bɛsua sɛ, sɛ mosom wo nua a, na Onyankopɔn na na moresom no.

18 Hwɛ, moafrɛ me mo hene; na sɛ me, a mofrɛ me mo hene no, mebɔ mmɔden sɛ mɛsom mo a, nti ɛnsɛ sɛ mobɔ mmɔden som mo ho mo ho anaa?

19 Na afei nso monhwɛ, sɛ me a mofrɛ me mo hene, a me nkwa nna nyina ara mu no, mede asom mo, nanso ɛyɛ Onyankopɔn na masom no yi, na mefata sɛ me nya aseda firi mo hɔ, O sɛdeɛ ɛhia sɛ mo da mo hene a ɔwɔ soro no ase!

20 Mese mo sɛ, me nuanom, sɛ mode nseda ne ayɛyie a ɛwɔ mo kra mu nyina ara ma saa Onyankopɔn a wɔabɔ mo, na wakora na ɔde mo asie, na wama mo adi ahurisie, na wama ho kwan sɛ mo ne mo ho mo ho bɛtena asomdwoeɛ mu no—

21 Mese mo sɛ, sɛ mobɛsom deɛ ɔbɔɔ mo firii ahyɛaseɛ no na ɔkora mo da biara, na ɔma mo homee sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo bɛtena ase na moadi akɔnea ba, na moayɛ deɛ mo ara ankasa mo pɛ, na mpo ɔwowa mo firii mmerɛ baako de kɔsi mmerɛ foforɔ mu—mese, sɛ mo de mo akra nyina ara bɛsom no mpo a anka mo bɛyɛ asomfoɔ a mfasoɔ biara nni mo soɔ.

22 Na hwɛ, deɛ ɔhwehwɛ firi mo hɔ nyina ara ne sɛ mobɛdi ne mmaransɛm so; na wahyɛ mobɔ sɛ, sɛ mobɛdi ne mmaransɛm so a mobɛyɛ frɔmfrɔm wɔ asaase yi so; na ɔnsesa wɔ deɛ waka hɔ; ɛno nti sɛ modi ne mmaransɛm so a, ɔhyira mo na ɔma mo yɛ frɔmfrɔm.

23 Na afei, deɛ ɛdi kan, wabɔ mo, na ɔde monkwa ama mo, ɛno nti mode no ka.

24 Na deɛ ɛtɔ so mmienu, ɔhwehwɛ sɛ mobɛyɛ deɛ wahyɛ mo; ɛno na sɛ mo yɛ a, ɔhyira mo ntɛmpa ara; ɛno nti watua mo ka. Na mo da so de ne ka, na mo de no ka nnɛ, na mo bɛde noka afebɔɔ; ɛno nti, ɛdeɛn na ɛwɔ sɛ mo de hoahoa mo ho?

25 Na afei merebisa sɛ, mobɛtumi aka biribi de atete mo ho anaa? Mebua mo sɛ Daabi. Mo ntumi nka sɛ mo te sɛ asaase so mfuturo; yei nyina ara akyiri no ɔde asaase so mfuturo na ɛbɔɔ mo; mmom monhwɛ, ɛyɛ deɛ ɔbɔɔ mo no dea.

26 Na me, mpo me, a mofrɛ me mo hene no me nnyɛ nkyɛn mo; na me nso meyɛ mfuturo. Na moahunu sɛ mayɛ akɔkora, na ɛrenkyɛ na magya honamdua yi mu ama asaase na.

27 Ɛno nti, sɛdeɛ maka akyerɛ mo sɛ masom mo no, mede ahonim a ɛmu teɛ anante wɔ Onyankopɔn anim, saa nso na mmerɛ nyina ara mɛma moahyia, ama mo ahunu sɛ menni fɔ na mo mogya anngu me tiri so, mmerɛ a mɛgyina Onyankopɔn anim ama wabu me atɛn wɔ nneɛma a ɔhyɛɛ me faa mo ho no.

28 Mese mo sɛ mama moaboa mo ano ahyia mu sɛ ɛbɛyɛ a mɛhohoro mo mogya afiri me ntaadeɛ mu, wɔ saa mmerɛ yi a merebɛkɔ me nna mu yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛkɔ amena mu asomdwoeɛ mu, na me honhom a ɛrennwu da no akɔka ɔsoro adwontofoɔ kuo no ho ama yɛato Onyankopɔn a ɔyɛ pɛ no ayɛyie.

29 Na mese mo bio sɛ mama moabɔ mu ahyia mu ha, sɛ mɛda no adi akyerɛ mo sɛ me ntumi nyɛ mo kyerɛkyerɛni anaa mo hene bio;

30 Na mmerɛ yi mu mpo, me nipadua nyina ara woso dendennden, mmerɛ a mepɛ sɛ me ne mokasa yi; mmom Awurade Nyankopɔn na ɛboa me, ɛna wama me kwan sɛ me nkasa nkyerɛ mo, ɛna wahyɛ me sɛ menna no adi nkyerɛ mo ɛnnɛ da yi, sɛ me babarima Mosaya yɛ ɔhene ne hwɛsofoɔ wɔ mo so.

31 Na afei, me nuanom, mɛpɛ sɛ moyɛ deɛ moayɛ no dada no. Sɛdeɛ modi me mmaransɛm, ɛne m’agya mmaransɛm so no, na moayɛ frɔmfrɔm, na wakora mo amma mo ankɔtɔ mo atamfo nsa mu no, saa ara nso na sɛ modi me babarima no mmaransɛm so a, anaa Onyankopɔn mmaransɛm a ɔde bɛma mo no so a, mobɛyɛ frɔmfrɔm wɔ asaase yi so, na mo atamfo renya tumi wɔ mo so.

32 Mmom, O me nkurɔfoɔ, monhwɛ yie na apereapereɛ amma mo mu, na mo amfa mo ho amma honhom bɔne no a m’agya Mosaya kaa ho asɛm no.

33 Na hwɛ, nomee wɔ hɔ ma deɛ ɔde ne ho ma saa honhom no; na sɛ ɔde ne ho ma na ɔtie no, na ɔtena mu na ɔwu ne bɔne mu a, saa nipa no bɛnom fɔbuo ama ɔno ara ne kra; ɔto Onyankopɔn mmara na ɔkwati ɔno ara ne nimdeɛ akyire yi nso a, akatua a ɔnyaeɛ ne asotweɛ a ɛtehɔ daa.

34 Mese mo sɛ, obiara nni mo mu a wɔnkyerɛkyerɛɛ no saa nneɛma yi, gye sɛ mo mmofra nketewa no nko ara na wɔnkyekyere wɔn saa nneɛma yi, mmom hwan na ɔnnim sɛ mode mo soro Agya no ka a ɛnniawieɛ, na sɛ mode mo ho ne deɛ mo wɔ nyina ara bɛma no; ɛna deɛ wɔakyerɛ mo no nso a ɛfa twerɛtohɔsɛm a nkɔmhyɛfoɔ kronkron no nkɔmhyɛ a wɔaka ho asɛm no wɔ mu no, de bɛsi mmerɛ a yɛn agya Lihae firii Yerusalem;

35 Ɛna deɛ yɛn agyanom kaeɛ nyina ara nso de besi nnɛ. Na monhwɛ, wɔkae deɛ Awurade hyɛɛ wɔn no nso; ɛno nti, ɛtene na ɛyɛ nokware.

36 Na afei me nuanom, mese mo sɛ mmerɛ a moahunu na wɔakyerɛ mo saa nneɛma yi nyina ara akyiri yi no, sɛ moto mmara no na mokwati deɛ wɔaka ho asɛm no a, na moretwe mo ho afiri Awurade Honhom no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛrennya kwan wɔ mo mu na ɛde mo bɛkɔ nyansakwan no mu ama wɔahyira mo, ama wɔayɛ mo frɔmfrɔm, na wɔakora mo—

37 Mese mo sɛ onipa a ɔyɛ yeinom no, saa onipa no ara na ɔte Onyankopɔn so atua wɔ badwa mu; ɛno nti ɔtie na ɔyɛ honhom bɔne no pɛ, na ɔbɛyɛ ɔtamfo ma tenenee nyina ara, ɛno nti, Awurade nni no mu, ɛfiri sɛ ɔntena tɛmpol a ɛnnyɛ kronkron no mu.

38 Ɛno nti sɛ saa nnipa no ansakyeraɛ n’adwene, na owu mmerɛ a ɔda so yɛ Onyankopɔn tamfo a, Onyankopɔn mu atɛntenenee hwehwɛ sɛ ne kra a ɛnnwuo da no bɛnyane ama wahunu ɔno ara ankasa n’afɔdie, deɛ ɛma no pini n’akyire firi Awurade anim, na afɔdie, ne yea, ne amanehunu a ɛmu yɛ den, deɛ ɛte sɛ egya a ɛnnum da a ne gyamframa foro kɔ soro afebɔɔ hyɛ ne koko ma.

39 Na afei mese mo sɛ ahummɔborɔ nni hɔ ma saa nnipa no; ɛno nti n’awieɛ ne sɛ ɔbɛkɔ ateeteɛ a ɛnni awieɛ mu.

40 O, mo nkɔkora nyina ara, ne mo mmeranteɛ nso, ne mo nkwadaa nketewa a mo bɛtumi ate me nsɛm ase, ɛfiri sɛ makasa pefee akyerɛ mo sɛdeɛ mobɛte aseɛ, meserɛ sɛ mobɛsɔre na moakae tebea huhuu a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔahwease wɔ mmaratoɔ mu no.

41 Na bio, mɛpɛ sɛ mo bɛdwendwene nhyira ne anigyeɛ tebea a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmaransɛm so. Na hwɛ, wohyira wɔn wɔ adeɛ nyina ara mu, ɛwɔ honam ne honhom mu; na sɛ wɔgyina pintinn wɔ gyedie mu kɔsi awieɛ a wɔbɛgye wɔn akɔ soro, ama wɔn ne Onyankopɔn akɔtena wɔ anigyeɛ a ɛnni awieɛ mu. O monkae, monkae sɛ saa nneɛma yi yɛ nokware; ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn no waka.