Amansan Nhyiamu
Yɛn Nyinaa Wɔ Abasɛm
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Yɛn Nyinaa Wɔ Abasɛm

Mesrɛ bra na hwehwɛ w’abusua, ne w’asefoɔ nyinaa na fa wɔn bra fie.

Adɔfoɔ, anuanom maa ne mmarima, yɛn nyinaa wɔ sɛm dahɔ bi ka. Ɛwɔ berɛ a yɛnhunu y’asɛm no yɛka bɔm.

Me din de Gerrit Walter Gong Gerrit yɛ Dutch din, Walter (yɛ m’agya din) na ɛyɛ Amerika din, ɛna Gong deɛ ɛyɛ Chinese din.

Nimdefoɔ susu sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepepem 70–110 na wɔatena asaase no so. Ebia baako pɛ na wɔfrɛ no Gerrit Walter Gong

Yɛn nyinaa wɔ asɛm dahɔ Medɔ “nsuo a ɛwɔ m’anim ne mframa a ɛbɔ no.”1 Mene penguins na ɛtu taataa wɔ ɛfa ne fa wɔ Antartica. Me ma nnyanka a wɔwɔ Guatemala , mmɔfra a wɔwɔ Cambodia mmɔnten so, Masai mmaa a wɔwɔ Abibiman Mara wɔn ankasa mfonin a ɛdi kan.

Metwɛn wɔ asopiti wɔ berɛ a wɔwo yɛn mmɔfra wɔ—berɛ a dɔkota boa me.

Mewɔ Nyame mu ahotɔsoɔ. Me gyidi “[yɛn] nyina, yɛn sɛ yɛbenya [anigyie], ”2 sɛ adeɛ biara wɔ ne mmerɛ wɔ wiase yi mu so.3

Wonim w’asɛm dahɔ? Wo din asekyerɛ? Wiase nnipa dodoɔ nyini kɔɔ ɔpepem baako akyiripɔ baako wɔ 1820 bɛyɛ ɔpepempem nson akyiripɔ nnwɔtwe wɔ 2020.4 Mfie 1820 ɛrekɔyɛ nyinasoɔ pɔ sononko wɔ abakɔsɛm mu. Dodoɔ a wɔwoo wɔn 1820 akyire yi wɔ ateasefoɔ nkaeɛ ne twerɛtohɔ nwoma a ɛkyerɛ abusua ntoatoasoɔ Wo bɛkae adeɛ dɛɛdɛɛ a ɛyɛ sononko a wo ne wo nananom anaa abusua foforɔ bi yɔeɛ?

Deɛ ɛteɛ biara, ankorankorɛ dodoɔ a watena asaase yi so no, yɛnim, yɛkan wɔ nipa baako wɔ berɛ ntam Me ne wo, yɛho hia

Na mesrɛ susu wei sɛ anaasɛ yɛnim wɔn: yɛn mu biara wɔ agya ne nna a ɔwoo yɛn. Ɛna ɛnna ne agya biara nso wɔ awofoɔ.5 Sɛ ɛnam awoɔso anaa abagyeɛ abusuabɔ mu no, wɔka yɛn nyinaa bom wɔ nnipa abusua ne Onyankopɔn abusua mu.

Wɔwoo no mfeɛ AD 837 mu, me nana nanabarima a ɔtɔ so 30 , Dragon Gong a Ɔdi kan, hyɛɛ y’abusua akuraa ase wɔ China anaafoɔ fam. Ɛberɛ a ɛdikan a mekɔsraa Gong akuraase,nkorɔfoɔ no kaa sɛ, “Wenhan huilaile”(“Gerrit asan aba”).

Wɔ me maame fam no, y’ateasefoɔ abusua dua no wɔ abusua din bɛyɛ mpempem ne pii yɛbɛhu.6 Yɛn mu biara wɔ abusua dodoɔ a yɛde yɛn ho akɔdom. Sɛ wo dwene sɛ wo gyedi sɛ wo agya nuabaa panin ahyehyɛ mo abusua anato a mesrɛ hwehwɛ wo sewaa mma ne wɔn sewaanom mma. Kyekyere w’abusua nkae ateasefoɔ din ne ɔpepem du nkae dinhwehwɛ mmusuakuo a ɔwɔ ɛwiem ntentan mmoaboano so ɛne akuokuo ɔpepepempem baako ne akyiripɔ mmeɛnsa ankorankorɛ .7

Mfoni
Dua teasefoɔ a ɛwɔ nhini ne nkorabata

Bisa nnanfonom anaa abusua sɛ ɔnhyehyɛ wo ateasefoɔ abusua dua no Sɛnea Otitenani Russell M. Nelson kyerɛkyerɛ sɛ dua teasefoɔ wɔ nhini ne mman8 Sɛ woyɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi kan anaa ɛtɔ so du wɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu, wɔka ɛnnɛ ne ɔkyena. Kyekyere nhini ne mman wɔ w’abusua hyehyɛdua no.9

Asɛmmisa, “Wo firi hen?” bisa woase , beaɛ a ɔwoo woɔ, ne efie a wofiri mu anaa ɔman a wofiri mu. Wiase afanaa nyinaa ɔha mu nkyekyɛmu 25 firi China 23 firi India, 17 firi Asia Pacific, 18 firi Europe, 10 firi Abibiman mu, ɛna 7 firi Amerikas.10

Asɛmmisa sɛ, “Wo firi hen?” nso to nsa frɛ yɛn na yɛhunu yɛn ahyɛnsodeɛ pɔtee ɛne honhom mu botaeɛ wɔ abrabɔ mu.

Yɛn nyinaa wɔ asɛm dahɔ

Abusua bi a menim tumi hyehyɛɛ wɔn abusua wɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu wɔ aberɛ a ɔkɔsraa wɔn kanee kuro wɔ Winnipeg, Canada. Wɔ hɔ no nanabarima ka kyerɛɛ ne nananom ɛfa ɛda bi a asɛmpatrɛfoɔ (a ɔfrɛ wɔn abɔfoɔ a ɔfiri soro ahemaa mu) brɛɛ no Yesu Kristo nsɛmpa a san aba no a abɛsesa wɔn abusua daapem.

Ɛnna bi a menim too nsa frɛɛ ne mma ne wɔn nuanom bisaa wɔn faa wɔn nanabaa wɔ ne mmabaawa berɛ mu suahunu. Nana nanabaa suahunu ne ɔbra adesua no abɛyɛ adeɛ a ɛsombo abusua nwoma a ɛka awoɔ ntoatoasoɔ nan bom.

Abrantewaa bi a menim a ɔrehyehyɛ “n’agya twerɛtohɔ nwoma.” Mfie bi a atwam, lɔre bɔɔ ɔpapa kum no. Afei, sɛ ɔbɛhunu n’agya, aberanteɛ kokoɔdurufoɔ no ɛrekorakora mmerantebrɛ mu nkaɛ ne abasɛm afiri abusuafoɔ ne nnamfofofoɔ hɔ

Sɛ yɛbisa baabi a nteaseɛ firi wɔ abrabɔ mu a, nnipa pii ka sɛ abusua na edikan.11 Yei nyinaa ka abusua a ɛwɔ hɔ ne deɛ aba korɔ Nokware, sɛ yɛwu a na nsaaeɛ, Yɛkɔso tena ase wɔ nkatanimu no akyi.

Sɛdeɛ ɛteɛ biara no, yɛn nananom a wawu korɔ no fata nkaeɛ.12 Yɛnam abakɔsɛm a wɔntwerɛeɛ so kae yɛn adidie, abusua twerɛtohɔ nwoma ne abusua asɛnnahɔ, nkaedum anaa meaeɛ, anigyeɛ ne mfonini, nnuane, anaa adeɛ bi a ɛma yɛkae adɔfoɔ.

Dwene baabi a wo—teɛ-ɛnyɛ nwanwa wɔ ɔkwan a wo man ne beaeɛ a woteɛ kae na ɔhyɛ nananom animuonyam , ne nkaɛfoɔ a wasom aforebɔ kwan soɔ? Mfatoho, wɔ twaberɛ mu awɔ nkaeɛ wɔ South Moulton , Devonshire,England, Mene Onuabaa Gong dɔɔ sɛ yɛrehwehwɛ asɔre kumaa ne beaeɛ a y’awoɔ ntoatoasoɔfoɔ Bawden nananom tenaaeɛ. Yɛhyɛ yɛ nananom animuonyam wɔ aberɛ a yɛrebue ɔsoro nam tɛmpol ne abusua nkaeɛ13 dwumadie na yɛreyɛ adwonodeɛ14 nkawa wɔ y’awoɔ ntoatoasoɔ mu.15

Wɔ saa mmerɛ yi “Mayi me ho,” nnipa akuokuo nya mfasoɔ wɔ berɛ a wɔrekyekyere wɔn awoɔ ntoatoasoɔ ɔkwan soronko soɔ. Yɛhia nhini deanya ntaban—ayɔnkofa kann, ɔsom pa, abrabɔ a ɛboro ntentan ayɔnkofa teɛ.

Yɛne yɛn nananomawuo rekabom no bɛtumi asesa yɛn asetena wɔ akwan nwanwasoɔ so. Ɛnam wɔn akukuruhwiaseɛ ne wɔn mmɔdenmmɔ so yɛnya gyedie ne ahoɔden.16 Ɛnam wɔn dɔ ne wɔn afɔrebɔ so nti, yɛ sua sɛ yɛde bɔne kyɛ na yɛkɔ nkan. Yɛn mma tumi gyina Yɛnya ahobanbɔ ne tu Yɛde yɛn ho refam yɛn nananom a wɔawuwuo pɛgya y’abusua nkabom mu aseda nsɛnkyerɛne, Saa nkabom no tumi de mmoa ba firi nkatanimu no fa baabi hɔ

Sɛnea anigyeɛ ba mmusuakuo mu no, saa nso na ɔyaw nso ba. Ankorankorɛ anaa abusua biara nnihɔ a ɔyɛ pɛpɛɛpɛ. Sɛ wɔn a ɛwɔsɛ ɔdɔ, ɛteteɛ na ɔbɔ ban di hwammɔ a yɛhu yɛn ho sɛ y’ayi yɛn totwene, yɛwerɛ ho na ɛha yɛn. Abusua tumi bɛyɛ sɛ nwannto. Nso no, ɛwɔ ɔsoro mmoa nti yɛtumi te y’abusua ase na yɛne obiara tena ase asomdwoeɛ mu.17

Ɛduru mmerɛ bi a atu wohoakyɛ a ɛkɔ nkan sɛ yɛbɛdi abusua nkotahodie boa ma yɛtumi yɛ nnoɔma a ɛyɛ den. Wɔ nsɛmbi mu no, ɔman tumi bɛyɛ abusua. Abaayewa ɔkunini a n’abusua kɔɔ ɔhaw mu pere hwehwɛ hunuu asɔre abusuakuo baabi biara a ɔwɔ sɛ ɔbɛma nteteɛ ne atuwohoakyɛ Awoɔ nhwehwɛmu ne abusua nkyerɛe nkɛntɛnso wɔ nsunsuansoɔ wɔ yɛn so nso no ɛntumi nkyerɛ deɛ yɛn nwɔ

Onyankopɔn pɛsɛ yɛmmusua nya anigyeɛ a ɛtoɔ ntwa da. Daadaa ɛwa sɛ yɛnma afoforɔ ani annye a Anigyeɛ yɛ tia sɛ nkutahodie a ɛsomboɔ to twa wɔ abrabɔ yi mu a Ɛnam apam kronkron so, Yesu Kristo de Ne dɔ, tumi, ne animuonyam maae sɛ ɛnsesa yɛn18 na ɛnsa yɛn abusuabɔ yareɛ. Tɛmpol atuwohoakyɛ som de ma yɛn adɔfoɔ yɛ yɛn Agyenkwa no Mpata no kann mma wɔn ne yɛn. Y’ahoteɛ , bɛma yasan akɔ Onyankopɔn nkyɛn sɛ abusua nkabom a ɛnniawieɛ.19

Y’asɛnnahɔ no yɛ akwantuo a ɛretu mmpɔn wɔ aberɛ a yɛrehu, ayɛ na yabɛyɛ ama no ayɛyie a ɛboro adswene soɔ.

Nkɔmhyɛni Joseph Smith kaa sɛ, “Ɛyɛ binom sɛ ɛyɛ akokoɔduro paa nkyerɛkyerɛ na yɛka ho asɛm—tumi a ɛkyekyere wɔ asaase so na ɛsan kyekyere wɔ ɔsoro.”20 Na saa abusuabɔ a ɛwɔ yɛn ntam no bɛkɔ so atena hɔ wɔ daadaa animuonyam mu wɔ hɔ.21 Nokorɛ, “yɛntumi nnyɛ pɛ sɛ wɔn a wɔawu no] nka ho a; saa ara nso na yɛnnka wɔn ho,” a, ɛma “wɔnnyɛ pɛ.”22

Deɛn na yɛbɛtumi ayɛ?

Edikan, bɔ nkɔmpɔ hwɛ woho mfonini ahwehwɛ mmienu a ɛkɔ ɛnniawieɛ hwɛbea soɔ. Wɔ ɛfa baabi no, hwɛ woho sɛ ɔbabaa, nanabaa, nanankansoa babaa; wɔ ɔfa baabi nso no, nwenwe na hwɛ wo ho sɛ ante, ɛnna, nanabaa. Hwɛ kwan a mmerɛ twam kɔ! Wɔ berɛ ne dwumadie no, kae nea wo ne no wɔhɔ. Boaboa wɔn mfonini, ne ayɛsɛm; mma wɔn nsɛnnahɔ nyɛ kann. Twerɛ wɔn din, wɔn suahunu ne nna titiriw to hɔ Wɔn yɛ wabusua—abusua wo wɔ ne abusua a wopɛ

Wɔ aberɛ a worehwehwɛ, adi, no nni na wayɛ Tɛmpol som ama, abusuafoɔ Na Elia, honhom nam Honhom Kronkron so da no adi, adi ho adanseɛ sɛ,25 ɔbɛdane agyanom akoma akɔ mma no so, na mma no akoma akɔ agyanom so, wɔ ɔdɔ mu.26

Deɛ ɛtɔso mmienu, mma adehwɛ wɔ abusua abakɔsɛm nnyɛ ntɛmtɛm Frɛ wo nanabaa. Mma wani nkɔ abɔfra ketewa no a w’awo no foforɔ no. Nya mmerɛ—pere hwehwɛ ɛnniawieɛ—wɔ w’abrabɔ akwantuo mu. Sua na gye tom ɛne aseda ne nokwaredie wɔ w’abusua. Di ahurisie na yɛ papa wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu, brɛ woho ase wɔ adeɛ nyinaa mu na w’anntwa ɛsa bɔnee annto hɔ. Mma nnoɔma pa nhyɛaseɛ wo so.

Ɛtɔso mmiɛnsa, kɔsra AbusuaNhwehwɛ akwantenpɔn homma so. Twe mobile app biara a ɛwɔ hɔ to hɔ. Ɛyɛ kwa, na ɛyɛ anigyeɛ. Hwehwɛ, ka bɔm , na ka ho. Hwɛ kwan a wo ne nnipa binom di nkutaho wɔ dan korɔ mu, mmrɛ a ɛyɛ ne abasobɔ a ɛyɛ sɛ wo de edin bɛka wo abusua ateasefoɔ dua ho,ma ahyira wo nhini ne mman.

Ɛtɔ so nan, boa ka mmusua bom afebɔɔ. Kae ɔsoro nhyehyeɛ Bebree na ɛwɔ nkatanim no akyiri kyɛn ɛha yi. Berɛ a tɛmpol bebreerebɛn yɛn no, wɔ bea bebree no, yɛwɔ akwanya sɛ yɛboa wɔn a ɔretwɛn tɛmpols ayɛyɛdeɛ sɛ ɔbɛnya.

Bɔhyɛa ɛwɔ Easter ne berɛ biara ne sɛ, ɛwɔ na ɛnam Yesu Kristo so, yɛbɛtumi abɛyɛ y’asɛm pa paa, na y’abusua bɛnya daadaa anigyeɛ. Wɔ awoɔ ntoatoasoɔ mu no, Yesu Kristo so, saa wɔn a w’akoma atuo yareɛ, gyee nnɔmumfoɔ pae gyee fahodie mmaa wɔn ɔgu mpɔkyerɛ mu.25 Wɔ apam a yɛne Nyame wɔ no bi ne sɛ26 yɛ honhom ne honamdua bɛka abɔm wɔ owusɔreɛ mu na yɛn nkutahodie a ɛsombo bɛkɔso a owuo ntumi nsi ano wɔ daa anigyeɛ mu.27

Yɛn nyinaa wɔ asɛm dahɔ Bra na bɛhunu wodeɛ. Bɛhwehwɛ wo nne, wo nwom, ne w’asondwoeɛ wɔ ne Mu. Wei ne ade titire nti a Awurade bɔɔ ɔsoro ne asaase na ɔhunu sɛ ɛyɛ.28

Yi Onyame anigyeɛ nhyehyeɛɛ kwan a ɛnam Yesu Kristo Afɔrebɔ wuo, wɔ N’asɛmpa a asan aba no ne N’asɔre Mesrɛ bra na hwehwɛ w’abusua, ne w’asefoɔ nyinaa na fa wɔn bra fie. Wɔ Yesu Kristo ahoteɛ ne Kronkron din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. “Me Soro Agya No Dɔ Me,” Mmɔfra Nwom Nnwoma, 228.

  2. 2 Nifae 2:25.

  3. Hwɛ Ɔsɛnkafoɔ 3:1.

  4. Based on United Nations Secretariat, The World at Six Billion (1999), 5, table 1; “World Population by Year,” Worldometer, worldometers.info.

  5. Nipa no bebree ayɛ nhyira sɛ wɔn anya awofoɔ a ɛnyɛ na enyinsɛn woo wɔn. nanso wɔde wɔn aka wɔn abusua ho. nam nkrataasɛm a wɔde wɔnsa ahyɛaseɛ ne apam soronko a wahyeyɛ.

  6. Mede naaseɛ soronko ma wɔn a wɔde wɔn ahoɔden gu so de edin bebree regu abuasua amansan family tree afidie kɛseɛ ne so.

  7. Wɔ afe 2021, edin nkoaa ɔpepepee 99 na wɔde guu amansan family tree afidie no so Na nansan yiaa wɔwiaa digitization bɛyɛ ɔpepee 2.4 rolls of microfilm a ekuta billiɔn 37 din (a edin no bi aba mprenu). Saa nkrɔfoɔ yi din no wasiesie sɛ wobɛtumi ahwehwɛ na wode aka family tree of humanity ho.

  8. Hwɛ Russell M. Nelson, “Roots and Branches,” Liahona, May 2004, 27–29.

  9. Nokorɛ, as we discover and build our living family tree, please maintain 100 percent respect for the privacy and volunteer participation of family members, living and deceased.

  10. David Quimette extrapolated these numbers, based on Angus Maddison, The World Economy: A Millennial Perspective (2001), 241, table B-10.

  11. Hwɛ Laura Silver, ne afoforɔ., “Deɛn Na Ɛma Abrabɔ wie Yie? Views From 17 Advanced Economies,” Pew Research Center, Obubuo 18, 2021, www.pewresearch.org.

  12. 1 Nifaei 9:5; 1 Nifaei 19:3; Mormon Nsɛm 1:6–7; and Alma 37:2 speak of keeping records and remembering “for a wise purpose,” including to bless future generations.

  13. Hwɛ Russell M. Nelson and Wendy W. Nelson, “Open the Heavens through Temple and Family History Work,” Ensign, Oct. 2017, 34–39; Liahona, Oct. 2017, 14–19; see also “RootsTech Family Discovery Day—Opening Session 2017” (video), ChurchofJesusChrist.org.

  14. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 1282:18.

  15. Hwɛ Gordon B. Hinckley, “Keep the Chain Unbroken” (Brigham Young University devotional, Nov. 30, 1999), speeches.byu.edu. Otitenani Hinckley is also quoted in David A. Bednar, “A Welding Link” (worldwide devotional for young adults, Sept. 10, 2017), broadcasts.ChurchofJesusChrist.org.

  16. Wɔ nhwɛsoɔ no, wɔ yɛn abusua, Henry Bawden, ne Devonshire, England, waree Sarah Howard, a ɔne n nabusua tu kɔtenaa baabi akyire a ɔde wɔn ho dɔmm asɔre no. Wɔ berɛ a na Sarah yɛ ababunu no wɔ St. Louis ɔpapa maame ne nuanom num wueɛ. Henry ne Sarah nyaa mmɔfra du Sarah nso tetee Henry yere a ɔdikan mma nsia, ɛyɛ Ann a na ɔwɔ Ireland wɔ aberɛ a ɔfirii mu Na Sarah nso wɔ mma nana baa mmienu a ɔdi n’akyi (Sarah’s) N’ase baa firii mu. Ɛmfa ho ne abrabɔ mu haw no, na Sarah wɔ ɔdɔ, tema, na ɔsan pɛ adwuma den. . Edin a na ɔtaa de frɛ no ne “Nanabaa Kumaa.”

  17. Ɛnfa ho ne den a ɛyɛ, wɔ aberɛ a yɛde kyekyɛ yɛn ho yɛn ho no ɛnam Kristo mmoa nti yɛ bɛyɛ “Awurade mma” (Matteo 5:9).

  18. Hwɛ, mfatohoo, Mosaya 3:19

  19. Hwɛ “Abusua No: Dawubɔ ma WiaseChurchofJesusChrist.org.

  20. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:9

  21. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 130:2

  22. Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:18

  23. Russell M. Nelson, “A New Harvest Time,” Ensign, May 1998, 34; see also Russell M. Nelson and Wendy W. Nelson, “Open the Heavens through Temple and Family History Work,” 16–18.

  24. Hwɛ Mosaya 18:21

  25. Hwɛ Luka 4:18

  26. W’akyerɛ me Hebrew asɛmfua ma abusua—mishpachah—firi Hebrew kasa konini asɛmfua (shaphahh) a asekyerɛ ne “ɔrekabom anaa ɔrekyekyere abom.” Wɔ dwumadie biara wɔ abusua mu ne sɛ ɛrehyɛ abusua nkabom mu den.

  27. Hwɛ Nkyerɛkyerɛ ne Apam 88:15–16, 34; 93:33; 138:17.

  28. Hwɛ Gyenesis 1:4,31