Amansan Nhyiamu
Rekyerɛ Nkwadaa ne mmabunu Ahotosoɔ
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Rekyerɛ Nkwadaa ne mmabunu Ahotosoɔ

Momma yɛnni yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, ne N’asɛmpa no akyiri, ama yɛabɛnya ahotosoɔ yɛn asetena nyinaa mu, na yɛnkyerɛkyerɛ yei nkyerɛ yɛn nkwadaa ne mmabunu.

Mɛkasa afa ahotosoɔ ho ne sɛdeɛ wɔbɛtumi de akyerɛkyerɛ nkwadaa ne mmabunu. Wɔbɛtumi ahunu ahotosoɔ sɛ adesua asɛm ma mpaninfoɔ. M’aba abɛhunu sɛ mpaninfoɔ tumi tena ɔkwan no so yie kɔ ahotosoɔ mu berɛ a wɔakyerɛkyerɛ wɔn Yesu Kristo asɛmpa no na wɔde ne nkyerɛkyerɛ ne nnyinasosɛm adi dwuma firi nkwadaa berɛ mu ne sɛ wɔyɛ babunu wɔ efie.

Mfatoho papapaa yɛ abrabɔ kann nhwɛso kɛseɛ. Wilfried Vanie, ne nuanom nson, ne ne maame kaa asɔre no ho wɔ Abidjan, Ivory Coast, berɛ a na wadi mfeɛ nsia. Ɔdii mfeɛ nwɔtwe no wɔbɔɔ no asu. N’agya, ɔdemafoɔ titiriw wɔ abusua no mu, wuui berɛ a na Wilfried adi mfeɛ dubaako.

Ɛwom sɛ abusua no tebea hyɛɛ no awerɛhoɔ, nanso Wilfried de ne maame nkuranhyɛ ne Asɔre mmoa dwenee ho sɛ ɔbɛtoa ne sukuu so. Ɔwiee ntoasoɔ sukuu no na ɔkɔsomm berɛ hyɛ ma asɛmpatrɛ dwuma no wɔ Ghana Cape Coast asɛmpatrɛbea, baabi a ɔsuaa Borɔfo kasa. Ɔwiee n’asɛmpatrɛ no, ɔtoaa so kɔɔ sukuupɔn mu na ɔnyaa abɔdin wɔ akontabuo ne sikasɛm adwuma mu. Ɛwom sɛ ɛyɛɛ den sɛ ɔbɛnya adwuma wɔ saa bea yi, nanso ɔnyaa adwuma wɔ nsrahwɛbea ne adɔeɛdie dwumadibea.

Ɔhyɛɛ aseɛ sɛ adidibea somfoɔ wɔ nsoromma num ahɔhogyebea, nanso n’atenka a ɛso sɛ ɔbɛkɔ nkan piaa no sɛ ɔnsua pii kɔsii sɛ ɔbɛyɛɛ kasa mmienu ɔhɔhogyefoɔ wɔ hɔ. Berɛ a wɔbuee ahɔhogyebea foforɔ no, wɔfaa no sɛ anadwo akontabufoɔ. Akyire yi, ɔtwerɛɛ ne din wɔ BYU–Pathway Worldwide a seesei ɔrefa adesua mu sɛ ɔbɛnya abɔdin krataa wɔ adɔeɛsɛm ne nsrahwɛbea nhwɛsoɔ mu. Ne pɛ ne sɛ dakoro bi ɔbɛba abɛyɛ ɔhwɛsofoɔ wɔ ahɔhogyebea titiri mu. Wilfried tumi ma ne ɔnni awieɛ hokafoɔ ne nkwadaa mmienu deɛ wɔhia, san nso hwɛ ne maame ne ne nuanom. Seesei, ɔsom wɔ Asɔre no mu sɛ pɛɛwa agyinatukuo kɛseɛ ba.

Wɔkyerɛ ahotosoɔ mu sɛ ɛyɛ “nimdeɛ, ahofama, ne mmɔdemmɔ a wɔde ma honhom ne honam mu nneɛma a ɛhia ma yɛn ankasa ne abusua asetena.”1 Repere sɛ yɛbɛnya ahotosoɔ, yɛ yɛn adwuma no mu ɔfa wɔ apam kwan no so, a ɛredi yɛn anim asan akɔ Ɔsoro Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo nkyɛn. Ɛbɛhyɛ yɛn gyedie den wɔ Yesu Kristo mu na ɛde yɛn akyekyere Ne ho nam mmasoɔ ne nkwagyeɛ apam ne ayɛyɛdeɛ so wɔ anigyeɛ mu. Ahotosoɔ yɛ Yesu Kristo asɛmpa no nkyerɛkyerɛ, na ɛnyɛ nhyehyɛeɛ. Ɛyɛ dwumadie a ɛfa nkwa nna nyinaa, na ɛnyɛ abasɛm bi.

Yɛba bɛnya ahotosoɔ yɛn asetena nyinaa mu berɛ a yɛrenyini wɔ honhom ahoɔden, akɔ so wɔ yɛn honam ne akwahosan nkateɛ mu, kɔ so di yɛn nwomasua ne adwuma akyiri, na honam fa mu no yɛayɛ ahosiesie.2 Saa adwuma yi wie wɔ yɛn asetena yi mu da? Daabi, ɛyɛ nkwa nna nyinaa adesua, nyini, ne adwuma. Ɛtoɔ ntwa da; ɛyɛ dabiara ntoasoɔ kwan.

Sɛn na yɛbɛtumi de ahotosoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nnyinasosɛm bɛkyerɛkyerɛ yɛn nkwadaa ne mmabunu? Ɔkwan baako a ɛhohia yɛ sɛ dabiara yɛde nnyinasosɛm ma Nkwadaa ne Mmabunu nhyehyɛeɛ no bɛdi dwuma. Awofoɔ ne nkwadaa sua Yesu Kristo asɛmpa no, wɔyɛ bi wɔ ɔsom ne nnwumadie mu, na wɔbɔ mu yɛ adwuma wɔ akwan nan so ma wɔn ankasa nkɔsoɔ a ɛyɛ soronko ma akwadaa biara. Ɛnyɛ akwankyerɛsɛm nhyehyɛeɛ korɔ ma obiara no bio.

Nkwadaa Akwankyerɛ nwoma no ka sɛ: “Berɛ a Yesu dii wo mfeɛ yi bi no, Ɔsuaae na ɔnyiniiɛ. Wo nso resua na worenyini. Twerɛnsɛm no ka sɛ: ‘Yesu kɔɔ nkan wɔ nyansa ne braneyɛ mu, nyaa adom wɔ Onyankopɔn ne onipa mu’ (Luka 2:52).”3 Saa twerɛsɛm yi kyerɛ onyini ne adesua wɔ honhom fa mu, Onyankopɔn mu adom; asetena fa mu, onipa mu adom; honam fa mu, braneyɛ; ne nimdeɛ fa mu, nyansa. Saa onyini akwan yi fa yɛn mu biara ho ɛmfa ho ne yɛn mfeɛ. Berɛ bɛn na yɛkyerɛkyerɛ yeinom? Wɔ Deuteronomium 6:6–7 yɛkenkan sɛ:

“Na saa nsɛm yi, a mehyɛ mo saa da yi, bɛtena mo akoma mu:

“Na mo de nsiyɛ bɛkyerɛkyerɛ yeinom akyerɛ mo mma, na moaka ho asɛm berɛ a motete mo afie mu, ne berɛ a monam kwan so, ne berɛ a mobɛda, ne berɛ a mobɛsɔre.”

Yɛnam yɛn nhwɛso papa so kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi kyerɛ yɛn nkwadaa, berɛ a yɛne wɔn resom, reyɛ adwuma, resua twerɛnsɛm, na yɛredi Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no akyiri sɛdeɛ nkɔmhyɛfoɔ no akyerɛkyerɛ no.

Mabɔ din sɛ, wɔ Nkwadaa ne Mmabunu nhyehyɛeɛ mu no, nkwadaa hwɛ mu yi botaeɛ ahodoɔ wɔ onyini akwan nan no mu biara so. Ɛyɛ adeɛ a ɛhohia sɛ wɔbɛnya wɔn ankasa botaeɛ wɔ ɔkwan no mu biara so. Awofoɔ ne akannifoɔ tumi kyerɛkyerɛ, tu fo, na wɔtae akyire.

Sɛ ɛbia, yɛn nanaabaa Miranda anya nkanyan kɛse wɔ dabiara anɔpa-tutu asɛmpa ho adesua a ɔka ho yɛ bi no sɛ ɔbɛnyini honhom mu. Ɛnam adwenpa ho asɛm a ɔte firii asɛmpa ho adesuafoɔ hɔ wɔ ne wɔɔd mu na ɔbabɛnyaa anigyeɛ wɔ mu. Ɛho nhia sɛ ne maame bɛnyane no ama adesua no. Ɔno ankasa sɔre kɔka ɔhwɛtie-nhyiamu no ho anɔpa 6:20 berɛ a wɔahyɛ no, ɛfiri sɛ wanyini wɔ su papa mu a ɛboa no ma no yɛ saa. Ɛnkyɛree na me ankasa m’awofoɔ kakyerɛɛ me sɛ seesei Miranda bɛsra wɔn a ɔkasa pa ara na wanyini wɔ n’ankasa awerɛhyɛmu mu. Yeinom yɛ asetena ne onyini mu asuadeɛ a wɔhunu awieɛ.

Awofoɔ, nananom, akannifoɔ, ne nnamfonom boa wɔ nkwadaa no nyini ne nkɔsoɔ mu. Ɔsom nnuammarima ne nnuammaa a wɔdi dwuma yie no, de asɔfodie ne wɔɔd no akuo akannifoɔ no, kabɔ mu tae wɔn akyi. “Abusua No: Dawubɔ bi ma wiase” ka sɛ: “Nyamesu nhyehyɛeɛ mu no, ɛsɛ sɛ agyanom de ɔdɔ ne teneneeyɛ hwɛ wɔn mmusua so na wɔn asodie yɛ sɛ wɔde asetena mu adehiadeɛ ne banbɔ ma wɔn mmusua. Ɛnanom asodie a ɛdi kan ne sɛ wɔbɛtete wɔn mma. Wɔ saa asodie kronkron yi mu no, ɛyɛ ɔhyɛ ma agyanom ne ɛnanom sɛ wɔboa wɔn ho wɔn ho sɛ ahokafoɔ atipɛnfoɔ. Ɛsɛ sɛ mmusua atenten mufoɔ no yɛ mmoa berɛ a ɛhia.”4 Wɔ afoforɔ ntam no, kyerɛpɛn a ɛtwa toɔ no fa nananom ho.

Berɛ a yɛresom wɔ Afrika Atɔeɛ yi, me yere, Nuria, ayɛ ɔsom adwuma sononko ama yɛakɔ so ne yɛn abusua ne nanaanom adi nsawɔsoɔ afa ɛpo yi so. Ɔde mfidie adwuma na ɛyɛ saa. Ɔkenkan nwoma kyerɛ yɛn nanaanom nkumaa no. Ɔkyerɛkyerɛ nanaaanom mpaninfoɔ no tiasɛm bi te sɛ yɛn abusua ho abasɛm, abɔdeɛ ho nyansahu, Puerto Rico ho abakɔsɛm, Gyidikasɛm, ne Yesu Kristo asɛmpa no. Yɛn ntam akwan nnansa yi nnte ntoamu so, ka ho bi, ne ɔsom ne yɛn mmusua mu awoɔ ntoatoasoɔ a wɔresɔre no nkyerɛkyerɛ. Meka Nuria nso ho berɛ a mɛtumi de kyerɛkyerɛ yɛn nanaanom a wɔsombo yi, sɛ yɛbɛdɔ wɔn, ama wɔn tiri mu ayɛ wɔn dɛ na ama wɔn asere.

Ɛwɔ sɛ wohunu nkanyan a ɛsɛ a ɛda Nkwadaa ne Mmabunu nhyehyɛeɛ ne wɔn ahotosoɔ nkɔsoɔ mu. Nkɔsoɔ a ɛwɔ akwan nan no so biara sesɛ pa ara. Honhom mu ahoɔden wɔ ahotosoɔ mu ne Nkwadaa ne Mmabunu honhom mu bɔ abusua. Honam ne akwahosan nkateɛ wɔ ahotosoɔ mu ne honam ne asetena fa mu wɔ Nkwadaa ne Mmabunu mu wɔ ntoamu. Nwomasua, adwuma, ne honam fa mu ahosiesie wɔ ahotosoɔ mu ne nimdefoɔ fa mu wɔ Nkwadaa ne Mmabunu nhyehyɛeɛ mu no bɔ abusua.

Merewie no, momma yɛnni yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo, ne N’asɛmpa no akyiri, ama yɛabɛnya ahotosoɔ yɛn asetena nyinaa mu, na yɛnkyerɛkyerɛ yei nkyerɛ yɛn nkwadaa ne mmabunu. Yɛbɛtumi ayɛ yei yie pa ara nam sɛ:

  1. yɛbɛyɛ afoforɔ som ho nhwɛsoɔ papa.

  2. rekyerɛkyerɛ ahotosoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nnyinasosɛm na yɛde abɔ bra, na

  3. yɛbɛdi mmaransɛm so anyini ahotosoɔ mu sɛ Yesu Kristo asɛmpa no fa bi.

Nkyerɛkyerɛ ne Apam 104:15–16 ka sɛ:

“Ɛyɛ me botaeɛ sɛ mɛhwɛ m’ahotefoɔ, ɛfiri sɛ nneɛma nyinaa yɛ me dea.

“Nanso ɛho hia sɛ wɔyɛ no wɔ me ankasa me kwan so; na hwɛ yei ne kwan a me, Awurade, mahyɛ sɛ mede bɛhwɛ m’ahotefoɔ, ama wɔama ahiafoɔ so, na wɔabrɛ adefoɔ ase.”

Yei ne Yesu Kristo asɔre no. N’asɛmpa no hyira mmusua wɔ asase so ha ne daapem nyinaa mu. Ɛhyira yεn wɔ yɛn asetena mu berɛ a yεrepere sε yεbɛba abɛyɛ ɛnni awieɛ mmusua. Menim sɛ yei yɛ nokorɛ. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.

Atwerɛ.

  1. General Handbook: Resom wɔ Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mu, 22.0, ChurchofJesusChrist.org.

  2. Hwɛ General Handbook, 22.1.

  3. Personal Development: Children’s Guidebook (2019), 4.

  4. Abusua No: Dawurubɔ ma WiaseChurchofJesusChrist.org.