Amansan Nhyiamu
Sa Ewiase Yareɛ
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Sa Ewiase Yareɛ

Pira akuro ne mente me ho ase bɛtumi atwa na mpo anya ayaresa berɛ a yɛhyɛ Onyankopɔn, yɛn nyinaa Agya, ne Yesu Kristo, Ne Ba animuonyam.

Anuanom mmarima ne mmaa, Amanehunu berɛ fɛɛfɛ yi wɔahyira yɛn sɛ yɛhyia na yɛgye afotuo ne akwankyerɛ firi Onyankopɔn asomfo hɔ.

Banbɔ ne nkyerɛkyerɛ kronkron a ɛfiri yɛn Soro Agya hɔ no boa yɛn ma yɛfa abrabɔ mu wɔ mmerɛ a ɛmu yɛ den yi. Sɛdeɛ wɔahyɛ nkɔm no, “egya, ne ahum,” “ako, ako ho huhuhuhu, ne nsasewosoɔ wɔ mmeammea,” “ne amumuyɛ nyinaa,”1 “yaredɔm,”2 “ɔkɔm, ne yaredɔm”3 rememene mmusua, nkuro ne, mpo aman.

Ɔhaw foforɔ wɔ hɔ a ɛnam wiase: ɔtaeɛ wɔ wo ne me som mu ahofadie mu. Saa atenka yi a ɛrekɔ soɔ yi hwehwɛ sɛ ɛyi ɛsom ne Onyankopɔn mu gyedie firi mmɔntene, sukuu mu, ne mmara mu. Ɛsom ahofadie atamfo hwehwɛ sɛ wɔde ɔhyɛ to gyedie a ɛfiri akoma mu a wɔda no adie so. Mpo wɔkasatia na wɔdi gyedie amammerɛ ho fɛw.

Saa su no bu nkurɔfoɔ abomfiaa, ɛte ankasa nnyinasosɛm ahoɔden, pɛpɛyɛ, obuo, honhomyɛ, ne asomdwoeɛ ahonim so.

Ɛdeɛn ne ɛsom ahofadie?

Ɛyɛ ɔsom mu fawohodie wɔ akwanuasa nyinaa so: nhyiamu ahofadie, kasa ahofadie, ankasa gyedie adeyɛ ahofadie, ne afoforɔ ahofadie a wɔde bɛyɛ adekorɔ no ara. Ɛsom ahofadie ma yɛn mu biara ho kwan sɛ yɛdwene ma yɛn ho deɛ yɛgye die, sɛdeɛ yɛbɛtena aseɛ na yɛayɛ deɛ yɛn gyedie kyerɛ, ne deɛ Onyankopɔn hwehwɛ firi yɛn hɔ.

Mmɔdemmɔ a wɔde bɛtwa saa ɛsom ahofadie yi soɔ no nyɛ foforɔ. Wɔ abakɔsɛm mu, agyidifoɔ ahunu amane kɛse wɔ afoforɔ nsa ano. Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahotefoɔ mma nna nso.

Ɛfiri yɛn mfitiaseɛ no, bebree a wɔrehwehwɛ Onyankopɔn no wɔtwee wɔn baa N’Asɔre mu ɛnam ne nkyerɛkyerɛ a ɛfiri soro, ne Yesu Kristo mu gyedie, ne Ne Mpata, adwensakyera, anigyeɛ nhyehyɛeɛ no, ne yɛn Awurade Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no.

Sɔretia, ɔtaeɛ, ne sakasakayɛ too yɛn nna a ɛdi akyire nkɔmhyɛni, Joseph Smith, ne n’akyidifoɔ.

Wɔ1842 sakasakayɛ mu, Joseph tintimm nnyinasoɔ 13 maa Asɔre no, a yei ka ho: “Yɛwɔ akwanya sononko a yɛde som Otumfoɔ Nyankopɔn sɛdeɛ yɛn adwene kyerɛ yɛn, na yɛma nnipa nyinaa saa akwanya no, ma wɔsom sɛdeɛ wɔpɛ, beaeɛ, anaa adeɛ a wɔpɛ.”4

N’asɛm no biribiara ka ho, ɛyɛ ɔgyeɛ, ne obuo. Ɛno na ɛkyerɛ Ɛsom ahofadie.

Nkɔmhyɛni Joseph Smith nso kaa sɛ:

“Mewɔ akokoɔduro paemuka wɔ ɔsoro anim sɛ mayɛ krado sɛ mɛwu abɔ Presbyterian, Roman Catholics, anaa ɛsom biara mu nipa papa ho ban; wɔ nnyinasosɛm korɔ no a wɔde bɛtiatia Ahotefoɔ fawohodie so anaa ɛbɛtiatia Roman Cathollics, anaa ɛsom foforɔ a ɛnni dinn na ɛyɛ mmrɛ sɛ ɛbɔ ne ho ban.

”Ɛyɛ ahofadie ho dɔ [na] ɛkanyan me kra—aban ne ɛsom ahofadie de ma nnipakuo nyinaa.”5

Ɛda so ara, wɔtoaa Tete Asɔremma pamoo wɔn kɔɔ akwansini mpem mpem, firii New York kɔsii Ohio kɔsii Missouri, baabi a amrado no hyɛɛ mmara sɛ “wɔnyɛ Asɔremma sɛ atamfoɔ nkunkum wɔn anaa wɔmpam wɔn mfiri ɔman no mu.”6 Wɔdwane kɔɔ IIIinois, nanso ateetee no kɔɔ so. Ɛdɔm bi kumm Nkɔmhyɛni Joseph, dwenee sɛ ne kum no bɛsɛe Asɔre no na abɔ agyidifoɔ no ahwete. Nanso agyidifoɔ no gyinaa pintinn. Joseph nsiananmu, Brigham Young, dii mpempem anim wɔ ɔhyɛ akwantuobɛyɛ akwansini1,300 kɔɔ atɔɛ fam a ɛnɛ yɛfrɛ no Utah Kropɔn.7 Me nanankansoaanom ka saa tete akannifoɔ atukɔtenafoɔ no ho.

Ɛfiri saa ɔtaeɛ kɛseɛ nna no mu, Awurade Asɔre no anyini nkakrankakra kɔsi bɛyɛ milion17,8a deɛ ɛboro ɛfa nte United States.

Wɔ Oforisuo 2020 mu yɛn Asɔre dii mfenhyia 200 afahyɛ ɛfa asɛmpa no Mmaeɛ bio a wɔde dawubɔ ma ewiase, a Atitenafoɔ a wɔdi Kan ne Asomafoɔ Dummienu Kuo hyehyɛeɛ. Ɛhyɛ aseɛ sɛ “Yɛ pae mu ka wɔ ɔdwoɔ mu sɛ Onyankopɔn dɔ ne mma a wɔwɔ ɔman biara so wɔ ewiase mu.”9

Yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ, Russell M. Nelson, akɔ so akyerɛ mu:

“Yɛgye fahodie, ayamyɛ, ne pɛpɛyɛ di de ma Onyankopɔn mma nyinaa.

“Yɛn nyinaa yɛ anuanom mmarima ne mmaa, yɛn mu biara yɛ Agya a ɔwɔ Soro dɔba. Ne Ba, Awurade Yesu Kristo no, to nsa frɛ obiara sɛ ɔmmera Ne hɔ, ‘tuntum ne ne fitaa, nkoasom ne ɔdeneho, barima ne ɔbaa’ (2 Nifae 26:33).”10

Ɛne me nnwene akwan nan a aman ne ankorankoro nya ɛsom ahofadie ho mfasoɔ.

Ɛdi kan Ɛsom ahofadie hyɛ mmaransɛm a ɛdi kan ne deɛ ɛtɔ so mmienu no animuonyam, de Onyankopɔn si yɛn abrabɔ mfimfini. Yɛkenkan wɔ Mateo:

“Dɔ Awurade wo Nyankopɔn w’akoma nyinaa mu, ne wo kra nyinaa mu, ne w’adwene nyinaa mu.”11

“Na deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”12

Sɛ ɛyɛ asɔredan, hyiadan, nkramodan, anaa apatadan mu, Kristo akyidifoɔ, ne agyidifoɔ nyinaa a wɔn adwene sɛ, bɛtumi ada ɔsom adi berɛ a wɔsom No na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔsom Ne mma.

Yesu Kristo yɛ nhwɛsoɔ a ɛwie pɛyɛ wɔ saa ɔdɔ ne som yi mu. Ne som berɛ mu no, Ɔhwɛɛ ahiafoɔ,13 saa ayarefoɔ yareɛ14 ne anifirafoɔ.15 Ɔmaa wɔn a kɔm de wɔn no aduane diiɛ,16 buee ne nsam maa nkwadaa nketewa,17 na ɔde kyɛɛ wɔn a wɔfomm No, mpo wɔbɔɔ no asɛnnua mu.18

Twerɛnsɛm no kyerɛkyerɛ mu sɛ Yesu “kyini yɛɛ papa”19 Saa na ɛwɔ sɛ yɛyɛ.

Ɛtɔ so mmienu Ɛsom ahofadie kanyan gyedie adida, anidasoɔ, ne asomdwoeɛ.

Sɛ asɔre yi, yɛka yɛn ho bɔ ɛsom afoforɔ a wɔrebɔ nkurɔfoɔ ho ban wɔ ɛsom nyinaa ne nkuranhyɛfoɔ ne wɔn asɛdeɛ sɛ wɔka wɔn adwene. Yei nkyerɛ sɛ yɛgye wɔn gyedie, anaa wɔgye yɛn deɛ, mmom yɛne wɔn wɔ adekorɔ sene wɔn a wɔpɛ sɛ wɔka yɛn hyɛ.

Ɛnkyɛreeɛ mesii Asɔre no ananmu wɔ G20 Gyedie Afrafra afenhyia nhyiamu ase wɔ Italy. Wɔhyɛɛ me nkuran, mpo pagyaa me honhom berɛ a mehyiaa aban ne gyedie akannifoɔ a wɔfiri wiase mmeammea. Mehunuu sɛ pirakuro ne mentemeho ase bɛtumi atwa na mpo anya ayaresa berɛ a yɛhyɛ Onyankopɔn, yɛn nyinaa Agya, ne Yesu Kristo, Ne Ba animuonyam. Ɔyaresafoɔ Kɛseɛ nyinaa yɛ yɛn Awurade ne Agyenkwa, Yesu Kristo.

M‘ani gyeeɛ berɛ a mede me kasa baa awieeɛ. Akasafoɔ nson a wɔdii kan no anwie wɔ kwan bi so wɔ gyedie amammerɛ so anaa wɔ Nyankopɔn din mu. Sɛdeɛ mekaaeɛ no, medwenee sɛ,“Menka meda ase pɛ na mentena ase, anaa menwie ‘Wɔ Yesu Kristo din mu’?” Mekaee nipa su a meyɛ, na mehunuu sɛ Awurade bɛma me abɔ Ne din de awie me kasa no. Enti meyɛeɛ. Merehwɛ m’akyi no, na ɛyɛ akwanya ma me sɛ mekyerɛ me gyedie; na menyaa ɛsom ahofadie dii m’adanseɛ fa Ne din kronkron no ho.

Ɛtɔ so mmiɛnsa Ɛsom kanyan nkurɔfoɔ ma wɔboa afoforɔ.

Sɛ wɔma ɛsom ne ahofadie kwan sɛ ɛnfefɛ a, agyidifoɔ yɛ nnwuma tiawa na ɛtɔda a ɔsom nnwuma akɛseɛ. Tete Yiwfoɔ kasasini “tikkun olam,” kyerɛ sɛ “siesie, anaa sa wiase yareɛ” reda adi ɛnnɛ wɔ bebree mmɔdemmɔ mu. Yɛne Catholics Charities aka abom, a wɔfrɛ no Caritas International, Islamic Relief, ne Yiwfoɔ bi, Hindu Buddhist, Sikh, ne Kristofoɔ akuo te sɛ Salvation Army ne National Christian Foundation. Yɛka bɔm som adehiafoɔ ɔpepe, seesei kora yɛde ɔko mu atukɔtenafoɔ aka ho ama wɔn ntomadan, nkotokuo a wɔde da, ne aduane ,20 na yɛma wɔ mpaneɛ aduro, polio mmubuyɛ ka ho21 ne COVID.22 Yɛka sɛ yɛrekenkan deɛ yɛyɛ no ɛware yie, sa ara na adehiafoɔ nso dodoɔ teɛ

Nsɛmmisa nni hɔ, gyedie nkurɔfoɔ, a wɔreyɛ adwuma abom, bɛtumi ayɛ ntamgyinadeɛ a ɛhia. Berɛ korɔ no ara, baako-baako som taa yɛ soantie nanso kokoam no ɛsesa akra.

Medwene nhwɛsoɔ a ɛwɔ Luka berɛ a Yesu Kristo tenee ne nsa maa Nain kunafoɔ no. Yesu, a akyidifoɔ kuo bi ka ne ho, bɛhyiaa okunafoɔ babarima koro sieɛ. Ɔnni mu, na ɔredi awerɛhoɔ, honhom mu, ne mpo sikasɛeɛ mu. Yesu, hunuu n’anim nisuo no, kaa sɛ, “Nsu.”23 Afei Ɔsɔɔ deɛ ɛso amu no mu, ɛna santene no gyinaaɛ.

“Aberanteɛ,” Ɔhyɛɛe, “Mese wo sɛ, Sɔre.

“Na deɛ na wawuo no sɔre tenaa ase, na ɔhyɛɛ aseɛ nanteeɛ. Na [Yesu] de no hyɛɛ ne na nsa .”24

Owufoɔ a wɔrenyane no no yɛ anwanwadeɛ, nanso ayamyɛ ne tema ma obi a ɔrepere, yɛ apam kwan a yɛn mu biara nso bɛtumi “[nam] so ayɛ papa,” a yɛnim sɛ “Onyankopɔn [ka] yɛn [ho].”25

Deɛ ɛtɔ so nan Onyamesom ahofadie yɛ nkabom ne kyidɔmbɔ de ma ɛboɔ som ne subanpa.

Wɔ Apam Foforɔ mu no yɛkenkan fa bebree a wɔtwe wɔn ho firi Yesu Kristo ho, nwiinwii wɔ Ne nkerɛkyerɛ ho, “Yei yɛ kasa a ano yɛ den; hwan na ɔbɛtumi atie?”26

Saa esu yi wɔkɔ so tie no ɛnnɛ firi wɔn a wɔrehwehwɛ apam onyamesom afiri ɔkasa ne nsunsuansoɔ ho. Na sɛ onyamesom nni hɔ sɛ ɛreboa asiesie suban na adi ama mmerɛ a ɛmu yɛ den a, hwan na ɔbɛyɛ? Hwan na ɔbɛkyerɛkyerɛ nokorɛdie, aseda, bɔne fafiri, ne aboterɛ? Hwan na ɔbɛda ɔdɔ mapa, ahummɔborɔ, ne ayamyɛ adie ama deɛ yɛn werɛ afiri no na yɛato no asaworam. Hwan na ɔbɛyɛ wɔn a wɔda nso nanso wɔfata sɛ Onyankopɔn mma nyinaa atuu? Hwannom na wɔbɛbue wɔn nsa mu ama wɔn a adeɛ ahia wɔn na wɔnhwehwɛ akatua? Hwan na ɔbɛdi asomdwoeɛ ne setie ma mmara so kɛse asene deɛ ɛrekɔ so ɛnnɛ yi? Hwan na ɔbɛbua Agyenkwa no adesrɛ “Kɔ, na kɔyɛ sa ara ”?27

Yɛbɛyɛ! Aaane, anuanom mmarima ne mmaa, yɛbɛyɛ.

Meto nsa frɛ mo sɛ monhwehwɛ onyamesom ahofadie akyiri kwan. Ɛyɛ fawohodie nnyinasosɛm a Onyankopɔn de ama no ho yɛkyerɛ.

Onyamesom ahofadie de pɛpɛyɛ ba nkyerɛkyerɛ a ɛredi asie mu. Onyameson a ɛyɛ papa, deɛ ɛkɔ pem, ne daadaa ɔdɔ nneyɛɛ a onyamesom kanyan no bɔ ho berɛ a yɛbɔ ɔyɛkyerɛ ho ban na yɛyɛ gyedie korona.

Medi adanseɛ sɛ Russell M. Nelson yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni a ɔteaseɛ. Medi adanseɛ sɛ Yesu Kristo di anim na ɔkyerɛ Asɔre yi kwan. Ɔdi maa yɛn bɔne, wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na ɔsɔre firii awufoɔ mu ne nansa so.28 Ne nti, yɛbɛtumi atena ase bio wɔ onniawieɛ mu; na wɔn a wɔpɛ no bɛtumi ne yɛn Agya a Ɔwɔ Soro atena hɔ. Saa nokorɛ yi mepaemu ka ma wiase nyinaa. Meda ase wɔ fawohodie a mede yɛ saa. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.