Amansan Nhyiamu
Fidio: “Mone Mmaa a Ɔhunusieeɛ no”
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Fidio: “Mone Mmaa a Ɔhunusieeɛ no”

Afe 1979 mu, na Titenani Spencer W. Kimball wɔ ayaresabea ɛna ɔka kyerɛɛ ne yere Camilla sɛ ɔnkenkan ne kasa nkyerɛ amansan mmaa nhyiamu bi.

Onuabaa Camilla Kimball: “Mpontuo kɛseɛ a ɛreba Asɔre no mu wɔ nna a ɛdi akyire mu no fa kɛseɛ no ara bɛba ɛfiri sɛ mmaa papa a wɔwɔ wiase mu dodoɔ no ara (a nyamesuro bi sei wɔ wɔn mu) bɛba Asɔre no mu bebree. Yei bɛsi, akɔduru dibea a mmaa a wɔwɔ Asɔre yi mu bɛhyerɛn tenenee ne anoteɛ mu wɔ wɔn asetena mu, aduru dibea a wɔbɛhunu mmaa a wɔwɔ Asɔre yi mu sɛ wɔda nso yɛ soronko—wɔ anigyeɛ akwan so—afiri mmaa a wɔwɔ wiase ho.”1

Titenani Russell M. Nelson: “Me nuanom mmaa adɔfoɔ, mo a moyɛ yɛn ahokafoɔ a mo ho hia wɔ awieeɛ tebea yi mu, ɛda no a Titenani Kimball hunusieeɛ no yɛ nnɛ. Mone mmaa a ɔhunuu mo sieeɛ no! Mo papayɛ, mo hann, ɔdɔ, nimdeɛ, akokoɔduro, suban, gyidie, ne abrabɔ tenenee bɛtwe mmaa papa a wɔwɔ wiase, ne wɔn mmusua, aba Asɔre no mu a ne dodoɔ nsɛsoɔ mmaa da!

Yɛn “hia mo ahoɔden, mo adwensakra, mo ahotɔsoɔ, mo akannie ahoɔden tumi, mo nyansa, ne mo nne. Onyankopɔn ahemman no nnwie na ɛrentumi nnwie pɛyɛ berɛ a mmaa a moyɛ ayɛyɛdeɛ kronkron na mokora, mmaa a motumi de Onyankopɔn tumi ne tumidie kasa!

“Sɛnea wo frɛ teɛ biara, sɛnea wo tebea teɛ biara no, yɛhia wo nsusuiɛ, wo nhunumu, ne wo nkanyan. Yɛhia wo sɛ wobɛkasa wɔ wɔɔd ne pɛɛwa abadwakuo mu. Yɛhia onuabaa warefoɔ biara sɛ ɔkasa ‘sɛ ɔboafoɔ ne ɔhokafoɔ mua’ berɛ a wo ne wo kunu kabom di mo abusua so. Sɛ woyɛ ɔwarefoɔ anaa sigyani, mo anuanom mmaa wɔ ahoɔden ne nkateɛ soronko bi a moanya afiri Onyankopɔn hɔ sɛ akyɛdeɛ. Yɛn anuanom mmarima nntumi nnyɛ mo tumi soronko no nsɛsoɔ.

“Yɛnim sɛ adebɔ nyinaa awieeɛ ne mmaa! Yɛhia mo ahoɔden!

“Meda mo ase, me nuanom mmaa adɔfoɔ, na mehyira mo sɛ mobɛkɔ soro aduru mo dibea nyinaa ho, ama mo adebɔ susudua ahyɛ ma, berɛ a yɛto abasakɔnmu wɔ saa adwuma kronkron yi mu. Yɛka bom a yɛbɛboa asiesie wiase ama Awurade Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no.”2

Atwerɛ.

  1. Teachings of Presidents of the Church: Spencer W. Kimball (2006), 222–23.

  2. Russell M. Nelson, “A Plea to My Sisters,” Ensign anaa Laehona, Obubuo 2015, 96, 97.