Amansan Nhyiamu
Nnianim Nkrasɛm
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Nnianim Nkrasɛm

Yɛde nnidie ma Onyankopɔn mma mmaa wɔ saa ɔfa soronko yi ase berɛ a yɛretwe adwene asi wɔn haw ne deɛ ɛyɛ wɔn akuo deɛ so.

Me nuanom mmaa, berɛ a yɛrehyɛ saa ɔfa ma mmaa wɔ amansan nhyiamu soronko yi ase yi, ɛyɛ me anisɔ sɛ mede saa nnianim nkrasɛm a ɛfiri Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no hɔ ma.

Yɛn Memeneda kyekyɛ berɛ no wɔ abakɔsɛm fa botaeɛ nsonoeɛ ne atiefoɔ nsonoeɛ ho. Saa anwummerɛ yi, yɛde bi ka saa abakɔsɛm yi ho berɛ a yɛrehyɛ aseɛ wɔ botaeɛ ne ɔkwan foforɔ so ma daakye a yɛahunu asie no. Yesu Kristo asɛmpa no nsesa. Asɛmpa no nkyerɛkyerɛ nsesa. Yɛn ankasa apam no nsesa. Nanso mfeɛ a atwa mu no, nhyiamu a yɛyɛ de nkransɛm ma no sesa, na ebia ɛbɛkɔ so asesa mfeɛ a ɛbɛba no mu.

Seesei no, saa Memeneda anwummerɛ yi nhyiamu no yɛ ɔfa bi ma amansan nhyiamu no, ɛnyɛ ɔfa bi mma ekuo biara. Te sɛ amansan nhyiamu kyekyɛ berɛ nyinaa no, nhyehyɛeɛ, akasafoɔ, ne nnwom no, Atitenafoɔ a Wɔdi Kan na wɔdi saa dwuma no.

Yɛaka akyerɛ Titenani Jean B. Bingham, Amansan Titenani ma Relief Society sɛ ɔnni saa ɔfa yi ho kyeame. Daakye Memeneda anwummerɛ afa mu no, Asɔre no Amansan Asomfoɔ afoforɔ mu baako na ɔbɛdi kyeame no, te sɛ Amansan Atitenafoɔ mma ma Relief Society, Mmaayewa kuo, Nhyɛaseɛ kuo no, sɛdeɛ Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no bɛkyerɛ.

Anadwo yi saa Memeneda anwummerɛ ɔfa bi ma amansan nhyiamu no bɛdwennwene Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ mmaa haw ho. Yei bɛka Yesu Kristo Asɔre a ɛwɔ hɔ ma Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ nkyerɛkyerɛ, Asɔre no nhyehyɛeɛ a ɛfa nkanka mmaa ho, ne kwasafo asodie ne akuo no adwuma a Asɔre no mmaa ne mmaayewa ka ho. Ɛwom sɛ wɔahyɛ da abɔ saa ɔfa yi ho dawuro ama wiase baabiara atiefoɔ te sɛ amansan nhyiamu afa nyinaa, nanso atiefoɔ a wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔba Nhyiamu Prama so ma saa ɔfa yi yɛ mmaa ne mmaayewa a wɔn mfeɛ firi dumienu de kɔ mpanin mu. Yɛde asɔfodie akannifoɔ binom aka ho a wɔbɛhwɛ akuo a wɔreyɛ bi no so.

Deɛ yɛahyɛ aseɛ wɔ ha yi yɛ mmuaeɛ ma nkitahodie akwan a seesei ɛwɔ hɔ ma Awurade Asɔre mu akannifoɔ ne fekuomma wiase yi mu baabiara. Yesu Kristo asɛmpa no nkyerɛkyerɛ wɔ hɔ ma obiara, enti yei ne yɛn adwene titiriw ne ntrɛmu a ɛwɔ sɛ ɛkɔduru. Yɛde nnidie ma Onyankopɔn mma mmaa wɔ saa ɔfa soronko yi ase berɛ a yɛretwe adwene asi wɔn haw ne deɛ ɛyɛ wɔn akuo deɛ so.

Yɛda ase sɛ mfidie adwuma a ɛbɔ dawuro seesei ma Asɔre akannifoɔ no ahoɔden sɛ wɔyɛ nteteɛ a ɛdi mu berɛ a wɔrekasa kyerɛ atiefoɔ pɔtee bi wɔ dwumadibea. Yɛgye to mu nokorɛ mu sɛ seesei akwantuo ho akwanya rekɔ soro. Yei ma yɛn ho kwan ma yɛsoma Asɔre akannifoɔ kɔyɛ berɛ ano berɛ ano, anim ne anim akannifoɔ nteteɛ a ɛhia wɔ dwumadibea mu.

Yei yɛ Awurade Yesu Kristo adwuma. Yɛyɛ N’asomfoɔ, a Ne Honhom Kronkron na ɛkyerɛ yɛn kwan. Yɛfrɛ yɛn Awurade no nhyira ma saa akuo yi akannifoɔ ne mmaa ne mmaayewa nokwafoɔ a wɔsom Awurade wɔ saa akuo yi mu ne wɔn ankorankoro asetena mu. Wɔ Yesu Kristo din mu, amen.