Amansan Nhyiamu
Nsuro: Gyedi Ara!
Oforisuo 2022 amansan nhyiamu


Nsuro: Gyedi Ara!

Hyɛ aseɛ hwehwɛ anigyeɛ berɛ a woresɔ mfasoɔ a yɛadi kan anya dada afiri deɛ ɔma akyedeɛ papa nyinaa hɔ no mu.

Ɛnnɛ mekasa no kɔ ma mmabunu a wɔwɔ Asɔre no mu, ɛkyerɛ sɛ obiara a ne mfenhyia te sɛ Titenani Nelson anaa osua sene saa. Mentaa mfa mfonini nyɛ adwuma, nanso baako yi deɛ merentumi nnyae sɛ mɛkyɛ.

Mfoni
Krataa a ɛfiri Marin Arnold hɔ

Saa cri de coeur yi firi m’adamfo Marin Arnold a wadi mfeɛ nnwɔtwe hɔ, ɔtwerɛɛ no berɛ a na wadi mfeɛ nson. Mɛkyerɛ ne tete Misraim kasa yi ase akyerɛ mo.

Ɔhwɛfoɔ Pa

amansan nhyiamu no

na ɛyɛ bɔtee adɛn nti a

Ɛwɔ sɛ

Yɛyɛ? ka kyerɛ me deɛ nti a

Nowafoɔ, Marin

Arnold.1

Yoo, Marin, asɛm a merebɛka yi bɛsane abu w’abamu bio. Mmom sɛ wotwerɛ soboɔ krataa kɔma wo hwɛfoɔ a, ɛho hia sɛ woka kyerɛ no sɛ me din de “Kearon. Elder Patrick Kearon.”

Bɛyɛ mfenhia mmienu ni twerɛsɛm nsaneyareɛ bi akata yɛn asase so, na berɛ a saa taboɔ no de nkutahodie biribiara baa nsensɛnmu, amfa atirimuɔdensɛm, sakasakayɛ, ne amanyɔsɛm mu—atunutunasɛm amma awiieeɛ. Asɛ deɛ ɛno anso no, yɛda so ara wɔ nkutahodie ne amammerɛ akwansideɛ tenten mu, de firi sikasɛm sɛeɛ mu kɔsi mpɔtam-mpɔtam ho fi guo kɔsi nnipa nyiyimu mu ne pii.

Saa mframa dennen ne esum nna no bɛtumi abu nkumaa a wɔka yɛn ho no aba mu, wɔn a yɛhwehwɛ ahotosoɔ ne anigyeɛ afiri wɔn hɔ ɛfa yɛn daakye ho. Wɔaka sɛ “mmabunu ahoɔden yɛ ahonyadeɛ de ma ewiase nyinaa. Mmabunu no yɛ yɛn daakye anim.”2 Ɛrekɔ anim no, yɛn mma no yɛ yɛn gyedifoɔ a Asɔre yi hyɛberɛ hyɛ wɔn nsam.

Yɛhwɛ yɛn seesei mmerɛ a, ɛyɛ nteaseɛ sɛ mmabunu no adwenpa resesa kakra. Dr. Laurie Santos, ɔbenfoɔ wɔ Yale Suapɔn mu tee gyinapɛn bi, a’nasɛntire ne Adwenemu ne Abrabɔpa no. “Afe a ɛdi kan no, bɛyɛ [nkyɛmu nan mu koro] wɔ adesuafoɔ no [nyinaa] na wɔfaa wɔn.”3 Nkorɔfoɔ boro ɔpepe 64 na wɔkɔsraa ne twerɛtohɔ no wɔ intanɛte so. Wɔretwerɛ afa saa anwanwasɛm yi ho no, nsɛntwerɛni baako kaa yea a ɛyɛ sɛ wobɛhunu adesuafoɔ nkumaa a wɔaben—ne mpanimfoɔ—a wɔn ani abere “rehwehwɛ biribi a wɔahwere” anaa biribi a wɔn nsa nkaa da.4

M’adesrɛ nnɛ de ma yɛn mmabunu, ne mo awofoɔ ne mpanimfoɔ a motu wɔn fo, ne sɛ hyɛ aseɛ hwehwɛ anigyeɛ berɛ a wosɔ dodoɔ a yɛwɔ dada a yɛanya afiri akyɛdeɛ papa biara firi ɔmafoɔ no hɔ.5 Wɔ berɛ pɔtee mu a dodoɔ a wɔwɔ wiase mu rebisa nsɛmmisa a ɛmu dɔ fa wɔn kra ho, ɛwɔ sɛ yɛde Yesu Kristo “nsɛmpa no” bua wɔn.6 Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna Ɛdi Akyire Ahotefoɔ a, ɛkuta wiase Agyenkwa adwuma ne nkransɛm soro, ma enniawieɛ kwan sononko no hwehwɛ papa na wɔyɛ papa wɔ saa mmerɛ a ɛsɛ yi mu.

Titenani Russell M. Nelson aka sɛ saa awoɔntoatoasoɔ nnipa nkumaa yi wɔ tumi sɛ wɔnya “tumi dodo [de ma papa] wɔ wiase mu sene awoɔntoatoasoɔ a atwam no.”7 Yɛn, ampa ara, wɔ sɛ “yɛ[re]to ɔdɔ dima dwom,”8 nanso ɛde ahohyɛsoɔ—akyidiyɛ,” sɛ wobɛyɛ—deɛ ɛbɔ nneyɛɛ bɔne ne suban bɔne ho ban a ɛbɛtwe yɛn afiri kwan mu berɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛto nkwagyeɛ a ɛnniawieɛ dwom.

Mpo berɛ a yɛte “hann mu wɔ abɔntene no,”9 yɛbɛtumi akɔhyia obi a n’ani abere a ɔrehwehwɛ biribi a ɛho da hɔ na ɛyɛ hu fa biribiara ho. Wonim ne nyansasɛm: “Nsusuiɛ biara nni nteaseɛ mma me gye sɛ ɛkyerɛ Onyankopɔn adwene.” Yikyerɛ bɔne, ne awerɛhoɔ asetena bɛn nie! Aane, ɛtɔ da a na yɛpɛ sɛ yɛdwane firi baabi a yɛwɔ hɔ, nanso nokorɛ ɛnsɛ sɛ yɛdwane firi nipa su a yɛyɛ ho—Onyankopɔn teasefoɔ no mma a ɔdɔ yɛn, ɔno a wayɛ krado sɛ berɛ biara ɔde kyɛ yɛn, na ɔmpo yɛn da. Woyɛ N’ahonyadeɛ a wo sombo yie. Woyɛ Ne ba, a wama wo nkɔmhyɛfoɔ ne bɔhyɛ, honhom akyɛdeɛ ne adiyisɛm, anwanwadeɛ ne nkransɛm, ne soroabɔfoɔ wɔ nkatanim no afa nyinaa.10

Wasane nso ama wo asɔre a ɛhyɛ mmusua den ma honam asetena na ɛka wɔn bom ma ɛnniawieɛ. Ɛma wɔɔd ne nkorabata boro 31,000 beaeɛ a nkorɔfoɔ hyia to nnwom na wɔkyene kɔm na wɔbɔ mpaeɛ ma wɔn ho wɔn ho na wɔma ahiafoɔ deɛ wɔwɔ. Ɛha ne beaeɛ a obiara nya din, twerɛ ne ho asɛm to hɔ, som no, ne beaeɛ a nnamfoɔ ne afipamfoɔ firi wɔn pɛ mu som wɔn ho wɔn ho wɔ adwuma a ɛfiri asɔre adwuma kɔsi bammɔ asɛdeɛ mu. Mmabunu—ne asɛmpatrɛ awarefoɔ mpanimfoɔ—som wɔ asɛmpatrɛ adwuma mu mpem mpem wɔ wɔn ankasa sikasɛm mu berɛ a wɔnka hwee fa baabi a wɔrekɔyɛ adwuma ho, na asɔremma nkumaa ne mpanin tu kwan kɔ tɛmpol kɔyɛ ayɛyɛdeɛ kronkron a ɛfata sɛ ɛka abusua bom—dwumadie kɛseɛ wɔ wiase a ɛmu akyekyɛ nanso ɔbaako pae mu ka sɛ saa nkyekyɛmu no renkyɛre. Yeinom yɛ asekyerɛ kakra a yɛde ma “anidasoɔ a ɛwɔ [yɛn] mu no.”11

Ɛwɔm, wɔ yɛn seesei mmerɛ yi mu, nsɛm a ɛyɛ den akɛseɛ na ɛtoto Yesu Kristo akyidifoɔ. Asɔre yi akannifoɔ de wɔn nkwa rema de ahwehwɛ Awurade bammɔ wɔ saa haw no ano siberɛ. Sɛ ebinom an wie yie amma obiara a, ebia na wɔbɛka mmeamudua no fa a Yesu kaa sɛ ɛwɔ sɛ yɛfa na yɛatumi adi n’akyi no ho.12 Ɛyɛ saa pɛpɛɛpɛ ɛfiri sɛ nna a ɛyɛ sum ne nsɛm a ano yɛ den a Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ sɛ Ɔbɛyɛ, afiri mununkum dum mu awia ne ogya dum mu anadwo, akyerɛ nkɔmhyɛfoɔ kwan, ama dadeɛ teaa, abue ɔkwan hiahia a ɛrekɔ ɔkwan tee so, na ne nyinaa akyi wama yɛn tumi de awie adwuma no.13

Enti mesrɛ, mesrɛ, twɛn kɔsi didiberɛ no mpo sɛ wonnim aduane korɔ no a. Nya anigyeɛ wɔ Ne hann mu na ma wo ankasa kanea so wɔ ɔkwan no so.14 Wɔnya no kama wɔ Mfitiaseɛ: Yesu ampa ara “[hia wo] de ma awiaberɛ.”15

Berɛ a Yudani kanndini Yario serɛɛ Yesu sɛ ɔnsa ne babaa mfenhia 12 ba a na ɔrewuo wɔ fie no, na ɛdɔm a wɔahyia no atwɛn Agyenkwa no akyɛre a akoa baako bɛka kyerɛɛ agya a n’ani abere yi sɛ, “Wo babaa no awu; nha Owura no.”

“Nanso Yesu teeɛ no, ɔbuaa no sɛ, nsuro: gyedi ara, na ɔbɛnya nkwa.”16

Na ɔnyaeɛ. Na saa nso na wobɛyɛ. “Mmɔ hu: gyedi nko ara.”

Esiane sɛ mo atiefoɔ yi mu biara sombo ma Onyankopɔn ne Asɔre no nti, mede asomafoɔ paemuka sononko yi wie. Ansa na woregye Sunsum Kronkron akyɛdeɛ a ɛdi kan koraa no, na wowɔ Kristo Hann no adua wo kra mu,17 saa “hann no a ɛwɔ adeɛ nyinaa mu no, ma adeɛ nyinaa nkwa,”18 na ɛyɛ nsunsuansoɔ papa wɔ nnipa nyinaa a wɔatena ase pɛn anaa wɔrebɛtena aseɛ akoma mu. Wɔde saa hann no maa sɛ ɛmmɔ wo ho ban na ɛnkyerɛkyerɛ wo. Ne nkransɛm titire baako ne sɛ nkwa yɛ akyɛdeɛ a ɛsomboɔ pa ara, akyɛdeɛ a yɛnya no ɛnniawieɛ kwan so na ɛnam Awurade Yesu Kristo Mpata no nko ara so. Sɛ ewiase Hann ne Nkwa no,19 Onyankopɔn Dɔ Ba Koro no bɛmaa yɛn nkwa berɛ a ɔdii owuo so nkonim.

Ɛwɔ sɛ yɛnya ahofama mapa de ma nkwa akyedeɛ no na yɛtutu mmirika kɔ wɔn a wɔwɔ haw sɛ wɔyi akyɛdeɛ kronkron yi firi hɔ no mmoa. Akannifoɔ, afotufoɔ, abusua—monhwehwɛ adwenem-haw, abamubuo, anaa biribiara a ɛrekeka akɔ ankasa pira mu. Fa wo mmoa ma. Tie! Yɛ ntamgyina adeɛ bi sɛdeɛ ɛfata.

Ɛkɔ ma yɛn mmabunu a wɔwɔ doɔ a wɔrepereɛ, deɛ modwene ho biara anaa ɔhaw biara a mowɔ mu no, ahokum wuo nyɛ mmuaeɛ no. Ɛntumi nnyi yea no a wote nka anaa wodwene sɛ wo na wode ba no mfiri hɔ. Wɔ ewiase a ani abere sɛ ɛnya hann nyinaa a ɛbɛtumi anya no, mesrɛ ɛn te ɛnniawieɛ hann a Onyankopɔn de ahyɛ wo kra mu ansa na ewiase yi reba no so. Kasa kyerɛ obi. Bisa mmoa. Ma ɛn sɛe ɔkra a Kristo de Ne nkwa koraeɛ. Wobɛtumi asoa asetena yi mu nnesoa ɛfiri sɛ yɛbɛboa wo ama wasoa. Wo ho yɛ den sene deɛ wodwene. Mmoa hɔ, firi afoforɔ hɔ ne titire firi Onyankopɔn hɔ. Wɔdɔ wo na wosombo na wo ho hia. Yɛhia wo! “Mmɔ hu: gyedi nko ara.”

Obi a ɔfaa tebea sene deɛ wo ne me bɛhunu no, teaa mu pɛn sɛ: “Monkɔ mo anim [me nnamfonom nkumaa]. Monnya akokoɔduro, na monkɔ so, nkɔdi nkunim!” Momma mo akoma nni ahurisie, na ɛnnya anigye pii.”20 Yɛwɔ pii a ɛwɔ sɛ yɛn ani gye ho. Yɛwɔ yɛn ho yɛn ho, na yɛwɔ Ɔno. Mfa akwanya a yɛde bɛnya woɔ no nkame yɛn, mesrɛ, wɔ Awurade Yesu Kristo, yɛn Wura, din kronkron no mu, amen.